Leviticus 15 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 2 “Monhyɛ saa mmara yi mma Israelfoɔ: ‘Ɔbarima biara a ne ho bɛsene aguo no, ne ho agu fi. 3 Ɛberɛ a ne ho resene guo ne ɛberɛ a agyae no nyinaa ma ne ho gu fi. 4 “ ‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi; 5 enti obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware. 6 Obiara a ɔbɛtena akonnwa a ɔbarima no atena so so ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware. 7 “ ‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no. 8 “ ‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasuo agu ne so no ho nte kɔsi anwummerɛ enti ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔdware. 9 “ ‘Ɔpɔnkɔ adwa biara a ɔbɛtena so no ho agu fi. 10 Obiara a ne ho bɛka biribiara a aka saa onipa no ase no ho nte kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware. 11 “ ‘Sɛ onipa a ne ho nte no rekɔsɔ obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no si ne ntoma, dware ne ho, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. 12 “ ‘Sɛ saa onipa no sɔ ayowaa biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asene deɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde nsuo hohoro ho. 13 “ ‘Sɛ nʼahosene no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson firi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔsi ne ntoma na ɔkɔdware wɔ asubɔnten mu. 14 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛba AWURADE anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na ɔde ama ɔsɔfoɔ no. 15 Ɔsɔfoɔ no de wɔn bɛbɔ afɔdeɛ a baako yɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako no nso yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; na ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no bɛyɛ mpatadeɛ wɔ AWURADE anim ama ɔbarima no, ɛnam nʼahosene no enti. 16 “ ‘Sɛ ɔbarima biara ahobaa gu a, ɛsɛ sɛ ɔdware ne ho nyinaa, ɛfiri sɛ, ne ho nso nte kɔsi anwummerɛ. 17 Ntoma anaa mpasotam biara a ahobaa no bi bɛgu mu no, ɛsɛ sɛ wɔsi, ɛfiri sɛ, ɛho nte kɔsi anwummerɛ. 18 Sɛ ɔbarima fa ɔbaa a, wɔn nna no akyi, ɛsɛ sɛ ɔbaa no ne ɔbarima no nyinaa dware, ɛfiri sɛ, wɔn ho nte kɔsi anwummerɛ. 19 “ ‘Sɛ ɔbaa kɔ afikyire a, ne ho nte nnanson mu. Saa ɛberɛ no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho nte kɔsi anwummerɛ. 20 “ ‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa ɛberɛ no mu no nso ho agu fi. 21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no bɛsi ne ntoma, adware, ɛfiri sɛ, onii no ho agu fi kɔsi anwummerɛ. 22 Sɛ obi sɔ biribi a watena so mu nso a, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware, ɛfiri sɛ, ne ho agu fi kɔsi anwummerɛ, 23 sɛ ɛyɛ ne mpasotam anaa nʼakonnwa. 24 “ ‘Sɛ ɔbarima ne no da saa ɛberɛ yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi. 25 “ ‘Sɛ ɛberɛ duru sɛ ɔfiri nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba ɛberɛ a ɛnsɛ mu wɔ bosome no mu a, mmara korɔ no ara na wɔde ka ho asɛm, 26 na ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɔbɛda so saa ɛberɛ no ho agu fi te sɛ deɛ nʼafikyikɔ berɛ mu ɔtena biribi so a, ɛho gu fi no ara pɛ. 27 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no ho agu fi a ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma, sane dware, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. 28 “ ‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na ɔnni efi mu bio. 29 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano 30 na ɔsɔfoɔ no de baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde baako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ayɛ mpatadeɛ ama ɔbaa no wɔ AWURADE anim wɔ nʼafikyikɔ no ho fi no ho. 31 “ ‘Saa ɛkwan yi so na sɛ Israelfoɔ no bi ho gu fi a, mobɛfa de ate wɔn ho anyɛ saa a, ɛsiane sɛ wɔagu mʼAhyiaeɛ Ntomadan a ɛsi wɔn mu no ho fi enti, wɔbɛwuwu.’ ” 32 Yeinom ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho sene 33 ne ɔbaa a wakɔ afikyire ne obiara a ɔde ne ho ka ɔsakyimafoɔ wɔ ɛberɛ a ne ho nteɛ no mu no.

In Other Versions

Leviticus 15 in the ANGEFD

Leviticus 15 in the ANTPNG2D

Leviticus 15 in the AS21

Leviticus 15 in the BAGH

Leviticus 15 in the BBPNG

Leviticus 15 in the BBT1E

Leviticus 15 in the BDS

Leviticus 15 in the BEV

Leviticus 15 in the BHAD

Leviticus 15 in the BIB

Leviticus 15 in the BLPT

Leviticus 15 in the BNT

Leviticus 15 in the BNTABOOT

Leviticus 15 in the BNTLV

Leviticus 15 in the BOATCB2

Leviticus 15 in the BOBCV

Leviticus 15 in the BOCNT

Leviticus 15 in the BOECS

Leviticus 15 in the BOGWICC

Leviticus 15 in the BOHCB

Leviticus 15 in the BOHCV

Leviticus 15 in the BOHLNT

Leviticus 15 in the BOHNTLTAL

Leviticus 15 in the BOICB

Leviticus 15 in the BOILNTAP

Leviticus 15 in the BOITCV

Leviticus 15 in the BOKCV

Leviticus 15 in the BOKCV2

Leviticus 15 in the BOKHWOG

Leviticus 15 in the BOKSSV

Leviticus 15 in the BOLCB

Leviticus 15 in the BOLCB2

Leviticus 15 in the BOMCV

Leviticus 15 in the BONAV

Leviticus 15 in the BONCB

Leviticus 15 in the BONLT

Leviticus 15 in the BONUT2

Leviticus 15 in the BOPLNT

Leviticus 15 in the BOSCB

Leviticus 15 in the BOSNC

Leviticus 15 in the BOTLNT

Leviticus 15 in the BOVCB

Leviticus 15 in the BOYCB

Leviticus 15 in the BPBB

Leviticus 15 in the BPH

Leviticus 15 in the BSB

Leviticus 15 in the CCB

Leviticus 15 in the CUV

Leviticus 15 in the CUVS

Leviticus 15 in the DBT

Leviticus 15 in the DGDNT

Leviticus 15 in the DHNT

Leviticus 15 in the DNT

Leviticus 15 in the ELBE

Leviticus 15 in the EMTV

Leviticus 15 in the ESV

Leviticus 15 in the FBV

Leviticus 15 in the FEB

Leviticus 15 in the GGMNT

Leviticus 15 in the GNT

Leviticus 15 in the HARY

Leviticus 15 in the HNT

Leviticus 15 in the IRVA

Leviticus 15 in the IRVB

Leviticus 15 in the IRVG

Leviticus 15 in the IRVH

Leviticus 15 in the IRVK

Leviticus 15 in the IRVM

Leviticus 15 in the IRVM2

Leviticus 15 in the IRVO

Leviticus 15 in the IRVP

Leviticus 15 in the IRVT

Leviticus 15 in the IRVT2

Leviticus 15 in the IRVU

Leviticus 15 in the ISVN

Leviticus 15 in the JSNT

Leviticus 15 in the KAPI

Leviticus 15 in the KBT1ETNIK

Leviticus 15 in the KBV

Leviticus 15 in the KJV

Leviticus 15 in the KNFD

Leviticus 15 in the LBA

Leviticus 15 in the LBLA

Leviticus 15 in the LNT

Leviticus 15 in the LSV

Leviticus 15 in the MAAL

Leviticus 15 in the MBV

Leviticus 15 in the MBV2

Leviticus 15 in the MHNT

Leviticus 15 in the MKNFD

Leviticus 15 in the MNG

Leviticus 15 in the MNT

Leviticus 15 in the MNT2

Leviticus 15 in the MRS1T

Leviticus 15 in the NAA

Leviticus 15 in the NASB

Leviticus 15 in the NBLA

Leviticus 15 in the NBS

Leviticus 15 in the NBVTP

Leviticus 15 in the NET2

Leviticus 15 in the NIV11

Leviticus 15 in the NNT

Leviticus 15 in the NNT2

Leviticus 15 in the NNT3

Leviticus 15 in the PDDPT

Leviticus 15 in the PFNT

Leviticus 15 in the RMNT

Leviticus 15 in the SBIAS

Leviticus 15 in the SBIBS

Leviticus 15 in the SBIBS2

Leviticus 15 in the SBICS

Leviticus 15 in the SBIDS

Leviticus 15 in the SBIGS

Leviticus 15 in the SBIHS

Leviticus 15 in the SBIIS

Leviticus 15 in the SBIIS2

Leviticus 15 in the SBIIS3

Leviticus 15 in the SBIKS

Leviticus 15 in the SBIKS2

Leviticus 15 in the SBIMS

Leviticus 15 in the SBIOS

Leviticus 15 in the SBIPS

Leviticus 15 in the SBISS

Leviticus 15 in the SBITS

Leviticus 15 in the SBITS2

Leviticus 15 in the SBITS3

Leviticus 15 in the SBITS4

Leviticus 15 in the SBIUS

Leviticus 15 in the SBIVS

Leviticus 15 in the SBT

Leviticus 15 in the SBT1E

Leviticus 15 in the SCHL

Leviticus 15 in the SNT

Leviticus 15 in the SUSU

Leviticus 15 in the SUSU2

Leviticus 15 in the SYNO

Leviticus 15 in the TBIAOTANT

Leviticus 15 in the TBT1E

Leviticus 15 in the TBT1E2

Leviticus 15 in the TFTIP

Leviticus 15 in the TFTU

Leviticus 15 in the TGNTATF3T

Leviticus 15 in the THAI

Leviticus 15 in the TNFD

Leviticus 15 in the TNT

Leviticus 15 in the TNTIK

Leviticus 15 in the TNTIL

Leviticus 15 in the TNTIN

Leviticus 15 in the TNTIP

Leviticus 15 in the TNTIZ

Leviticus 15 in the TOMA

Leviticus 15 in the TTENT

Leviticus 15 in the UBG

Leviticus 15 in the UGV

Leviticus 15 in the UGV2

Leviticus 15 in the UGV3

Leviticus 15 in the VBL

Leviticus 15 in the VDCC

Leviticus 15 in the YALU

Leviticus 15 in the YAPE

Leviticus 15 in the YBVTP

Leviticus 15 in the ZBP