Numbers 6 (BOATCB)

1 AWURADE sane ka kyerɛɛ Mose sɛ 2 ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, “Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa kɔyɛ Nasareni de te ne ho wɔ AWURADE anim a, 3 ɛno akyi, saa ɛberɛ a ɔwɔ ahoteɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔnom nsã a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsã a emu ka. 4 Saa ɛberɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔdi biribiara a ɛfiri bobe mu, sɛ ɛyɛ nʼaba anaa ne hono. 5 “Saa ɛberɛ no mu no, ɛnsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron na wɔate ne ho ama AWURADE; ɛno enti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tirinwi fu no. 6 “AWURADE bɔhyɛ no nna no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ owufoɔ ho. 7 Sɛ owufoɔ no yɛ nʼagya, ne maame, ne nuabarima anaa ne nuabaa koraa a, ɔnnkɔ ne ho, ɛfiri sɛ, ne bɔ a ɔhyɛ de tee ne ho no, ɔda so hyɛ aseɛ, 8 na saa ɛberɛ no mu nyinaa, wɔate ne ho ama AWURADE. 9 “Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi, ɛsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi a ɛho agu fi no. Afei, wɔbɛdwira ne ho afiri efi a owufoɔ no de aka no no. 10 Nʼadekyeeɛ a ɛyɛ ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu brɛ ɔsɔfoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. 11 Ɔsɔfoɔ no de nnomaa no mu baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde ɔbaako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ayɛ mpatadeɛ ama deɛ ne ho agu fi no. Na ɛda no ara, ɛsɛ sɛ ɔti ne bɔhyɛ mu na ɔsane ma ne tirinwi no fu bio. 12 Nna dodoɔ a ɔdii ne bɔhyɛ a ɛdi ɛkan no so no nyinaa ahye agu. Ɔbɛhyɛ AWURADE bɔ foforɔ de afiri aseɛ, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ. 13 “Ɛda a ne bɔhyɛ a ɛte ɔno ne AWURADE ntam no wie duru no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano 14 kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE. Ɔde odwan ba a wadi afe a ɔnnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwanbereɛ a wadi afe a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini a ɔnnii dɛm bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ. 15 Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne burodo a mmɔreka mfra mu, asikyiresiam taterɛ a wɔde ngo afra; burodo ntrawa bi a mmɔreka mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. 16 “Ɔsɔfoɔ no de saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa bɛba AWURADE anim. Deɛ ɔde bɛdi ɛkan aba no yɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ, 17 afei, odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a burodo kɛntɛnma a mmɔreka nni mu nso ka ho. Na deɛ ɛtwa toɔ a ɔde bɛba no ne aduane ne nsã afɔdeɛ a ɔde bɛma AWURADE. 18 “Afei, ɔhotuafo no bɛyi ne tirinwi a afu kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnnedeɛ a ɛkyerɛ sɛ, ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ yei wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔrebɔ no wɔ ogya mu no ahye no. 19 “Wɔayi ɔbarima no tirinwi no awie no, ɔsɔfoɔ no de odwennini no basa a wɔatoto, taterɛ a mmɔreka nni mu no baako ne burodo ntrawa a mmɔreka nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam. 20 Ɔsɔfoɔ no bɛhim no akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ AWURADE anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema AWURADE. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho te ma ɔsɔfoɔ no. Wɔbɛyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ odwennini no basa mu mfempadeɛ a wɔhim no wɔ AWURADE anim no. Yei akyi no, ɔhotuafoɔ no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ, wɔayi no afiri ne bɔhyɛ no mu. 21 “Yeinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahodoɔ brɛ AWURADE. Saa afɔrebɔ yi akyi no, ɔtumi de afɔrebɔdeɛ biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.” 22 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyira Israelfoɔ yi sononko sɛ: 24 “ ‘AWURADE nhyira mona ɔnhwɛ mo so. 25 AWURADE nte nʼanim nkyerɛ mona ɔnnom mo. 26 AWURADE mma nʼani so nhwɛ mona ɔmma mo asomdwoeɛ.’ 27 “Saa na ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mmammarima hyira Israelfoɔ, na mʼankasa nso mɛhyira wɔn.”

In Other Versions

Numbers 6 in the ANGEFD

Numbers 6 in the ANTPNG2D

Numbers 6 in the AS21

Numbers 6 in the BAGH

Numbers 6 in the BBPNG

Numbers 6 in the BBT1E

Numbers 6 in the BDS

Numbers 6 in the BEV

Numbers 6 in the BHAD

Numbers 6 in the BIB

Numbers 6 in the BLPT

Numbers 6 in the BNT

Numbers 6 in the BNTABOOT

Numbers 6 in the BNTLV

Numbers 6 in the BOATCB2

Numbers 6 in the BOBCV

Numbers 6 in the BOCNT

Numbers 6 in the BOECS

Numbers 6 in the BOGWICC

Numbers 6 in the BOHCB

Numbers 6 in the BOHCV

Numbers 6 in the BOHLNT

Numbers 6 in the BOHNTLTAL

Numbers 6 in the BOICB

Numbers 6 in the BOILNTAP

Numbers 6 in the BOITCV

Numbers 6 in the BOKCV

Numbers 6 in the BOKCV2

Numbers 6 in the BOKHWOG

Numbers 6 in the BOKSSV

Numbers 6 in the BOLCB

Numbers 6 in the BOLCB2

Numbers 6 in the BOMCV

Numbers 6 in the BONAV

Numbers 6 in the BONCB

Numbers 6 in the BONLT

Numbers 6 in the BONUT2

Numbers 6 in the BOPLNT

Numbers 6 in the BOSCB

Numbers 6 in the BOSNC

Numbers 6 in the BOTLNT

Numbers 6 in the BOVCB

Numbers 6 in the BOYCB

Numbers 6 in the BPBB

Numbers 6 in the BPH

Numbers 6 in the BSB

Numbers 6 in the CCB

Numbers 6 in the CUV

Numbers 6 in the CUVS

Numbers 6 in the DBT

Numbers 6 in the DGDNT

Numbers 6 in the DHNT

Numbers 6 in the DNT

Numbers 6 in the ELBE

Numbers 6 in the EMTV

Numbers 6 in the ESV

Numbers 6 in the FBV

Numbers 6 in the FEB

Numbers 6 in the GGMNT

Numbers 6 in the GNT

Numbers 6 in the HARY

Numbers 6 in the HNT

Numbers 6 in the IRVA

Numbers 6 in the IRVB

Numbers 6 in the IRVG

Numbers 6 in the IRVH

Numbers 6 in the IRVK

Numbers 6 in the IRVM

Numbers 6 in the IRVM2

Numbers 6 in the IRVO

Numbers 6 in the IRVP

Numbers 6 in the IRVT

Numbers 6 in the IRVT2

Numbers 6 in the IRVU

Numbers 6 in the ISVN

Numbers 6 in the JSNT

Numbers 6 in the KAPI

Numbers 6 in the KBT1ETNIK

Numbers 6 in the KBV

Numbers 6 in the KJV

Numbers 6 in the KNFD

Numbers 6 in the LBA

Numbers 6 in the LBLA

Numbers 6 in the LNT

Numbers 6 in the LSV

Numbers 6 in the MAAL

Numbers 6 in the MBV

Numbers 6 in the MBV2

Numbers 6 in the MHNT

Numbers 6 in the MKNFD

Numbers 6 in the MNG

Numbers 6 in the MNT

Numbers 6 in the MNT2

Numbers 6 in the MRS1T

Numbers 6 in the NAA

Numbers 6 in the NASB

Numbers 6 in the NBLA

Numbers 6 in the NBS

Numbers 6 in the NBVTP

Numbers 6 in the NET2

Numbers 6 in the NIV11

Numbers 6 in the NNT

Numbers 6 in the NNT2

Numbers 6 in the NNT3

Numbers 6 in the PDDPT

Numbers 6 in the PFNT

Numbers 6 in the RMNT

Numbers 6 in the SBIAS

Numbers 6 in the SBIBS

Numbers 6 in the SBIBS2

Numbers 6 in the SBICS

Numbers 6 in the SBIDS

Numbers 6 in the SBIGS

Numbers 6 in the SBIHS

Numbers 6 in the SBIIS

Numbers 6 in the SBIIS2

Numbers 6 in the SBIIS3

Numbers 6 in the SBIKS

Numbers 6 in the SBIKS2

Numbers 6 in the SBIMS

Numbers 6 in the SBIOS

Numbers 6 in the SBIPS

Numbers 6 in the SBISS

Numbers 6 in the SBITS

Numbers 6 in the SBITS2

Numbers 6 in the SBITS3

Numbers 6 in the SBITS4

Numbers 6 in the SBIUS

Numbers 6 in the SBIVS

Numbers 6 in the SBT

Numbers 6 in the SBT1E

Numbers 6 in the SCHL

Numbers 6 in the SNT

Numbers 6 in the SUSU

Numbers 6 in the SUSU2

Numbers 6 in the SYNO

Numbers 6 in the TBIAOTANT

Numbers 6 in the TBT1E

Numbers 6 in the TBT1E2

Numbers 6 in the TFTIP

Numbers 6 in the TFTU

Numbers 6 in the TGNTATF3T

Numbers 6 in the THAI

Numbers 6 in the TNFD

Numbers 6 in the TNT

Numbers 6 in the TNTIK

Numbers 6 in the TNTIL

Numbers 6 in the TNTIN

Numbers 6 in the TNTIP

Numbers 6 in the TNTIZ

Numbers 6 in the TOMA

Numbers 6 in the TTENT

Numbers 6 in the UBG

Numbers 6 in the UGV

Numbers 6 in the UGV2

Numbers 6 in the UGV3

Numbers 6 in the VBL

Numbers 6 in the VDCC

Numbers 6 in the YALU

Numbers 6 in the YAPE

Numbers 6 in the YBVTP

Numbers 6 in the ZBP