Philippians 2 (BOATCB)

1 Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den anaa? Ne dɔ kyekyere mo werɛ anaa? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi anaa? Mowɔ ayamyɛ ne ayamhyehyeɛ ma mo ho mo ho anaa? 2 Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ monnya adwene korɔ wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botaeɛ korɔ mu na mʼanigyeɛ awie pɛyɛ. 3 Monnyɛ pɛsɛmenkomenya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ animuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mommu mo yɔnkonom nsene mo ankasa mo ho. 4 Mommma obiara nnnwene ne nko ara nʼadeɛ ho, na mmom, ɔnnwene nʼafɛfoɔ nso deɛ ho bi. 5 Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo deɛ no bi. 6 Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu deɛ,nanso wanhyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ. 7 Ɔdanee ne tumi kɛseɛ ne nʼanimuonyam too nkyɛn.Mmom, ɔfirii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so,baeɛ sɛ onipa bɛyɛɛ nʼadeɛ sɛ onipa. 8 Ɔbrɛɛ ne ho ase,yɛɛ ɔsetie,de kɔduruu owuo mu,asɛnnua ho owuo mu mpo. 9 Yei enti, Onyankopɔn maa no so kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn koraa,maa no din a ɛdi din nyinaa so. 10 Na ɛno enti, sɛ wɔbɔ Yesu din a,ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ ne asase asefoɔ nkotodwe nyinaa bɛkoto no. 11 Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka sɛ,Yesu Kristo ne Awurade,de ahyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam. 12 Enti, me nnamfo pa, sɛdeɛ na me ne mo te hɔ a na motie me no, saa ara nso na ɛberɛ a menni mo nkyɛn seesei yi, ɛsɛ sɛ motie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopoɔ ne suro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagyeɛ ho adwumayɛ, 13 ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔma mofiri mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani. 14 Dwuma biara a modi no, monnnwiinwii na monnnye ho akyinnyeɛ 15 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronn sɛ Onyankopɔn mma nokwafoɔ a wɔte ewiase a nkontompofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ahyɛ ma tɔ no mu. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro 16 wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa, na Kristo Ɛda no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no, ɛfiri sɛ, ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mebɛdiiɛ no anyɛ kwa. 17 Ebia na ɛsɛ sɛ wɔhwie me mogya gu sɛ afɔrebɔdeɛ, sɛdeɛ mo ɔsom no nso yɛ afɔrebɔdeɛ ma Onyankopɔn no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm, na me ne mo nyinaa anya saa ahosɛpɛ no. 18 Aane, momma mo ani nnye, sɛdeɛ me nso mʼani agye no. 19 Anidasoɔ a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no enti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran. 20 Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no. 21 Obiara pɛ ɔno ara ne yiedie a Yesu Kristo ho asɛm mmfa ne ho. 22 Mo ankasa modi ho adanseɛ wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abom adi asɛmpa no ho dwuma. 23 Sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛre biara mɛsoma no wɔ mo nkyɛn. 24 Na Awurade mu anidasoɔ a mewɔ enti, menim sɛ ɛrenkyɛre biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn. 25 Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na ɔdi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo ɔsomafoɔ de aboa me no wɔ mo nkyɛn. 26 Ne ho pere no sɛ ɔbɛhunu mo nyinaa na ɛha no nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare. 27 Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso, Onyankopɔn hunuu no ne me nso mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, wamma manni awerɛhoɔ. 28 Me ho peree me yie sɛ mɛsoma no mo nkyɛn, na mohunu no a, mo ani asane agye bio na me nso mʼawerɛhoɔ to atwa. 29 Momfa ahosɛpɛ nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obuo ne anidie mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa, 30 ɛfiri sɛ, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔdeɛ a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.

In Other Versions

Philippians 2 in the ANGEFD

Philippians 2 in the ANTPNG2D

Philippians 2 in the AS21

Philippians 2 in the BAGH

Philippians 2 in the BBPNG

Philippians 2 in the BBT1E

Philippians 2 in the BDS

Philippians 2 in the BEV

Philippians 2 in the BHAD

Philippians 2 in the BIB

Philippians 2 in the BLPT

Philippians 2 in the BNT

Philippians 2 in the BNTABOOT

Philippians 2 in the BNTLV

Philippians 2 in the BOATCB2

Philippians 2 in the BOBCV

Philippians 2 in the BOCNT

Philippians 2 in the BOECS

Philippians 2 in the BOGWICC

Philippians 2 in the BOHCB

Philippians 2 in the BOHCV

Philippians 2 in the BOHLNT

Philippians 2 in the BOHNTLTAL

Philippians 2 in the BOICB

Philippians 2 in the BOILNTAP

Philippians 2 in the BOITCV

Philippians 2 in the BOKCV

Philippians 2 in the BOKCV2

Philippians 2 in the BOKHWOG

Philippians 2 in the BOKSSV

Philippians 2 in the BOLCB

Philippians 2 in the BOLCB2

Philippians 2 in the BOMCV

Philippians 2 in the BONAV

Philippians 2 in the BONCB

Philippians 2 in the BONLT

Philippians 2 in the BONUT2

Philippians 2 in the BOPLNT

Philippians 2 in the BOSCB

Philippians 2 in the BOSNC

Philippians 2 in the BOTLNT

Philippians 2 in the BOVCB

Philippians 2 in the BOYCB

Philippians 2 in the BPBB

Philippians 2 in the BPH

Philippians 2 in the BSB

Philippians 2 in the CCB

Philippians 2 in the CUV

Philippians 2 in the CUVS

Philippians 2 in the DBT

Philippians 2 in the DGDNT

Philippians 2 in the DHNT

Philippians 2 in the DNT

Philippians 2 in the ELBE

Philippians 2 in the EMTV

Philippians 2 in the ESV

Philippians 2 in the FBV

Philippians 2 in the FEB

Philippians 2 in the GGMNT

Philippians 2 in the GNT

Philippians 2 in the HARY

Philippians 2 in the HNT

Philippians 2 in the IRVA

Philippians 2 in the IRVB

Philippians 2 in the IRVG

Philippians 2 in the IRVH

Philippians 2 in the IRVK

Philippians 2 in the IRVM

Philippians 2 in the IRVM2

Philippians 2 in the IRVO

Philippians 2 in the IRVP

Philippians 2 in the IRVT

Philippians 2 in the IRVT2

Philippians 2 in the IRVU

Philippians 2 in the ISVN

Philippians 2 in the JSNT

Philippians 2 in the KAPI

Philippians 2 in the KBT1ETNIK

Philippians 2 in the KBV

Philippians 2 in the KJV

Philippians 2 in the KNFD

Philippians 2 in the LBA

Philippians 2 in the LBLA

Philippians 2 in the LNT

Philippians 2 in the LSV

Philippians 2 in the MAAL

Philippians 2 in the MBV

Philippians 2 in the MBV2

Philippians 2 in the MHNT

Philippians 2 in the MKNFD

Philippians 2 in the MNG

Philippians 2 in the MNT

Philippians 2 in the MNT2

Philippians 2 in the MRS1T

Philippians 2 in the NAA

Philippians 2 in the NASB

Philippians 2 in the NBLA

Philippians 2 in the NBS

Philippians 2 in the NBVTP

Philippians 2 in the NET2

Philippians 2 in the NIV11

Philippians 2 in the NNT

Philippians 2 in the NNT2

Philippians 2 in the NNT3

Philippians 2 in the PDDPT

Philippians 2 in the PFNT

Philippians 2 in the RMNT

Philippians 2 in the SBIAS

Philippians 2 in the SBIBS

Philippians 2 in the SBIBS2

Philippians 2 in the SBICS

Philippians 2 in the SBIDS

Philippians 2 in the SBIGS

Philippians 2 in the SBIHS

Philippians 2 in the SBIIS

Philippians 2 in the SBIIS2

Philippians 2 in the SBIIS3

Philippians 2 in the SBIKS

Philippians 2 in the SBIKS2

Philippians 2 in the SBIMS

Philippians 2 in the SBIOS

Philippians 2 in the SBIPS

Philippians 2 in the SBISS

Philippians 2 in the SBITS

Philippians 2 in the SBITS2

Philippians 2 in the SBITS3

Philippians 2 in the SBITS4

Philippians 2 in the SBIUS

Philippians 2 in the SBIVS

Philippians 2 in the SBT

Philippians 2 in the SBT1E

Philippians 2 in the SCHL

Philippians 2 in the SNT

Philippians 2 in the SUSU

Philippians 2 in the SUSU2

Philippians 2 in the SYNO

Philippians 2 in the TBIAOTANT

Philippians 2 in the TBT1E

Philippians 2 in the TBT1E2

Philippians 2 in the TFTIP

Philippians 2 in the TFTU

Philippians 2 in the TGNTATF3T

Philippians 2 in the THAI

Philippians 2 in the TNFD

Philippians 2 in the TNT

Philippians 2 in the TNTIK

Philippians 2 in the TNTIL

Philippians 2 in the TNTIN

Philippians 2 in the TNTIP

Philippians 2 in the TNTIZ

Philippians 2 in the TOMA

Philippians 2 in the TTENT

Philippians 2 in the UBG

Philippians 2 in the UGV

Philippians 2 in the UGV2

Philippians 2 in the UGV3

Philippians 2 in the VBL

Philippians 2 in the VDCC

Philippians 2 in the YALU

Philippians 2 in the YAPE

Philippians 2 in the YBVTP

Philippians 2 in the ZBP