Luke 8 (BOATCB)

1 Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ dumienu no kyinkyinii Galilea nkuro ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm. 2 Ɔrekɔ no, nnipa a na wɔdi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no, 3 ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode efie sohwɛfoɔ panin yere, ne Susana. Saa mmaa yi ne afoforɔ bi na wɔfiri wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ. 4 Ɛda bi a nnipa bebree bi firi nkuro nkuro so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, 5 “Ɛda bi, okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. Ɔguiɛ no, aba no bi kɔguu ɛkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa bɛsosɔeɛ. 6 Ebi nso kɔguu abotan so, enti ɛfifiriiɛ no, ankyɛre na ne nyinaa hyeeɛ, ɛfiri sɛ, annya nsuo. 7 Aba no bi nso kɔguu nkasɛɛ mu. Ɛfifiriiɛ no, nkasɛɛ no kyekyeree no na ɛwuiɛ. 8 Ebi nso kɔguu asase pa mu, ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho ɔha.”Na ɔkaa yei no, ɔka kaa ho sɛ, “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.” 9 Na nʼasuafoɔ no bisaa no saa abɛbuo yi ase no, 10 ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm ama mo, na afoforɔ deɛ, wɔkasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu, “ ‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhunu na wɔbɛte, nanso wɔrente aseɛ.’ 11 “Afei, abɛbuo no asekyerɛ ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm. 12 Aba a ɛguu ɛkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔate Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam bɛhwim firi wɔn akoma mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagyeɛ. 13 Aba a ɛguu abotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigyeɛ sɔ mu, nanso ɛntim wɔn mu. Na ɛsiane wɔn gyidie a ɛsua no enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa aba. 14 Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wɔdi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne ewiase afɛfɛdeɛ enti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɛ. 15 Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde akoma pa tie asɛmpa no, na wɔdi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanseɛ. 16 “Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutu so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no. 17 Deɛ ahinta no bɛda adi, na deɛ ɛwɔ kɔkoam no nso ada dwa. 18 Enti deɛ motie no, montie no yie. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na deɛ ɔnni ahe bi no, deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ ne dea no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.” 19 Ɛda bi, Yesu maame ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso ɛsiane nnipakuo a na wɔatwa ne ho ahyia no enti, wɔantumi ne no ankasa. 20 Obi kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ne maame ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no. 21 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me maame ne me nuanom ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.” 22 Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ te kodoɔ mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.” Wɔsiim a wɔrekɔ no, 23 Yesu daeɛ. Saa ɛberɛ no ara mu, mframa a ano yɛ den bi bɔ maa nsuo bɛtaa kodoɔ no mu maa kodoɔ no yɛɛ sɛ ɛremem. Yei maa asuafoɔ no akoma tuu yie. 24 Asuafoɔ no de hu ne nteateam nyanee no sɛ, “Awurade, Awurade, yɛremem!”Amonom hɔ ara, Yesu sɔre teateaa mframa a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn. 25 Afei, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na monni gyidie?” Wɔn nyinaa suroeɛ de ahodwirie bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?” 26 Yesu ne nʼasuafoɔ no twaa ɛpo no bɛduruu Gerasefoɔ asase a ɛne Galilea di nhwɛanimu no so. 27 Yesu firii kodoɔ no mu sii fam pɛ, ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛre a ɔda adagya na ɔnte efie, na mmom ɔte amusieeɛ a aboda mu na ɔdeda no bɛhyiaa no. 28 Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam, kotoo ne nan ase sane teateaam sɛ, “Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayadeɛ biara.” 29 Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na Yesu ateatea ahonhommɔne no sɛ wɔmfiri ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde ahoma kyekyere ne nsa ne ne nan mpo a, ɔtumi tete mu ma ahonhommɔne no pam no kɔ wiram. 30 Yesu bisaa no sɛ, “Wo din de sɛn?”Ɔbuaa no sɛ, “Ɛdɔm.” Ɛfiri sɛ na ahonhommɔne ahyɛ no ma. 31 Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mma wɔnkɔgu amanehunu bɔn no mu. 32 Saa ɛberɛ no mu na mprako bi redidi wɔ bepɔ no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho ɛkwan na wɔnkɔwura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. 33 Enti ahonhommɔne no firii ɔbarima no mu kɔwuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kiridi, sianee bepɔ no kɔguu ɔtadeɛ no mu wuwuiɛ. 34 Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no hunuu deɛ asi no, wɔde hu ne ahopopoɔ tutuu mmirika kɔbɔɔ amaneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛeɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa. 35 Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ deɛ asi. Wɔduruu deɛ Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ɔfira ntoma te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn. 36 Na wɔn a wɔhunuu ɛkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no yadeɛ no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amaneɛ. 37 Ehu hyɛɛ Gerasefoɔ a na wɔahyia hɔ no nyinaa ma ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Yei enti, Yesu kɔtenaa kodoɔ no mu sane tware kɔɔ asuogya hɔ nohoa. 38 Ansa na Yesu rebɛfiri hɔ no, ɔbarima a ɔtuu ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, 39 “Kɔ na kɔdi deɛ Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanseɛ kyerɛ wo manfoɔ.” Ɔbarima no firii hɔ kɔdii anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no ho adanseɛ kyerɛɛ kurom hɔfoɔ nyinaa. 40 Yesu duruu asuogya hɔ no, nnipakuo no de anigyeɛ hyiaa no kwan, ɛfiri sɛ, na wɔatwɛn no abrɛ. 41 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafoɔ hyiadan mu panin baa ne nkyɛn, bɛbuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fie 42 na ne babaa korɔ a wadi bɛyɛ mfeɛ dumienu reyɛ awu.Ɛberɛ a Yesu rekɔ no na nnipakuo no kyere ne so. 43 Ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu a obiara ntumi nsa no yadeɛ no, 44 firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Amonom hɔ ara, mogya a ɛtu no no twaeɛ. 45 Yesu bisaa sɛ, “Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ ano no?”Obiara buaa sɛ, ɛnyɛ ɔno. Yei maa Petro kaa sɛ, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.” 46 Yesu buaa no sɛ, “Dabi, obi asɔ mʼatadeɛ mu ɛfiri sɛ, mete nka sɛ tumi bi afiri me mu.” 47 Ɔbaa no hunuu sɛ ɔhinta a ɛrenyɛ yie, ɛno enti, ɔde hu ne ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no deɛ enti a ɔsɔɔ ne mu ne sɛdeɛ ne ho atɔ no no. 48 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoeɛ kɔ.” 49 Yesu gu so rekasa no, obi firi Yairo efie bɛka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Wo babaa no anya awu enti nha Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio.” 50 Yesu tee asɛm no, ɔsee Yairo sɛ, “Nsuro, gye di, na wo babaa no bɛnyane anya nkwa.” 51 Ɔduruu efie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɛdan a abɔfra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abɔfra no awofoɔ nko ara. 52 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu, di awerɛhoɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu, ɔnwuiɛ na wada.” 53 Wɔseree no dii ne ho fɛw, ɛfiri sɛ, na wɔn deɛ, wɔnim pefee sɛ wawu. 54 Yesu sɔɔ ne nsa ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, sɔre!” 55 Amonom hɔ ara, ɔsɔreeɛ na Yesu kaa sɛ wɔmma no biribi nni. 56 Nʼawofoɔ no ho dwirii wɔn yie nanso Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, wɔnnka deɛ asi no nkyerɛ obiara.

In Other Versions

Luke 8 in the ANGEFD

Luke 8 in the ANTPNG2D

Luke 8 in the AS21

Luke 8 in the BAGH

Luke 8 in the BBPNG

Luke 8 in the BBT1E

Luke 8 in the BDS

Luke 8 in the BEV

Luke 8 in the BHAD

Luke 8 in the BIB

Luke 8 in the BLPT

Luke 8 in the BNT

Luke 8 in the BNTABOOT

Luke 8 in the BNTLV

Luke 8 in the BOATCB2

Luke 8 in the BOBCV

Luke 8 in the BOCNT

Luke 8 in the BOECS

Luke 8 in the BOGWICC

Luke 8 in the BOHCB

Luke 8 in the BOHCV

Luke 8 in the BOHLNT

Luke 8 in the BOHNTLTAL

Luke 8 in the BOICB

Luke 8 in the BOILNTAP

Luke 8 in the BOITCV

Luke 8 in the BOKCV

Luke 8 in the BOKCV2

Luke 8 in the BOKHWOG

Luke 8 in the BOKSSV

Luke 8 in the BOLCB

Luke 8 in the BOLCB2

Luke 8 in the BOMCV

Luke 8 in the BONAV

Luke 8 in the BONCB

Luke 8 in the BONLT

Luke 8 in the BONUT2

Luke 8 in the BOPLNT

Luke 8 in the BOSCB

Luke 8 in the BOSNC

Luke 8 in the BOTLNT

Luke 8 in the BOVCB

Luke 8 in the BOYCB

Luke 8 in the BPBB

Luke 8 in the BPH

Luke 8 in the BSB

Luke 8 in the CCB

Luke 8 in the CUV

Luke 8 in the CUVS

Luke 8 in the DBT

Luke 8 in the DGDNT

Luke 8 in the DHNT

Luke 8 in the DNT

Luke 8 in the ELBE

Luke 8 in the EMTV

Luke 8 in the ESV

Luke 8 in the FBV

Luke 8 in the FEB

Luke 8 in the GGMNT

Luke 8 in the GNT

Luke 8 in the HARY

Luke 8 in the HNT

Luke 8 in the IRVA

Luke 8 in the IRVB

Luke 8 in the IRVG

Luke 8 in the IRVH

Luke 8 in the IRVK

Luke 8 in the IRVM

Luke 8 in the IRVM2

Luke 8 in the IRVO

Luke 8 in the IRVP

Luke 8 in the IRVT

Luke 8 in the IRVT2

Luke 8 in the IRVU

Luke 8 in the ISVN

Luke 8 in the JSNT

Luke 8 in the KAPI

Luke 8 in the KBT1ETNIK

Luke 8 in the KBV

Luke 8 in the KJV

Luke 8 in the KNFD

Luke 8 in the LBA

Luke 8 in the LBLA

Luke 8 in the LNT

Luke 8 in the LSV

Luke 8 in the MAAL

Luke 8 in the MBV

Luke 8 in the MBV2

Luke 8 in the MHNT

Luke 8 in the MKNFD

Luke 8 in the MNG

Luke 8 in the MNT

Luke 8 in the MNT2

Luke 8 in the MRS1T

Luke 8 in the NAA

Luke 8 in the NASB

Luke 8 in the NBLA

Luke 8 in the NBS

Luke 8 in the NBVTP

Luke 8 in the NET2

Luke 8 in the NIV11

Luke 8 in the NNT

Luke 8 in the NNT2

Luke 8 in the NNT3

Luke 8 in the PDDPT

Luke 8 in the PFNT

Luke 8 in the RMNT

Luke 8 in the SBIAS

Luke 8 in the SBIBS

Luke 8 in the SBIBS2

Luke 8 in the SBICS

Luke 8 in the SBIDS

Luke 8 in the SBIGS

Luke 8 in the SBIHS

Luke 8 in the SBIIS

Luke 8 in the SBIIS2

Luke 8 in the SBIIS3

Luke 8 in the SBIKS

Luke 8 in the SBIKS2

Luke 8 in the SBIMS

Luke 8 in the SBIOS

Luke 8 in the SBIPS

Luke 8 in the SBISS

Luke 8 in the SBITS

Luke 8 in the SBITS2

Luke 8 in the SBITS3

Luke 8 in the SBITS4

Luke 8 in the SBIUS

Luke 8 in the SBIVS

Luke 8 in the SBT

Luke 8 in the SBT1E

Luke 8 in the SCHL

Luke 8 in the SNT

Luke 8 in the SUSU

Luke 8 in the SUSU2

Luke 8 in the SYNO

Luke 8 in the TBIAOTANT

Luke 8 in the TBT1E

Luke 8 in the TBT1E2

Luke 8 in the TFTIP

Luke 8 in the TFTU

Luke 8 in the TGNTATF3T

Luke 8 in the THAI

Luke 8 in the TNFD

Luke 8 in the TNT

Luke 8 in the TNTIK

Luke 8 in the TNTIL

Luke 8 in the TNTIN

Luke 8 in the TNTIP

Luke 8 in the TNTIZ

Luke 8 in the TOMA

Luke 8 in the TTENT

Luke 8 in the UBG

Luke 8 in the UGV

Luke 8 in the UGV2

Luke 8 in the UGV3

Luke 8 in the VBL

Luke 8 in the VDCC

Luke 8 in the YALU

Luke 8 in the YAPE

Luke 8 in the YBVTP

Luke 8 in the ZBP