Jeremiah 48 (BOATCB2)

1 Nea ɛfa Moab ho: Sɛɛ na AWURADE, Israel Nyankopɔn se:“Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no.Wobegu Kiriataim anim ase, na wɔafa;wobegu aban dennen no anim ase, na wɔadwiriw agu fam. 2 Wɔrenkamfo Moab bio;Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehwe ho pɔw;‘Mommra, momma yɛnkɔbɔ saa ɔman yi.’Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano ato mu;afoa no bɛtaa mo. 3 Muntie osu a efi Horonaim,adesɛe ne ɔsɛe ho su. 4 Wɔbɛbɔ Moab:na ne mma nketewa bɛteɛteɛ mu. 5 Wɔforo kɔ Luhit,wɔde agyaadwotwa a mu yɛ den na ɛrekɔ;ɔkwan a ɛkɔ Horonaim so nowɔte ahoyeraw nteɛteɛmu wɔ adesɛe no ho. 6 Munguan! muntu mmirika mpere mo nkwa.Monyɛ sɛ wura wɔ nweatam so. 7 Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛe ne mo ahonya so nti,mo nso wɔbɛfa mo nnommum,na Kemos bɛkɔ nnommum mu,ɔne nʼasɔfo ne adwumayɛfo. 8 Ɔsɛefo no betu kurow biara so sa,na mu biara rennya ne ho ntetew.Wɔbɛsɛe obon nona wasɛe mmepɔw mpampam a ɛyɛ tamaa no,efisɛ AWURADE akasa. 9 Momfa nkyene nhyɛ Moab,efisɛ wɔrebɛsɛe no;ne nkurow bɛda mpan aobiara rentena mu. 10 “Nnome nka nea ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ AWURADE adwumayɛ ho!Nnome nka nea ɔmmfa nʼafoa nhwie mogya ngu! 11 “Moab atena ase asomdwoe mu fi ne mmerantebere mu,te sɛ nsa ase puw a ataa dinn,wonnhwie mfi ahina mu nkogu ahina foforo mu,ɔnkɔɔ nnommum mu da.Enti ɔte sɛ nea ɔte ara,na ne ho hua nsakrae ɛ. 12 Nanso nna bi reba,” AWURADE na ose,“a mɛsoma mmarima a wohwie fi ahina mu,na wobehwie no agu;wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hweena wɔabobɔ ne nkuruwa. 13 Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu,sɛnea Israelfi anim guu asebere a wɔde wɔn ho too Bet-El so no. 14 “Ɛbɛyɛ dɛn na wutumi ka se, ‘Yɛyɛ dɔmmarima,mmarima akokodurufo wɔ ɔsa mu’? 15 Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkurow so sa;wobekunkum ne mmerante a wɔte apɔw no,”nea Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo AWURADE no se ni. 16 “Moab asehwe abɛn;nʼamanehunu bɛba ntɛm. 17 Munsu no, mo a motete ne ho nyinaa,ne mo a munim ne din nyinaa;monka se, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempema a ɛyɛ den yiɛyɛɛ dɛn wɔabu anuonyam pema fɛfɛ yi mu!’ 18 “Fi wʼanuonyam mu,na bɛtena asase wosee no so,wo a wote Dibon Babea,efisɛ nea ɔsɛe Moab nobetu aba wo soabɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ no. 19 Gyina kwankyɛn na hwɛ,wo a wote Aroer.Bisa ɔbarima a ɔreguan no ne ɔbea a ɔrefi mu afi,bisa wɔn se, ‘Asɛm bɛn na asi?’ 20 Moab anim agu ase, efisɛ wɔabubu no pasaa;muntwa adwo na monteɛteɛ mu!Mommɔ dawuru wɔ Arnon ho sewɔasɛe Moab. 21 Atemmu aba bepɔw tamaa sowɔ Holon, Yahas ne Mefaat, 22 Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim 23 ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon 24 ne Keriot ne Bosrawɔ Moab nkurow nyinaa, nea ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn. 25 Wɔatwa Moab mmɛn;na ne basa abu,” AWURADE na ose. 26 “Momma no mmow nsa,efisɛ wabu AWURADE animtiaa.Momma Moab nyantam wɔ ne fe mu;momma no nyɛ nea wodi ne ho fɛw. 27 Ɛnyɛ Israel na na wudi ne ho fɛw?Wɔkyeree no akorɔmfo mu ana,a enti mowosow mo ti animtiaabu sobere biara a mobɛka ne ho asɛm? 28 Mumfifi mo nkurow so nkɔtena abotan mu,mo a motete Moab.Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne berebuwwɔ ɔbodan ano. 29 “Yɛate Moab ahantan nonʼahomaso ne gye a ogye ne ho di mmoroso;nʼahantan ne nʼahomaso,ne ne koma mu ahohoahoa. 30 Minim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,” AWURADE na ose,“na nʼahohoahoa mfa hwee mma. 31 Enti mitwa adwo ma Moab,misu teɛ mu ma Moabfo nyinaa,midi awerɛhow ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset. 32 Misu ma mo sɛnea Yaser su,mo Sibma bobe.Mo mman dennan kɔɔ po ho pɛɛ;koduu Yaser po ho.Ɔsɛefo no abegumo nnuaba a abere ne mo bobe no so. 33 Ahosɛpɛw ne anigye atu afiMoab nnuaba nturo ne mfuw so.Matwa nsa a ɛteɛ fi nsakyiamoa no so;obiara mmfa ahosɛpɛw ntiatia bobe no so.Ɛwɔ mu nteɛteɛmu wɔ hɔ de,nanso ɛnyɛ ahosɛpɛw nteɛteɛmu. 34 “Wɔn su ano den gyigye fiHesbon kɔ Eleale ne Yahas,fi Soar de kosi Horonaim ne Eglat Selisiya,mpo, nsu a ɛwɔ Nimrim no ayow. 35 Moab mu,mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhuama wɔhyew ma wɔn anyame no, bɛba awiei,” AWURADE, na ose. 36 “Enti me koma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab;esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.Ahonyade a wɔpɛe no kɔ. 37 Wɔabɔ eti biara tikwawna wɔayi abogyesɛ biara;nsa nyinaa ho ayɛ akamakamna atweaatam sisi obiara asen. 38 Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifine ɔmanfo aguabɔbea nyinaa;biribiara nni hɔ sɛ awerɛhow,efisɛ mabubu Moabayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,” AWURADE na ose. 39 “Hwɛ sɛnea wabubu afa! Hwɛ sɛnea wɔretwa adwo!Na hwɛ sɛnea Moab de aniwu dan nʼakyi!Moab ayɛ nea wodi ne ho fɛw,ne ahodwiriwde ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.” 40 Sɛɛ na AWURADE se:“Monhwɛ! ɔkɔre rebɔ hoo aba fam.Watrɛw ne ntaban mu wɔ Moab so. 41 Wɔbɛfa Keriot nnommumna wɔafa nʼabandennen no.Saa da no Moab dɔmmarima komabetu sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so. 42 Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,efisɛ obuu AWURADE animtiaa. 43 Ehu, nkonomoa ne afiri retwɛn mo,Moabfo,” AWURADE na ose. 44 “Nea oguan nea ɛyɛ hu nobɛtɔ nkonomoa mu,nea ɔbɛforo afi nkonomoa no mu noafide beyi no;na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,” AWURADE na ose. 45 “Hesbon nwini asena aguanfo no gyinagyina a wonni mmoa biara,efisɛ ogya bi atu afi Hesbon;ogyaframa bi fi Sihon mfimfini;ɛhyew Moab moma,ne ahohoahoafo a wɔn ano yɛ den no ti koraa. 46 Nnome nka wo, wo Moab!Wɔasɛe Kemos nkurɔfo no;wɔde wo mmabarima kɔ nnommum muna wo mmabea nso kɔ nkoasom mu. 47 “Nanso mede Moab adenya bɛsan ama nowɔ nna a ɛbɛba no mu,” AWURADE na ose.Moab atemmu no awiei ni.

In Other Versions

Jeremiah 48 in the ANGEFD

Jeremiah 48 in the ANTPNG2D

Jeremiah 48 in the AS21

Jeremiah 48 in the BAGH

Jeremiah 48 in the BBPNG

Jeremiah 48 in the BBT1E

Jeremiah 48 in the BDS

Jeremiah 48 in the BEV

Jeremiah 48 in the BHAD

Jeremiah 48 in the BIB

Jeremiah 48 in the BLPT

Jeremiah 48 in the BNT

Jeremiah 48 in the BNTABOOT

Jeremiah 48 in the BNTLV

Jeremiah 48 in the BOATCB

Jeremiah 48 in the BOBCV

Jeremiah 48 in the BOCNT

Jeremiah 48 in the BOECS

Jeremiah 48 in the BOGWICC

Jeremiah 48 in the BOHCB

Jeremiah 48 in the BOHCV

Jeremiah 48 in the BOHLNT

Jeremiah 48 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 48 in the BOICB

Jeremiah 48 in the BOILNTAP

Jeremiah 48 in the BOITCV

Jeremiah 48 in the BOKCV

Jeremiah 48 in the BOKCV2

Jeremiah 48 in the BOKHWOG

Jeremiah 48 in the BOKSSV

Jeremiah 48 in the BOLCB

Jeremiah 48 in the BOLCB2

Jeremiah 48 in the BOMCV

Jeremiah 48 in the BONAV

Jeremiah 48 in the BONCB

Jeremiah 48 in the BONLT

Jeremiah 48 in the BONUT2

Jeremiah 48 in the BOPLNT

Jeremiah 48 in the BOSCB

Jeremiah 48 in the BOSNC

Jeremiah 48 in the BOTLNT

Jeremiah 48 in the BOVCB

Jeremiah 48 in the BOYCB

Jeremiah 48 in the BPBB

Jeremiah 48 in the BPH

Jeremiah 48 in the BSB

Jeremiah 48 in the CCB

Jeremiah 48 in the CUV

Jeremiah 48 in the CUVS

Jeremiah 48 in the DBT

Jeremiah 48 in the DGDNT

Jeremiah 48 in the DHNT

Jeremiah 48 in the DNT

Jeremiah 48 in the ELBE

Jeremiah 48 in the EMTV

Jeremiah 48 in the ESV

Jeremiah 48 in the FBV

Jeremiah 48 in the FEB

Jeremiah 48 in the GGMNT

Jeremiah 48 in the GNT

Jeremiah 48 in the HARY

Jeremiah 48 in the HNT

Jeremiah 48 in the IRVA

Jeremiah 48 in the IRVB

Jeremiah 48 in the IRVG

Jeremiah 48 in the IRVH

Jeremiah 48 in the IRVK

Jeremiah 48 in the IRVM

Jeremiah 48 in the IRVM2

Jeremiah 48 in the IRVO

Jeremiah 48 in the IRVP

Jeremiah 48 in the IRVT

Jeremiah 48 in the IRVT2

Jeremiah 48 in the IRVU

Jeremiah 48 in the ISVN

Jeremiah 48 in the JSNT

Jeremiah 48 in the KAPI

Jeremiah 48 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 48 in the KBV

Jeremiah 48 in the KJV

Jeremiah 48 in the KNFD

Jeremiah 48 in the LBA

Jeremiah 48 in the LBLA

Jeremiah 48 in the LNT

Jeremiah 48 in the LSV

Jeremiah 48 in the MAAL

Jeremiah 48 in the MBV

Jeremiah 48 in the MBV2

Jeremiah 48 in the MHNT

Jeremiah 48 in the MKNFD

Jeremiah 48 in the MNG

Jeremiah 48 in the MNT

Jeremiah 48 in the MNT2

Jeremiah 48 in the MRS1T

Jeremiah 48 in the NAA

Jeremiah 48 in the NASB

Jeremiah 48 in the NBLA

Jeremiah 48 in the NBS

Jeremiah 48 in the NBVTP

Jeremiah 48 in the NET2

Jeremiah 48 in the NIV11

Jeremiah 48 in the NNT

Jeremiah 48 in the NNT2

Jeremiah 48 in the NNT3

Jeremiah 48 in the PDDPT

Jeremiah 48 in the PFNT

Jeremiah 48 in the RMNT

Jeremiah 48 in the SBIAS

Jeremiah 48 in the SBIBS

Jeremiah 48 in the SBIBS2

Jeremiah 48 in the SBICS

Jeremiah 48 in the SBIDS

Jeremiah 48 in the SBIGS

Jeremiah 48 in the SBIHS

Jeremiah 48 in the SBIIS

Jeremiah 48 in the SBIIS2

Jeremiah 48 in the SBIIS3

Jeremiah 48 in the SBIKS

Jeremiah 48 in the SBIKS2

Jeremiah 48 in the SBIMS

Jeremiah 48 in the SBIOS

Jeremiah 48 in the SBIPS

Jeremiah 48 in the SBISS

Jeremiah 48 in the SBITS

Jeremiah 48 in the SBITS2

Jeremiah 48 in the SBITS3

Jeremiah 48 in the SBITS4

Jeremiah 48 in the SBIUS

Jeremiah 48 in the SBIVS

Jeremiah 48 in the SBT

Jeremiah 48 in the SBT1E

Jeremiah 48 in the SCHL

Jeremiah 48 in the SNT

Jeremiah 48 in the SUSU

Jeremiah 48 in the SUSU2

Jeremiah 48 in the SYNO

Jeremiah 48 in the TBIAOTANT

Jeremiah 48 in the TBT1E

Jeremiah 48 in the TBT1E2

Jeremiah 48 in the TFTIP

Jeremiah 48 in the TFTU

Jeremiah 48 in the TGNTATF3T

Jeremiah 48 in the THAI

Jeremiah 48 in the TNFD

Jeremiah 48 in the TNT

Jeremiah 48 in the TNTIK

Jeremiah 48 in the TNTIL

Jeremiah 48 in the TNTIN

Jeremiah 48 in the TNTIP

Jeremiah 48 in the TNTIZ

Jeremiah 48 in the TOMA

Jeremiah 48 in the TTENT

Jeremiah 48 in the UBG

Jeremiah 48 in the UGV

Jeremiah 48 in the UGV2

Jeremiah 48 in the UGV3

Jeremiah 48 in the VBL

Jeremiah 48 in the VDCC

Jeremiah 48 in the YALU

Jeremiah 48 in the YAPE

Jeremiah 48 in the YBVTP

Jeremiah 48 in the ZBP