Mark 9 (BOATCB2)

1 Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mo a mugyina ha yi mu bi bɛtena ase akosi sɛ mubehu sɛ, Onyankopɔn ahenni no reba tumi mu!” 2 Nnansia akyi na Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Saa bere no na obiara nka wɔn ho. Ɛhɔ ara na Yesu anuonyam hyerɛn wɔ wɔn anim. 3 Nʼatade hyerɛn yɛɛ fitafita sen sɛnea obi betumi ahoro saa atade no ama ayɛ. 4 Afei Elia ne Mose befii hɔ. Na wɔne Yesu kasae! 5 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, eye sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, wo de baako, Mose de baako na Elia de baako.” 6 Esiane sɛ na wɔabɔ hu no nti na ɛma ɔkaa saa. 7 Na omununkum bɛkataa wɔn so. Nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba. Muntie no.” 8 Mpofirim a wɔhwɛɛ wɔn ho no, wɔanhu obiara ka Yesu ho. 9 Wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nea wɔahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ ɔbɛsɔre afi awufo mu. 10 Asuafo no anka ankyerɛ obiara na mmom, ɛyɛ a na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho se, nʼasɛm a ɔkae se, “Menyan afi awufo mu” no, na ɔkyerɛ dɛn? 11 Na nʼasuafo no bisaa no nea enti a mmara no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ sɛ Elia san ba kan. 12 Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yiye. Ɔkae se, “Ɛno de, na adɛn nti na wɔakyerɛw se Onipa Ba no behu amane bebree na wɔapo no? 13 Nanso mise mo sɛ, Elia aba dedaw! Na wɔne no anni no yiye sɛnea adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm no.” 14 Bere a wosian beduu bepɔw no ase hɔ no, wohuu sɛ nnipakuw atwa asuafo a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfo no regye wɔn ho wɔn ho akyinnye. 15 Bere a nnipakuw no huu Yesu no wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔde mmirika behyiaa no. 16 Yesu bisaa wɔn se, “Akyinnye a na moregye no fa dɛn ho?” 17 Nnipa no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, mede me ba aba ha sɛ sa no yare. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ontumi nkasa. 18 Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, etwa no hwe fam ma nʼano twa ahuru, twɛre ne se a wasinsen. Ɛno nti mesrɛɛ wʼasuafo no se wontu honhommɔne no mfi ne mu, nanso wɔantumi.” 19 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “O, mo a mo gyidi sua, me ne mo ntena nkosi da bɛn ansa na mo gyidi atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.” 20 Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Wɔde no duu Yesu anim ara pɛ na ɔyare no baa denneennen, twaa no hwee fam, ma ɔperee a nʼano refi ahuru. 21 Yesu bisaa abarimaa no agya se, “Nnaahe ni a ɔyare yi baa ne so?”Abarimaa no agya buaa Yesu se, “Efi ne mmofraase pɛɛ; 22 na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu pɛ sɛ ekum no. Enti sɛ wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn.” 23 Yesu bisaa no se, “Adɛn nti na woka se sɛ metumi a? Nneɛma nyinaa betumi ayɛ hɔ ama obiara a ogye di.” 24 Abarimaa no agya buae se, “Mewɔ gyidi nanso esua, enti boa me, na hyɛ me gyidi mu den!” 25 Yesu huu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteɛɛ honhommɔne no se, “Honhommɔne ɔsotifo ne mumu, mehyɛ wo sɛ, fi abofra yi mu kɔ. Nkɔhyɛ ne mu bio!” 26 Afei ɔyare no baa denneennen ansa na ɛrefi ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufo. Nnipakuw no kasaa huhuhuhu se, “Wawu.” 27 Na Yesu soo ne nsa pagyaw no ma ogyinaa ne nan so a ne ho atɔ no. 28 Eyi akyi a Yesu ne nʼasuafo no nko ara wɔ fie no, wobisaa no se, “Adɛn nti na yɛn de yɛantumi antu saa honhommɔne no?” 29 Yesu buaa wɔn se, “Mpaebɔ nko ara na ebetumi atu saa ɔyare yi.” 30 Yesu fii hɔ no ɔfaa Galilea, efisɛ na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka. 31 Na ɔpɛ sɛ onya bere ma nʼasuafo no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so no ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.” 32 Asuafo no ante asɛm a ɔkae yi ase, nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase. 33 Yesu ne nʼasuafo no baa Kapernaum. Bere a woduu ofi a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Yɛreba no dɛn akyinnye na na moregye wɔ ɔkwan so no?” 34 Asuafo no antumi ammua efisɛ na wɔredwinnwen nea ɔbɛyɛ wɔn mu ɔkɛse no ho. 35 Ɔtenaa ase frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanyin wɔ mo mu no ɛsɛ sɛ ɔyɛ abofra anaa ɔsomfo wɔ mo mu!” 36 Afei ɔde abofra ketewa bi begyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abofra no kyerɛɛ wɔn kae se, 37 “Mo mu biara a me nti obegye abofra ketewa sɛ oyi no agye me, na nea obegye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no.” 38 Yohane a ɔyɛ asuafo no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yehuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne nti yɛka kyerɛɛ no se onnyae, efisɛ ɔnka yɛn ho.” 39 Yesu kae se, “Munnsiw no kwan. Efisɛ obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwonwade wɔ me din mu na obetwa ne ho atia me. 40 Na obiara a ontia yɛn no wɔ yɛn afa. 41 Obiara a esiane sɛ, moyɛ Kristo de no nti ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom no akatua remmɔ no da. 42 “Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi mu bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, atow no akyene po mu. 43 Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛmdi bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wɔde wo nipadua nyinaa bɛto amanehunu gya 44 a ennum da no mu. 45 Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wode nan abien bɛkɔ amanehunu gya 46 a ennum da no mu.” 47 Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu 48 baabi a “ ‘ogya no ennum da na ɛhɔ asunson nso nwu da.’ 49 Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene. 50 “Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛso nni mfaso bio; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti monnyera mo dɛ. Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.”

In Other Versions

Mark 9 in the ANGEFD

Mark 9 in the ANTPNG2D

Mark 9 in the AS21

Mark 9 in the BAGH

Mark 9 in the BBPNG

Mark 9 in the BBT1E

Mark 9 in the BDS

Mark 9 in the BEV

Mark 9 in the BHAD

Mark 9 in the BIB

Mark 9 in the BLPT

Mark 9 in the BNT

Mark 9 in the BNTABOOT

Mark 9 in the BNTLV

Mark 9 in the BOATCB

Mark 9 in the BOBCV

Mark 9 in the BOCNT

Mark 9 in the BOECS

Mark 9 in the BOGWICC

Mark 9 in the BOHCB

Mark 9 in the BOHCV

Mark 9 in the BOHLNT

Mark 9 in the BOHNTLTAL

Mark 9 in the BOICB

Mark 9 in the BOILNTAP

Mark 9 in the BOITCV

Mark 9 in the BOKCV

Mark 9 in the BOKCV2

Mark 9 in the BOKHWOG

Mark 9 in the BOKSSV

Mark 9 in the BOLCB

Mark 9 in the BOLCB2

Mark 9 in the BOMCV

Mark 9 in the BONAV

Mark 9 in the BONCB

Mark 9 in the BONLT

Mark 9 in the BONUT2

Mark 9 in the BOPLNT

Mark 9 in the BOSCB

Mark 9 in the BOSNC

Mark 9 in the BOTLNT

Mark 9 in the BOVCB

Mark 9 in the BOYCB

Mark 9 in the BPBB

Mark 9 in the BPH

Mark 9 in the BSB

Mark 9 in the CCB

Mark 9 in the CUV

Mark 9 in the CUVS

Mark 9 in the DBT

Mark 9 in the DGDNT

Mark 9 in the DHNT

Mark 9 in the DNT

Mark 9 in the ELBE

Mark 9 in the EMTV

Mark 9 in the ESV

Mark 9 in the FBV

Mark 9 in the FEB

Mark 9 in the GGMNT

Mark 9 in the GNT

Mark 9 in the HARY

Mark 9 in the HNT

Mark 9 in the IRVA

Mark 9 in the IRVB

Mark 9 in the IRVG

Mark 9 in the IRVH

Mark 9 in the IRVK

Mark 9 in the IRVM

Mark 9 in the IRVM2

Mark 9 in the IRVO

Mark 9 in the IRVP

Mark 9 in the IRVT

Mark 9 in the IRVT2

Mark 9 in the IRVU

Mark 9 in the ISVN

Mark 9 in the JSNT

Mark 9 in the KAPI

Mark 9 in the KBT1ETNIK

Mark 9 in the KBV

Mark 9 in the KJV

Mark 9 in the KNFD

Mark 9 in the LBA

Mark 9 in the LBLA

Mark 9 in the LNT

Mark 9 in the LSV

Mark 9 in the MAAL

Mark 9 in the MBV

Mark 9 in the MBV2

Mark 9 in the MHNT

Mark 9 in the MKNFD

Mark 9 in the MNG

Mark 9 in the MNT

Mark 9 in the MNT2

Mark 9 in the MRS1T

Mark 9 in the NAA

Mark 9 in the NASB

Mark 9 in the NBLA

Mark 9 in the NBS

Mark 9 in the NBVTP

Mark 9 in the NET2

Mark 9 in the NIV11

Mark 9 in the NNT

Mark 9 in the NNT2

Mark 9 in the NNT3

Mark 9 in the PDDPT

Mark 9 in the PFNT

Mark 9 in the RMNT

Mark 9 in the SBIAS

Mark 9 in the SBIBS

Mark 9 in the SBIBS2

Mark 9 in the SBICS

Mark 9 in the SBIDS

Mark 9 in the SBIGS

Mark 9 in the SBIHS

Mark 9 in the SBIIS

Mark 9 in the SBIIS2

Mark 9 in the SBIIS3

Mark 9 in the SBIKS

Mark 9 in the SBIKS2

Mark 9 in the SBIMS

Mark 9 in the SBIOS

Mark 9 in the SBIPS

Mark 9 in the SBISS

Mark 9 in the SBITS

Mark 9 in the SBITS2

Mark 9 in the SBITS3

Mark 9 in the SBITS4

Mark 9 in the SBIUS

Mark 9 in the SBIVS

Mark 9 in the SBT

Mark 9 in the SBT1E

Mark 9 in the SCHL

Mark 9 in the SNT

Mark 9 in the SUSU

Mark 9 in the SUSU2

Mark 9 in the SYNO

Mark 9 in the TBIAOTANT

Mark 9 in the TBT1E

Mark 9 in the TBT1E2

Mark 9 in the TFTIP

Mark 9 in the TFTU

Mark 9 in the TGNTATF3T

Mark 9 in the THAI

Mark 9 in the TNFD

Mark 9 in the TNT

Mark 9 in the TNTIK

Mark 9 in the TNTIL

Mark 9 in the TNTIN

Mark 9 in the TNTIP

Mark 9 in the TNTIZ

Mark 9 in the TOMA

Mark 9 in the TTENT

Mark 9 in the UBG

Mark 9 in the UGV

Mark 9 in the UGV2

Mark 9 in the UGV3

Mark 9 in the VBL

Mark 9 in the VDCC

Mark 9 in the YALU

Mark 9 in the YAPE

Mark 9 in the YBVTP

Mark 9 in the ZBP