Luke 18 (BOATCB)

1 Ɛda bi Yesu nam abɛbuo so kyerɛɛ nʼasuafoɔ no hia a ɛhia sɛ wɔbɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba. 2 Yesu kaa sɛ, “Ɔtemmufoɔ bi tenaa kuro bi mu a na ɔnsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara. 3 Na ɔbaa kunafoɔ bi te saa kuro yi mu, a ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafoɔ yi kɔ ɔtemmufoɔ no nkyɛn kɔsrɛ no sɛ ɔnni nʼasɛm no mma no. 4 “Mfitiaseɛ no, ɔtemmufoɔ no ammua no. Nanso, akyire no ɔkaa sɛ, ‘Ɛwom sɛ mensuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara deɛ, 5 nanso ɛsiane sɛ daa ɔbaa yi ha me enti, mɛhwɛ adi asɛm no yie ama no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔremmɛha me bio!’ ” 6 Awurade toaa so sɛ, “Moate asɛm a ɔtemmufoɔ yi a ɔntene no kaeɛ. 7 Monnnye nni sɛ Onyankopɔn bɛdi ama ne mma a daa wɔsu frɛ no awia ne anadwo no no anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase? 8 Merema moate aseɛ sɛ, ɔbɛyɛ wɔn apɛdeɛ ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no sane ba a, nnipa dodoɔ ahe na ɔbɛhunu sɛ wɔwɔ ne mu gyidie?” 9 Yesu sane buu ɛbɛ bi faa nnipa a wɔbu wɔn ho sɛ ateneneefoɔ na ɛno enti wɔbu afoforɔ animtia no ho sɛ, 10 “Ɛda bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpaeɛ. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a ɔbu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ ɔtogyeni. 11 Farisini yi kɔgyinaa baabi a obiara bɛhunu no bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te sɛ apoobɔfoɔ nkontompofoɔ, adwamanfoɔ ne saa ɔtogyeni a ɔgyina hɔ yi. 12 Nnawɔtwe biara mu, medi mmuada mprenu na deɛ menya biara nso, meyi mu nkyɛmu edu mu baako de ma.’ 13 “Saa ɛberɛ no na ɔtogyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, hunu me ɔdebɔneyɛfoɔ mmɔbɔ!’ 14 “Mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɔtogyeni no yɛeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani sene deɛ Farisini no yɛeɛ no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.” 15 Ɛda bi, awofoɔ bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn, nhyira wɔn. Asuafoɔ no hunuu awofoɔ no, wɔkaa wɔn anim. 16 Yesu frɛɛ mmɔfra no awofoɔ no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma mmɔfra nketewa no mmra me nkyɛn na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea. 17 Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.” 18 Ɛda bi Yudani sikani bi bisaa Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” 19 Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa, gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 20 Wonim Mose mmara no: ‘Mmɔ adwaman! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di wʼagya ne wo maame ni!’ ” 21 Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Madi saa mmara yi nyinaa so firi me mmɔfraase.” 22 Yesu tee deɛ osikani no kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahodeɛ nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafoɔ na wobɛnya agyapadeɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu, na afei, bra bɛdi mʼakyi.” 23 Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahodeɛ pii. 24 Yesu hunuu sɛ ne werɛ ahoɔ no, ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ den ma ahonyafoɔ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu! 25 Mereka akyerɛ mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔhonyafoɔ bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” 26 Na wɔn a wɔtee deɛ Yesu kaeɛ no bisaa sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?” 27 Yesu buaa sɛ, “Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyɛ.” 28 Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Yɛagya deɛ yɛwɔ nyinaa hɔ abɛdi wʼakyi.” 29 Yesu buaa Petro sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obiara nni hɔ a, ɛsiane Onyankopɔn Ahennie no enti, wagya ne fie anaa ne nuanom anaa nʼawofoɔ anaa ne mma 30 na ɔrennya mma ɛmmoro deɛ wahwere no so saa ɛberɛ yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a ɛnni awieeɛ.” 31 Yesu frɛɛ asuafoɔ dumienu no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a nkɔmhyɛfoɔ no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu. 32 Wɔbɛyi no ama amanamanmufoɔ ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasuo agu ne so, 33 aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre.” 34 Asuafoɔ no ante deɛ Yesu kaaeɛ no biara ase, ɛfiri sɛ, na asɛm no boro wɔn adwene so. 35 Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yeriko no, wɔhunuu onifirani bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. 36 Onifirani no tee sɛ nkurɔfokuo bi retwam no, ɔbisaa asɛm a asi. 37 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yesu Nasareni no na ɔretwam!” 38 Ɔtee saa no, ɔteateam sɛ, “Yesu, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!” 39 Wɔn a wɔdi anim no trantram no sɛ ɔmmua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teateaam dendeenden sɛ, “Yesu Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!” 40 Yesu duruu baabi a onifirani no te no, ɔmaa wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duruu Yesu nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, 41 “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?”Onifirani no buaa sɛ, “Awurade, ma menhunu adeɛ.” 42 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hunu adeɛ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den.” 43 Amonom hɔ ara, onifirani yi hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi, yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wɔhunuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.

In Other Versions

Luke 18 in the ANGEFD

Luke 18 in the ANTPNG2D

Luke 18 in the AS21

Luke 18 in the BAGH

Luke 18 in the BBPNG

Luke 18 in the BBT1E

Luke 18 in the BDS

Luke 18 in the BEV

Luke 18 in the BHAD

Luke 18 in the BIB

Luke 18 in the BLPT

Luke 18 in the BNT

Luke 18 in the BNTABOOT

Luke 18 in the BNTLV

Luke 18 in the BOATCB2

Luke 18 in the BOBCV

Luke 18 in the BOCNT

Luke 18 in the BOECS

Luke 18 in the BOGWICC

Luke 18 in the BOHCB

Luke 18 in the BOHCV

Luke 18 in the BOHLNT

Luke 18 in the BOHNTLTAL

Luke 18 in the BOICB

Luke 18 in the BOILNTAP

Luke 18 in the BOITCV

Luke 18 in the BOKCV

Luke 18 in the BOKCV2

Luke 18 in the BOKHWOG

Luke 18 in the BOKSSV

Luke 18 in the BOLCB

Luke 18 in the BOLCB2

Luke 18 in the BOMCV

Luke 18 in the BONAV

Luke 18 in the BONCB

Luke 18 in the BONLT

Luke 18 in the BONUT2

Luke 18 in the BOPLNT

Luke 18 in the BOSCB

Luke 18 in the BOSNC

Luke 18 in the BOTLNT

Luke 18 in the BOVCB

Luke 18 in the BOYCB

Luke 18 in the BPBB

Luke 18 in the BPH

Luke 18 in the BSB

Luke 18 in the CCB

Luke 18 in the CUV

Luke 18 in the CUVS

Luke 18 in the DBT

Luke 18 in the DGDNT

Luke 18 in the DHNT

Luke 18 in the DNT

Luke 18 in the ELBE

Luke 18 in the EMTV

Luke 18 in the ESV

Luke 18 in the FBV

Luke 18 in the FEB

Luke 18 in the GGMNT

Luke 18 in the GNT

Luke 18 in the HARY

Luke 18 in the HNT

Luke 18 in the IRVA

Luke 18 in the IRVB

Luke 18 in the IRVG

Luke 18 in the IRVH

Luke 18 in the IRVK

Luke 18 in the IRVM

Luke 18 in the IRVM2

Luke 18 in the IRVO

Luke 18 in the IRVP

Luke 18 in the IRVT

Luke 18 in the IRVT2

Luke 18 in the IRVU

Luke 18 in the ISVN

Luke 18 in the JSNT

Luke 18 in the KAPI

Luke 18 in the KBT1ETNIK

Luke 18 in the KBV

Luke 18 in the KJV

Luke 18 in the KNFD

Luke 18 in the LBA

Luke 18 in the LBLA

Luke 18 in the LNT

Luke 18 in the LSV

Luke 18 in the MAAL

Luke 18 in the MBV

Luke 18 in the MBV2

Luke 18 in the MHNT

Luke 18 in the MKNFD

Luke 18 in the MNG

Luke 18 in the MNT

Luke 18 in the MNT2

Luke 18 in the MRS1T

Luke 18 in the NAA

Luke 18 in the NASB

Luke 18 in the NBLA

Luke 18 in the NBS

Luke 18 in the NBVTP

Luke 18 in the NET2

Luke 18 in the NIV11

Luke 18 in the NNT

Luke 18 in the NNT2

Luke 18 in the NNT3

Luke 18 in the PDDPT

Luke 18 in the PFNT

Luke 18 in the RMNT

Luke 18 in the SBIAS

Luke 18 in the SBIBS

Luke 18 in the SBIBS2

Luke 18 in the SBICS

Luke 18 in the SBIDS

Luke 18 in the SBIGS

Luke 18 in the SBIHS

Luke 18 in the SBIIS

Luke 18 in the SBIIS2

Luke 18 in the SBIIS3

Luke 18 in the SBIKS

Luke 18 in the SBIKS2

Luke 18 in the SBIMS

Luke 18 in the SBIOS

Luke 18 in the SBIPS

Luke 18 in the SBISS

Luke 18 in the SBITS

Luke 18 in the SBITS2

Luke 18 in the SBITS3

Luke 18 in the SBITS4

Luke 18 in the SBIUS

Luke 18 in the SBIVS

Luke 18 in the SBT

Luke 18 in the SBT1E

Luke 18 in the SCHL

Luke 18 in the SNT

Luke 18 in the SUSU

Luke 18 in the SUSU2

Luke 18 in the SYNO

Luke 18 in the TBIAOTANT

Luke 18 in the TBT1E

Luke 18 in the TBT1E2

Luke 18 in the TFTIP

Luke 18 in the TFTU

Luke 18 in the TGNTATF3T

Luke 18 in the THAI

Luke 18 in the TNFD

Luke 18 in the TNT

Luke 18 in the TNTIK

Luke 18 in the TNTIL

Luke 18 in the TNTIN

Luke 18 in the TNTIP

Luke 18 in the TNTIZ

Luke 18 in the TOMA

Luke 18 in the TTENT

Luke 18 in the UBG

Luke 18 in the UGV

Luke 18 in the UGV2

Luke 18 in the UGV3

Luke 18 in the VBL

Luke 18 in the VDCC

Luke 18 in the YALU

Luke 18 in the YAPE

Luke 18 in the YBVTP

Luke 18 in the ZBP