Joshua 18 (BOATCB)

1 Afei a asase no abɛdi Israelfoɔ nsam no, Israelfoɔ nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo na wɔsii hyiadan. 2 Nanso, na aka mmusuakuo nson a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn. 3 Enti, Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moretwɛn akɔsi da bɛn ansa na moafa asase no nkaeɛ a AWURADE, mo agyanom Onyankopɔn de ama mo no? 4 Monyi nnipa baasa mfiri abusuakuo biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wɔnnii hɔ soɔ no. Wɔsane ba a, wɔbɛtwerɛ deɛ wɔhunuiɛ agu krataa so akyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛkyekyɛ agyapadeɛ no. 5 Akwansrafoɔ no bɛkyekyɛ asase no mu nson, na wɔremfa Yuda asase a ɛda anafoɔ fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho. 6 Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho te wɔ AWURADE, yɛn Onyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuo biara. 7 Nanso, Lewifoɔ no rennya asase biara. Wɔn dwumadie sɛ AWURADE asɔfoɔ no bɛyɛ wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nso renya asase no bi bio, ɛfiri sɛ, wɔanya wɔn agyapadeɛ a Mose a ɔyɛ AWURADE ɔsomfoɔ de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no dada.” 8 Mmarima a wɔrekɔsusu asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsane mfa deɛ mohunuiɛ ho nsɛm a moatwerɛ agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no AWURADE anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuo no.” 9 Mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu nson, twerɛɛ nkuro a ɛwɔ asase no nkyekyɛmu biara so. Wɔsane kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenaeɛ hɔ. 10 Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ AWURADE anim de pɛɛ asaseta a ɛsɛ sɛ abusuakuo biara fa. 11 Asase no nkyekyɛmu a ɛdi ɛkan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuo no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuo no. 12 Atifi fam ɛhyeɛ no firi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsianeɛ no atifi, na afei, afa bepɔ mantam ne Bet-Awen ɛserɛ so akɔ atɔeɛ fam. 13 Ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ Lus (a ɛyɛ Bet-El) wɔ anafoɔ fam, na ɛtoa so kɔ Atarot-Adar ne bepɔ atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafoɔ wɔ anafoɔ fam. 14 Afei ɛhyeɛ no fa anafoɔ fam, nam bepɔ a anim hwɛ Bet-Horon wɔ atɔeɛ fam no ntentenesoɔ, kɔsi Kiriat-Baal akuraa (a ɛyɛ Kiriat-Yearim), Yuda abusuakuo no nkuro no mu baako. Yei ne atɔeɛ fam ɛhyeɛ. 15 Anafoɔ fam ɛhyeɛ no, firi Kiriat-Yearim mfikyire. Ɛfiri hɔ fa atɔeɛ fam kɔ Neftoa nsuwansuwa asutire ho, 16 na ɛsiane akɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bɔnhwa a ɛwɔ Refaim bɔnhwa no atifi fam no ase. Ɛtoa so kɔ Hinom wɔ anafoɔ fam, na atwam wɔ nsianeɛ a na Yebusifoɔ teɛ no anafoɔ fam na akɔduru En-Rogel. 17 Ɛhyeɛ no firi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kɔsi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanimu na afei ɛsiane akɔ Bohan boɔ ho (Na Bohan yɛ Ruben babarima). 18 Ɛtoa so fa nsianeɛ a ɛhwɛ Yordan Bɔnhwa no atifi fam. Afei ɛhyeɛ no kɔ bɔnhwa no mu, 19 ɛkɔfa Bet-Hogla nsianeɛ no atifi fam na akɔpem Nkyene Ɛpo no atifi faka ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafoɔ fam abɔeɛ. 20 Apueeɛ fam ɛhyeɛ no yɛ Asubɔnten Yordan.Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no. 21 Nkuro a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo na ɛdidi soɔ yi:Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis, 22 Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El, 23 Awim, Para ne Ofra, 24 Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ. 25 Gibeon, Rama ne Beerot, 26 Mispa, Kefira ne Mosa, 27 Rekem, Yirpeel ne Tarala, 28 Sela, Ha-Elef ne Yebusifoɔ kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkuro dunan ne wɔn nkuraaseɛ.Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no.

In Other Versions

Joshua 18 in the ANGEFD

Joshua 18 in the ANTPNG2D

Joshua 18 in the AS21

Joshua 18 in the BAGH

Joshua 18 in the BBPNG

Joshua 18 in the BBT1E

Joshua 18 in the BDS

Joshua 18 in the BEV

Joshua 18 in the BHAD

Joshua 18 in the BIB

Joshua 18 in the BLPT

Joshua 18 in the BNT

Joshua 18 in the BNTABOOT

Joshua 18 in the BNTLV

Joshua 18 in the BOATCB2

Joshua 18 in the BOBCV

Joshua 18 in the BOCNT

Joshua 18 in the BOECS

Joshua 18 in the BOGWICC

Joshua 18 in the BOHCB

Joshua 18 in the BOHCV

Joshua 18 in the BOHLNT

Joshua 18 in the BOHNTLTAL

Joshua 18 in the BOICB

Joshua 18 in the BOILNTAP

Joshua 18 in the BOITCV

Joshua 18 in the BOKCV

Joshua 18 in the BOKCV2

Joshua 18 in the BOKHWOG

Joshua 18 in the BOKSSV

Joshua 18 in the BOLCB

Joshua 18 in the BOLCB2

Joshua 18 in the BOMCV

Joshua 18 in the BONAV

Joshua 18 in the BONCB

Joshua 18 in the BONLT

Joshua 18 in the BONUT2

Joshua 18 in the BOPLNT

Joshua 18 in the BOSCB

Joshua 18 in the BOSNC

Joshua 18 in the BOTLNT

Joshua 18 in the BOVCB

Joshua 18 in the BOYCB

Joshua 18 in the BPBB

Joshua 18 in the BPH

Joshua 18 in the BSB

Joshua 18 in the CCB

Joshua 18 in the CUV

Joshua 18 in the CUVS

Joshua 18 in the DBT

Joshua 18 in the DGDNT

Joshua 18 in the DHNT

Joshua 18 in the DNT

Joshua 18 in the ELBE

Joshua 18 in the EMTV

Joshua 18 in the ESV

Joshua 18 in the FBV

Joshua 18 in the FEB

Joshua 18 in the GGMNT

Joshua 18 in the GNT

Joshua 18 in the HARY

Joshua 18 in the HNT

Joshua 18 in the IRVA

Joshua 18 in the IRVB

Joshua 18 in the IRVG

Joshua 18 in the IRVH

Joshua 18 in the IRVK

Joshua 18 in the IRVM

Joshua 18 in the IRVM2

Joshua 18 in the IRVO

Joshua 18 in the IRVP

Joshua 18 in the IRVT

Joshua 18 in the IRVT2

Joshua 18 in the IRVU

Joshua 18 in the ISVN

Joshua 18 in the JSNT

Joshua 18 in the KAPI

Joshua 18 in the KBT1ETNIK

Joshua 18 in the KBV

Joshua 18 in the KJV

Joshua 18 in the KNFD

Joshua 18 in the LBA

Joshua 18 in the LBLA

Joshua 18 in the LNT

Joshua 18 in the LSV

Joshua 18 in the MAAL

Joshua 18 in the MBV

Joshua 18 in the MBV2

Joshua 18 in the MHNT

Joshua 18 in the MKNFD

Joshua 18 in the MNG

Joshua 18 in the MNT

Joshua 18 in the MNT2

Joshua 18 in the MRS1T

Joshua 18 in the NAA

Joshua 18 in the NASB

Joshua 18 in the NBLA

Joshua 18 in the NBS

Joshua 18 in the NBVTP

Joshua 18 in the NET2

Joshua 18 in the NIV11

Joshua 18 in the NNT

Joshua 18 in the NNT2

Joshua 18 in the NNT3

Joshua 18 in the PDDPT

Joshua 18 in the PFNT

Joshua 18 in the RMNT

Joshua 18 in the SBIAS

Joshua 18 in the SBIBS

Joshua 18 in the SBIBS2

Joshua 18 in the SBICS

Joshua 18 in the SBIDS

Joshua 18 in the SBIGS

Joshua 18 in the SBIHS

Joshua 18 in the SBIIS

Joshua 18 in the SBIIS2

Joshua 18 in the SBIIS3

Joshua 18 in the SBIKS

Joshua 18 in the SBIKS2

Joshua 18 in the SBIMS

Joshua 18 in the SBIOS

Joshua 18 in the SBIPS

Joshua 18 in the SBISS

Joshua 18 in the SBITS

Joshua 18 in the SBITS2

Joshua 18 in the SBITS3

Joshua 18 in the SBITS4

Joshua 18 in the SBIUS

Joshua 18 in the SBIVS

Joshua 18 in the SBT

Joshua 18 in the SBT1E

Joshua 18 in the SCHL

Joshua 18 in the SNT

Joshua 18 in the SUSU

Joshua 18 in the SUSU2

Joshua 18 in the SYNO

Joshua 18 in the TBIAOTANT

Joshua 18 in the TBT1E

Joshua 18 in the TBT1E2

Joshua 18 in the TFTIP

Joshua 18 in the TFTU

Joshua 18 in the TGNTATF3T

Joshua 18 in the THAI

Joshua 18 in the TNFD

Joshua 18 in the TNT

Joshua 18 in the TNTIK

Joshua 18 in the TNTIL

Joshua 18 in the TNTIN

Joshua 18 in the TNTIP

Joshua 18 in the TNTIZ

Joshua 18 in the TOMA

Joshua 18 in the TTENT

Joshua 18 in the UBG

Joshua 18 in the UGV

Joshua 18 in the UGV2

Joshua 18 in the UGV3

Joshua 18 in the VBL

Joshua 18 in the VDCC

Joshua 18 in the YALU

Joshua 18 in the YAPE

Joshua 18 in the YBVTP

Joshua 18 in the ZBP