Joshua 18 (BOATCB2)
1 Afei a asase no abedi Israelfo nsam no, Israelfo nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo na wosii hyiadan. 2 Nanso na aka mmusuakuw ason a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn ɛ. 3 Enti Yosua bisaa wɔn se, “Moretwɛn akosi da bɛn ansa na moafa asase no nkae a AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no? 4 Munyi nnipa baasa mfi abusuakuw biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wonnii hɔ so no. Wɔsan ba a, wɔbɛkyerɛw nea wohui agu krataa so akyerɛ me sɛnea wɔbɛkyekyɛ agyapade no. 5 Akwansrafo no bɛkyekyɛ asase no mu ason, na wɔmmfa Yuda asase a ɛda anafo fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho. 6 Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho tew wɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuw biara. 7 Nanso Lewifo no rennya asase biara. Wɔn dwumadi sɛ AWURADE asɔfo no bɛyɛ wɔn agyapade. Na Gad ne Ruben mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no nso nnya asase no bi bio, efisɛ wɔanya wɔn agyapade a Mose a ɔyɛ AWURADE somfo de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no dedaw.” 8 Mmarima a wɔrekosusuw asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsan mfa nea muhui ho nsɛm a moakyerɛw agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no AWURADE anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuw no.” 9 Mmarima no yɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu ason, kyerɛw nkurow a ɛwɔ asase no nkyekyɛ mu biara so. Wɔsan kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenae hɔ. 10 Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ AWURADE anim de pɛɛ asasetaw a ɛsɛ sɛ abusuakuw biara fa. 11 Asase no nkyekyɛ mu a edi kan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuw no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuw no ntam. 12 Atifi fam hye no fi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsian no atifi, na afei, afa bepɔw mantam ne Bet-Awen sare so akɔ atɔe fam. 13 Ɔhye no fi hɔ kɔ Lus (a ɛyɛ Bet-El) wɔ anafo fam, na ɛtoa so kɔ Atarot-Adar ne bepɔw atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafo wɔ anafo fam. 14 Afei ɔhye no fa anafo fam, nam bepɔw a anim hwɛ Bet-Horon wɔ atɔe fam no ntentenso, kosi Kiriat-Yearim, a ɛyɛ Kiriat-Baal akuraa; Yuda abusuakuw no nkurow no mu baako. Eyi ne atɔe fam hye. 15 Anafo fam hye no, fi Kiriat-Yearim mfikyiri. Efi hɔ fa atɔe fam kɔ Neftoa nsuwansuwa asuti ho, 16 na asian akɔ bepɔw a ɛwɔ Hinom bon a ɛwɔ Refaim bon no atifi fam no ase. Ɛtoa so kɔ Hinom wɔ anafo fam, na atwam wɔ nsian a na Yebusifo te no anafo fam na akodu En-Rogel. 17 Ɔhye no fi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kosi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanim na afei asian akɔ Bohan a na ɔyɛ Ruben babarima no bo ho. 18 Ɛtoa so fa nsian a ɛhwɛ Yordan Bon no atifi fam. Afei ɔhye no kɔ obon no mu, 19 ɛkɔfa Bet-Hogla nsian no atifi fam na akɔpem Nkyene Po no atifi awiei ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafo fam abɔe. 20 Apuei fam hye no yɛ Asubɔnten Yordan.Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw no. 21 Nkurow a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw na edidi so yi:Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis, 22 Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El, 23 Awim, Para ne Ofra, 24 Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkurow dumien ne wɔn nkuraa. 25 Gibeon, Rama ne Beerot, 26 Mispa, Kefira ne Mosa, 27 Rekem, Yirpeel ne Tarala, 28 Sela, Ha-Elef ne Yebusifo kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkurow dunan ne wɔn nkuraa.Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw no.
In Other Versions
Joshua 18 in the ANGEFD
Joshua 18 in the ANTPNG2D
Joshua 18 in the AS21
Joshua 18 in the BAGH
Joshua 18 in the BBPNG
Joshua 18 in the BBT1E
Joshua 18 in the BDS
Joshua 18 in the BEV
Joshua 18 in the BHAD
Joshua 18 in the BIB
Joshua 18 in the BLPT
Joshua 18 in the BNT
Joshua 18 in the BNTABOOT
Joshua 18 in the BNTLV
Joshua 18 in the BOATCB
Joshua 18 in the BOBCV
Joshua 18 in the BOCNT
Joshua 18 in the BOECS
Joshua 18 in the BOGWICC
Joshua 18 in the BOHCB
Joshua 18 in the BOHCV
Joshua 18 in the BOHLNT
Joshua 18 in the BOHNTLTAL
Joshua 18 in the BOICB
Joshua 18 in the BOILNTAP
Joshua 18 in the BOITCV
Joshua 18 in the BOKCV
Joshua 18 in the BOKCV2
Joshua 18 in the BOKHWOG
Joshua 18 in the BOKSSV
Joshua 18 in the BOLCB
Joshua 18 in the BOLCB2
Joshua 18 in the BOMCV
Joshua 18 in the BONAV
Joshua 18 in the BONCB
Joshua 18 in the BONLT
Joshua 18 in the BONUT2
Joshua 18 in the BOPLNT
Joshua 18 in the BOSCB
Joshua 18 in the BOSNC
Joshua 18 in the BOTLNT
Joshua 18 in the BOVCB
Joshua 18 in the BOYCB
Joshua 18 in the BPBB
Joshua 18 in the BPH
Joshua 18 in the BSB
Joshua 18 in the CCB
Joshua 18 in the CUV
Joshua 18 in the CUVS
Joshua 18 in the DBT
Joshua 18 in the DGDNT
Joshua 18 in the DHNT
Joshua 18 in the DNT
Joshua 18 in the ELBE
Joshua 18 in the EMTV
Joshua 18 in the ESV
Joshua 18 in the FBV
Joshua 18 in the FEB
Joshua 18 in the GGMNT
Joshua 18 in the GNT
Joshua 18 in the HARY
Joshua 18 in the HNT
Joshua 18 in the IRVA
Joshua 18 in the IRVB
Joshua 18 in the IRVG
Joshua 18 in the IRVH
Joshua 18 in the IRVK
Joshua 18 in the IRVM
Joshua 18 in the IRVM2
Joshua 18 in the IRVO
Joshua 18 in the IRVP
Joshua 18 in the IRVT
Joshua 18 in the IRVT2
Joshua 18 in the IRVU
Joshua 18 in the ISVN
Joshua 18 in the JSNT
Joshua 18 in the KAPI
Joshua 18 in the KBT1ETNIK
Joshua 18 in the KBV
Joshua 18 in the KJV
Joshua 18 in the KNFD
Joshua 18 in the LBA
Joshua 18 in the LBLA
Joshua 18 in the LNT
Joshua 18 in the LSV
Joshua 18 in the MAAL
Joshua 18 in the MBV
Joshua 18 in the MBV2
Joshua 18 in the MHNT
Joshua 18 in the MKNFD
Joshua 18 in the MNG
Joshua 18 in the MNT
Joshua 18 in the MNT2
Joshua 18 in the MRS1T
Joshua 18 in the NAA
Joshua 18 in the NASB
Joshua 18 in the NBLA
Joshua 18 in the NBS
Joshua 18 in the NBVTP
Joshua 18 in the NET2
Joshua 18 in the NIV11
Joshua 18 in the NNT
Joshua 18 in the NNT2
Joshua 18 in the NNT3
Joshua 18 in the PDDPT
Joshua 18 in the PFNT
Joshua 18 in the RMNT
Joshua 18 in the SBIAS
Joshua 18 in the SBIBS
Joshua 18 in the SBIBS2
Joshua 18 in the SBICS
Joshua 18 in the SBIDS
Joshua 18 in the SBIGS
Joshua 18 in the SBIHS
Joshua 18 in the SBIIS
Joshua 18 in the SBIIS2
Joshua 18 in the SBIIS3
Joshua 18 in the SBIKS
Joshua 18 in the SBIKS2
Joshua 18 in the SBIMS
Joshua 18 in the SBIOS
Joshua 18 in the SBIPS
Joshua 18 in the SBISS
Joshua 18 in the SBITS
Joshua 18 in the SBITS2
Joshua 18 in the SBITS3
Joshua 18 in the SBITS4
Joshua 18 in the SBIUS
Joshua 18 in the SBIVS
Joshua 18 in the SBT
Joshua 18 in the SBT1E
Joshua 18 in the SCHL
Joshua 18 in the SNT
Joshua 18 in the SUSU
Joshua 18 in the SUSU2
Joshua 18 in the SYNO
Joshua 18 in the TBIAOTANT
Joshua 18 in the TBT1E
Joshua 18 in the TBT1E2
Joshua 18 in the TFTIP
Joshua 18 in the TFTU
Joshua 18 in the TGNTATF3T
Joshua 18 in the THAI
Joshua 18 in the TNFD
Joshua 18 in the TNT
Joshua 18 in the TNTIK
Joshua 18 in the TNTIL
Joshua 18 in the TNTIN
Joshua 18 in the TNTIP
Joshua 18 in the TNTIZ
Joshua 18 in the TOMA
Joshua 18 in the TTENT
Joshua 18 in the UBG
Joshua 18 in the UGV
Joshua 18 in the UGV2
Joshua 18 in the UGV3
Joshua 18 in the VBL
Joshua 18 in the VDCC
Joshua 18 in the YALU
Joshua 18 in the YAPE
Joshua 18 in the YBVTP
Joshua 18 in the ZBP