Numbers 24 (BOATCB)
1 Afei, Balaam hunuu sɛ AWURADE pɛ sɛ ɔhyira Israel. Yei enti, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ ɛserɛ no so, 2 hunuu sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no abobɔ wɔn atenaeɛ. Afei, Onyankopɔn honhom baa ne so, 3 na yei ne nkɔmhyɛ a ɔmaaeɛ:“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie, 4 deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;na ɔda fam, a nʼani gu so: 5 “Ao Yakob, mo ntomadan yɛ fɛ,Ao Israel, mo afie yɛ ahomeka. 6 “Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo,te sɛ nturo frɔmfrɔm wɔ asubɔnten ho.Wɔte sɛ pɛperɛ a AWURADE adua,te sɛ ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho. 7 Wɔbɛnya nsuo bebree.Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa. “Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag;wɔn ahennie bɛkorɔn. 8 “Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba;ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie.Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa,ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini,ɔto bɛmma wowɔ wɔn. 9 Israel butu hɔ sɛ gyata;ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no? “Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo,na nnome nka obiara a ɔdome wo.” 10 Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa. 11 Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, AWURADE de akame wo!” 12 Balaam buaa no sɛ, “Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa sɛ, 13 ‘Sɛ Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ hɔ ma koraa a, menni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia AWURADE apɛdeɛ.’ Meka kyerɛɛ wo sɛ asɛm a AWURADE aka no nko ara na mɛka. 14 Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.” 15 Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ:“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie, 16 deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni nodeɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;na ɔda fam, a nʼani gu so: 17 “Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei;mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri.Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu!Ahempoma bɛfiri Israel mu.Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri,na wapaapae Moab mma tikwankora. 18 Wɔbɛfa Edom,na Seir a ɔyɛ ne ɔtamfoɔ no, wɔbɛdi ne so nkonim,na Israel bɛkɔ so adi nkonim. 19 Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob muɔno na ɔbɛsɛe Ir nkaeɛfoɔ.” 20 Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfoɔ fie hyɛɛ nkɔm sɛ,“Amalek na na ɛyɛ aman nyinaa abakan,nanso ne hyɛberɛ ne ɔsɛeɛ!” 21 Afei, ɔhwɛɛ Kenifoɔ hyɛɛ nkɔm sɛ,“Mo atenaeɛ yɛ pa ara,wanwono mo pirebuo wɔ abotan mu. 22 Nanso, wɔbɛsɛe Kenifoɔɛberɛ a Asurhene afa mo nnomum.” 23 Nsɛm a ɔde wiee ne nkɔmhyɛ no ne sɛ:“Aa, sɛ Onyankopɔn yɛ sei a, hwan na ɔbɛtena nkwa mu? 24 Ahyɛn bɛfiri Kipro mpoano abaNa abɛka Eber ne Asur ahyɛ.Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.” 25 Enti, Balaam ne Balak sane kɔɔ wɔn kurom.
In Other Versions
Numbers 24 in the ANGEFD
Numbers 24 in the ANTPNG2D
Numbers 24 in the AS21
Numbers 24 in the BAGH
Numbers 24 in the BBPNG
Numbers 24 in the BBT1E
Numbers 24 in the BDS
Numbers 24 in the BEV
Numbers 24 in the BHAD
Numbers 24 in the BIB
Numbers 24 in the BLPT
Numbers 24 in the BNT
Numbers 24 in the BNTABOOT
Numbers 24 in the BNTLV
Numbers 24 in the BOATCB2
Numbers 24 in the BOBCV
Numbers 24 in the BOCNT
Numbers 24 in the BOECS
Numbers 24 in the BOGWICC
Numbers 24 in the BOHCB
Numbers 24 in the BOHCV
Numbers 24 in the BOHLNT
Numbers 24 in the BOHNTLTAL
Numbers 24 in the BOICB
Numbers 24 in the BOILNTAP
Numbers 24 in the BOITCV
Numbers 24 in the BOKCV
Numbers 24 in the BOKCV2
Numbers 24 in the BOKHWOG
Numbers 24 in the BOKSSV
Numbers 24 in the BOLCB
Numbers 24 in the BOLCB2
Numbers 24 in the BOMCV
Numbers 24 in the BONAV
Numbers 24 in the BONCB
Numbers 24 in the BONLT
Numbers 24 in the BONUT2
Numbers 24 in the BOPLNT
Numbers 24 in the BOSCB
Numbers 24 in the BOSNC
Numbers 24 in the BOTLNT
Numbers 24 in the BOVCB
Numbers 24 in the BOYCB
Numbers 24 in the BPBB
Numbers 24 in the BPH
Numbers 24 in the BSB
Numbers 24 in the CCB
Numbers 24 in the CUV
Numbers 24 in the CUVS
Numbers 24 in the DBT
Numbers 24 in the DGDNT
Numbers 24 in the DHNT
Numbers 24 in the DNT
Numbers 24 in the ELBE
Numbers 24 in the EMTV
Numbers 24 in the ESV
Numbers 24 in the FBV
Numbers 24 in the FEB
Numbers 24 in the GGMNT
Numbers 24 in the GNT
Numbers 24 in the HARY
Numbers 24 in the HNT
Numbers 24 in the IRVA
Numbers 24 in the IRVB
Numbers 24 in the IRVG
Numbers 24 in the IRVH
Numbers 24 in the IRVK
Numbers 24 in the IRVM
Numbers 24 in the IRVM2
Numbers 24 in the IRVO
Numbers 24 in the IRVP
Numbers 24 in the IRVT
Numbers 24 in the IRVT2
Numbers 24 in the IRVU
Numbers 24 in the ISVN
Numbers 24 in the JSNT
Numbers 24 in the KAPI
Numbers 24 in the KBT1ETNIK
Numbers 24 in the KBV
Numbers 24 in the KJV
Numbers 24 in the KNFD
Numbers 24 in the LBA
Numbers 24 in the LBLA
Numbers 24 in the LNT
Numbers 24 in the LSV
Numbers 24 in the MAAL
Numbers 24 in the MBV
Numbers 24 in the MBV2
Numbers 24 in the MHNT
Numbers 24 in the MKNFD
Numbers 24 in the MNG
Numbers 24 in the MNT
Numbers 24 in the MNT2
Numbers 24 in the MRS1T
Numbers 24 in the NAA
Numbers 24 in the NASB
Numbers 24 in the NBLA
Numbers 24 in the NBS
Numbers 24 in the NBVTP
Numbers 24 in the NET2
Numbers 24 in the NIV11
Numbers 24 in the NNT
Numbers 24 in the NNT2
Numbers 24 in the NNT3
Numbers 24 in the PDDPT
Numbers 24 in the PFNT
Numbers 24 in the RMNT
Numbers 24 in the SBIAS
Numbers 24 in the SBIBS
Numbers 24 in the SBIBS2
Numbers 24 in the SBICS
Numbers 24 in the SBIDS
Numbers 24 in the SBIGS
Numbers 24 in the SBIHS
Numbers 24 in the SBIIS
Numbers 24 in the SBIIS2
Numbers 24 in the SBIIS3
Numbers 24 in the SBIKS
Numbers 24 in the SBIKS2
Numbers 24 in the SBIMS
Numbers 24 in the SBIOS
Numbers 24 in the SBIPS
Numbers 24 in the SBISS
Numbers 24 in the SBITS
Numbers 24 in the SBITS2
Numbers 24 in the SBITS3
Numbers 24 in the SBITS4
Numbers 24 in the SBIUS
Numbers 24 in the SBIVS
Numbers 24 in the SBT
Numbers 24 in the SBT1E
Numbers 24 in the SCHL
Numbers 24 in the SNT
Numbers 24 in the SUSU
Numbers 24 in the SUSU2
Numbers 24 in the SYNO
Numbers 24 in the TBIAOTANT
Numbers 24 in the TBT1E
Numbers 24 in the TBT1E2
Numbers 24 in the TFTIP
Numbers 24 in the TFTU
Numbers 24 in the TGNTATF3T
Numbers 24 in the THAI
Numbers 24 in the TNFD
Numbers 24 in the TNT
Numbers 24 in the TNTIK
Numbers 24 in the TNTIL
Numbers 24 in the TNTIN
Numbers 24 in the TNTIP
Numbers 24 in the TNTIZ
Numbers 24 in the TOMA
Numbers 24 in the TTENT
Numbers 24 in the UBG
Numbers 24 in the UGV
Numbers 24 in the UGV2
Numbers 24 in the UGV3
Numbers 24 in the VBL
Numbers 24 in the VDCC
Numbers 24 in the YALU
Numbers 24 in the YAPE
Numbers 24 in the YBVTP
Numbers 24 in the ZBP