Numbers 6 (BOATCB2)
1 AWURADE san ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima anaa ɔbea kɔyɛ Nasareni de tew ne ho wɔ AWURADE anim a, 3 ɛno akyi, saa bere a ɔwɔ ahotew no mu no, onni ho kwan sɛ ɔnom nsa a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsa a emu kaw. 4 Saa bere no mu no, onni ho kwan sɛ odi biribiara a efi bobe mu, sɛ ɛyɛ nʼaba anaa ne hono. 5 “Saa bere no mu no, ɛnsɛ sɛ oyi ne tinwi, efisɛ ɔyɛ kronkron na wɔatew ne ho ama AWURADE; ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tinwi fuw no. 6 “Ne bɔhyɛ no nna no mu a watew ne ho ama AWURADE no, onni ho kwan sɛ ɔkɔ owufo ho. 7 Sɛ owufo no yɛ nʼagya, ne na, ne nuabarima anaa ne nuabea koraa a, ɔnnkɔ ne ho, efisɛ ɔda so hyɛ ne bɔ a ɔhyɛ de tew ne ho maa Onyankopɔn no ase. 8 Saa bere no mu nyinaa, wɔatew ne ho ama AWURADE. 9 “Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi no, ɛsɛ sɛ oyi ne tinwi a ɛho agu fi no. Afei, wobedwira ne ho afi fi a owufo no de aka no no ho. 10 Nʼadekyee a ɛyɛ da a ɛto so awotwe no, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien brɛ ɔsɔfo wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 11 Ɔsɔfo no de nnomaa no mu baako bɛbɔ bɔne ho afɔre na ɔde ɔbaako abɔ ɔhyew afɔre, na ayɛ mpata ama nea ne ho agu fi no. Na da no ara, ɛsɛ sɛ oti ne bɔhyɛ mu na ɔsan ma ne tinwi no fuw bio. 12 Nna dodow a odii wɔ ne bɔhyɛ a edi kan no mu no nyinaa ahyew agu. Ɔbɛhyɛ AWURADE bɔ foforo de afi ase, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ afɔdi ho afɔre. 13 “Da a ne bɔhyɛ a ɛtew ɔno ne AWURADE ntam no wie du no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiae Ntamadan no ano. 14 Ɛhɔ na ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre ama AWURADE. Ɔde oguan ba a wadi afe a onnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔre no. Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere a wadi afe a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini a onnii dɛm bɔ asomdwoe afɔre. 15 Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne brodo a mmɔkaw mfra mu, asikresiam tetare a wɔde ngo afra; brodo ntrantraa bi a mmɔkaw mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduan ne nsa afɔrebɔde ka ho. 16 “Ɛsɛ sɛ Ɔsɔfo no de saa afɔrebɔde yi nyinaa ba AWURADE anim na wabɛbɔ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre. 17 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoe afɔre a brodo kɛntɛnma a mmɔkaw nni mu nso ka ho na ɔde abɛbɔ aduan ne nsa afɔre. 18 “Afei, ɔhotuafo no beyi ne tinwi a afuw kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ eyi wɔ Ahyiae Ntamadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoe afɔre a wɔrebɔ no wɔ gya mu no ahyew no. 19 “Wɔayi ɔbarima no tinwi no awie no, ɔsɔfo no de odwennini no basa a wɔatoto tetare a mmɔkaw nni mu no baako ne brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam. 20 Ɔsɔfo no behim akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ AWURADE anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema AWURADE. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho tew ma ɔsɔfo no. Wɔbɛyɛ no sɛnea wɔyɛ odwennini no basa mu mfe mparow a wohim no wɔ AWURADE anim no. Eyi akyi no, ɔhotuafo no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ wɔayi no afi ne bɔhyɛ no mu. 21 “Eyinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahorow brɛ AWURADE. Saa afɔrebɔ yi akyi no, otumi de afɔrebɔde biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.” 22 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima no se, ɛsɛ sɛ wohyira Israelfo yi sononko sɛ: 24 “ ‘AWURADE nhyira mona ɔnhwɛ mo so. 25 AWURADE ntew nʼanim nkyerɛ mona ɔnnom mo. 26 AWURADE mma nʼani so nhwɛ mona ɔmma mo asomdwoe.’ 27 “Saa na ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mmabarima hyira Israelfo, na mʼankasa nso mehyira wɔn.”
In Other Versions
Numbers 6 in the ANGEFD
Numbers 6 in the ANTPNG2D
Numbers 6 in the AS21
Numbers 6 in the BAGH
Numbers 6 in the BBPNG
Numbers 6 in the BBT1E
Numbers 6 in the BDS
Numbers 6 in the BEV
Numbers 6 in the BHAD
Numbers 6 in the BIB
Numbers 6 in the BLPT
Numbers 6 in the BNT
Numbers 6 in the BNTABOOT
Numbers 6 in the BNTLV
Numbers 6 in the BOATCB
Numbers 6 in the BOBCV
Numbers 6 in the BOCNT
Numbers 6 in the BOECS
Numbers 6 in the BOGWICC
Numbers 6 in the BOHCB
Numbers 6 in the BOHCV
Numbers 6 in the BOHLNT
Numbers 6 in the BOHNTLTAL
Numbers 6 in the BOICB
Numbers 6 in the BOILNTAP
Numbers 6 in the BOITCV
Numbers 6 in the BOKCV
Numbers 6 in the BOKCV2
Numbers 6 in the BOKHWOG
Numbers 6 in the BOKSSV
Numbers 6 in the BOLCB
Numbers 6 in the BOLCB2
Numbers 6 in the BOMCV
Numbers 6 in the BONAV
Numbers 6 in the BONCB
Numbers 6 in the BONLT
Numbers 6 in the BONUT2
Numbers 6 in the BOPLNT
Numbers 6 in the BOSCB
Numbers 6 in the BOSNC
Numbers 6 in the BOTLNT
Numbers 6 in the BOVCB
Numbers 6 in the BOYCB
Numbers 6 in the BPBB
Numbers 6 in the BPH
Numbers 6 in the BSB
Numbers 6 in the CCB
Numbers 6 in the CUV
Numbers 6 in the CUVS
Numbers 6 in the DBT
Numbers 6 in the DGDNT
Numbers 6 in the DHNT
Numbers 6 in the DNT
Numbers 6 in the ELBE
Numbers 6 in the EMTV
Numbers 6 in the ESV
Numbers 6 in the FBV
Numbers 6 in the FEB
Numbers 6 in the GGMNT
Numbers 6 in the GNT
Numbers 6 in the HARY
Numbers 6 in the HNT
Numbers 6 in the IRVA
Numbers 6 in the IRVB
Numbers 6 in the IRVG
Numbers 6 in the IRVH
Numbers 6 in the IRVK
Numbers 6 in the IRVM
Numbers 6 in the IRVM2
Numbers 6 in the IRVO
Numbers 6 in the IRVP
Numbers 6 in the IRVT
Numbers 6 in the IRVT2
Numbers 6 in the IRVU
Numbers 6 in the ISVN
Numbers 6 in the JSNT
Numbers 6 in the KAPI
Numbers 6 in the KBT1ETNIK
Numbers 6 in the KBV
Numbers 6 in the KJV
Numbers 6 in the KNFD
Numbers 6 in the LBA
Numbers 6 in the LBLA
Numbers 6 in the LNT
Numbers 6 in the LSV
Numbers 6 in the MAAL
Numbers 6 in the MBV
Numbers 6 in the MBV2
Numbers 6 in the MHNT
Numbers 6 in the MKNFD
Numbers 6 in the MNG
Numbers 6 in the MNT
Numbers 6 in the MNT2
Numbers 6 in the MRS1T
Numbers 6 in the NAA
Numbers 6 in the NASB
Numbers 6 in the NBLA
Numbers 6 in the NBS
Numbers 6 in the NBVTP
Numbers 6 in the NET2
Numbers 6 in the NIV11
Numbers 6 in the NNT
Numbers 6 in the NNT2
Numbers 6 in the NNT3
Numbers 6 in the PDDPT
Numbers 6 in the PFNT
Numbers 6 in the RMNT
Numbers 6 in the SBIAS
Numbers 6 in the SBIBS
Numbers 6 in the SBIBS2
Numbers 6 in the SBICS
Numbers 6 in the SBIDS
Numbers 6 in the SBIGS
Numbers 6 in the SBIHS
Numbers 6 in the SBIIS
Numbers 6 in the SBIIS2
Numbers 6 in the SBIIS3
Numbers 6 in the SBIKS
Numbers 6 in the SBIKS2
Numbers 6 in the SBIMS
Numbers 6 in the SBIOS
Numbers 6 in the SBIPS
Numbers 6 in the SBISS
Numbers 6 in the SBITS
Numbers 6 in the SBITS2
Numbers 6 in the SBITS3
Numbers 6 in the SBITS4
Numbers 6 in the SBIUS
Numbers 6 in the SBIVS
Numbers 6 in the SBT
Numbers 6 in the SBT1E
Numbers 6 in the SCHL
Numbers 6 in the SNT
Numbers 6 in the SUSU
Numbers 6 in the SUSU2
Numbers 6 in the SYNO
Numbers 6 in the TBIAOTANT
Numbers 6 in the TBT1E
Numbers 6 in the TBT1E2
Numbers 6 in the TFTIP
Numbers 6 in the TFTU
Numbers 6 in the TGNTATF3T
Numbers 6 in the THAI
Numbers 6 in the TNFD
Numbers 6 in the TNT
Numbers 6 in the TNTIK
Numbers 6 in the TNTIL
Numbers 6 in the TNTIN
Numbers 6 in the TNTIP
Numbers 6 in the TNTIZ
Numbers 6 in the TOMA
Numbers 6 in the TTENT
Numbers 6 in the UBG
Numbers 6 in the UGV
Numbers 6 in the UGV2
Numbers 6 in the UGV3
Numbers 6 in the VBL
Numbers 6 in the VDCC
Numbers 6 in the YALU
Numbers 6 in the YAPE
Numbers 6 in the YBVTP
Numbers 6 in the ZBP