John 9 (BOATCB)

1 Yesu nam no, ɔhunuu aberanteɛ bi a wɔwoo no onifirani, 2 Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, saa onifirani yi awofoɔ bɔne a wɔyɛeɛ anaa ɔno ankasa bɔne enti na ama nʼani afira yi?” 3 Yesu buaa sɛ, “Ɛnyɛ nʼawofoɔ anaa nʼankasa bɔne enti na nʼani afira. Na mmom, nʼani afira sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma. 4 Esiane sɛ adesaeɛ nkyɛre ba no enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ adeɛ sa a, obiara ntumi nyɛ adwuma. 5 Ɛberɛ a mewɔ ewiase yi deɛ, mene ewiase hann no.” 6 Ɔkaa saa no, ɔtee ntasuo guu fam de fotɔɔ dɔteɛ na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no ani so. 7 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ ɔtadeɛ Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.” Onifirani yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san baeɛ a, afei deɛ ohunu adeɛ. 8 Onifirani no afipamfoɔ a wɔhunuu no sɛ ɔte ɛkwan ho srɛsrɛ adeɛ no hunuu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛnyɛ aberanteɛ a na ɔsrɛsrɛ adeɛ no ni?” 9 Ebinom kaa sɛ, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforɔ nso kaa sɛ, “Dabi, ɛnyɛ ɔno, na mmom, sɛ na ɔsɛ no.”Aberanteɛ yi kaa sɛ, “Ɛyɛ me.” 10 Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wohunu adeɛ yi?” 11 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fotɔɔ dɔteɛ na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ ɔtadeɛ Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Enti, mekɔeɛ. Mehohoroo mʼanim wieeɛ pɛ na mehunuu adeɛ.” 12 Wɔsane bisaa no bio sɛ, “Saa Yesu no wɔ he?”Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mennim.” 13 Wɔde aberanteɛ a na nʼani afira no brɛɛ Farisifoɔ no. 14 Ɛda a Yesu saa onifirani no yadeɛ no, na ɛyɛ homeda. 15 Farisifoɔ no nso bisaa aberanteɛ no sɛdeɛ ɛyɛeɛ a afei deɛ ɔhunuu adeɛ. Aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ Yesu de dɔteɛ a wɔafɔtɔ sraa nʼani so na ɔkɔhohoroeɛ na ɔhunuu adeɛ no. 16 Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda mmara no so.”Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔte sɛɛ yi bɛtumi ayɛ saa anwanwadwuma yi?” Saa akyinnyeɛ yi maa mpaapaemu baa wɔn mu. 17 Afei Farisifoɔ yi sane bisaa aberanteɛ no sɛ, “Wo na wose ɔma wohunuu adeɛ, ɛdeɛn asɛm na woka fa ne ho?”Aberanteɛ yi buaa sɛ, “Megye di sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn.” 18 Yudafoɔ no annye anni ara da sɛ, na saa aberanteɛ no yɛ onifirani a afei deɛ ɔhunu adeɛ, kɔsi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofoɔ baeɛ 19 ma wɔbisaa wɔn sɛ, “Mo ba ni anaa? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifirani anaa? Ɛyɛɛ dɛn na afei deɛ ɔhunu adeɛ yi?” 20 Nʼawofoɔ no buaa sɛ, “Yɛgye tom sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifirani. 21 Nanso yɛnnim deɛ enti a afei deɛ ɔhunu adeɛ yi. Saa ara nso na yɛnnim onipa ko a ɔma ɔhunuu adeɛ no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no.” 22 Deɛ ɛmaa nʼawofoɔ no kaa saa ne sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanimfoɔ no a wɔaka sɛ, obiara a ɔbɛka sɛ Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afiri asɔredan no mu hɔ no. 23 Yei enti na nʼawofoɔ no kaa sɛ, “Nʼani afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no” no. 24 Wɔsane frɛɛ aberanteɛ a na ɔyɛ onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, asɛm a yɛrebɛbisa wo yi wobɛdi nokorɛ. Yɛnim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.” 25 Aberanteɛ no buaa wɔn sɛ, “Me deɛ, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno deɛ, mennim. Deɛ menim ara ne sɛ, kane no na meyɛ onifirani na afei deɛ mehunu adeɛ.” 26 Wɔbisaa no bio sɛ, “Ɛdeɛn na ɔyɛɛ wo ma wohunuu adeɛ?” 27 Aberanteɛ no de abufuo buaa wɔn sɛ, “Maka nokorɛ no akyerɛ mo, nanso moantie. Ɛdeɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafoɔ?” 28 Mpanimfoɔ no yeyaa no sane kaa sɛ, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn deɛ, yɛyɛ Mose asuafoɔ. 29 Yɛnim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose, nanso saa Yesu yi deɛ, faako a ɔfiri mpo, yɛnnim!” 30 Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa yie sɛ obi a ɔtumi ma onifirani hunu adeɛ no, motumi ka sɛ monnim faako a ɔfiri. 31 Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfoɔ asɛm; na mmom ɔtie nnipa a wɔdi no ni na wɔyɛ nʼapɛdeɛ no. 32 Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ yɛntee da sɛ obi ama onifirani ahunu adeɛ da; 33 sɛ ɔbarima yi mfiri Onyankopɔn hɔ a, anka ɔrentumi nyɛ anwanwadeɛ a ɛte sei.” 34 Mpanimfoɔ no nso de abufuo buaa no sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wɔsunsum no firii asɔredan no mu hɔ. 35 Ɛberɛ a Yesu tee sɛ wɔsunsum aberanteɛ no firii asɔredan no mu hɔ no no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no sɛ, “Wogye Onipa Ba no di anaa?” 36 Aberanteɛ no buaa no sɛ, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛgye no adi!” 37 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahunu no dada; ɔno na ɔne wo rekasa yi.” 38 Aberanteɛ no de anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade, megye medi.” Afei, ɔkotoo Yesu. 39 Yesu kaa sɛ, “Mebaa ewiase ha sɛ merebɛbu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifirafoɔ no ahunu adeɛ, na makyerɛ wɔn a wɔgye di sɛ wɔhunu adeɛ no sɛ, wɔyɛ anifirafoɔ.” 40 Farisifoɔ a na wɔgyinagyina hɔ no bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifirafoɔ anaa?” 41 Yesu buaa wɔn sɛ. “Sɛ mogye tom sɛ moyɛ anifirafoɔ a, ɛnneɛ anka monni deɛ maka no ho fɔ. Esiane sɛ mogye to mu sɛ mohunu adeɛ enti motena afɔbuo mu.”

In Other Versions

John 9 in the ANGEFD

John 9 in the ANTPNG2D

John 9 in the AS21

John 9 in the BAGH

John 9 in the BBPNG

John 9 in the BBT1E

John 9 in the BDS

John 9 in the BEV

John 9 in the BHAD

John 9 in the BIB

John 9 in the BLPT

John 9 in the BNT

John 9 in the BNTABOOT

John 9 in the BNTLV

John 9 in the BOATCB2

John 9 in the BOBCV

John 9 in the BOCNT

John 9 in the BOECS

John 9 in the BOGWICC

John 9 in the BOHCB

John 9 in the BOHCV

John 9 in the BOHLNT

John 9 in the BOHNTLTAL

John 9 in the BOICB

John 9 in the BOILNTAP

John 9 in the BOITCV

John 9 in the BOKCV

John 9 in the BOKCV2

John 9 in the BOKHWOG

John 9 in the BOKSSV

John 9 in the BOLCB

John 9 in the BOLCB2

John 9 in the BOMCV

John 9 in the BONAV

John 9 in the BONCB

John 9 in the BONLT

John 9 in the BONUT2

John 9 in the BOPLNT

John 9 in the BOSCB

John 9 in the BOSNC

John 9 in the BOTLNT

John 9 in the BOVCB

John 9 in the BOYCB

John 9 in the BPBB

John 9 in the BPH

John 9 in the BSB

John 9 in the CCB

John 9 in the CUV

John 9 in the CUVS

John 9 in the DBT

John 9 in the DGDNT

John 9 in the DHNT

John 9 in the DNT

John 9 in the ELBE

John 9 in the EMTV

John 9 in the ESV

John 9 in the FBV

John 9 in the FEB

John 9 in the GGMNT

John 9 in the GNT

John 9 in the HARY

John 9 in the HNT

John 9 in the IRVA

John 9 in the IRVB

John 9 in the IRVG

John 9 in the IRVH

John 9 in the IRVK

John 9 in the IRVM

John 9 in the IRVM2

John 9 in the IRVO

John 9 in the IRVP

John 9 in the IRVT

John 9 in the IRVT2

John 9 in the IRVU

John 9 in the ISVN

John 9 in the JSNT

John 9 in the KAPI

John 9 in the KBT1ETNIK

John 9 in the KBV

John 9 in the KJV

John 9 in the KNFD

John 9 in the LBA

John 9 in the LBLA

John 9 in the LNT

John 9 in the LSV

John 9 in the MAAL

John 9 in the MBV

John 9 in the MBV2

John 9 in the MHNT

John 9 in the MKNFD

John 9 in the MNG

John 9 in the MNT

John 9 in the MNT2

John 9 in the MRS1T

John 9 in the NAA

John 9 in the NASB

John 9 in the NBLA

John 9 in the NBS

John 9 in the NBVTP

John 9 in the NET2

John 9 in the NIV11

John 9 in the NNT

John 9 in the NNT2

John 9 in the NNT3

John 9 in the PDDPT

John 9 in the PFNT

John 9 in the RMNT

John 9 in the SBIAS

John 9 in the SBIBS

John 9 in the SBIBS2

John 9 in the SBICS

John 9 in the SBIDS

John 9 in the SBIGS

John 9 in the SBIHS

John 9 in the SBIIS

John 9 in the SBIIS2

John 9 in the SBIIS3

John 9 in the SBIKS

John 9 in the SBIKS2

John 9 in the SBIMS

John 9 in the SBIOS

John 9 in the SBIPS

John 9 in the SBISS

John 9 in the SBITS

John 9 in the SBITS2

John 9 in the SBITS3

John 9 in the SBITS4

John 9 in the SBIUS

John 9 in the SBIVS

John 9 in the SBT

John 9 in the SBT1E

John 9 in the SCHL

John 9 in the SNT

John 9 in the SUSU

John 9 in the SUSU2

John 9 in the SYNO

John 9 in the TBIAOTANT

John 9 in the TBT1E

John 9 in the TBT1E2

John 9 in the TFTIP

John 9 in the TFTU

John 9 in the TGNTATF3T

John 9 in the THAI

John 9 in the TNFD

John 9 in the TNT

John 9 in the TNTIK

John 9 in the TNTIL

John 9 in the TNTIN

John 9 in the TNTIP

John 9 in the TNTIZ

John 9 in the TOMA

John 9 in the TTENT

John 9 in the UBG

John 9 in the UGV

John 9 in the UGV2

John 9 in the UGV3

John 9 in the VBL

John 9 in the VDCC

John 9 in the YALU

John 9 in the YAPE

John 9 in the YBVTP

John 9 in the ZBP