Judges 5 (BOATCB)
1 Ɛda no, Debora ne Abinoam babarima Barak too saa dwom yi: 2 “Israel mpanimfoɔ sɔre dii animu,na nnipa no de anigyeɛ dii wɔn akyi.Nhyira nka AWURADE! 3 “Mo ahemfo, montie!Monyɛ aso, mo aberempɔn!Na mɛto dwom ama AWURADE.Mɛma me nne so ama AWURADE, Israel Onyankopɔn. 4 “AWURADE, ɛberɛ a wofirii Seir,na wobɔɔ nsra faa Edom mfuo so no,asase wosoeɛna ɔsoro omununkum tuee nsuo. 5 AWURADE ba no maa mmepɔ wosoeɛ.Sinai Bepɔ mpo wosoeɛ wɔ AWURADE, Israel Onyankopɔn anim. 6 “Anat ba Samgar ne Yael berɛ so,nnipa amfa akwantempɔn so,na akwantufoɔ faa anammɔnkwan kɔntɔnkye so. 7 Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraaseɛkɔsii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel. 8 Ɛberɛ a Israel somm anyame foforɔ no,ɔko sɔree kuropɔn no apono ano.Nanso wɔanhunu kyɛm anaa peawɔ akofoɔ ɔpeduanan a wɔwɔ Israel mu! 9 Mewɔ Israel ntuanofoɔ afane wɔn a wɔde anigyeɛ dii wɔn akyi.Hyira AWURADE! 10 “Mo a motete afunumu a wɔte apɔ so,tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, montie!Ne mo a ɛsɛ sɛ monante fam nso, montie! 11 Montie nkuraaseɛ nnwomsiaafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomeeɛ.Wɔkeka AWURADE tenenee nkonimdie,ne ne nkuraasefoɔ nkonimdie wɔ Israel ho asɛm. “Afei AWURADE nkurɔfoɔbɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apono ano. 12 ‘Sɔre! Debora, sɔre!Sɔre, sɔre na to dwom!Sɔre, Barak!Di wo nneduafoɔ anim kɔ, Abinoam ba!’ 13 “Nkaeɛfoɔ no bɔɔ nsra firi Tabor kɔɔ ahoɔdenfoɔ so. AWURADE nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ akofoɔ ahoɔdenfoɔ so. 14 Wɔfiri Efraim baeɛ, asase a na kane no na ɛyɛ Amalekfoɔ dea,na Benyamin nso dii wʼakyi.Asahene no bɔɔ nsra firii Makir;ɔsahene pomakurafoɔ firi Sebulon baeɛ. 15 Na Isakar mu atitire ka Debora ne Barak ho.Wɔdii Barak akyi, bɔ wuraa bɔnhwa no mu.Nanso, Ruben abusuakuo mu deɛ,wɔansi wɔn adwene pi. 16 Adɛn enti na wotenaa efie wɔ nnwanhwɛfoɔ mu,tie nnwanhwɛfoɔ a wɔde hwerɛma frɛ wɔn nnwan?Ruben abusuakuo mu,wɔansi wɔn adwene pi. 17 Gilead kaa Yordan apueeɛ hɔ.Na Dan deɛ, adɛn enti na ɔtenaa fie?Aser tenaa mpoano a wanka ne ho,ɔkaa nʼahyɛn gyinabea ahodoɔ hɔ. 18 Nanso, Sebulon too ne nkwa akyerɛsɛdeɛ Naftali yɛɛ wɔ akono no. 19 “Kanaan ahemfo koeɛ wɔ Taanak a ɛbɛn Megido nsutire ho,nanso, wɔannya asadeɛ biara ankɔ. 20 Nsoromma firi soro koeɛ.Nsoromma nam wɔn kyenenee so ko tiaa Sisera. 21 Asubɔnten Kison twee wɔn kɔeɛ,tete asuo, Kison.Me kra, fa akokoɔduru bɔ nsra kɔ wʼanim! 22 Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam,wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no mmirikatɛntɛ. 23 ‘Nnome nka Merosfoɔ,’ AWURADE ɔbɔfoɔ na ɔseɛ.Ma nnome a ano yɛ den nka wɔnɛfiri sɛ, wɔammɛboa AWURADE,wɔammɛboa AWURADE anko antia akofoɔ ahoɔdenfoɔ no. 24 “Nhyira nka Yael,Heber a ɔfiri Keni yere.Ne nhyira nsene mmaa a wɔtete ntomadan mu nyinaa. 25 Sisera srɛɛ nsuo,na Yael maa no nufosuo;bonsua a ɛfata ahemfo no muna ɔde nufosuo ani sradeɛ brɛɛ no. 26 Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntomadan pɛɛwa,na ɔde ne nsa nifa faa odwumfoɔ asaeɛ.Ɔde bɔɔ Sisera, pɛkyɛɛ ne ti.Ɔde pɛɛwa no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim. 27 Ɔhodwoeɛ, ɔhwee ase;ɔwuu wɔ ne nan ase. 28 “Sisera nena hwɛɛ mpomma mu;ɔtɛɛ mpomma mu hwɛɛ no kwan,ɔkaa sɛ, ‘Adɛn enti na ne teaseɛnam akyɛre ba yi?Adɛn enti na yɛnte teaseɛnam nhankra nnyegyeeɛ yi?’ 29 Ne mmaa anyansafoɔ no rema mmuaeɛ no,ɔtii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho sɛ: 30 ‘Wɔrekyɛ asadeɛ a wɔnyaeɛ no,ɔbarima biara nya ɔbaa baako anaa mmienu.Sisera bɛnya ntadeɛ a ɛyɛ fɛna me nso menya ntadeɛ a ɛkura ahosuo ahodoɔ na wɔanwono mu fɛɛfɛ.’ 31 “AWURADE, ma wʼatamfoɔ nyinaa nwu sɛ Sisera!Nanso, ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso sɛ owigyinaeɛ.”Afei, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan.
In Other Versions
Judges 5 in the ANGEFD
Judges 5 in the ANTPNG2D
Judges 5 in the AS21
Judges 5 in the BAGH
Judges 5 in the BBPNG
Judges 5 in the BBT1E
Judges 5 in the BDS
Judges 5 in the BEV
Judges 5 in the BHAD
Judges 5 in the BIB
Judges 5 in the BLPT
Judges 5 in the BNT
Judges 5 in the BNTABOOT
Judges 5 in the BNTLV
Judges 5 in the BOATCB2
Judges 5 in the BOBCV
Judges 5 in the BOCNT
Judges 5 in the BOECS
Judges 5 in the BOGWICC
Judges 5 in the BOHCB
Judges 5 in the BOHCV
Judges 5 in the BOHLNT
Judges 5 in the BOHNTLTAL
Judges 5 in the BOICB
Judges 5 in the BOILNTAP
Judges 5 in the BOITCV
Judges 5 in the BOKCV
Judges 5 in the BOKCV2
Judges 5 in the BOKHWOG
Judges 5 in the BOKSSV
Judges 5 in the BOLCB
Judges 5 in the BOLCB2
Judges 5 in the BOMCV
Judges 5 in the BONAV
Judges 5 in the BONCB
Judges 5 in the BONLT
Judges 5 in the BONUT2
Judges 5 in the BOPLNT
Judges 5 in the BOSCB
Judges 5 in the BOSNC
Judges 5 in the BOTLNT
Judges 5 in the BOVCB
Judges 5 in the BOYCB
Judges 5 in the BPBB
Judges 5 in the BPH
Judges 5 in the BSB
Judges 5 in the CCB
Judges 5 in the CUV
Judges 5 in the CUVS
Judges 5 in the DBT
Judges 5 in the DGDNT
Judges 5 in the DHNT
Judges 5 in the DNT
Judges 5 in the ELBE
Judges 5 in the EMTV
Judges 5 in the ESV
Judges 5 in the FBV
Judges 5 in the FEB
Judges 5 in the GGMNT
Judges 5 in the GNT
Judges 5 in the HARY
Judges 5 in the HNT
Judges 5 in the IRVA
Judges 5 in the IRVB
Judges 5 in the IRVG
Judges 5 in the IRVH
Judges 5 in the IRVK
Judges 5 in the IRVM
Judges 5 in the IRVM2
Judges 5 in the IRVO
Judges 5 in the IRVP
Judges 5 in the IRVT
Judges 5 in the IRVT2
Judges 5 in the IRVU
Judges 5 in the ISVN
Judges 5 in the JSNT
Judges 5 in the KAPI
Judges 5 in the KBT1ETNIK
Judges 5 in the KBV
Judges 5 in the KJV
Judges 5 in the KNFD
Judges 5 in the LBA
Judges 5 in the LBLA
Judges 5 in the LNT
Judges 5 in the LSV
Judges 5 in the MAAL
Judges 5 in the MBV
Judges 5 in the MBV2
Judges 5 in the MHNT
Judges 5 in the MKNFD
Judges 5 in the MNG
Judges 5 in the MNT
Judges 5 in the MNT2
Judges 5 in the MRS1T
Judges 5 in the NAA
Judges 5 in the NASB
Judges 5 in the NBLA
Judges 5 in the NBS
Judges 5 in the NBVTP
Judges 5 in the NET2
Judges 5 in the NIV11
Judges 5 in the NNT
Judges 5 in the NNT2
Judges 5 in the NNT3
Judges 5 in the PDDPT
Judges 5 in the PFNT
Judges 5 in the RMNT
Judges 5 in the SBIAS
Judges 5 in the SBIBS
Judges 5 in the SBIBS2
Judges 5 in the SBICS
Judges 5 in the SBIDS
Judges 5 in the SBIGS
Judges 5 in the SBIHS
Judges 5 in the SBIIS
Judges 5 in the SBIIS2
Judges 5 in the SBIIS3
Judges 5 in the SBIKS
Judges 5 in the SBIKS2
Judges 5 in the SBIMS
Judges 5 in the SBIOS
Judges 5 in the SBIPS
Judges 5 in the SBISS
Judges 5 in the SBITS
Judges 5 in the SBITS2
Judges 5 in the SBITS3
Judges 5 in the SBITS4
Judges 5 in the SBIUS
Judges 5 in the SBIVS
Judges 5 in the SBT
Judges 5 in the SBT1E
Judges 5 in the SCHL
Judges 5 in the SNT
Judges 5 in the SUSU
Judges 5 in the SUSU2
Judges 5 in the SYNO
Judges 5 in the TBIAOTANT
Judges 5 in the TBT1E
Judges 5 in the TBT1E2
Judges 5 in the TFTIP
Judges 5 in the TFTU
Judges 5 in the TGNTATF3T
Judges 5 in the THAI
Judges 5 in the TNFD
Judges 5 in the TNT
Judges 5 in the TNTIK
Judges 5 in the TNTIL
Judges 5 in the TNTIN
Judges 5 in the TNTIP
Judges 5 in the TNTIZ
Judges 5 in the TOMA
Judges 5 in the TTENT
Judges 5 in the UBG
Judges 5 in the UGV
Judges 5 in the UGV2
Judges 5 in the UGV3
Judges 5 in the VBL
Judges 5 in the VDCC
Judges 5 in the YALU
Judges 5 in the YAPE
Judges 5 in the YBVTP
Judges 5 in the ZBP