Jeremiah 6 (BOATCB2)
1 “Benyaminfo, munguan nkɔbɔ mo ho aguaa!Munguan mfi Yerusalem!Monhyɛn torobɛnto no wɔ Tekoa!Munsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem!Efisɛ amanehunu bobɔw fi atifi fam,ɔsɛe bi a ɛyɛ hu. 2 Mɛsɛe Ɔbabea Sion,ɔhoɔfɛfo sɔɔnɔ no. 3 Nguanhwɛfo ne wɔn nguankuw bɛba abetia no;wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia,wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.” 4 “Munsiesie mo ho ne no nkɔko!Monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so owigyinae!Nanso hwɛ, onwini redwo,na anwummere sunsuma reware. 5 Enti monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so anadwona yɛnsɛe nʼaban ahorow!” 6 Nea Asafo AWURADE se ni:“Muntwitwa nnua no ngu famna muntwa Yerusalem ho dantaban.Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;nhyɛso ahyɛ no ma. 7 Sɛnea abura puw ne nsu no,saa ara na opuw nʼamumɔyɛ.Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛe nka wɔ ne mu;ne yare ne nʼapirakuru wɔ mʼanim daa. 8 Fa kɔkɔbɔ, Yerusalem,anyɛ saa metwe me ho afi wo hona mama wʼasase ada mpana obiara ntumi ntena so.” 9 Nea Asafo AWURADE se ni:“Ma wonyiyi Israel nkae no mu yiyesɛnea woyiyi bobe mu yiye no;fa wo nsa fa mman no so bio,sɛ obi a ɔretetew bobe aba.” 10 Hena na metumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ?Hena na obetie me?Wɔn aso asisiwenti wɔnte asɛm. AWURADE asɛm yɛ akyiwade ma wɔn,na wɔn ani nnye ho. 11 Nanso AWURADE abufuwhyew ahyɛ me ma,na mintumi nkora so. “Hwie gu mmofra a wɔwɔ mmɔnten sone mmerante a wɔahyia;ɛbɛka okunu ne ɔyere,mmasiriwa, wɔn a onyin ahunhuan wɔn no so. 12 Wɔbɛdan wɔn afi ama afoforo,wɔn mfuw ne wɔn yerenom bɛka ho;sɛ meteɛ me nsawɔ wɔn a wɔte asase no so a,”sɛnea AWURADE se ni. 13 “Efi akumaa so kosi ɔkɛse so,wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya;adiyifo ne asɔfo te saa,wɔn nyinaa yɛ asisifo. 14 Wɔtoto me nkurɔfo apirakurute sɛnea ɛnyɛ hu.Wɔka se, ‘Asomdwoe, asomdwoe’wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ. 15 Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana?Dabi da, wɔn ani nnwu koraa;wonnim fɛre mpo.Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu;wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,”sɛnea AWURADE se ni. 16 Eyi ne nea AWURADE se,“Munnyina nkwantanan no so na monhwɛ;mummisa tete akwan no,mummisa faako a ɔkwan pa no da na monnantew so,na mubenya home ama mo akra.Nanso mokae se, ‘yɛnnantew so.’ 17 Mede awɛmfo sisii mo so na mekae se,‘Muntie torobɛnto nnyigyei no!’Nanso mokae se, ‘Yɛrentie.’ 18 Ɛno nti monyɛ aso, mo amanaman;mo a moyɛ nnansefo, monhwɛ,monhwɛ nea ɛbɛto wɔn. 19 Tie, wo asase:Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,wɔn nneyɛe so aba,efisɛ wɔantie me nsɛmna wɔapo me mmara. 20 Nnuhuam a efi Sebaanaa ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so fa me ho bɛn?Minnye wo hyew afɔre no nto mu,wʼafɔrebɔ ahorow no nsɔ mʼani.” 21 Ɛno nti, nea AWURADE se ni:“Mede akwanside begu saa nkurɔfo yi anim.Agyanom ne mmabarima nyinaa behintiw wɔ so;yɔnkonom ne nnamfonom bɛyera.” 22 Sɛnea AWURADE se ni:“Monhwɛ, nsraadɔm bi reba,wofi atifi fam asase so;wɔrehwanyan wɔnafi nsase ano. 23 Wokurakura bɛmma ne mpeaw;wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ.Wɔn nnyigyei te sɛ po asorɔkye.Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko.Wɔrebɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Sion.” 24 Yɛate wɔn ho nsɛm,na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ nea awuwu.Awerɛhow akyekyere yɛnyɛte yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo. 25 Mfi adi nkɔ wuramna nnantew akwan no so,efisɛ ɔtamfo no wɔ afoa,na baabiara ayɛ hu. 26 Me nkurɔfo, mumfura atweaatamna mommunummunum wɔ nsõ mu,momfa adwadwotwa yaayaw nni awerɛhowsɛnea wosu ma ɔbabarima koro,efisɛ ɔsɛefo nobɛba yɛn so mpofirim. 27 “Mayɛ wo obi a ɔsɔ agude hwɛna me nkurɔfo dadeben,a wobɛhwɛna woasɔ wɔn akwan ahwɛ. 28 Wɔn nyinaa yɛ atuatewfo a wɔyɛ den,wɔnenam di nseku.Wɔyɛ kɔbere ne dade;wɔn nyinaa yɛ wɔn ade wɔ porɔwee kwan so. 29 Afa no bɔ mframa dennende ogya nan sumpii no,nanso ɔnan no yɛ ɔkwa.Entumi nyiyii bɔne no mfii wɔn mu ɛ. 30 Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo,efisɛ AWURADE apo wɔn.”
In Other Versions
Jeremiah 6 in the ANGEFD
Jeremiah 6 in the ANTPNG2D
Jeremiah 6 in the AS21
Jeremiah 6 in the BAGH
Jeremiah 6 in the BBPNG
Jeremiah 6 in the BBT1E
Jeremiah 6 in the BDS
Jeremiah 6 in the BEV
Jeremiah 6 in the BHAD
Jeremiah 6 in the BIB
Jeremiah 6 in the BLPT
Jeremiah 6 in the BNT
Jeremiah 6 in the BNTABOOT
Jeremiah 6 in the BNTLV
Jeremiah 6 in the BOATCB
Jeremiah 6 in the BOBCV
Jeremiah 6 in the BOCNT
Jeremiah 6 in the BOECS
Jeremiah 6 in the BOGWICC
Jeremiah 6 in the BOHCB
Jeremiah 6 in the BOHCV
Jeremiah 6 in the BOHLNT
Jeremiah 6 in the BOHNTLTAL
Jeremiah 6 in the BOICB
Jeremiah 6 in the BOILNTAP
Jeremiah 6 in the BOITCV
Jeremiah 6 in the BOKCV
Jeremiah 6 in the BOKCV2
Jeremiah 6 in the BOKHWOG
Jeremiah 6 in the BOKSSV
Jeremiah 6 in the BOLCB
Jeremiah 6 in the BOLCB2
Jeremiah 6 in the BOMCV
Jeremiah 6 in the BONAV
Jeremiah 6 in the BONCB
Jeremiah 6 in the BONLT
Jeremiah 6 in the BONUT2
Jeremiah 6 in the BOPLNT
Jeremiah 6 in the BOSCB
Jeremiah 6 in the BOSNC
Jeremiah 6 in the BOTLNT
Jeremiah 6 in the BOVCB
Jeremiah 6 in the BOYCB
Jeremiah 6 in the BPBB
Jeremiah 6 in the BPH
Jeremiah 6 in the BSB
Jeremiah 6 in the CCB
Jeremiah 6 in the CUV
Jeremiah 6 in the CUVS
Jeremiah 6 in the DBT
Jeremiah 6 in the DGDNT
Jeremiah 6 in the DHNT
Jeremiah 6 in the DNT
Jeremiah 6 in the ELBE
Jeremiah 6 in the EMTV
Jeremiah 6 in the ESV
Jeremiah 6 in the FBV
Jeremiah 6 in the FEB
Jeremiah 6 in the GGMNT
Jeremiah 6 in the GNT
Jeremiah 6 in the HARY
Jeremiah 6 in the HNT
Jeremiah 6 in the IRVA
Jeremiah 6 in the IRVB
Jeremiah 6 in the IRVG
Jeremiah 6 in the IRVH
Jeremiah 6 in the IRVK
Jeremiah 6 in the IRVM
Jeremiah 6 in the IRVM2
Jeremiah 6 in the IRVO
Jeremiah 6 in the IRVP
Jeremiah 6 in the IRVT
Jeremiah 6 in the IRVT2
Jeremiah 6 in the IRVU
Jeremiah 6 in the ISVN
Jeremiah 6 in the JSNT
Jeremiah 6 in the KAPI
Jeremiah 6 in the KBT1ETNIK
Jeremiah 6 in the KBV
Jeremiah 6 in the KJV
Jeremiah 6 in the KNFD
Jeremiah 6 in the LBA
Jeremiah 6 in the LBLA
Jeremiah 6 in the LNT
Jeremiah 6 in the LSV
Jeremiah 6 in the MAAL
Jeremiah 6 in the MBV
Jeremiah 6 in the MBV2
Jeremiah 6 in the MHNT
Jeremiah 6 in the MKNFD
Jeremiah 6 in the MNG
Jeremiah 6 in the MNT
Jeremiah 6 in the MNT2
Jeremiah 6 in the MRS1T
Jeremiah 6 in the NAA
Jeremiah 6 in the NASB
Jeremiah 6 in the NBLA
Jeremiah 6 in the NBS
Jeremiah 6 in the NBVTP
Jeremiah 6 in the NET2
Jeremiah 6 in the NIV11
Jeremiah 6 in the NNT
Jeremiah 6 in the NNT2
Jeremiah 6 in the NNT3
Jeremiah 6 in the PDDPT
Jeremiah 6 in the PFNT
Jeremiah 6 in the RMNT
Jeremiah 6 in the SBIAS
Jeremiah 6 in the SBIBS
Jeremiah 6 in the SBIBS2
Jeremiah 6 in the SBICS
Jeremiah 6 in the SBIDS
Jeremiah 6 in the SBIGS
Jeremiah 6 in the SBIHS
Jeremiah 6 in the SBIIS
Jeremiah 6 in the SBIIS2
Jeremiah 6 in the SBIIS3
Jeremiah 6 in the SBIKS
Jeremiah 6 in the SBIKS2
Jeremiah 6 in the SBIMS
Jeremiah 6 in the SBIOS
Jeremiah 6 in the SBIPS
Jeremiah 6 in the SBISS
Jeremiah 6 in the SBITS
Jeremiah 6 in the SBITS2
Jeremiah 6 in the SBITS3
Jeremiah 6 in the SBITS4
Jeremiah 6 in the SBIUS
Jeremiah 6 in the SBIVS
Jeremiah 6 in the SBT
Jeremiah 6 in the SBT1E
Jeremiah 6 in the SCHL
Jeremiah 6 in the SNT
Jeremiah 6 in the SUSU
Jeremiah 6 in the SUSU2
Jeremiah 6 in the SYNO
Jeremiah 6 in the TBIAOTANT
Jeremiah 6 in the TBT1E
Jeremiah 6 in the TBT1E2
Jeremiah 6 in the TFTIP
Jeremiah 6 in the TFTU
Jeremiah 6 in the TGNTATF3T
Jeremiah 6 in the THAI
Jeremiah 6 in the TNFD
Jeremiah 6 in the TNT
Jeremiah 6 in the TNTIK
Jeremiah 6 in the TNTIL
Jeremiah 6 in the TNTIN
Jeremiah 6 in the TNTIP
Jeremiah 6 in the TNTIZ
Jeremiah 6 in the TOMA
Jeremiah 6 in the TTENT
Jeremiah 6 in the UBG
Jeremiah 6 in the UGV
Jeremiah 6 in the UGV2
Jeremiah 6 in the UGV3
Jeremiah 6 in the VBL
Jeremiah 6 in the VDCC
Jeremiah 6 in the YALU
Jeremiah 6 in the YAPE
Jeremiah 6 in the YBVTP
Jeremiah 6 in the ZBP