Judges 13 (BOATCB)

1 Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, enti AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan. 2 Saa ɛberɛ no, ɔbarima bi tenaa Sora a ne din de Manoa a ɔfiri Dan abusuakuo mu. Na ne yere nnya awoɔ, enti na wɔnni mma. 3 AWURADE ɔbɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kaa sɛ, “Ɛwom sɛ wonnyaa awoɔ deɛ, nanso, ɛrenkyɛre worebɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. 4 Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsã a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwadeɛ. 5 Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.” 6 Ɔbaa no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Onyankopɔn onipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ no mu baako a ne ho yɛ hu yie. Mammisa no baabi a ɔfiri baeɛ, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me. 7 Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwadeɛ. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɔbɛwu.’ ” 8 Na Manoa bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ, “Ao AWURADE, mesrɛ wo, ma Onyankopɔn onipa no nsane mmra yɛn nkyɛn na ɔmmɛkyerɛ yɛn nhyehyɛeɛ a ɛfa abarimaa a yɛbɛwo noɔ no ho.” 9 Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfoɔ no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ ɛberɛ a ɔwɔ afuom. Nanso, na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ. 10 Ɔbaa no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Ɔbarima a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me ɛda no no asane aba bio!” 11 Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Ɔduruu ɔbarima no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no anaa?”Ɔbuaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me.” 12 Enti, Manoa bisaa no sɛ, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ ma abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ?” 13 AWURADE ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Hwɛ sɛ wo yere bɛdi nhyehyɛeɛ a mekyerɛɛ noɔ no so. 14 Ɛnsɛ sɛ ɔdi bobe anaa biribiara a ɛfiri bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ ɔdi aduane biara a ɛyɛ akyiwadeɛ.” 15 Enti, Manoa ka kyerɛɛ AWURADE ɔbɔfoɔ no sɛ, “Mesrɛ wo, tena ha kɔsi sɛ yɛbɛsiesie abirekyie ba bi ama woadi ansa na woakɔ.” 16 AWURADE ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, motumi siesie ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛ afɔrebɔdeɛ de ma AWURADE.” (Na Manoa anhunu sɛ ɔyɛ AWURADE ɔbɔfoɔ.) 17 Afei, Manoa bisaa AWURADE ɔbɔfoɔ no sɛ, “Wo din de sɛn? Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu a, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo animuonyam.” 18 AWURADE ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente aseɛ.” 19 Afei, Manoa faa abirekyie ba no ne aduane afɔrebɔdeɛ de bɔɔ afɔdeɛ wɔ ɔbotan bi so maa AWURADE. Na Manoa ne ne yere rehwɛ no, Awurade yɛɛ anwanwadeɛ bi. 20 Egyadɛreɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no mu no tene kɔɔ ewiem no, AWURADE ɔbɔfoɔ no faa mu foro kɔeɛ. Na Manoa ne ne yere hunuu saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam. 21 Ɔbɔfoɔ no anyi ne ho adi bio ankyerɛ Manoa ne ne yere. Afei, Manoa hunuu sɛ ɛyɛ AWURADE ɔbɔfoɔ, 22 na ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Yɛbɛwuwu, ɛfiri sɛ, yɛahunu Onyankopɔn!” 23 Nanso, ne yere kaa sɛ, “Sɛ Awurade bɛkum yɛn a, anka wannye yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no. Anka ɔrenyi ne ho adi nkyerɛ yɛn, nka anwanwasɛm nkyerɛ yɛn, nyɛ saa anwanwadeɛ yi nso.” 24 Ɔbaa no woo ne babarima no, wɔtoo ne din Samson. Na abɔfra no renyini no, Awurade hyiraa no. 25 Na ɛberɛ a ɔwɔ Mahane Dan a ɛwɔ Sora ne Estaol ntam no, AWURADE Honhom hyɛɛ aseɛ baa ne so.

In Other Versions

Judges 13 in the ANGEFD

Judges 13 in the ANTPNG2D

Judges 13 in the AS21

Judges 13 in the BAGH

Judges 13 in the BBPNG

Judges 13 in the BBT1E

Judges 13 in the BDS

Judges 13 in the BEV

Judges 13 in the BHAD

Judges 13 in the BIB

Judges 13 in the BLPT

Judges 13 in the BNT

Judges 13 in the BNTABOOT

Judges 13 in the BNTLV

Judges 13 in the BOATCB2

Judges 13 in the BOBCV

Judges 13 in the BOCNT

Judges 13 in the BOECS

Judges 13 in the BOGWICC

Judges 13 in the BOHCB

Judges 13 in the BOHCV

Judges 13 in the BOHLNT

Judges 13 in the BOHNTLTAL

Judges 13 in the BOICB

Judges 13 in the BOILNTAP

Judges 13 in the BOITCV

Judges 13 in the BOKCV

Judges 13 in the BOKCV2

Judges 13 in the BOKHWOG

Judges 13 in the BOKSSV

Judges 13 in the BOLCB

Judges 13 in the BOLCB2

Judges 13 in the BOMCV

Judges 13 in the BONAV

Judges 13 in the BONCB

Judges 13 in the BONLT

Judges 13 in the BONUT2

Judges 13 in the BOPLNT

Judges 13 in the BOSCB

Judges 13 in the BOSNC

Judges 13 in the BOTLNT

Judges 13 in the BOVCB

Judges 13 in the BOYCB

Judges 13 in the BPBB

Judges 13 in the BPH

Judges 13 in the BSB

Judges 13 in the CCB

Judges 13 in the CUV

Judges 13 in the CUVS

Judges 13 in the DBT

Judges 13 in the DGDNT

Judges 13 in the DHNT

Judges 13 in the DNT

Judges 13 in the ELBE

Judges 13 in the EMTV

Judges 13 in the ESV

Judges 13 in the FBV

Judges 13 in the FEB

Judges 13 in the GGMNT

Judges 13 in the GNT

Judges 13 in the HARY

Judges 13 in the HNT

Judges 13 in the IRVA

Judges 13 in the IRVB

Judges 13 in the IRVG

Judges 13 in the IRVH

Judges 13 in the IRVK

Judges 13 in the IRVM

Judges 13 in the IRVM2

Judges 13 in the IRVO

Judges 13 in the IRVP

Judges 13 in the IRVT

Judges 13 in the IRVT2

Judges 13 in the IRVU

Judges 13 in the ISVN

Judges 13 in the JSNT

Judges 13 in the KAPI

Judges 13 in the KBT1ETNIK

Judges 13 in the KBV

Judges 13 in the KJV

Judges 13 in the KNFD

Judges 13 in the LBA

Judges 13 in the LBLA

Judges 13 in the LNT

Judges 13 in the LSV

Judges 13 in the MAAL

Judges 13 in the MBV

Judges 13 in the MBV2

Judges 13 in the MHNT

Judges 13 in the MKNFD

Judges 13 in the MNG

Judges 13 in the MNT

Judges 13 in the MNT2

Judges 13 in the MRS1T

Judges 13 in the NAA

Judges 13 in the NASB

Judges 13 in the NBLA

Judges 13 in the NBS

Judges 13 in the NBVTP

Judges 13 in the NET2

Judges 13 in the NIV11

Judges 13 in the NNT

Judges 13 in the NNT2

Judges 13 in the NNT3

Judges 13 in the PDDPT

Judges 13 in the PFNT

Judges 13 in the RMNT

Judges 13 in the SBIAS

Judges 13 in the SBIBS

Judges 13 in the SBIBS2

Judges 13 in the SBICS

Judges 13 in the SBIDS

Judges 13 in the SBIGS

Judges 13 in the SBIHS

Judges 13 in the SBIIS

Judges 13 in the SBIIS2

Judges 13 in the SBIIS3

Judges 13 in the SBIKS

Judges 13 in the SBIKS2

Judges 13 in the SBIMS

Judges 13 in the SBIOS

Judges 13 in the SBIPS

Judges 13 in the SBISS

Judges 13 in the SBITS

Judges 13 in the SBITS2

Judges 13 in the SBITS3

Judges 13 in the SBITS4

Judges 13 in the SBIUS

Judges 13 in the SBIVS

Judges 13 in the SBT

Judges 13 in the SBT1E

Judges 13 in the SCHL

Judges 13 in the SNT

Judges 13 in the SUSU

Judges 13 in the SUSU2

Judges 13 in the SYNO

Judges 13 in the TBIAOTANT

Judges 13 in the TBT1E

Judges 13 in the TBT1E2

Judges 13 in the TFTIP

Judges 13 in the TFTU

Judges 13 in the TGNTATF3T

Judges 13 in the THAI

Judges 13 in the TNFD

Judges 13 in the TNT

Judges 13 in the TNTIK

Judges 13 in the TNTIL

Judges 13 in the TNTIN

Judges 13 in the TNTIP

Judges 13 in the TNTIZ

Judges 13 in the TOMA

Judges 13 in the TTENT

Judges 13 in the UBG

Judges 13 in the UGV

Judges 13 in the UGV2

Judges 13 in the UGV3

Judges 13 in the VBL

Judges 13 in the VDCC

Judges 13 in the YALU

Judges 13 in the YAPE

Judges 13 in the YBVTP

Judges 13 in the ZBP