John 18 (BOATCB)

1 Yesu bɔɔ saa mpaeɛ yi wieeɛ no, ɔne nʼasuafoɔ no firii baabi a wɔwɔ no kɔtwaa asuo Kidron kɔɔ turo bi mu. 2 Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafoɔ no taa kɔ hɔ no enti, na Yuda a ɔyii no maeɛ no nim hɔ. 3 Asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no somaa Yuda ne asraafoɔ ne asɔredan mu awɛmfoɔ a wɔkurakura akodeɛ ne nkanea kɔɔ faako a wɔwɔ no. 4 Yesu a na ɔnim deɛ ɛbɛba ne so nyinaa no kɔhyiaa wɔn bisaa wɔn sɛ. “Hwan na mohwehwɛ no?” 5 Wɔbuaa no sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.”Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me ni!” Na Yuda a ɔyii no maeɛ no gyina hɔ bi. 6 Yesu kaa sɛ, “Me ni” no, wɔpinpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase. 7 Ɔsane bisaa wɔn bio sɛ, “Morehwehwɛ hwan?”Na wɔbuaa sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.” 8 Yesu buaa wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada sɛ me ni. Sɛ me na morehwehwɛ me de a, ɛnneɛ momma mʼasuafoɔ no nkɔ.” 9 Ɔkaa yei nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛm a wɔaka sɛ, “Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyeraeɛ” no, bɛba mu. 10 Saa ɛberɛ no, Petro a na ɔkura sekan no tweeɛ, de twaa ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko. 11 Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Fa wo sekan no sane hyɛ faako a wotwe firiiɛ. Ɛnsɛ sɛ menom kuruwa a mʼAgya de ama me no ano anaa?” 12 Asraafoɔ no ne wɔn panin ne asɔredan mu awɛmfoɔ no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa, 13 de no dii ɛkan kɔmaa Anas a na nʼase ne Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ Ɔsɔfopanin no. 14 Kaiafa na ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ, ɛyɛ sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no. 15 Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfopanin no nim no yie. Saa osuani no na ɔnyaa ɛkwan kɔɔ ɔsɔfopanin no efie hɔ. 16 Petro deɛ ɔkaa ɛpono no akyi. Saa osuani a na ɔnim ɔsɔfopanin no yie no, sane baeɛ ne abaayewa a na ɔhwɛ ɛpono no ano no bɛkasaeɛ maa Petro nyaa ɛkwan kɔɔ mu. 17 Abaayewa a ɔgyina ɛpono ano no bisaa Petro sɛ, “Wonyɛ saa onipa no asuafoɔ no mu baako anaa?”Petro buaa sɛ, “Dabi.” 18 Saa ɛberɛ no na ɛyɛ awɔberɛ, enti na asomfoɔ no ne asraafoɔ no asɔ ogya a wɔreto. Petro nso kɔgyinaa hɔ too ogya no bi. 19 Ɔsɔfopanin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafoɔ no ne ne nkyerɛkyerɛ ho. 20 Yesu buaa sɛ, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ dwam na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kɔkoam. 21 Adɛn enti na wobisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wɔtiee me no. Wɔn na wɔnim asɛm a mekaeɛ.” 22 Yesu kaa saa no, awɛmfoɔ no mu baako bɔɔ no sotorɔ kaa sɛ, “Wo sɛɛ ne hwan a wotumi kasa ɔsɔfopanin anim saa.” 23 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekaeɛ no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na sɛ asɛm a mekaeɛ no nso yɛ nokorɛ deɛ a, adɛn enti na wobɔ me?” 24 Afei, Anas maa wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim. 25 Ɛberɛ a Petro da so gyina hɔ reto ogya no bi no, wɔn a na wɔgyina hɔ no mu bi bisaa no sɛ, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafoɔ no mu baako anaa?”Petro sanee bio sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.” 26 Ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako a na ɔyɛ deɛ Petro twaa nʼaso no busuani no bisaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?” 27 Petro sane sanee bio sɛ, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔneeɛ. 28 Wɔde Yesu firi Kaiafa fie de no kɔɔ Pilato ahemfie. Saa ɛberɛ no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafoɔ no mpɛ sɛ efi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduane no bi enti, wɔankɔ hɔ bi. 29 Pilato firii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bɛbisaa wɔn sɛ, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?” 30 Nnipa no buaa no sɛ, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.” 31 Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.”Yudafoɔ no nso kaa sɛ, “Yɛnni tumi sɛ yɛkum obi.” 32 Deɛ ɛsiiɛ yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a ɔbɛwu no daa adi pefee. 33 Pilato sane kɔɔ nʼahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?” 34 Yesu nso bisaa no sɛ, “Wo ara wʼadwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na aka me ho asɛm akyerɛ wo?” 35 Pilato buaa Yesu sɛ, “Wosusu sɛ meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo nkurɔfoɔ ne wɔn asɔfoɔ mpanin na wɔde wo brɛɛ me. Ɛdeɛn na woayɛ?” 36 Yesu buaa no sɛ, “Mʼahennie nnyɛ asase so ahennie; sɛ mʼahennie yɛ asase so ahennie a, anka mʼakyidifoɔ bɛko agye me afiri Yudafoɔ mpanimfoɔ no nsam. Mereka bio sɛ, mʼahennie nnyɛ asase so ahennie.” 37 Pilato see no sɛ, “Ɛnneɛ na woyɛ ɔhene?”Yesu buaa no sɛ, “Wo na woseɛ sɛ meyɛ ɔhene. Adeɛ baako pɛ enti na wɔwoo me baa ewiase ha, sɛ memmɛdi nokorɛ ho adanseɛ. Obiara a ɔpɛ nokorɛ no tie me.” 38 Pilato bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn ne saa nokorɛ no?” Afei, Pilato firii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ. 39 Nanso, sɛdeɛ mo Twam Afahyɛ amanneɛ te no, afeɛ biara moma megyaa ɔdeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ ɔhene no ma mo anaa?” 40 Yudafoɔ no teateaam sɛ, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfoɔ.

In Other Versions

John 18 in the ANGEFD

John 18 in the ANTPNG2D

John 18 in the AS21

John 18 in the BAGH

John 18 in the BBPNG

John 18 in the BBT1E

John 18 in the BDS

John 18 in the BEV

John 18 in the BHAD

John 18 in the BIB

John 18 in the BLPT

John 18 in the BNT

John 18 in the BNTABOOT

John 18 in the BNTLV

John 18 in the BOATCB2

John 18 in the BOBCV

John 18 in the BOCNT

John 18 in the BOECS

John 18 in the BOGWICC

John 18 in the BOHCB

John 18 in the BOHCV

John 18 in the BOHLNT

John 18 in the BOHNTLTAL

John 18 in the BOICB

John 18 in the BOILNTAP

John 18 in the BOITCV

John 18 in the BOKCV

John 18 in the BOKCV2

John 18 in the BOKHWOG

John 18 in the BOKSSV

John 18 in the BOLCB

John 18 in the BOLCB2

John 18 in the BOMCV

John 18 in the BONAV

John 18 in the BONCB

John 18 in the BONLT

John 18 in the BONUT2

John 18 in the BOPLNT

John 18 in the BOSCB

John 18 in the BOSNC

John 18 in the BOTLNT

John 18 in the BOVCB

John 18 in the BOYCB

John 18 in the BPBB

John 18 in the BPH

John 18 in the BSB

John 18 in the CCB

John 18 in the CUV

John 18 in the CUVS

John 18 in the DBT

John 18 in the DGDNT

John 18 in the DHNT

John 18 in the DNT

John 18 in the ELBE

John 18 in the EMTV

John 18 in the ESV

John 18 in the FBV

John 18 in the FEB

John 18 in the GGMNT

John 18 in the GNT

John 18 in the HARY

John 18 in the HNT

John 18 in the IRVA

John 18 in the IRVB

John 18 in the IRVG

John 18 in the IRVH

John 18 in the IRVK

John 18 in the IRVM

John 18 in the IRVM2

John 18 in the IRVO

John 18 in the IRVP

John 18 in the IRVT

John 18 in the IRVT2

John 18 in the IRVU

John 18 in the ISVN

John 18 in the JSNT

John 18 in the KAPI

John 18 in the KBT1ETNIK

John 18 in the KBV

John 18 in the KJV

John 18 in the KNFD

John 18 in the LBA

John 18 in the LBLA

John 18 in the LNT

John 18 in the LSV

John 18 in the MAAL

John 18 in the MBV

John 18 in the MBV2

John 18 in the MHNT

John 18 in the MKNFD

John 18 in the MNG

John 18 in the MNT

John 18 in the MNT2

John 18 in the MRS1T

John 18 in the NAA

John 18 in the NASB

John 18 in the NBLA

John 18 in the NBS

John 18 in the NBVTP

John 18 in the NET2

John 18 in the NIV11

John 18 in the NNT

John 18 in the NNT2

John 18 in the NNT3

John 18 in the PDDPT

John 18 in the PFNT

John 18 in the RMNT

John 18 in the SBIAS

John 18 in the SBIBS

John 18 in the SBIBS2

John 18 in the SBICS

John 18 in the SBIDS

John 18 in the SBIGS

John 18 in the SBIHS

John 18 in the SBIIS

John 18 in the SBIIS2

John 18 in the SBIIS3

John 18 in the SBIKS

John 18 in the SBIKS2

John 18 in the SBIMS

John 18 in the SBIOS

John 18 in the SBIPS

John 18 in the SBISS

John 18 in the SBITS

John 18 in the SBITS2

John 18 in the SBITS3

John 18 in the SBITS4

John 18 in the SBIUS

John 18 in the SBIVS

John 18 in the SBT

John 18 in the SBT1E

John 18 in the SCHL

John 18 in the SNT

John 18 in the SUSU

John 18 in the SUSU2

John 18 in the SYNO

John 18 in the TBIAOTANT

John 18 in the TBT1E

John 18 in the TBT1E2

John 18 in the TFTIP

John 18 in the TFTU

John 18 in the TGNTATF3T

John 18 in the THAI

John 18 in the TNFD

John 18 in the TNT

John 18 in the TNTIK

John 18 in the TNTIL

John 18 in the TNTIN

John 18 in the TNTIP

John 18 in the TNTIZ

John 18 in the TOMA

John 18 in the TTENT

John 18 in the UBG

John 18 in the UGV

John 18 in the UGV2

John 18 in the UGV3

John 18 in the VBL

John 18 in the VDCC

John 18 in the YALU

John 18 in the YAPE

John 18 in the YBVTP

John 18 in the ZBP