Luke 18 (BOATCB2)

1 Da bi, Yesu nam mmebu so kyerɛɛ nʼasuafo no hia a ehia sɛ wɔbɔ mpae daa a wɔmpa abaw. 2 Yesu kae se, “Otemmufo bi tenaa kurow bi mu a na onsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara. 3 Na ɔbea kunafo bi te saa kurow no mu a ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafo yi kɔ otemmufo no nkyɛn kɔsrɛ no se onni nʼasɛm no mma no. 4 “Mfiase no, otemmufo no ammua no. Nanso akyiri no ɔkae se, ‘Ɛwɔ mu sɛ minsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara de, 5 nanso esiane sɛ daa ɔbea yi haw me nti, mɛhwɛ adi asɛm no yiye ama no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɛhaw me bio!’ ” 6 Awurade toaa so se, “Moate asɛm a otemmufo yi a ɔnteɛ no kae. 7 Munnnye nni sɛ Onyankopɔn bedi ama ne mma a daa wosu frɛ no awia ne anadwo no? Anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase anaa? 8 Merema moate ase sɛ ɔbɛyɛ wɔn apɛde ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no san ba a, nnipa dodow ahe na obehu sɛ wɔwɔ ne mu gyidi?” 9 Yesu san buu bɛ bi faa nnipa a wobu wɔn ho sɛ atreneefo na ɛno nti wobu afoforo animtiaa no ho se, 10 “Da bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpae. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a obu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ towgyeni. 11 Farisini yi kogyinaa faako a obiara behu no bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a wɔaka no; apoobɔfo nkontompofo, aguamammɔfo ne saa towgyeni a ogyina hɔ yi. 12 Nnaawɔtwe biara midi mmuada mprenu na nea minya biara nso, miyi mu nkyemu du mu baako de ma.’ 13 “Saa bere no na towgyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛni mmɔbɔ!’ 14 “Mereka akyerɛ mo se, nea towgyeni no yɛe no sɔɔ Onyankopɔn ani sen nea Farisini no yɛe no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.” 15 Da bi, awofo bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu se ɔmfa ne nsa nka wɔn nhyira wɔn. Asuafo no huu awofo no, wɔkaa wɔn anim. 16 Yesu frɛɛ mmofra no awofo no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma mmofra nketewa no mmra me nkyɛn na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea. 17 Mereka akyerɛ mo se obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahenni no sɛ abofra no, ɔrentumi nhyɛn mu.” 18 Da bi, Yudani sikani bi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?” 19 Yesu buaa no se, “Adɛn nti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 20 Wunim Mose mmara no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’ ” 21 Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu se, “Madi saa mmara yi nyinaa so fi me mmofraase.” 22 Yesu tee nea osikani no kae no, ɔka kyerɛɛ no se, “Ade baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahode nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafo na wubenya agyapade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, na afei bra bedi mʼakyi.” 23 Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa efisɛ na ɔwɔ ahode pii. 24 Yesu huu sɛ ne werɛ ahow no, ɔkae se, “Ɛyɛ den ma ahonyafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni no mu! 25 Mereka akyerɛ mo se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.” 26 Na wɔn a wɔtee nea Yesu kae no bisae se, “Ɛno de, na hena na wobegye no nkwa?” 27 Yesu buae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.” 28 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Yagyaw nea yɛwɔ nyinaa hɔ abedi wʼakyi.” 29 Yesu buaa Petro se, “Merema mo ate ase sɛ, obiara nni hɔ a, esiane Onyankopɔn ahenni no nti, wagyaw ne fi anaa ne nuanom anaa nʼawofo anaa ne mma 30 na ɔrennya mma ɛmmoro nea wahwere no so saa bere yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a enni awiei.” 31 Yesu frɛɛ asuafo dumien no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a adiyifo no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu. 32 Wobeyi no ama amanamanmufo ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasu agu ne so, 33 aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre.” 34 Asuafo no ante nea Yesu kaa no biara ase, efisɛ na asɛm no boro wɔn adwene so. 35 Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yeriko no, wohuu onifuraefo bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ ade. 36 Onifuraefo no tee sɛ nkurɔfokuw bi retwa mu no, obisaa asɛm a asi. 37 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yesu Nasareni no na ɔretwam!” 38 Ɔtee saa no, ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 39 Wɔn a wodi anim no teɛteɛɛ no se ommua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu denneennen se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 40 Yesu duu faako a onifuraefo no te no, ɔma wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duu Yesu nkyɛn no, obisaa no se, 41 “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?”Onifuraefo no buae se, “Awurade, ma minhu ade.” 42 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Hu ade, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.” 43 Amono mu hɔ ara, onifuraefo yi huu ade, na odii Yesu akyi yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wohuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.

In Other Versions

Luke 18 in the ANGEFD

Luke 18 in the ANTPNG2D

Luke 18 in the AS21

Luke 18 in the BAGH

Luke 18 in the BBPNG

Luke 18 in the BBT1E

Luke 18 in the BDS

Luke 18 in the BEV

Luke 18 in the BHAD

Luke 18 in the BIB

Luke 18 in the BLPT

Luke 18 in the BNT

Luke 18 in the BNTABOOT

Luke 18 in the BNTLV

Luke 18 in the BOATCB

Luke 18 in the BOBCV

Luke 18 in the BOCNT

Luke 18 in the BOECS

Luke 18 in the BOGWICC

Luke 18 in the BOHCB

Luke 18 in the BOHCV

Luke 18 in the BOHLNT

Luke 18 in the BOHNTLTAL

Luke 18 in the BOICB

Luke 18 in the BOILNTAP

Luke 18 in the BOITCV

Luke 18 in the BOKCV

Luke 18 in the BOKCV2

Luke 18 in the BOKHWOG

Luke 18 in the BOKSSV

Luke 18 in the BOLCB

Luke 18 in the BOLCB2

Luke 18 in the BOMCV

Luke 18 in the BONAV

Luke 18 in the BONCB

Luke 18 in the BONLT

Luke 18 in the BONUT2

Luke 18 in the BOPLNT

Luke 18 in the BOSCB

Luke 18 in the BOSNC

Luke 18 in the BOTLNT

Luke 18 in the BOVCB

Luke 18 in the BOYCB

Luke 18 in the BPBB

Luke 18 in the BPH

Luke 18 in the BSB

Luke 18 in the CCB

Luke 18 in the CUV

Luke 18 in the CUVS

Luke 18 in the DBT

Luke 18 in the DGDNT

Luke 18 in the DHNT

Luke 18 in the DNT

Luke 18 in the ELBE

Luke 18 in the EMTV

Luke 18 in the ESV

Luke 18 in the FBV

Luke 18 in the FEB

Luke 18 in the GGMNT

Luke 18 in the GNT

Luke 18 in the HARY

Luke 18 in the HNT

Luke 18 in the IRVA

Luke 18 in the IRVB

Luke 18 in the IRVG

Luke 18 in the IRVH

Luke 18 in the IRVK

Luke 18 in the IRVM

Luke 18 in the IRVM2

Luke 18 in the IRVO

Luke 18 in the IRVP

Luke 18 in the IRVT

Luke 18 in the IRVT2

Luke 18 in the IRVU

Luke 18 in the ISVN

Luke 18 in the JSNT

Luke 18 in the KAPI

Luke 18 in the KBT1ETNIK

Luke 18 in the KBV

Luke 18 in the KJV

Luke 18 in the KNFD

Luke 18 in the LBA

Luke 18 in the LBLA

Luke 18 in the LNT

Luke 18 in the LSV

Luke 18 in the MAAL

Luke 18 in the MBV

Luke 18 in the MBV2

Luke 18 in the MHNT

Luke 18 in the MKNFD

Luke 18 in the MNG

Luke 18 in the MNT

Luke 18 in the MNT2

Luke 18 in the MRS1T

Luke 18 in the NAA

Luke 18 in the NASB

Luke 18 in the NBLA

Luke 18 in the NBS

Luke 18 in the NBVTP

Luke 18 in the NET2

Luke 18 in the NIV11

Luke 18 in the NNT

Luke 18 in the NNT2

Luke 18 in the NNT3

Luke 18 in the PDDPT

Luke 18 in the PFNT

Luke 18 in the RMNT

Luke 18 in the SBIAS

Luke 18 in the SBIBS

Luke 18 in the SBIBS2

Luke 18 in the SBICS

Luke 18 in the SBIDS

Luke 18 in the SBIGS

Luke 18 in the SBIHS

Luke 18 in the SBIIS

Luke 18 in the SBIIS2

Luke 18 in the SBIIS3

Luke 18 in the SBIKS

Luke 18 in the SBIKS2

Luke 18 in the SBIMS

Luke 18 in the SBIOS

Luke 18 in the SBIPS

Luke 18 in the SBISS

Luke 18 in the SBITS

Luke 18 in the SBITS2

Luke 18 in the SBITS3

Luke 18 in the SBITS4

Luke 18 in the SBIUS

Luke 18 in the SBIVS

Luke 18 in the SBT

Luke 18 in the SBT1E

Luke 18 in the SCHL

Luke 18 in the SNT

Luke 18 in the SUSU

Luke 18 in the SUSU2

Luke 18 in the SYNO

Luke 18 in the TBIAOTANT

Luke 18 in the TBT1E

Luke 18 in the TBT1E2

Luke 18 in the TFTIP

Luke 18 in the TFTU

Luke 18 in the TGNTATF3T

Luke 18 in the THAI

Luke 18 in the TNFD

Luke 18 in the TNT

Luke 18 in the TNTIK

Luke 18 in the TNTIL

Luke 18 in the TNTIN

Luke 18 in the TNTIP

Luke 18 in the TNTIZ

Luke 18 in the TOMA

Luke 18 in the TTENT

Luke 18 in the UBG

Luke 18 in the UGV

Luke 18 in the UGV2

Luke 18 in the UGV3

Luke 18 in the VBL

Luke 18 in the VDCC

Luke 18 in the YALU

Luke 18 in the YAPE

Luke 18 in the YBVTP

Luke 18 in the ZBP