Mark 14 (BOATCB)

1 Aka nnanu na Twam Afahyɛ ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafoɔ ahomegyeɛ nna no aduru no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ nyansakwan a wɔbɛfa so akye Yesu, akum no. 2 Nanso, wɔkaa sɛ, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasa bɛba ɔman no mu.” 3 Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim. 4 Deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no anyɛ nnipa a wɔte adidiiɛ no mu bi dɛ. Na wɔkaa sɛ, “Wasɛe ngo no kwa. 5 Anka ɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi anya sika pii na ɔde ama ahiafoɔ.” 6 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyaa no! Adɛn enti na moreha no wɔ ade pa a ɔyɛeɛ no ho? 7 Mo ne ahiafoɔ a mobɛtumi aboa wɔn ɛberɛ biara mu na ɛte. Na me deɛ, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn. 8 Wayɛ deɛ ɔbɛtumi. Wadi ɛkan asra me onipadua ama ɛda a wobɛsie me. 9 Mereka makyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no wɔ ewiase no, wɔde deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no bɛkae no, akamfo no.” 10 Afei, Yuda Iskariot, asuafoɔ dumienu no mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn no ho. 11 Asɔfoɔ mpanin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya Yesu ho ɛkwan, ayi no ama ɛberɛ a ɛsɛ mu. 12 Apiti Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan a wɔkum Twam Afahyɛ odwan no, nʼasuafoɔ bisaa no faako a wɔbɛkɔ akɔdi Twam Afahyɛ no. 13 Ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. Deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kuro no mu a, mobɛhyia onipa bi a ɔso ahina. Monni nʼakyi. 14 Baabiara a ɔbɛwura no, monka nkyerɛ efiewura no sɛ, ‘Yɛn wura asoma yɛn sɛ, yɛmmɛhwɛ ɛdan a wɔasiesie ama yɛn a yɛbɛdi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’ 15 Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.” 16 Asuafoɔ baanu no siim kɔɔ kuro no mu, na wɔhunuu biribiara sɛdeɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔsiesiee Twam Afahyɛ no wɔ hɔ. 17 Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ne dumienu no baeɛ. 18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kaa sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako bɛyi me ama.” 19 Wɔn nyinaa werɛ hoeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ bisaa mmaako mmaako sɛ, “Ɛyɛ me anaa?” 20 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ mo dumienu a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako. 21 Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.” 22 Ɛberɛ a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ɔhyiraa so bubuiɛ, na ɔde maa wɔn kaa sɛ, “Monnye nni; yei ne me onipadua.” 23 Afei, ɔfaa kuruwa a nsã wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi. 24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den a bebree enti wɔrehwie agu. 25 Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom saa nsã yi bio da akɔsi ɛda a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” 26 Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔ no so. 27 Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ, “ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.’ 28 Na sɛ mewusɔre a, mɛdi mo anim akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.” 29 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!” 30 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, ansa na anadwo yi akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.” 31 Petro de anibereɛ kaa sɛ, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kaeɛ. 32 Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Montena ha, na merekɔbɔ mpaeɛ aba.” 33 Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho hyɛɛ aseɛ yeraa no, na ɔyɛɛ basaa. 34 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.” 35 Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, saa ahoyera no ntwa ne ho nkɔ. 36 Ɔkaa sɛ, “Abba, Agya! Wotumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ deɛ mepɛ.” 37 Ɔsane baeɛ no, ɔbɛhunuu asuafoɔ baasa no sɛ wɔadeda. Ɔbisaa Petro sɛ, “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako pɛ mpo? 38 Monwɛn na mommɔ mpaeɛ na ɔsɔhwɛfoɔ no anni mo so. Honhom no pɛ deɛ, na honam no na ɛyɛ mmerɛ.” 39 Ɔsane kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ korɔ no ara. 40 Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu sɛ wɔadeda, ɛfiri sɛ, na wɔabrɛbrɛ. Na wonhunu deɛ wɔnka nkyerɛ no. 41 Ɔsane baa ne mprɛnsa so no, ɔbisaa wɔn sɛ. “Mogu so adeda a morehome? Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ mode da no atwam. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. 42 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, deɛ ɔreyi me ama no wɔ ha!” 43 Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafoɔ no mu baako ne dɔm a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin asoma wɔn ka ne ho a, wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ. 44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dada sɛ, “Deɛ mɛbam no, ayɛ no atuu no, ɔno ne deɛ morehwehwɛ no no. Monkyere no, na monsɔ ne mu yie mfa no nkɔ.” 45 Ɛno enti, wɔduruu hɔ pɛ, ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔbam no kaa sɛ, “Me Wura.” Afei, ɔyɛɛ no atuu. 46 Ɛhɔ ara, na ɛdɔm a wɔne Yuda nam no sɔɔ Yesu mu kyeree no. 47 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso ma ɛteeɛ. 48 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so rebɛkye me anaa? 49 Adɛn na ɛberɛ a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankye me? Nanso, yeinom nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.” 50 Asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no. 51 Aberanteɛ bi a ɔde ntomasini bi asi nʼasene dii nʼakyi. 52 Ɛdɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ɔgyaa ne ntoma no maa wɔn, de ne ho saa ara dwanee. 53 Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanin no anim no, ankyɛre na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi bɛhyiaa hɔ. 54 Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no efie hɔ de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto ogya no mu. 55 Asɔfoɔ mpanin ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso, wɔannya bi. 56 Nnipa pii bɛdii adansekurumu tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no bɔɔ abira. 57 Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ɛnnim too ne so sɛ, 58 “Yɛtee sɛ ɔkaa sɛ, ‘Mɛbubu asɔredan a wɔde nsa na ɛsii no, na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansi!’ ” 59 Na yei mpo, wɔn adanseɛ no anhyia. 60 Ɔsɔfopanin no sɔre gyinaa badwa no mfimfini bisaa Yesu sɛ, “Yei nso, wonni ho anoyie biara? Ɛdeɛn na wowɔ ka?” 61 Yesu ammua no.Afei, Ɔsɔfopanin no bisaa no bio sɛ, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no anaa?” 62 Yesu buaa no sɛ, “Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyankopɔn nifa, na ɔnam omununkum mu resane aba asase so.” 63 Yei maa Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu kaa sɛ, “Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? 64 Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no. Ɛdeɛn na mowɔ ka?”Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, ɔsɛ owuo. 65 Na ebinom tee ntasuo guu ne so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no sɛ “Wose woyɛ odiyifoɔ, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfoɔ a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotorɔ. 66 Ɛberɛ a na Petro te adihɔ hɔ no, Ɔsɔfopanin no mmaawa no mu baako baa hɔ; 67 na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto ogya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!” 68 Petro saneeɛ sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ɔfirii adi kɔtenaa nkyɛn baabi. Saa ɛberɛ no ara na akokɔ bɔnee. 69 Abaawa no sane hunuu no, na ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no sɛ, “Yei nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafoɔ no mu baako!” 70 Petro saneeɛ bio.Ɛkyɛɛ kakra no, nnipa a wɔgyina ogya no ho no hyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Woka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woyɛ Galileani!” 71 Petro hyɛɛ aseɛ kekaa ntam, dii nse sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.” 72 Na ɛhɔ ara, akokɔ bɔnee deɛ ɛtɔ so mmienu. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa” no. Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.

In Other Versions

Mark 14 in the ANGEFD

Mark 14 in the ANTPNG2D

Mark 14 in the AS21

Mark 14 in the BAGH

Mark 14 in the BBPNG

Mark 14 in the BBT1E

Mark 14 in the BDS

Mark 14 in the BEV

Mark 14 in the BHAD

Mark 14 in the BIB

Mark 14 in the BLPT

Mark 14 in the BNT

Mark 14 in the BNTABOOT

Mark 14 in the BNTLV

Mark 14 in the BOATCB2

Mark 14 in the BOBCV

Mark 14 in the BOCNT

Mark 14 in the BOECS

Mark 14 in the BOGWICC

Mark 14 in the BOHCB

Mark 14 in the BOHCV

Mark 14 in the BOHLNT

Mark 14 in the BOHNTLTAL

Mark 14 in the BOICB

Mark 14 in the BOILNTAP

Mark 14 in the BOITCV

Mark 14 in the BOKCV

Mark 14 in the BOKCV2

Mark 14 in the BOKHWOG

Mark 14 in the BOKSSV

Mark 14 in the BOLCB

Mark 14 in the BOLCB2

Mark 14 in the BOMCV

Mark 14 in the BONAV

Mark 14 in the BONCB

Mark 14 in the BONLT

Mark 14 in the BONUT2

Mark 14 in the BOPLNT

Mark 14 in the BOSCB

Mark 14 in the BOSNC

Mark 14 in the BOTLNT

Mark 14 in the BOVCB

Mark 14 in the BOYCB

Mark 14 in the BPBB

Mark 14 in the BPH

Mark 14 in the BSB

Mark 14 in the CCB

Mark 14 in the CUV

Mark 14 in the CUVS

Mark 14 in the DBT

Mark 14 in the DGDNT

Mark 14 in the DHNT

Mark 14 in the DNT

Mark 14 in the ELBE

Mark 14 in the EMTV

Mark 14 in the ESV

Mark 14 in the FBV

Mark 14 in the FEB

Mark 14 in the GGMNT

Mark 14 in the GNT

Mark 14 in the HARY

Mark 14 in the HNT

Mark 14 in the IRVA

Mark 14 in the IRVB

Mark 14 in the IRVG

Mark 14 in the IRVH

Mark 14 in the IRVK

Mark 14 in the IRVM

Mark 14 in the IRVM2

Mark 14 in the IRVO

Mark 14 in the IRVP

Mark 14 in the IRVT

Mark 14 in the IRVT2

Mark 14 in the IRVU

Mark 14 in the ISVN

Mark 14 in the JSNT

Mark 14 in the KAPI

Mark 14 in the KBT1ETNIK

Mark 14 in the KBV

Mark 14 in the KJV

Mark 14 in the KNFD

Mark 14 in the LBA

Mark 14 in the LBLA

Mark 14 in the LNT

Mark 14 in the LSV

Mark 14 in the MAAL

Mark 14 in the MBV

Mark 14 in the MBV2

Mark 14 in the MHNT

Mark 14 in the MKNFD

Mark 14 in the MNG

Mark 14 in the MNT

Mark 14 in the MNT2

Mark 14 in the MRS1T

Mark 14 in the NAA

Mark 14 in the NASB

Mark 14 in the NBLA

Mark 14 in the NBS

Mark 14 in the NBVTP

Mark 14 in the NET2

Mark 14 in the NIV11

Mark 14 in the NNT

Mark 14 in the NNT2

Mark 14 in the NNT3

Mark 14 in the PDDPT

Mark 14 in the PFNT

Mark 14 in the RMNT

Mark 14 in the SBIAS

Mark 14 in the SBIBS

Mark 14 in the SBIBS2

Mark 14 in the SBICS

Mark 14 in the SBIDS

Mark 14 in the SBIGS

Mark 14 in the SBIHS

Mark 14 in the SBIIS

Mark 14 in the SBIIS2

Mark 14 in the SBIIS3

Mark 14 in the SBIKS

Mark 14 in the SBIKS2

Mark 14 in the SBIMS

Mark 14 in the SBIOS

Mark 14 in the SBIPS

Mark 14 in the SBISS

Mark 14 in the SBITS

Mark 14 in the SBITS2

Mark 14 in the SBITS3

Mark 14 in the SBITS4

Mark 14 in the SBIUS

Mark 14 in the SBIVS

Mark 14 in the SBT

Mark 14 in the SBT1E

Mark 14 in the SCHL

Mark 14 in the SNT

Mark 14 in the SUSU

Mark 14 in the SUSU2

Mark 14 in the SYNO

Mark 14 in the TBIAOTANT

Mark 14 in the TBT1E

Mark 14 in the TBT1E2

Mark 14 in the TFTIP

Mark 14 in the TFTU

Mark 14 in the TGNTATF3T

Mark 14 in the THAI

Mark 14 in the TNFD

Mark 14 in the TNT

Mark 14 in the TNTIK

Mark 14 in the TNTIL

Mark 14 in the TNTIN

Mark 14 in the TNTIP

Mark 14 in the TNTIZ

Mark 14 in the TOMA

Mark 14 in the TTENT

Mark 14 in the UBG

Mark 14 in the UGV

Mark 14 in the UGV2

Mark 14 in the UGV3

Mark 14 in the VBL

Mark 14 in the VDCC

Mark 14 in the YALU

Mark 14 in the YAPE

Mark 14 in the YBVTP

Mark 14 in the ZBP