Numbers 24 (BOATCB2)

1 Afei, Balaam huu sɛ ɛsɔ AWURADE ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa yɛ no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so. 2 Bere a Balaam huu sɛ Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so, 3 na eyi ne nkɔmhyɛ a ɔmae:“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,nkɔmhyɛ a efi obi a nʼani hu ade yiye, 4 nea ɔte Onyankopɔn nsɛm nkɔmhyɛ;nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ;na ɔda fam, a nʼani hu ade: 5 “Yakob, mo ntamadan yɛ fɛ,Israel, mo atenae yɛ ahomeka! 6 “Ɛtrɛtrɛw sɛ abon,sɛ nturo a ɛwɔ asubɔnten ho.Wɔte sɛ pɛprɛ a AWURADE adua,te sɛ sida a esisi nsu ho. 7 Nsu bɛsen afi wɔn ahina mu.Wɔn aba benya nsu ama aboro so. “Wɔn hene bɛyɛ kɛse asen Agag;wɔn ahenni bɛkorɔn. 8 “Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae;wɔwɔ ahoɔden sɛ wuram nantwi.Wɔsɛe atirimɔdenfo amanna wobubu wɔn nnompe mu asinasin,wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn. 9 Wobutuw da sɛ gyata;te sɛ gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn? “Wobehyira wɔn a wohyira wo,na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.” 10 Balak bo fuw Balaam. Ɔbɔɔ ne nsam guu ne so kae se, “Mefrɛɛ wo se bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mprɛnsa yi nyinaa. 11 Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, AWURADE amma woannya akyɛde no.” 12 Balaam buaa no se, “So manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn baa me nkyɛn no se, 13 ‘Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa koraa a, minni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia AWURADE ahyɛde, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ Mmom nea AWURADE aka no nko ara na ɛsɛ sɛ meka. 14 Afei, meresan akɔ me nkurɔfo nkyɛn. Nanso ma menka nea Israelfo no bɛyɛ wo nkurɔfo no daakye no nkyerɛ wo.” 15 Eyi ne nkɔmhyɛ a Balaam de mae:“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,nkɔmhyɛ a efi ɔbarima a nʼani hu ade yiye, 16 nea ɔte Onyankopɔn nsɛm no nkɔmhyɛ,nea ɔwɔ nimdeɛ a efi Ɔsorosoroni no hɔ,nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ,na ɔda fam, a nʼani hu ade no: 17 “Mihu no, nanso ɛnyɛ mprempren;mehwɛ no, nanso ɔmmɛn.Nsoromma bepue afi Yakob mu;ahempema bepue afi Israel mu.Ɔbɛdwerɛw Moabfo ti,Moabfo nyinaa tikora. 18 Wɔbɛfa Edom,na Seir a ɔyɛ ne tamfo no, wobedi ne so nkonim,na Israel bɛkɔ so ayɛ den. 19 Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob muɔno na ɔbɛsɛe kurow no mu nkaefo.” 20 Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfo na ɔhyɛɛ nkɔm:“Amalek na na ɔyɛ aman nyinaa abakan,nanso nʼawiei bɛyɛ ɔsɛe pasaa.” 21 Afei, ohuu Kenifo, na ɔhyɛɛ ne nkɔm:“Mo atenae wɔ bammɔ,wɔanwen mo berebuw wɔ abotan mu; 22 Nanso wɔbɛsɛe mo Kenifobere a Asur fa mo nnommum no.” 23 Afei ɔhyɛɛ ne nkɔm:“Aa! Sɛ Onyankopɔn yɛ sɛɛ a, hena na ɔbɛtena nkwa mu? 24 Ahyɛn befi Kipro mpoano aba;wobedi Eber ne Asur so.Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.” 25 Afei, Balaam sɔree na ɔsan kɔɔ ne kurom, na Balak nso kɔɔ ne kwan.

In Other Versions

Numbers 24 in the ANGEFD

Numbers 24 in the ANTPNG2D

Numbers 24 in the AS21

Numbers 24 in the BAGH

Numbers 24 in the BBPNG

Numbers 24 in the BBT1E

Numbers 24 in the BDS

Numbers 24 in the BEV

Numbers 24 in the BHAD

Numbers 24 in the BIB

Numbers 24 in the BLPT

Numbers 24 in the BNT

Numbers 24 in the BNTABOOT

Numbers 24 in the BNTLV

Numbers 24 in the BOATCB

Numbers 24 in the BOBCV

Numbers 24 in the BOCNT

Numbers 24 in the BOECS

Numbers 24 in the BOGWICC

Numbers 24 in the BOHCB

Numbers 24 in the BOHCV

Numbers 24 in the BOHLNT

Numbers 24 in the BOHNTLTAL

Numbers 24 in the BOICB

Numbers 24 in the BOILNTAP

Numbers 24 in the BOITCV

Numbers 24 in the BOKCV

Numbers 24 in the BOKCV2

Numbers 24 in the BOKHWOG

Numbers 24 in the BOKSSV

Numbers 24 in the BOLCB

Numbers 24 in the BOLCB2

Numbers 24 in the BOMCV

Numbers 24 in the BONAV

Numbers 24 in the BONCB

Numbers 24 in the BONLT

Numbers 24 in the BONUT2

Numbers 24 in the BOPLNT

Numbers 24 in the BOSCB

Numbers 24 in the BOSNC

Numbers 24 in the BOTLNT

Numbers 24 in the BOVCB

Numbers 24 in the BOYCB

Numbers 24 in the BPBB

Numbers 24 in the BPH

Numbers 24 in the BSB

Numbers 24 in the CCB

Numbers 24 in the CUV

Numbers 24 in the CUVS

Numbers 24 in the DBT

Numbers 24 in the DGDNT

Numbers 24 in the DHNT

Numbers 24 in the DNT

Numbers 24 in the ELBE

Numbers 24 in the EMTV

Numbers 24 in the ESV

Numbers 24 in the FBV

Numbers 24 in the FEB

Numbers 24 in the GGMNT

Numbers 24 in the GNT

Numbers 24 in the HARY

Numbers 24 in the HNT

Numbers 24 in the IRVA

Numbers 24 in the IRVB

Numbers 24 in the IRVG

Numbers 24 in the IRVH

Numbers 24 in the IRVK

Numbers 24 in the IRVM

Numbers 24 in the IRVM2

Numbers 24 in the IRVO

Numbers 24 in the IRVP

Numbers 24 in the IRVT

Numbers 24 in the IRVT2

Numbers 24 in the IRVU

Numbers 24 in the ISVN

Numbers 24 in the JSNT

Numbers 24 in the KAPI

Numbers 24 in the KBT1ETNIK

Numbers 24 in the KBV

Numbers 24 in the KJV

Numbers 24 in the KNFD

Numbers 24 in the LBA

Numbers 24 in the LBLA

Numbers 24 in the LNT

Numbers 24 in the LSV

Numbers 24 in the MAAL

Numbers 24 in the MBV

Numbers 24 in the MBV2

Numbers 24 in the MHNT

Numbers 24 in the MKNFD

Numbers 24 in the MNG

Numbers 24 in the MNT

Numbers 24 in the MNT2

Numbers 24 in the MRS1T

Numbers 24 in the NAA

Numbers 24 in the NASB

Numbers 24 in the NBLA

Numbers 24 in the NBS

Numbers 24 in the NBVTP

Numbers 24 in the NET2

Numbers 24 in the NIV11

Numbers 24 in the NNT

Numbers 24 in the NNT2

Numbers 24 in the NNT3

Numbers 24 in the PDDPT

Numbers 24 in the PFNT

Numbers 24 in the RMNT

Numbers 24 in the SBIAS

Numbers 24 in the SBIBS

Numbers 24 in the SBIBS2

Numbers 24 in the SBICS

Numbers 24 in the SBIDS

Numbers 24 in the SBIGS

Numbers 24 in the SBIHS

Numbers 24 in the SBIIS

Numbers 24 in the SBIIS2

Numbers 24 in the SBIIS3

Numbers 24 in the SBIKS

Numbers 24 in the SBIKS2

Numbers 24 in the SBIMS

Numbers 24 in the SBIOS

Numbers 24 in the SBIPS

Numbers 24 in the SBISS

Numbers 24 in the SBITS

Numbers 24 in the SBITS2

Numbers 24 in the SBITS3

Numbers 24 in the SBITS4

Numbers 24 in the SBIUS

Numbers 24 in the SBIVS

Numbers 24 in the SBT

Numbers 24 in the SBT1E

Numbers 24 in the SCHL

Numbers 24 in the SNT

Numbers 24 in the SUSU

Numbers 24 in the SUSU2

Numbers 24 in the SYNO

Numbers 24 in the TBIAOTANT

Numbers 24 in the TBT1E

Numbers 24 in the TBT1E2

Numbers 24 in the TFTIP

Numbers 24 in the TFTU

Numbers 24 in the TGNTATF3T

Numbers 24 in the THAI

Numbers 24 in the TNFD

Numbers 24 in the TNT

Numbers 24 in the TNTIK

Numbers 24 in the TNTIL

Numbers 24 in the TNTIN

Numbers 24 in the TNTIP

Numbers 24 in the TNTIZ

Numbers 24 in the TOMA

Numbers 24 in the TTENT

Numbers 24 in the UBG

Numbers 24 in the UGV

Numbers 24 in the UGV2

Numbers 24 in the UGV3

Numbers 24 in the VBL

Numbers 24 in the VDCC

Numbers 24 in the YALU

Numbers 24 in the YAPE

Numbers 24 in the YBVTP

Numbers 24 in the ZBP