Jeremiah 48 (BOATCB)

1 Asɛm a ɛfa Moab ho no nie: Yei ne deɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn seɛ:“Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no.Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no;wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam. 2 Wɔrenkamfo Moab bio;Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ;‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom;akofena no bɛtaa mo. 3 Montie osu a ɛfiri Horonaim,adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su. 4 Wɔbɛbɔ Moab:na ne mma nketewa bɛteateam. 5 Wɔforo kɔ Luhit,wɔde agyaadwotwa a emu yɛ den na ɛrekɔ;ɛkwan a ɛkɔ Horonaim so nowɔte ahoyera mu agyaadwotwa wɔ adesɛeɛ no ho. 6 Monnwane! Montu mmirika mpere mo nkwa.Momfa mo ho nsie sɛ wira wɔ anweatam so. 7 Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti,mo nso wɔbɛfa mo nnommum,na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu,ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ. 8 Ɔsɛefoɔ no bɛtu kuro biara so sa,na emu biara renya ne ho ntete.Wɔbɛsɛe bɔnhwa nona wɔasɛe mmepɔ mpampam a ɛyɛ tamaa no,ɛfiri sɛ AWURADE akasa. 9 Momfa nkyene nhyɛ Moab,ɛfiri sɛ wɔrebɛsɛe no;ne nkuro bɛda mpan aobiara rentena soɔ. 10 “Nnome nka deɛ ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ AWURADE adwumayɛ ho!Nnome nka deɛ ɔmmfa nʼakofena nhwie mogya nguo! 11 “Moab atena ase asomdwoeɛ mu firi ne mmerante ɛberɛ mu,te sɛ nsã ase puo a ataa dinna wɔnnhwie mfirii ahina mu nkɔguu ahina foforɔ mu da;saa ara na Moab nso nkɔɔ nnommumfa mu da.Enti ɔte sɛ deɛ ɔte ara,na ne ho hwa nsesa. 12 Nanso, nna bi reba,” AWURADE na ɔseɛ,“a mɛsoma mmarima a wɔhwie nsã firi ahina mu,na wɔbɛhwie no agu;wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hweena wɔabobɔ ne nkuruwa. 13 Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu,sɛdeɛ Israel efie anim guu aseɛberɛ a wɔde wɔn ho too Bet-El soɔ no. 14 “Ɛyɛ dɛn na wotumi ka sɛ, ‘Yɛyɛ nnɔmmarima,mmarima akokoɔdurufoɔ wɔ ɔsa mu’? 15 Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkuro so sa;ne mmeranteɛ a wɔte apɔ no, wɔbɛkunkum wɔn,”deɛ Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo AWURADE no seɛ nie. 16 “Moab asehweɛ abɛn;nʼamanehunu bɛba ntɛm. 17 Monsu no, mo a motete ne ho nyinaa,ne mo a monim ne din nyinaa;monka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempoma a ɛyɛ den yi?Ɛyɛɛ dɛn na wɔabu animuonyam poma fɛfɛ yi mu?’ 18 “Firi wʼanimuonyam mu,na bɛtena asase wesee no so,wo a wote Ɔbabaa Dibon mu,ɛfiri sɛ deɛ ɔsɛe Moab nobɛtu aba wo so;abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ no. 19 Gyina kwankyɛn na hwɛ,wo a wote Aroer.Bisa ɔbarima a ɔredwane no ne ɔbaa a ɔrefiri mu afi,bisa wɔn sɛ, ‘Asɛm bɛn na asie?’ 20 Moab anim agu ase, ɛfiri sɛ wɔabubu no pasaa;montwa adwo na monteateam!Mommɔ dawuro wɔ Arnon ho sɛwɔasɛe Moab. 21 Atemmuo aba bepɔ tamaa sowɔ Holon, Yahas ne Mefaat, 22 Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim 23 ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon 24 ne Keriot ne Bosrawɔ Moab nkuro nyinaa, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn. 25 Wɔatwa Moab abɛn;na ne basa abu,” AWURADE na ɔseɛ. 26 “Momma no mmoro nsã,ɛfiri sɛ wabu AWURADE animtia.Momma Moab nyantam wɔ ne feɛ mu;momma no nyɛ fɛdideɛ. 27 Ɛnyɛ Israel na na ɔyɛ mo fɛdideɛ?Wɔkyeree no akorɔmfoɔ mu anaa,a enti mowoso mo ti animtiabuo soɛberɛ biara a mobɛka ne ho asɛm? 28 Monfifiri mo nkuro so nkɔtena abotan mu,mo a motete Moab.Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuowɔ ɔbodan ano. 29 “Yɛate Moab ahantan nonʼahomasoɔ ne gye a ɔgye ne ho di mmorosoɔ;nʼahantan ne nʼahomasoɔ,ne nʼakoma mu ahohoahoa. 30 Menim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,” AWURADE na ɔseɛ,“na nʼahohoahoa mfa hwee mma. 31 Enti metwa adwo ma Moab,mesu team ma Moabfoɔ nyinaa,medi awerɛhoɔ ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset. 32 Mesu ma mo sɛdeɛ Yaser su,Ao Sibma bobe.Mo mman dendane kɔɔ ɛpo ho pɛɛ;kɔduruu Yaser ɛpo ho.Ɔsɛefoɔ no abɛgumo nnuaba a abereɛ ne mo bobe no so. 33 Ahosɛpɛ ne anigyeɛ atu afiriMoab nnuaba nturo ne mfuo so.Matwa nsã a ɛtene firi nsakyimena no so;obiara mmfa ahosɛpɛ ntiatia bobe no so.Ɛwom sɛ nteateam wɔ hɔ deɛ,nanso ɛnyɛ ahosɛpɛ nteateam. 34 “Wɔn su ano den gyegye firiHesbon de kɔsi Eleale ne Yahas,firi Soar de kɔsi Horonaim ne Eglat Selisiya.Mpo, nsuo a ɛwɔ Nimrim no awe. 35 Moab hɔ no,mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhwama wɔhye ma wɔn anyame no bɛba awieeɛ,” AWURADE na ɔseɛ. 36 “Enti mʼakoma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab;esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.Ahonyadeɛ a wɔpɛeɛ no kɔ. 37 Wɔabɔ etire biara tikwana wɔayi abɔgyesɛ biara;nsa nyinaa ho ayɛ akamakamna ayitoma sisi obiara asene. 38 Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifine ɔmanfoɔ adwaberem nyinaa,biribiara nni hɔ sɛ awerɛhoɔ,ɛfiri sɛ mabubu Moabayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,” AWURADE na ɔseɛ. 39 “Hwɛ sɛdeɛ wabubuo afa! Hwɛ sɛdeɛ wɔretwa adwoɔ!Na hwɛ sɛdeɛ Moab de aniwuo dane nʼakyi!Moab ayɛ fɛdideɛne ahodwiredeɛ ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.” 40 Yei ne deɛ AWURADE seɛ:“Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ reto hoo aba fam.Watrɛ ne ntaban mu wɔ Moab so. 41 Wɔbɛfa Keriot nnommumna wafa nʼaban denden no.Saa ɛda no Moab nnɔmmarima akomabɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so. 42 Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,ɛfiri sɛ, ɔbuu AWURADE animtia. 43 Ehu, nkomena ne mfidie retwɛn mo,Ao Moabfoɔ,” AWURADE na ɔseɛ. 44 “Deɛ ɔdwane deɛ ɛyɛ hu nobɛtɔ nkomena mu,deɛ ɔbɛforo afiri nkomena no mu no,afidie bɛyi no;na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,” AWURADE na ɔseɛ. 45 “Hesbon nwunu asena adwanefoɔ no gyinagyina a wɔnni mmoa biara,ɛfiri sɛ ogya bi atu afiri Hesbon;ɛgyadɛreɛ bi firi Sihon mfimfini;ɛhye Moabfoɔ moma,ne ahohoahoafoɔ a wɔn ano yɛ den no ti kwankoraa. 46 Nnome nka wo Ao, Moab!Wɔasɛe Kemos nkurɔfoɔ no;wɔde wo mmammarima kɔ nnommumfa muna wo mmammaa nso kɔ nkoasom mu. 47 “Nanso mede Moab adenya bɛsane ama nowɔ nna a ɛbɛba no mu,” AWURADE na ɔseɛ.Moab atemmuo no awieeɛ nie.

In Other Versions

Jeremiah 48 in the ANGEFD

Jeremiah 48 in the ANTPNG2D

Jeremiah 48 in the AS21

Jeremiah 48 in the BAGH

Jeremiah 48 in the BBPNG

Jeremiah 48 in the BBT1E

Jeremiah 48 in the BDS

Jeremiah 48 in the BEV

Jeremiah 48 in the BHAD

Jeremiah 48 in the BIB

Jeremiah 48 in the BLPT

Jeremiah 48 in the BNT

Jeremiah 48 in the BNTABOOT

Jeremiah 48 in the BNTLV

Jeremiah 48 in the BOATCB2

Jeremiah 48 in the BOBCV

Jeremiah 48 in the BOCNT

Jeremiah 48 in the BOECS

Jeremiah 48 in the BOGWICC

Jeremiah 48 in the BOHCB

Jeremiah 48 in the BOHCV

Jeremiah 48 in the BOHLNT

Jeremiah 48 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 48 in the BOICB

Jeremiah 48 in the BOILNTAP

Jeremiah 48 in the BOITCV

Jeremiah 48 in the BOKCV

Jeremiah 48 in the BOKCV2

Jeremiah 48 in the BOKHWOG

Jeremiah 48 in the BOKSSV

Jeremiah 48 in the BOLCB

Jeremiah 48 in the BOLCB2

Jeremiah 48 in the BOMCV

Jeremiah 48 in the BONAV

Jeremiah 48 in the BONCB

Jeremiah 48 in the BONLT

Jeremiah 48 in the BONUT2

Jeremiah 48 in the BOPLNT

Jeremiah 48 in the BOSCB

Jeremiah 48 in the BOSNC

Jeremiah 48 in the BOTLNT

Jeremiah 48 in the BOVCB

Jeremiah 48 in the BOYCB

Jeremiah 48 in the BPBB

Jeremiah 48 in the BPH

Jeremiah 48 in the BSB

Jeremiah 48 in the CCB

Jeremiah 48 in the CUV

Jeremiah 48 in the CUVS

Jeremiah 48 in the DBT

Jeremiah 48 in the DGDNT

Jeremiah 48 in the DHNT

Jeremiah 48 in the DNT

Jeremiah 48 in the ELBE

Jeremiah 48 in the EMTV

Jeremiah 48 in the ESV

Jeremiah 48 in the FBV

Jeremiah 48 in the FEB

Jeremiah 48 in the GGMNT

Jeremiah 48 in the GNT

Jeremiah 48 in the HARY

Jeremiah 48 in the HNT

Jeremiah 48 in the IRVA

Jeremiah 48 in the IRVB

Jeremiah 48 in the IRVG

Jeremiah 48 in the IRVH

Jeremiah 48 in the IRVK

Jeremiah 48 in the IRVM

Jeremiah 48 in the IRVM2

Jeremiah 48 in the IRVO

Jeremiah 48 in the IRVP

Jeremiah 48 in the IRVT

Jeremiah 48 in the IRVT2

Jeremiah 48 in the IRVU

Jeremiah 48 in the ISVN

Jeremiah 48 in the JSNT

Jeremiah 48 in the KAPI

Jeremiah 48 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 48 in the KBV

Jeremiah 48 in the KJV

Jeremiah 48 in the KNFD

Jeremiah 48 in the LBA

Jeremiah 48 in the LBLA

Jeremiah 48 in the LNT

Jeremiah 48 in the LSV

Jeremiah 48 in the MAAL

Jeremiah 48 in the MBV

Jeremiah 48 in the MBV2

Jeremiah 48 in the MHNT

Jeremiah 48 in the MKNFD

Jeremiah 48 in the MNG

Jeremiah 48 in the MNT

Jeremiah 48 in the MNT2

Jeremiah 48 in the MRS1T

Jeremiah 48 in the NAA

Jeremiah 48 in the NASB

Jeremiah 48 in the NBLA

Jeremiah 48 in the NBS

Jeremiah 48 in the NBVTP

Jeremiah 48 in the NET2

Jeremiah 48 in the NIV11

Jeremiah 48 in the NNT

Jeremiah 48 in the NNT2

Jeremiah 48 in the NNT3

Jeremiah 48 in the PDDPT

Jeremiah 48 in the PFNT

Jeremiah 48 in the RMNT

Jeremiah 48 in the SBIAS

Jeremiah 48 in the SBIBS

Jeremiah 48 in the SBIBS2

Jeremiah 48 in the SBICS

Jeremiah 48 in the SBIDS

Jeremiah 48 in the SBIGS

Jeremiah 48 in the SBIHS

Jeremiah 48 in the SBIIS

Jeremiah 48 in the SBIIS2

Jeremiah 48 in the SBIIS3

Jeremiah 48 in the SBIKS

Jeremiah 48 in the SBIKS2

Jeremiah 48 in the SBIMS

Jeremiah 48 in the SBIOS

Jeremiah 48 in the SBIPS

Jeremiah 48 in the SBISS

Jeremiah 48 in the SBITS

Jeremiah 48 in the SBITS2

Jeremiah 48 in the SBITS3

Jeremiah 48 in the SBITS4

Jeremiah 48 in the SBIUS

Jeremiah 48 in the SBIVS

Jeremiah 48 in the SBT

Jeremiah 48 in the SBT1E

Jeremiah 48 in the SCHL

Jeremiah 48 in the SNT

Jeremiah 48 in the SUSU

Jeremiah 48 in the SUSU2

Jeremiah 48 in the SYNO

Jeremiah 48 in the TBIAOTANT

Jeremiah 48 in the TBT1E

Jeremiah 48 in the TBT1E2

Jeremiah 48 in the TFTIP

Jeremiah 48 in the TFTU

Jeremiah 48 in the TGNTATF3T

Jeremiah 48 in the THAI

Jeremiah 48 in the TNFD

Jeremiah 48 in the TNT

Jeremiah 48 in the TNTIK

Jeremiah 48 in the TNTIL

Jeremiah 48 in the TNTIN

Jeremiah 48 in the TNTIP

Jeremiah 48 in the TNTIZ

Jeremiah 48 in the TOMA

Jeremiah 48 in the TTENT

Jeremiah 48 in the UBG

Jeremiah 48 in the UGV

Jeremiah 48 in the UGV2

Jeremiah 48 in the UGV3

Jeremiah 48 in the VBL

Jeremiah 48 in the VDCC

Jeremiah 48 in the YALU

Jeremiah 48 in the YAPE

Jeremiah 48 in the YBVTP

Jeremiah 48 in the ZBP