Philippians 3 (BOATCB)

1 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnha me sɛ mɛti nsɛm a matwerɛ dada no mu. Ɛyɛ ma mo akwankyerɛ. 2 Monhwɛ nnebɔneyɛfoɔ no a wɔte sɛ nkraman a wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia ansa na moanya nkwagyeɛ no yie. 3 Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokorɛ twetiatwa ato mu. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no. Na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no enti, yɛanya fawohodie. Yɛmmfa yɛn ho nto honam so. 4 Sɛ obi wɔ hɔ a ɔdwene sɛ, sɛ ɔde ne ho to amanneɛ so na ɛyɛ a, anka ɛyɛ me. 5 Ɛberɛ a medii nnawɔtwe pɛ na wɔtwaa me twetia. Meyɛ Israelni firi mʼawosuo mu. Mefiri Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifoɔ kronn no mu. Sɛ wɔka Yudafoɔ mmara sodie ho asɛm nso a, meyɛ Farisini 6 a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ mmara no sodie nko tumi ma obi yɛ ɔteneneeni a, anka me deɛ, me ho nni mfomsoɔ biara. 7 Nanso, nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfasoɔ nyinaa no, ɛsiane Kristo enti, ayɛ adehwereɛ. 8 Ɛnyɛ ɛno nko, seesei megye medi nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne enti, mato biribiara atwene. Mefa biribiara sɛ nneɛma hunu bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me nsa bɛka Kristo, 9 na mahunu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei, meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ. Merenhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri Mmara no mu bio. Na mmom mɛhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri gyidie mu. Mɛhwehwɛ pɛyɛ a ne fapem ne Kristo ne Onyankopɔn mu gyidie. 10 Deɛ merehwehwɛ ara ne sɛ, mɛhunu Kristo na mɛnya ne wusɔreɛ no mu suahunu, na mahunu nʼamaneɛ no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne owuo no mu, 11 na mewɔ anidasoɔ sɛ, me nso me owuo akyi, mɛsɔre afiri owuo mu. 12 Mennka sɛ madi nkonim anaasɛ meyɛ pɛ. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara sɛ me nsa bɛka deɛ enti a Kristo Yesu nso nsa aka me no. 13 Anuanom, mennye nni sɛ madi saa nkonim no. Adeɛ baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ firi mʼakyi na meyere me ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛduru deɛ ɛwɔ mʼanim no ho. 14 Yei enti, metu mmirika kɔ mʼanim tee na madu ɔsoro botaeɛ no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho. 15 Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛnyini wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforɔ a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo. 16 Nanso deɛ yɛn nsa aka dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu. 17 Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa, enti montie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no. 18 Maka saa asɛm yi akyerɛ mo sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no ho no atamfoɔ. 19 Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛeɛ mu, ɛfiri sɛ, wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu ho no ho, na wɔdwene ewiase nneɛma nko ara ho. 20 Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛ twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔfiri ɔsoro bɛba no. 21 Ɔnam tumi a ɛtumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn onipadua a ɛyɛ mmerɛ na ɛwu no, na wayɛ no sɛ ne deɛ a ɛwɔ animuonyam no.

In Other Versions

Philippians 3 in the ANGEFD

Philippians 3 in the ANTPNG2D

Philippians 3 in the AS21

Philippians 3 in the BAGH

Philippians 3 in the BBPNG

Philippians 3 in the BBT1E

Philippians 3 in the BDS

Philippians 3 in the BEV

Philippians 3 in the BHAD

Philippians 3 in the BIB

Philippians 3 in the BLPT

Philippians 3 in the BNT

Philippians 3 in the BNTABOOT

Philippians 3 in the BNTLV

Philippians 3 in the BOATCB2

Philippians 3 in the BOBCV

Philippians 3 in the BOCNT

Philippians 3 in the BOECS

Philippians 3 in the BOGWICC

Philippians 3 in the BOHCB

Philippians 3 in the BOHCV

Philippians 3 in the BOHLNT

Philippians 3 in the BOHNTLTAL

Philippians 3 in the BOICB

Philippians 3 in the BOILNTAP

Philippians 3 in the BOITCV

Philippians 3 in the BOKCV

Philippians 3 in the BOKCV2

Philippians 3 in the BOKHWOG

Philippians 3 in the BOKSSV

Philippians 3 in the BOLCB

Philippians 3 in the BOLCB2

Philippians 3 in the BOMCV

Philippians 3 in the BONAV

Philippians 3 in the BONCB

Philippians 3 in the BONLT

Philippians 3 in the BONUT2

Philippians 3 in the BOPLNT

Philippians 3 in the BOSCB

Philippians 3 in the BOSNC

Philippians 3 in the BOTLNT

Philippians 3 in the BOVCB

Philippians 3 in the BOYCB

Philippians 3 in the BPBB

Philippians 3 in the BPH

Philippians 3 in the BSB

Philippians 3 in the CCB

Philippians 3 in the CUV

Philippians 3 in the CUVS

Philippians 3 in the DBT

Philippians 3 in the DGDNT

Philippians 3 in the DHNT

Philippians 3 in the DNT

Philippians 3 in the ELBE

Philippians 3 in the EMTV

Philippians 3 in the ESV

Philippians 3 in the FBV

Philippians 3 in the FEB

Philippians 3 in the GGMNT

Philippians 3 in the GNT

Philippians 3 in the HARY

Philippians 3 in the HNT

Philippians 3 in the IRVA

Philippians 3 in the IRVB

Philippians 3 in the IRVG

Philippians 3 in the IRVH

Philippians 3 in the IRVK

Philippians 3 in the IRVM

Philippians 3 in the IRVM2

Philippians 3 in the IRVO

Philippians 3 in the IRVP

Philippians 3 in the IRVT

Philippians 3 in the IRVT2

Philippians 3 in the IRVU

Philippians 3 in the ISVN

Philippians 3 in the JSNT

Philippians 3 in the KAPI

Philippians 3 in the KBT1ETNIK

Philippians 3 in the KBV

Philippians 3 in the KJV

Philippians 3 in the KNFD

Philippians 3 in the LBA

Philippians 3 in the LBLA

Philippians 3 in the LNT

Philippians 3 in the LSV

Philippians 3 in the MAAL

Philippians 3 in the MBV

Philippians 3 in the MBV2

Philippians 3 in the MHNT

Philippians 3 in the MKNFD

Philippians 3 in the MNG

Philippians 3 in the MNT

Philippians 3 in the MNT2

Philippians 3 in the MRS1T

Philippians 3 in the NAA

Philippians 3 in the NASB

Philippians 3 in the NBLA

Philippians 3 in the NBS

Philippians 3 in the NBVTP

Philippians 3 in the NET2

Philippians 3 in the NIV11

Philippians 3 in the NNT

Philippians 3 in the NNT2

Philippians 3 in the NNT3

Philippians 3 in the PDDPT

Philippians 3 in the PFNT

Philippians 3 in the RMNT

Philippians 3 in the SBIAS

Philippians 3 in the SBIBS

Philippians 3 in the SBIBS2

Philippians 3 in the SBICS

Philippians 3 in the SBIDS

Philippians 3 in the SBIGS

Philippians 3 in the SBIHS

Philippians 3 in the SBIIS

Philippians 3 in the SBIIS2

Philippians 3 in the SBIIS3

Philippians 3 in the SBIKS

Philippians 3 in the SBIKS2

Philippians 3 in the SBIMS

Philippians 3 in the SBIOS

Philippians 3 in the SBIPS

Philippians 3 in the SBISS

Philippians 3 in the SBITS

Philippians 3 in the SBITS2

Philippians 3 in the SBITS3

Philippians 3 in the SBITS4

Philippians 3 in the SBIUS

Philippians 3 in the SBIVS

Philippians 3 in the SBT

Philippians 3 in the SBT1E

Philippians 3 in the SCHL

Philippians 3 in the SNT

Philippians 3 in the SUSU

Philippians 3 in the SUSU2

Philippians 3 in the SYNO

Philippians 3 in the TBIAOTANT

Philippians 3 in the TBT1E

Philippians 3 in the TBT1E2

Philippians 3 in the TFTIP

Philippians 3 in the TFTU

Philippians 3 in the TGNTATF3T

Philippians 3 in the THAI

Philippians 3 in the TNFD

Philippians 3 in the TNT

Philippians 3 in the TNTIK

Philippians 3 in the TNTIL

Philippians 3 in the TNTIN

Philippians 3 in the TNTIP

Philippians 3 in the TNTIZ

Philippians 3 in the TOMA

Philippians 3 in the TTENT

Philippians 3 in the UBG

Philippians 3 in the UGV

Philippians 3 in the UGV2

Philippians 3 in the UGV3

Philippians 3 in the VBL

Philippians 3 in the VDCC

Philippians 3 in the YALU

Philippians 3 in the YAPE

Philippians 3 in the YBVTP

Philippians 3 in the ZBP