Jeremiah 6 (BOATCB)

1 “Benyaminfoɔ monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa!Monnwane mfiri Yerusalem!Monhyɛne totorobɛnto no wɔ Tekoa!Monsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem!Ɛfiri sɛ amanehunu bobɔ firi atifi fam,ɔsɛeɛ bi a ɛyɛ hu. 2 Mɛsɛe Ɔbabaa Sionɔhoɔfɛfoɔ sɔɔnɔ no. 3 Atamfoɔ bɛba abɛtwa ne ho ahyia te sɛ nnwanhwɛfoɔ;wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyiana wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.” 4 “Monsiesie mo ho ne no nkɔko!Monsɔre, momma yɛnkɔto nhyɛ ne so owigyinaeɛ!Nanso, hwɛ, onwunu redwo,na anwummerɛ sunsumma reyɛ tenten. 5 Enti, monsɔre momma yɛnkɔto nhyɛ ne so anadwona yɛnsɛe nʼaban hodoɔ!” 6 Deɛ Asafo AWURADE seɛ nie:“Montwitwa nnua no ngu famna monsisi epie ntia Yerusalem.Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;nhyɛsoɔ ahyɛ no ma. 7 Sɛdeɛ abura pu ne nsuo no,saa ara nso na ɔpu nʼamumuyɛ.Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛeɛ nka wɔ ne mu;ne yadeɛ ne nʼapirakuro wɔ mʼanim daa. 8 Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem,anyɛ saa a metwe me ho afiri wo hona mama wʼasase ada mpana obiara ntumi ntena soɔ.” 9 Deɛ Asafo AWURADE seɛ nie:“Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yiesɛdeɛ wɔyiyi bobe mu;fa wo nsa fa mman no so bio,sɛ obi a ɔretete bobe aba.” 10 Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ?Hwan na ɔbɛtie me?Wɔn aso asisienti wɔnte asɛm. AWURADE asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔnna wɔn ani nnye ho. 11 Nanso AWURADE abufuhyeɛ ahyɛ me ma,na mentumi nkora so. “Hwie gu mmɔfra a wɔwɔ mmɔntene sone mmaranteɛ a wɔahyia;ɛbɛka okunu ne ɔyere,mmasiriwa ne wɔn a onyini adoko wɔn. 12 Sɛ metene me nsawɔ wɔn a wɔte asase no so awɔbɛdane wɔn afie ama afoforɔ,na wɔn mfuo ne wɔn yerenom bɛka ho,”sɛdeɛ AWURADE seɛ nie. 13 “Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ. 14 Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakurote sɛ deɛ ɛnyɛ hu.Wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ’wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ. 15 Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?Dabi, wɔn ani nnwu koraa;wɔnnim fɛreɛ mpo.Enti sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;wɔbɛhwehwe ase,”sɛdeɛ AWURADE seɛ nie. 16 Yei ne deɛ AWURADE seɛ,“Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ;mommisa tete akwan no,mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so,na mobɛnya homeɛ ama mo akra.Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’ 17 Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ,‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’ 18 Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman;monhwɛ, Ao adansefoɔ,deɛ ɛbɛto wɔn. 19 Yɛ aso, Ao asase:Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,wɔn nneyɛɛ so aba,ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛmna wɔapo me mmara. 20 Nnuhwam a ɛfiri Sebaanaa ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase so fa me ho bɛn?Mennye wo hyeɛ afɔdeɛ no nto mu;wʼafɔrebɔ ahodoɔ no nsɔ mʼani.” 21 Ɛno enti, deɛ AWURADE seɛ nie:“Mede akwansideɛ bɛgu saa nkurɔfoɔ yi anim.Agyanom ne mmammarima nyinaa bɛsuntisunti wɔ so;ayɔnkofoɔ ne nnamfonom bɛyera.” 22 Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie:“Monhwɛ, akodɔm bi reba,wɔfiri atifi fam asase so;wɔrekanyane ɔman kɛseɛ biafiri nsase ano. 23 Wɔkurakura bɛmma ne pea;wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ.Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo asorɔkye.Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko.Wɔrebɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Sion.” 24 Yɛate wɔn ho nsɛm,na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ deɛ awu.Ehu akyekyere yɛnɔyea aba wɔn so, te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ. 25 Mfiri adi nkɔ wiramna nnante akwan no so,ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no wɔ akofena,na baabiara ayɛ hu. 26 Ao me nkurɔfoɔ, monfira ayitomana mommunimuni nsõ mu.Momfa adwadwotwa yaaya nni awerɛhoɔsɛdeɛ wɔsu ma ɔbabarima korɔ,ɛfiri sɛ mpofirim ara ɔsɛefoɔ nobɛba yɛn so. 27 “Mayɛ wo obi a ɔsɔ fagudeɛ hwɛna me nkurɔfoɔ yɛ dadeben,a wobɛhwɛ wɔnna woasɔ wɔn akwan ahwɛ. 28 Wɔn nyinaa yɛ atuatefoɔ a wɔyɛ den,wɔnenam di nsekuro.Wɔyɛ den sɛ kɔbere ne dadeɛ;wɔn nyinaa yɛ wɔn adeɛ wɔ porɔeɛ ɛkwan so. 29 Afa no bɔ mframa dendende ogya nane sumpii no,nanso ahobereɛ no yɛ ɔkwa.Ɛntumi nyiyii bɔne no mfirii wɔn mu. 30 Mɛfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo,ɛfiri sɛ AWURADE apo wɔn.”

In Other Versions

Jeremiah 6 in the ANGEFD

Jeremiah 6 in the ANTPNG2D

Jeremiah 6 in the AS21

Jeremiah 6 in the BAGH

Jeremiah 6 in the BBPNG

Jeremiah 6 in the BBT1E

Jeremiah 6 in the BDS

Jeremiah 6 in the BEV

Jeremiah 6 in the BHAD

Jeremiah 6 in the BIB

Jeremiah 6 in the BLPT

Jeremiah 6 in the BNT

Jeremiah 6 in the BNTABOOT

Jeremiah 6 in the BNTLV

Jeremiah 6 in the BOATCB2

Jeremiah 6 in the BOBCV

Jeremiah 6 in the BOCNT

Jeremiah 6 in the BOECS

Jeremiah 6 in the BOGWICC

Jeremiah 6 in the BOHCB

Jeremiah 6 in the BOHCV

Jeremiah 6 in the BOHLNT

Jeremiah 6 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 6 in the BOICB

Jeremiah 6 in the BOILNTAP

Jeremiah 6 in the BOITCV

Jeremiah 6 in the BOKCV

Jeremiah 6 in the BOKCV2

Jeremiah 6 in the BOKHWOG

Jeremiah 6 in the BOKSSV

Jeremiah 6 in the BOLCB

Jeremiah 6 in the BOLCB2

Jeremiah 6 in the BOMCV

Jeremiah 6 in the BONAV

Jeremiah 6 in the BONCB

Jeremiah 6 in the BONLT

Jeremiah 6 in the BONUT2

Jeremiah 6 in the BOPLNT

Jeremiah 6 in the BOSCB

Jeremiah 6 in the BOSNC

Jeremiah 6 in the BOTLNT

Jeremiah 6 in the BOVCB

Jeremiah 6 in the BOYCB

Jeremiah 6 in the BPBB

Jeremiah 6 in the BPH

Jeremiah 6 in the BSB

Jeremiah 6 in the CCB

Jeremiah 6 in the CUV

Jeremiah 6 in the CUVS

Jeremiah 6 in the DBT

Jeremiah 6 in the DGDNT

Jeremiah 6 in the DHNT

Jeremiah 6 in the DNT

Jeremiah 6 in the ELBE

Jeremiah 6 in the EMTV

Jeremiah 6 in the ESV

Jeremiah 6 in the FBV

Jeremiah 6 in the FEB

Jeremiah 6 in the GGMNT

Jeremiah 6 in the GNT

Jeremiah 6 in the HARY

Jeremiah 6 in the HNT

Jeremiah 6 in the IRVA

Jeremiah 6 in the IRVB

Jeremiah 6 in the IRVG

Jeremiah 6 in the IRVH

Jeremiah 6 in the IRVK

Jeremiah 6 in the IRVM

Jeremiah 6 in the IRVM2

Jeremiah 6 in the IRVO

Jeremiah 6 in the IRVP

Jeremiah 6 in the IRVT

Jeremiah 6 in the IRVT2

Jeremiah 6 in the IRVU

Jeremiah 6 in the ISVN

Jeremiah 6 in the JSNT

Jeremiah 6 in the KAPI

Jeremiah 6 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 6 in the KBV

Jeremiah 6 in the KJV

Jeremiah 6 in the KNFD

Jeremiah 6 in the LBA

Jeremiah 6 in the LBLA

Jeremiah 6 in the LNT

Jeremiah 6 in the LSV

Jeremiah 6 in the MAAL

Jeremiah 6 in the MBV

Jeremiah 6 in the MBV2

Jeremiah 6 in the MHNT

Jeremiah 6 in the MKNFD

Jeremiah 6 in the MNG

Jeremiah 6 in the MNT

Jeremiah 6 in the MNT2

Jeremiah 6 in the MRS1T

Jeremiah 6 in the NAA

Jeremiah 6 in the NASB

Jeremiah 6 in the NBLA

Jeremiah 6 in the NBS

Jeremiah 6 in the NBVTP

Jeremiah 6 in the NET2

Jeremiah 6 in the NIV11

Jeremiah 6 in the NNT

Jeremiah 6 in the NNT2

Jeremiah 6 in the NNT3

Jeremiah 6 in the PDDPT

Jeremiah 6 in the PFNT

Jeremiah 6 in the RMNT

Jeremiah 6 in the SBIAS

Jeremiah 6 in the SBIBS

Jeremiah 6 in the SBIBS2

Jeremiah 6 in the SBICS

Jeremiah 6 in the SBIDS

Jeremiah 6 in the SBIGS

Jeremiah 6 in the SBIHS

Jeremiah 6 in the SBIIS

Jeremiah 6 in the SBIIS2

Jeremiah 6 in the SBIIS3

Jeremiah 6 in the SBIKS

Jeremiah 6 in the SBIKS2

Jeremiah 6 in the SBIMS

Jeremiah 6 in the SBIOS

Jeremiah 6 in the SBIPS

Jeremiah 6 in the SBISS

Jeremiah 6 in the SBITS

Jeremiah 6 in the SBITS2

Jeremiah 6 in the SBITS3

Jeremiah 6 in the SBITS4

Jeremiah 6 in the SBIUS

Jeremiah 6 in the SBIVS

Jeremiah 6 in the SBT

Jeremiah 6 in the SBT1E

Jeremiah 6 in the SCHL

Jeremiah 6 in the SNT

Jeremiah 6 in the SUSU

Jeremiah 6 in the SUSU2

Jeremiah 6 in the SYNO

Jeremiah 6 in the TBIAOTANT

Jeremiah 6 in the TBT1E

Jeremiah 6 in the TBT1E2

Jeremiah 6 in the TFTIP

Jeremiah 6 in the TFTU

Jeremiah 6 in the TGNTATF3T

Jeremiah 6 in the THAI

Jeremiah 6 in the TNFD

Jeremiah 6 in the TNT

Jeremiah 6 in the TNTIK

Jeremiah 6 in the TNTIL

Jeremiah 6 in the TNTIN

Jeremiah 6 in the TNTIP

Jeremiah 6 in the TNTIZ

Jeremiah 6 in the TOMA

Jeremiah 6 in the TTENT

Jeremiah 6 in the UBG

Jeremiah 6 in the UGV

Jeremiah 6 in the UGV2

Jeremiah 6 in the UGV3

Jeremiah 6 in the VBL

Jeremiah 6 in the VDCC

Jeremiah 6 in the YALU

Jeremiah 6 in the YAPE

Jeremiah 6 in the YBVTP

Jeremiah 6 in the ZBP