Matthew 11 (BOATCB)

1 Yesu wiee nʼasuafoɔ dumienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ nkuro a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no. 2 Yohane Osubɔni a saa ɛberɛ no na ɔda afiase no tee anwanwadeɛ a Kristo reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafoɔ bɛbisaa no sɛ, 3 “Wo ne deɛ ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforɔ anim?” 4 Yesu buaa wɔn sɛ, “Monsane nkɔ, nkɔka anwanwadeɛ a moahunu ne deɛ moate nkyerɛ Yohane sɛ, 5 anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho ate, asotifoɔ te asɛm, na awufoɔ nso nyane. Afei, monka nkyerɛ no sɛ, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ. 6 Monsane nka nkyerɛ no bio sɛ, Nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.” 7 Yohane asuafoɔ no kɔeɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mokɔɔ sɛ morekɔhwɛ? Ɛserɛ a mframa rebɔ no? 8 Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie? 9 Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ. 10 Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “ ‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’ 11 Nokorɛ nie, nnipa a mmaa awo wɔn nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sene Yohane Osubɔni. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no! 12 Na ɛfiri ɛberɛ a Yohane Osubɔni firii aseɛ kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfoɔ asu de bɛsi ɛnnɛ no, Ɔsoro Ahennie no de tumi retrɛ na nnipadɔm a wɔn ani abereɛ refa no aniɛden so. 13 Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifoɔ ne Mose mmara no aka ɔsoro ahennie no ho asɛm dada. 14 Sɛ mopɛ sɛ mote deɛ mereka no ase deɛ a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛba no. 15 Deɛ ɔwɔ aso no, ɔntie! 16 “Ɛdeɛn ho na mɛtumi de nnɛmmafoɔ yi atoto? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔte baabi redi agorɔ. Ɛfa ka kyerɛ ɛfa sɛ, 17 “ ‘Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo, nanso moansa. Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo, nanso moansu.’ 18 Yohane baeɛ a ɔnnidi na ɔnnom no, wɔse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 19 Onipa Ba no baeɛ a ɔdidi na ɔnom no nso, wɔse, ‘Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’ Nanso, wɔn a wɔdi Onyankopɔn akyi nokorɛ mu no deɛ, wɔn bra di adanseɛ sɛ, nʼakwan nyinaa yɛ.” 20 Afei, ɔhyɛɛ aseɛ kaa nkuro a ɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ nanso wɔannu wɔn ho no anim sɛ, 21 “Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada. 22 Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon! 23 Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ asaman. Anwanwadeɛ a meyɛɛ no wo hɔ no, sɛ wɔyɛɛ no wɔ Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. 24 Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, Tiro ne Sodom bɛnya gyinabea pa asene mo!” 25 Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ woanna nokorɛ no adi ankyerɛ wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom, wodaa nokorɛ no adi kyerɛɛ mmɔfra nkumaa. 26 Aane, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa. 27 “Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn. 28 “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. 29 Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ, medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu, na mobɛnya ahome ama mo kra. 30 Ɛfiri sɛ, me kɔnnua yɛ mmerɛ, na mʼadesoa yɛ hare.”

In Other Versions

Matthew 11 in the ANGEFD

Matthew 11 in the ANTPNG2D

Matthew 11 in the AS21

Matthew 11 in the BAGH

Matthew 11 in the BBPNG

Matthew 11 in the BBT1E

Matthew 11 in the BDS

Matthew 11 in the BEV

Matthew 11 in the BHAD

Matthew 11 in the BIB

Matthew 11 in the BLPT

Matthew 11 in the BNT

Matthew 11 in the BNTABOOT

Matthew 11 in the BNTLV

Matthew 11 in the BOATCB2

Matthew 11 in the BOBCV

Matthew 11 in the BOCNT

Matthew 11 in the BOECS

Matthew 11 in the BOGWICC

Matthew 11 in the BOHCB

Matthew 11 in the BOHCV

Matthew 11 in the BOHLNT

Matthew 11 in the BOHNTLTAL

Matthew 11 in the BOICB

Matthew 11 in the BOILNTAP

Matthew 11 in the BOITCV

Matthew 11 in the BOKCV

Matthew 11 in the BOKCV2

Matthew 11 in the BOKHWOG

Matthew 11 in the BOKSSV

Matthew 11 in the BOLCB

Matthew 11 in the BOLCB2

Matthew 11 in the BOMCV

Matthew 11 in the BONAV

Matthew 11 in the BONCB

Matthew 11 in the BONLT

Matthew 11 in the BONUT2

Matthew 11 in the BOPLNT

Matthew 11 in the BOSCB

Matthew 11 in the BOSNC

Matthew 11 in the BOTLNT

Matthew 11 in the BOVCB

Matthew 11 in the BOYCB

Matthew 11 in the BPBB

Matthew 11 in the BPH

Matthew 11 in the BSB

Matthew 11 in the CCB

Matthew 11 in the CUV

Matthew 11 in the CUVS

Matthew 11 in the DBT

Matthew 11 in the DGDNT

Matthew 11 in the DHNT

Matthew 11 in the DNT

Matthew 11 in the ELBE

Matthew 11 in the EMTV

Matthew 11 in the ESV

Matthew 11 in the FBV

Matthew 11 in the FEB

Matthew 11 in the GGMNT

Matthew 11 in the GNT

Matthew 11 in the HARY

Matthew 11 in the HNT

Matthew 11 in the IRVA

Matthew 11 in the IRVB

Matthew 11 in the IRVG

Matthew 11 in the IRVH

Matthew 11 in the IRVK

Matthew 11 in the IRVM

Matthew 11 in the IRVM2

Matthew 11 in the IRVO

Matthew 11 in the IRVP

Matthew 11 in the IRVT

Matthew 11 in the IRVT2

Matthew 11 in the IRVU

Matthew 11 in the ISVN

Matthew 11 in the JSNT

Matthew 11 in the KAPI

Matthew 11 in the KBT1ETNIK

Matthew 11 in the KBV

Matthew 11 in the KJV

Matthew 11 in the KNFD

Matthew 11 in the LBA

Matthew 11 in the LBLA

Matthew 11 in the LNT

Matthew 11 in the LSV

Matthew 11 in the MAAL

Matthew 11 in the MBV

Matthew 11 in the MBV2

Matthew 11 in the MHNT

Matthew 11 in the MKNFD

Matthew 11 in the MNG

Matthew 11 in the MNT

Matthew 11 in the MNT2

Matthew 11 in the MRS1T

Matthew 11 in the NAA

Matthew 11 in the NASB

Matthew 11 in the NBLA

Matthew 11 in the NBS

Matthew 11 in the NBVTP

Matthew 11 in the NET2

Matthew 11 in the NIV11

Matthew 11 in the NNT

Matthew 11 in the NNT2

Matthew 11 in the NNT3

Matthew 11 in the PDDPT

Matthew 11 in the PFNT

Matthew 11 in the RMNT

Matthew 11 in the SBIAS

Matthew 11 in the SBIBS

Matthew 11 in the SBIBS2

Matthew 11 in the SBICS

Matthew 11 in the SBIDS

Matthew 11 in the SBIGS

Matthew 11 in the SBIHS

Matthew 11 in the SBIIS

Matthew 11 in the SBIIS2

Matthew 11 in the SBIIS3

Matthew 11 in the SBIKS

Matthew 11 in the SBIKS2

Matthew 11 in the SBIMS

Matthew 11 in the SBIOS

Matthew 11 in the SBIPS

Matthew 11 in the SBISS

Matthew 11 in the SBITS

Matthew 11 in the SBITS2

Matthew 11 in the SBITS3

Matthew 11 in the SBITS4

Matthew 11 in the SBIUS

Matthew 11 in the SBIVS

Matthew 11 in the SBT

Matthew 11 in the SBT1E

Matthew 11 in the SCHL

Matthew 11 in the SNT

Matthew 11 in the SUSU

Matthew 11 in the SUSU2

Matthew 11 in the SYNO

Matthew 11 in the TBIAOTANT

Matthew 11 in the TBT1E

Matthew 11 in the TBT1E2

Matthew 11 in the TFTIP

Matthew 11 in the TFTU

Matthew 11 in the TGNTATF3T

Matthew 11 in the THAI

Matthew 11 in the TNFD

Matthew 11 in the TNT

Matthew 11 in the TNTIK

Matthew 11 in the TNTIL

Matthew 11 in the TNTIN

Matthew 11 in the TNTIP

Matthew 11 in the TNTIZ

Matthew 11 in the TOMA

Matthew 11 in the TTENT

Matthew 11 in the UBG

Matthew 11 in the UGV

Matthew 11 in the UGV2

Matthew 11 in the UGV3

Matthew 11 in the VBL

Matthew 11 in the VDCC

Matthew 11 in the YALU

Matthew 11 in the YAPE

Matthew 11 in the YBVTP

Matthew 11 in the ZBP