Jeremiah 2 (BOATCB)

1 AWURADE asɛm baa me so: 2 “Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte:“Mekae sɛdeɛ wode wo ho maa me wo mmabunu berɛ mu,sɛdeɛ wo dɔɔ me wʼayeforɔ berɛ muna wodii mʼakyi wɔ ɛserɛ so,asase a wɔnnuaa so hwee. 3 Na Israel yɛ kronkron ma AWURADE,ne twaberɛ mu abukan;wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn fɔ,na amanehunu baa wɔn so,”sɛdeɛ AWURADE, seɛ nie. 4 Montie AWURADE asɛm, Ao Yakob fiefoɔ,mo Israel mmusuakuo nyinaa. 5 Yei ne deɛ AWURADE seɛ:“Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho aɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei?Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi,ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ. 6 Wɔammisa sɛ, ‘Ɛhe na AWURADE wɔ?Deɛ ɔyii yɛn firii Misraimna ɔde yɛn faa ɛserɛ wesee so,anweatam ne amenamena asasea awo na ayɛ owubɔn no.Na ɛyɛ asase a obiara mfa so na obiara nte soɔ no.’ 7 Mede mo bɛduaa asase bereɛ sosɛ monni so nnuaba ne ɛso nnepa.Nanso mobɛguu mʼasase ho fina moyɛɛ mʼagyapadeɛ akyiwadeɛ. 8 Asɔfoɔ no ammisa sɛ,‘Ɛhe na AWURADE wɔ?’Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me;ntuanofoɔ sɔre tiaa me.Adiyifoɔ no de Baal hyɛɛ nkɔm,na wɔdii ahoni huhuo akyi. 9 “Ɛno enti, merebɔ mo kwaadu bio,”deɛ AWURADE seɛ nie.“Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu. 10 Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ,monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie;monhwɛ sɛ biribi a ɛte sei asi wɔ hɔ: 11 Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa?Nso wɔnnyɛ anyame mpo.Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyamasesa ahoni huhuo. 12 Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho,na mo ho nwoso akomatuo mu,”deɛ AWURADE seɛ nie. 13 “Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu:Wɔapa mʼakyi,me a meyɛ nkwa asutire no,na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena,amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo. 14 Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa?Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi? 15 Agyata abobɔ mu;wɔapɔ no so.Wɔasɛe nʼasase;wɔahyehye ne nkuro ayɛ no amanfo. 16 Afei, Memfis ne Tapanhes mmarimaayi wo tiri so nwi. 17 Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo sosɛ wopaa AWURADE wo Onyankopɔn akyi,wɔ ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan? 18 Afei adɛn enti na mokɔ Misraimkɔnom Sihor mu nsuo?Na adɛn enti na mokɔ Asiriakɔnom Asubɔnten no mu nsuo? 19 Wo amumuyɛ bɛtwe wʼaso;wʼakyirisane bɛka wʼanim.Enti dwene ho na hunu sɛ,sɛ wopa AWURADE wo Onyankopɔn akyina woannya ne ho suro a,ɛyɛ bɔne ne ɔyea ma wo.”Awurade, Asafo AWURADE na ɔseɛ. 20 “Mmerɛ bi atwam, wobubuu wo kɔnnua mu,na wotetee wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;na wokaa sɛ, ‘Merensom wo!’Nokorɛm, wɔ kokoɔ biara sone dua biara a adendan asena wotena bɔɔ adwaman. 21 Meduaa wo sɛ bobe amapaa ɛfiri bobe ase a ɛyɛ pa ara mu.Na ɛyɛɛ dɛn na wodanee wʼakyi kyerɛɛ mebɛyɛɛ bobe a anyini asɛeɛ wɔ wura mu yi? 22 Sɛ wode sodane samina bebree dware mpo a,wʼafɔdie nkekaawa da so wɔ hɔ ara,”sɛdeɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ nie. 23 “Ɛbɛyɛ dɛn na woaka sɛ, ‘Meho nguu fi;mennii Baalnom akyi’?Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho wɔ bɔnhwa no mu;dwene deɛ woayɛ no ho.Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔa wotu mmirika kɔ ha ba ha, 24 wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no,ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ sɛ onini hyia no.Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hwan na ɔbɛsianka no?Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree;ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no. 25 Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboana wo mene mu bɛwe.Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ!Mepɛ ananafoɔ anyame,na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’ 26 “Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no,saa na wɔagu Israel efie anim ase,wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ,wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ. 27 Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’Wɔadane wɔn akyi akyerɛ mena ɛnyɛ wɔn anim;nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ,‘Bra bɛgye yɛn!’ 28 Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he?Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye moɛberɛ a mowɔ amanehunu mu!Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebreete sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda. 29 “Adɛn enti na mobɔ me soboɔ?Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” AWURADE na ɔseɛ. 30 “Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa;wɔamfa me ntenesoɔ.Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔte sɛ gyata a nʼani abereɛ. 31 “Mo nnɛmmafoɔ, monnwene AWURADE asɛm ho:“Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa?Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa?Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin;yɛremma wo nkyɛn bio.’ 32 Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ,ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa?Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me,nna a wɔntumi nkan. 33 Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfoɔ!Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan. 34 Mo aduradeɛ mu, nnipa hunuahiafoɔ a wɔdi bem mogya,nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mo dan mu.Yeinom nyinaa akyi 35 woka sɛ, ‘Medi bem;ne bo mfuu me.’Nanso mɛbu wo atɛnɛfiri sɛ wo ka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne biara.’ 36 Adɛn enti na wokyinkyini se,sesa wʼakwan?Misraim bɛdi wo hwammɔsɛdeɛ Asiria yɛeɛ no. 37 Afei wobɛfiri saa beaeɛ hɔa wo nsa gu wo tiri so.Ɛfiri sɛ AWURADE apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no;wɔremmoa wo.

In Other Versions

Jeremiah 2 in the ANGEFD

Jeremiah 2 in the ANTPNG2D

Jeremiah 2 in the AS21

Jeremiah 2 in the BAGH

Jeremiah 2 in the BBPNG

Jeremiah 2 in the BBT1E

Jeremiah 2 in the BDS

Jeremiah 2 in the BEV

Jeremiah 2 in the BHAD

Jeremiah 2 in the BIB

Jeremiah 2 in the BLPT

Jeremiah 2 in the BNT

Jeremiah 2 in the BNTABOOT

Jeremiah 2 in the BNTLV

Jeremiah 2 in the BOATCB2

Jeremiah 2 in the BOBCV

Jeremiah 2 in the BOCNT

Jeremiah 2 in the BOECS

Jeremiah 2 in the BOGWICC

Jeremiah 2 in the BOHCB

Jeremiah 2 in the BOHCV

Jeremiah 2 in the BOHLNT

Jeremiah 2 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 2 in the BOICB

Jeremiah 2 in the BOILNTAP

Jeremiah 2 in the BOITCV

Jeremiah 2 in the BOKCV

Jeremiah 2 in the BOKCV2

Jeremiah 2 in the BOKHWOG

Jeremiah 2 in the BOKSSV

Jeremiah 2 in the BOLCB

Jeremiah 2 in the BOLCB2

Jeremiah 2 in the BOMCV

Jeremiah 2 in the BONAV

Jeremiah 2 in the BONCB

Jeremiah 2 in the BONLT

Jeremiah 2 in the BONUT2

Jeremiah 2 in the BOPLNT

Jeremiah 2 in the BOSCB

Jeremiah 2 in the BOSNC

Jeremiah 2 in the BOTLNT

Jeremiah 2 in the BOVCB

Jeremiah 2 in the BOYCB

Jeremiah 2 in the BPBB

Jeremiah 2 in the BPH

Jeremiah 2 in the BSB

Jeremiah 2 in the CCB

Jeremiah 2 in the CUV

Jeremiah 2 in the CUVS

Jeremiah 2 in the DBT

Jeremiah 2 in the DGDNT

Jeremiah 2 in the DHNT

Jeremiah 2 in the DNT

Jeremiah 2 in the ELBE

Jeremiah 2 in the EMTV

Jeremiah 2 in the ESV

Jeremiah 2 in the FBV

Jeremiah 2 in the FEB

Jeremiah 2 in the GGMNT

Jeremiah 2 in the GNT

Jeremiah 2 in the HARY

Jeremiah 2 in the HNT

Jeremiah 2 in the IRVA

Jeremiah 2 in the IRVB

Jeremiah 2 in the IRVG

Jeremiah 2 in the IRVH

Jeremiah 2 in the IRVK

Jeremiah 2 in the IRVM

Jeremiah 2 in the IRVM2

Jeremiah 2 in the IRVO

Jeremiah 2 in the IRVP

Jeremiah 2 in the IRVT

Jeremiah 2 in the IRVT2

Jeremiah 2 in the IRVU

Jeremiah 2 in the ISVN

Jeremiah 2 in the JSNT

Jeremiah 2 in the KAPI

Jeremiah 2 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 2 in the KBV

Jeremiah 2 in the KJV

Jeremiah 2 in the KNFD

Jeremiah 2 in the LBA

Jeremiah 2 in the LBLA

Jeremiah 2 in the LNT

Jeremiah 2 in the LSV

Jeremiah 2 in the MAAL

Jeremiah 2 in the MBV

Jeremiah 2 in the MBV2

Jeremiah 2 in the MHNT

Jeremiah 2 in the MKNFD

Jeremiah 2 in the MNG

Jeremiah 2 in the MNT

Jeremiah 2 in the MNT2

Jeremiah 2 in the MRS1T

Jeremiah 2 in the NAA

Jeremiah 2 in the NASB

Jeremiah 2 in the NBLA

Jeremiah 2 in the NBS

Jeremiah 2 in the NBVTP

Jeremiah 2 in the NET2

Jeremiah 2 in the NIV11

Jeremiah 2 in the NNT

Jeremiah 2 in the NNT2

Jeremiah 2 in the NNT3

Jeremiah 2 in the PDDPT

Jeremiah 2 in the PFNT

Jeremiah 2 in the RMNT

Jeremiah 2 in the SBIAS

Jeremiah 2 in the SBIBS

Jeremiah 2 in the SBIBS2

Jeremiah 2 in the SBICS

Jeremiah 2 in the SBIDS

Jeremiah 2 in the SBIGS

Jeremiah 2 in the SBIHS

Jeremiah 2 in the SBIIS

Jeremiah 2 in the SBIIS2

Jeremiah 2 in the SBIIS3

Jeremiah 2 in the SBIKS

Jeremiah 2 in the SBIKS2

Jeremiah 2 in the SBIMS

Jeremiah 2 in the SBIOS

Jeremiah 2 in the SBIPS

Jeremiah 2 in the SBISS

Jeremiah 2 in the SBITS

Jeremiah 2 in the SBITS2

Jeremiah 2 in the SBITS3

Jeremiah 2 in the SBITS4

Jeremiah 2 in the SBIUS

Jeremiah 2 in the SBIVS

Jeremiah 2 in the SBT

Jeremiah 2 in the SBT1E

Jeremiah 2 in the SCHL

Jeremiah 2 in the SNT

Jeremiah 2 in the SUSU

Jeremiah 2 in the SUSU2

Jeremiah 2 in the SYNO

Jeremiah 2 in the TBIAOTANT

Jeremiah 2 in the TBT1E

Jeremiah 2 in the TBT1E2

Jeremiah 2 in the TFTIP

Jeremiah 2 in the TFTU

Jeremiah 2 in the TGNTATF3T

Jeremiah 2 in the THAI

Jeremiah 2 in the TNFD

Jeremiah 2 in the TNT

Jeremiah 2 in the TNTIK

Jeremiah 2 in the TNTIL

Jeremiah 2 in the TNTIN

Jeremiah 2 in the TNTIP

Jeremiah 2 in the TNTIZ

Jeremiah 2 in the TOMA

Jeremiah 2 in the TTENT

Jeremiah 2 in the UBG

Jeremiah 2 in the UGV

Jeremiah 2 in the UGV2

Jeremiah 2 in the UGV3

Jeremiah 2 in the VBL

Jeremiah 2 in the VDCC

Jeremiah 2 in the YALU

Jeremiah 2 in the YAPE

Jeremiah 2 in the YBVTP

Jeremiah 2 in the ZBP