Philippians 2 (BOATCB2)

1 Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den ana? Ne dɔ kyekye mo werɛ ana? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi ana? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho ana? 2 Sɛ ɛte saa de a, ɛno de, munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu, na mʼanigye awie pɛyɛ. 3 Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho. 4 Mommma obiara nhwɛ ne nko ara nʼade nko, na mmom onsusuw ne mfɛfo nso de ho bi. 5 Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo de no bi. 6 Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de,nanso wanhwɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ. 7 Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn.Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so,baa sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa. 8 Ɔbrɛɛ ne ho ase,yɛɛ osetiede koduu owu mu,asennua ho wu mu mpo. 9 Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ baabi a ɛkorɔn koraa,maa no din a edi din nyinaa so. 10 Na ɛno nti sɛ wɔbɔ Yesu din a,ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no. 11 Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se,Yesu Kristo ne Awurade,de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam. 12 Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te hɔ a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi ɛsɛ sɛ mutie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopo ne osuro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ, 13 efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani. 14 Dwuma biara a mudi no, munnnwiinwii na monnnye ho akyinnye, 15 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronkron sɛ Onyankopɔn mma nokwafo a wɔte wiase a nkontompofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ mu ma tɔ no. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro 16 wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa na Kristo da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no; efisɛ ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mibedii no anyɛ ɔkwa. 17 Ebia na ɛsɛ sɛ wohwie me mogya gu sɛ afɔrebɔde sɛnea mo ɔsom no nso yɛ afɔrebɔde ma Onyankopɔn no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm a me ne mo nyinaa na ebenya saa ahosɛpɛw no. 18 Yiw, momma mo ani nnye, sɛnea me nso mʼani agye no. 19 Anidaso a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no nti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran. 20 Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no. 21 Obiara pɛ ɔno ara ne yiyedi a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho. 22 Mo ankasa mudi ho adanse wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abɔ mu adi asɛmpa no ho dwuma. 23 Sɛ mihu sɛnea nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛ biara mɛsoma no aba mo nkyɛn. 24 Na Awurade mu anidaso a mewɔ nti, minim sɛ ɛrenkyɛ biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn. 25 Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na odi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo somafo de aboa me no wɔ mo nkyɛn. 26 Ne ho pere no sɛ obehu mo nyinaa na ɛhaw mo nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare. 27 Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso Onyankopɔn huu no ne me nso mmɔbɔ, efisɛ wamma manni awerɛhow. 28 Me ho peree me yiye sɛ mɛsoma no aba mo nkyɛn na muhu no a, mo ani asan agye, na me nso mʼawerɛhow to atwa. 29 Momfa ahosɛpɛw nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obu ne nidi mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa, 30 efisɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.

In Other Versions

Philippians 2 in the ANGEFD

Philippians 2 in the ANTPNG2D

Philippians 2 in the AS21

Philippians 2 in the BAGH

Philippians 2 in the BBPNG

Philippians 2 in the BBT1E

Philippians 2 in the BDS

Philippians 2 in the BEV

Philippians 2 in the BHAD

Philippians 2 in the BIB

Philippians 2 in the BLPT

Philippians 2 in the BNT

Philippians 2 in the BNTABOOT

Philippians 2 in the BNTLV

Philippians 2 in the BOATCB

Philippians 2 in the BOBCV

Philippians 2 in the BOCNT

Philippians 2 in the BOECS

Philippians 2 in the BOGWICC

Philippians 2 in the BOHCB

Philippians 2 in the BOHCV

Philippians 2 in the BOHLNT

Philippians 2 in the BOHNTLTAL

Philippians 2 in the BOICB

Philippians 2 in the BOILNTAP

Philippians 2 in the BOITCV

Philippians 2 in the BOKCV

Philippians 2 in the BOKCV2

Philippians 2 in the BOKHWOG

Philippians 2 in the BOKSSV

Philippians 2 in the BOLCB

Philippians 2 in the BOLCB2

Philippians 2 in the BOMCV

Philippians 2 in the BONAV

Philippians 2 in the BONCB

Philippians 2 in the BONLT

Philippians 2 in the BONUT2

Philippians 2 in the BOPLNT

Philippians 2 in the BOSCB

Philippians 2 in the BOSNC

Philippians 2 in the BOTLNT

Philippians 2 in the BOVCB

Philippians 2 in the BOYCB

Philippians 2 in the BPBB

Philippians 2 in the BPH

Philippians 2 in the BSB

Philippians 2 in the CCB

Philippians 2 in the CUV

Philippians 2 in the CUVS

Philippians 2 in the DBT

Philippians 2 in the DGDNT

Philippians 2 in the DHNT

Philippians 2 in the DNT

Philippians 2 in the ELBE

Philippians 2 in the EMTV

Philippians 2 in the ESV

Philippians 2 in the FBV

Philippians 2 in the FEB

Philippians 2 in the GGMNT

Philippians 2 in the GNT

Philippians 2 in the HARY

Philippians 2 in the HNT

Philippians 2 in the IRVA

Philippians 2 in the IRVB

Philippians 2 in the IRVG

Philippians 2 in the IRVH

Philippians 2 in the IRVK

Philippians 2 in the IRVM

Philippians 2 in the IRVM2

Philippians 2 in the IRVO

Philippians 2 in the IRVP

Philippians 2 in the IRVT

Philippians 2 in the IRVT2

Philippians 2 in the IRVU

Philippians 2 in the ISVN

Philippians 2 in the JSNT

Philippians 2 in the KAPI

Philippians 2 in the KBT1ETNIK

Philippians 2 in the KBV

Philippians 2 in the KJV

Philippians 2 in the KNFD

Philippians 2 in the LBA

Philippians 2 in the LBLA

Philippians 2 in the LNT

Philippians 2 in the LSV

Philippians 2 in the MAAL

Philippians 2 in the MBV

Philippians 2 in the MBV2

Philippians 2 in the MHNT

Philippians 2 in the MKNFD

Philippians 2 in the MNG

Philippians 2 in the MNT

Philippians 2 in the MNT2

Philippians 2 in the MRS1T

Philippians 2 in the NAA

Philippians 2 in the NASB

Philippians 2 in the NBLA

Philippians 2 in the NBS

Philippians 2 in the NBVTP

Philippians 2 in the NET2

Philippians 2 in the NIV11

Philippians 2 in the NNT

Philippians 2 in the NNT2

Philippians 2 in the NNT3

Philippians 2 in the PDDPT

Philippians 2 in the PFNT

Philippians 2 in the RMNT

Philippians 2 in the SBIAS

Philippians 2 in the SBIBS

Philippians 2 in the SBIBS2

Philippians 2 in the SBICS

Philippians 2 in the SBIDS

Philippians 2 in the SBIGS

Philippians 2 in the SBIHS

Philippians 2 in the SBIIS

Philippians 2 in the SBIIS2

Philippians 2 in the SBIIS3

Philippians 2 in the SBIKS

Philippians 2 in the SBIKS2

Philippians 2 in the SBIMS

Philippians 2 in the SBIOS

Philippians 2 in the SBIPS

Philippians 2 in the SBISS

Philippians 2 in the SBITS

Philippians 2 in the SBITS2

Philippians 2 in the SBITS3

Philippians 2 in the SBITS4

Philippians 2 in the SBIUS

Philippians 2 in the SBIVS

Philippians 2 in the SBT

Philippians 2 in the SBT1E

Philippians 2 in the SCHL

Philippians 2 in the SNT

Philippians 2 in the SUSU

Philippians 2 in the SUSU2

Philippians 2 in the SYNO

Philippians 2 in the TBIAOTANT

Philippians 2 in the TBT1E

Philippians 2 in the TBT1E2

Philippians 2 in the TFTIP

Philippians 2 in the TFTU

Philippians 2 in the TGNTATF3T

Philippians 2 in the THAI

Philippians 2 in the TNFD

Philippians 2 in the TNT

Philippians 2 in the TNTIK

Philippians 2 in the TNTIL

Philippians 2 in the TNTIN

Philippians 2 in the TNTIP

Philippians 2 in the TNTIZ

Philippians 2 in the TOMA

Philippians 2 in the TTENT

Philippians 2 in the UBG

Philippians 2 in the UGV

Philippians 2 in the UGV2

Philippians 2 in the UGV3

Philippians 2 in the VBL

Philippians 2 in the VDCC

Philippians 2 in the YALU

Philippians 2 in the YAPE

Philippians 2 in the YBVTP

Philippians 2 in the ZBP