Mark 9 (BOATCB)

1 Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mo a mogyina ha yi mu bi bɛtena ase akɔsi sɛ mobɛhunu sɛ, Onyankopɔn Ahennie no reba tumi mu!” 2 Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi atifi. Saa ɛberɛ no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakyerae animuonyam mu. 3 Nʼatadeɛ hyerɛn yɛɛ fitafita sene sɛdeɛ obi bɛtumi ahoro saa atadeɛ no ama ayɛ fitaa no. 4 Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ! 5 Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese mmiɛnsa wɔ ha, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.” 6 Esiane sɛ na wɔabɔ hu no enti na ɛma ɔkaa saa. 7 Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.” 8 Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, wɔanhunu obiara ka Yesu ho. 9 Wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu. 10 Asuafoɔ no anka ankyerɛ obiara, na mmom, ɛyɛ a, na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, nʼasɛm a ɔkaa sɛ, “Mɛnyane afiri awufoɔ mu” no, na ɔkyerɛ sɛn? 11 Afei, nʼasuafoɔ no bisaa no deɛ enti a daa mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Onipa Ba no aba no. 12 Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yie. Ɔkaa sɛ, “Ɛnneɛ na adɛn enti na wɔatwerɛ sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane bebree na wɔapo no? 13 Nanso me se mo sɛ, Elia aba dada! Na wɔne no anni no yie sɛdeɛ adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm no.” 14 Ɛberɛ a wɔsiane bɛduruu bepɔ no ase hɔ no, wɔhunuu sɛ nnipakuo atwa asuafoɔ a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no regye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ. 15 Ɛberɛ a nnipakuo no hunuu Yesu no wɔn ho dwirii wɔn, na wɔde mmirika, bɛhyiaa no. 16 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ a na moregye no fa ɛdeɛn ho?” 17 Nnipa no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mede me ba aba ha sɛ sa no yadeɛ. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so enti, ɔntumi nkasa. 18 Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, ɛtwa no hwe fam, ma nʼano twa ahuro, ma ɔtwɛre ne se, ma ɔsensene. Ɛno enti, mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no mfiri ne mu, nanso wɔantumi.” 19 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “O, mo a mo gyidie sua, me ne mo ntena nkɔsi da bɛn ansa na mo gyidie atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.” 20 Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Ɛberɛ a wɔde no duruu Yesu anim pɛ no, yadeɛ no baa dendeenden, twaa no hwee fam, ma ɔperee ara a nʼano retwa ahuro. 21 Yesu bisaa abarimaa no agya sɛ, “Nna ahe ni a yadeɛ yi baa ne so?”Abarimaa no agya buaa Yesu sɛ, “Ɛfiri ne mmɔfraase pɛɛ; 22 na ɛtɔ ɛda bi koraa a, yadeɛ no tumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu, pɛ sɛ ɛkum no. Enti, sɛ wobɛtumi asa no yadeɛ deɛ a, hunu yɛn mmɔbɔ, na sa no yadeɛ ma yɛn.” 23 Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka sɛ, sɛ mɛtumi a? Nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama obiara a ɔgye die.” 24 Abarimaa no agya buaa sɛ, “Mewɔ gyidie nanso ɛsua, enti boa me, na hyɛ me gyidie mu den!” 25 Yesu hunuu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteaa honhommɔne no sɛ, “Honhommɔne sotifoɔ ne mumu, mehyɛ wo sɛ, firi abɔfra yi mu fi. Nkɔhyɛ ne mu bio!” 26 Afei, yadeɛ no baa dendeenden ansa na ɛrefiri ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufoɔ. Enti, nnipakuo no kasaa huhuhuhu sɛ, “Wawu.” 27 Nanso, Yesu sɔɔ ne nsa, pagyaa no ma ɔgyinaa ne nan so a ne ho atɔ no. 28 Yei akyi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nko ara wɔ efie no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn deɛ yɛantumi antu saa honhommɔne no?” 29 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mpaeɛbɔ nko ara na ɛbɛtumi atu saa yadeɛ yi.” 30 Yesu firii hɔ no, ɔfaa Galilea, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka. 31 Na ɔpɛ sɛ ɔnya berɛ ma nʼasuafoɔ no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so, ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.” 32 Asuafoɔ no ante asɛm a ɔkaeɛ yi ase, nanso na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ. 33 Yesu ne nʼasuafoɔ no baa Kapernaum. Ɛberɛ a wɔduruu efie a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Yɛreba no, ɛdeɛn akyinnyeɛ na na moregye wɔ ɛkwan so no?” 34 Asuafoɔ no antumi ammua ɛfiri sɛ, na wɔredwennwene deɛ ɔbɛyɛ wɔn mu kɛseɛ no ho. 35 Ɔtenaa ase, frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanin wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abɔfra anaa ɔsomfoɔ wɔ mo mu!” 36 Afei, ɔde abɔfra ketewa bi bɛgyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abɔfra no kyerɛɛ wɔn kaa sɛ, 37 “Mo mu biara a me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa sɛ yei no, agye me, na deɛ ɔbɛgye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no!” 38 Yohane a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhunuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne enti yɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnnyae, ɛfiri sɛ, ɔnka yɛn ho.” 39 Yesu kaa sɛ, “Monnsi no ɛkwan. Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwanwadeɛ wɔ me din mu na ɔbɛtwa ne ho atia me, 40 na obiara a ɔntia yɛn no wɔ yɛn afa. 41 Obiara a ɛsiane sɛ, moyɛ Kristo dea no enti, ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom no, nʼakatua remmɔ no da. 42 “Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me di yi mu bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, ato no atwene ɛpo mu. 43 Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode wo onipadua nyinaa bɛto amanehunu ogya 44 a ɛnnum da no mu. 45 Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode nan mmienu bɛkɔ amanehunu ogya 46 a ɛnnum da no mu.” 47 Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu ogya mu, 48 baabi a “ ‘ogya no ɛnnum da, na ɛhɔ asonsono nso nwu da.’ 49 Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene. 50 “Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛho nni mfasoɔ; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti, monnyera mo dɛ! Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.”

In Other Versions

Mark 9 in the ANGEFD

Mark 9 in the ANTPNG2D

Mark 9 in the AS21

Mark 9 in the BAGH

Mark 9 in the BBPNG

Mark 9 in the BBT1E

Mark 9 in the BDS

Mark 9 in the BEV

Mark 9 in the BHAD

Mark 9 in the BIB

Mark 9 in the BLPT

Mark 9 in the BNT

Mark 9 in the BNTABOOT

Mark 9 in the BNTLV

Mark 9 in the BOATCB2

Mark 9 in the BOBCV

Mark 9 in the BOCNT

Mark 9 in the BOECS

Mark 9 in the BOGWICC

Mark 9 in the BOHCB

Mark 9 in the BOHCV

Mark 9 in the BOHLNT

Mark 9 in the BOHNTLTAL

Mark 9 in the BOICB

Mark 9 in the BOILNTAP

Mark 9 in the BOITCV

Mark 9 in the BOKCV

Mark 9 in the BOKCV2

Mark 9 in the BOKHWOG

Mark 9 in the BOKSSV

Mark 9 in the BOLCB

Mark 9 in the BOLCB2

Mark 9 in the BOMCV

Mark 9 in the BONAV

Mark 9 in the BONCB

Mark 9 in the BONLT

Mark 9 in the BONUT2

Mark 9 in the BOPLNT

Mark 9 in the BOSCB

Mark 9 in the BOSNC

Mark 9 in the BOTLNT

Mark 9 in the BOVCB

Mark 9 in the BOYCB

Mark 9 in the BPBB

Mark 9 in the BPH

Mark 9 in the BSB

Mark 9 in the CCB

Mark 9 in the CUV

Mark 9 in the CUVS

Mark 9 in the DBT

Mark 9 in the DGDNT

Mark 9 in the DHNT

Mark 9 in the DNT

Mark 9 in the ELBE

Mark 9 in the EMTV

Mark 9 in the ESV

Mark 9 in the FBV

Mark 9 in the FEB

Mark 9 in the GGMNT

Mark 9 in the GNT

Mark 9 in the HARY

Mark 9 in the HNT

Mark 9 in the IRVA

Mark 9 in the IRVB

Mark 9 in the IRVG

Mark 9 in the IRVH

Mark 9 in the IRVK

Mark 9 in the IRVM

Mark 9 in the IRVM2

Mark 9 in the IRVO

Mark 9 in the IRVP

Mark 9 in the IRVT

Mark 9 in the IRVT2

Mark 9 in the IRVU

Mark 9 in the ISVN

Mark 9 in the JSNT

Mark 9 in the KAPI

Mark 9 in the KBT1ETNIK

Mark 9 in the KBV

Mark 9 in the KJV

Mark 9 in the KNFD

Mark 9 in the LBA

Mark 9 in the LBLA

Mark 9 in the LNT

Mark 9 in the LSV

Mark 9 in the MAAL

Mark 9 in the MBV

Mark 9 in the MBV2

Mark 9 in the MHNT

Mark 9 in the MKNFD

Mark 9 in the MNG

Mark 9 in the MNT

Mark 9 in the MNT2

Mark 9 in the MRS1T

Mark 9 in the NAA

Mark 9 in the NASB

Mark 9 in the NBLA

Mark 9 in the NBS

Mark 9 in the NBVTP

Mark 9 in the NET2

Mark 9 in the NIV11

Mark 9 in the NNT

Mark 9 in the NNT2

Mark 9 in the NNT3

Mark 9 in the PDDPT

Mark 9 in the PFNT

Mark 9 in the RMNT

Mark 9 in the SBIAS

Mark 9 in the SBIBS

Mark 9 in the SBIBS2

Mark 9 in the SBICS

Mark 9 in the SBIDS

Mark 9 in the SBIGS

Mark 9 in the SBIHS

Mark 9 in the SBIIS

Mark 9 in the SBIIS2

Mark 9 in the SBIIS3

Mark 9 in the SBIKS

Mark 9 in the SBIKS2

Mark 9 in the SBIMS

Mark 9 in the SBIOS

Mark 9 in the SBIPS

Mark 9 in the SBISS

Mark 9 in the SBITS

Mark 9 in the SBITS2

Mark 9 in the SBITS3

Mark 9 in the SBITS4

Mark 9 in the SBIUS

Mark 9 in the SBIVS

Mark 9 in the SBT

Mark 9 in the SBT1E

Mark 9 in the SCHL

Mark 9 in the SNT

Mark 9 in the SUSU

Mark 9 in the SUSU2

Mark 9 in the SYNO

Mark 9 in the TBIAOTANT

Mark 9 in the TBT1E

Mark 9 in the TBT1E2

Mark 9 in the TFTIP

Mark 9 in the TFTU

Mark 9 in the TGNTATF3T

Mark 9 in the THAI

Mark 9 in the TNFD

Mark 9 in the TNT

Mark 9 in the TNTIK

Mark 9 in the TNTIL

Mark 9 in the TNTIN

Mark 9 in the TNTIP

Mark 9 in the TNTIZ

Mark 9 in the TOMA

Mark 9 in the TTENT

Mark 9 in the UBG

Mark 9 in the UGV

Mark 9 in the UGV2

Mark 9 in the UGV3

Mark 9 in the VBL

Mark 9 in the VDCC

Mark 9 in the YALU

Mark 9 in the YAPE

Mark 9 in the YBVTP

Mark 9 in the ZBP