Philippians 3 (BOATCB2)
1 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnhaw me sɛ meti nsɛm a makyerɛw dedaw no mu. Ɛma mo akwankyerɛ. 2 Monhwɛ nnebɔneyɛfo no a wɔte sɛ akraman a wɔka se twa na ɛsɛ sɛ onipa twa twetia ansa na wanya nkwagye no yiye. 3 Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokware twetiatwa ato mu. Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no, na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no nti yenya ahosɛpɛw. Yɛmmfa yɛn ho nto ɔhonam so. 4 Sɛ obi wɔ hɔ a osusuw sɛ, sɛ ɔde ne ho to amanne so na eye a anka ɛyɛ me. 5 Bere a midii nnaawɔtwe pɛ na wotwaa me twetia. Meyɛ Israelni fi mʼawosu mu. Mifi Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifo kronkron no mu. Sɛ wɔka Yudafo mmara sodi ho asɛm nso a, meyɛ Farisini 6 a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ mmara no sodi nko na ɛma obi yɛ ɔtreneeni a, ɛno de, na me so nni mfomso biara. 7 Nanso nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfaso nyinaa no, esiane Kristo nti, ayɛ adehwere. 8 Ɛnyɛ ɛno nko, na migye di nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne nti matow biribiara akyene. Mefa ne nyinaa sɛ nneɛma hunu bi, sɛnea ɛbɛyɛ a me nsa bɛka Kristo, 9 na mahu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ; pɛyɛ a efi mmara no mu no. Na mmom mehwehwɛ pɛyɛ a efi Kristo mu gyidi ne Onyankopɔn mu a gyidi na ɛyɛ ne fapem. 10 Nea merehwehwɛ ara ne sɛ, mehu Kristo na menya ne wusɔre no mu osuahu, na mahu nʼamane no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne wu no mu; 11 na mewɔ anidaso sɛ, me nso me wu akyi no, wɔbɛma masɔre afi owu mu. 12 Ɛnyɛ sɛ manya eyinom nyinaa dedaw, anaasɛ madu me botae ho dedaw. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara sɛ me nsa beso nea enti a Kristo Yesu nso soo me mu no mu. 13 Anuanom, memfa no sɛ me nsa aso mu. Ade baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ fi mʼakyi na meyere me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ mʼanim no ho. 14 Eyi nti mitu mmirika kɔ mʼanim tee na madu ɔsoro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho. 15 Ɛsɛ sɛ yɛn a yenyin wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforo a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo. 16 Nanso nea yɛn nsa aka dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu. 17 Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa nti muntie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no. 18 Maka saa asɛm yi akyerɛ mo se, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a owui wɔ asennua no ho no atamfo. 19 Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu wɔ ho no ho, na wodwen wiase nneɛma nko ara ho. 20 Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛw twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ofi ɔsoro bɛba no. 21 Ɔnam tumi a etumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw na ewu no, na wayɛ no sɛ ne de a ɛwɔ anuonyam no.
In Other Versions
Philippians 3 in the ANGEFD
Philippians 3 in the ANTPNG2D
Philippians 3 in the AS21
Philippians 3 in the BAGH
Philippians 3 in the BBPNG
Philippians 3 in the BBT1E
Philippians 3 in the BDS
Philippians 3 in the BEV
Philippians 3 in the BHAD
Philippians 3 in the BIB
Philippians 3 in the BLPT
Philippians 3 in the BNT
Philippians 3 in the BNTABOOT
Philippians 3 in the BNTLV
Philippians 3 in the BOATCB
Philippians 3 in the BOBCV
Philippians 3 in the BOCNT
Philippians 3 in the BOECS
Philippians 3 in the BOGWICC
Philippians 3 in the BOHCB
Philippians 3 in the BOHCV
Philippians 3 in the BOHLNT
Philippians 3 in the BOHNTLTAL
Philippians 3 in the BOICB
Philippians 3 in the BOILNTAP
Philippians 3 in the BOITCV
Philippians 3 in the BOKCV
Philippians 3 in the BOKCV2
Philippians 3 in the BOKHWOG
Philippians 3 in the BOKSSV
Philippians 3 in the BOLCB
Philippians 3 in the BOLCB2
Philippians 3 in the BOMCV
Philippians 3 in the BONAV
Philippians 3 in the BONCB
Philippians 3 in the BONLT
Philippians 3 in the BONUT2
Philippians 3 in the BOPLNT
Philippians 3 in the BOSCB
Philippians 3 in the BOSNC
Philippians 3 in the BOTLNT
Philippians 3 in the BOVCB
Philippians 3 in the BOYCB
Philippians 3 in the BPBB
Philippians 3 in the BPH
Philippians 3 in the BSB
Philippians 3 in the CCB
Philippians 3 in the CUV
Philippians 3 in the CUVS
Philippians 3 in the DBT
Philippians 3 in the DGDNT
Philippians 3 in the DHNT
Philippians 3 in the DNT
Philippians 3 in the ELBE
Philippians 3 in the EMTV
Philippians 3 in the ESV
Philippians 3 in the FBV
Philippians 3 in the FEB
Philippians 3 in the GGMNT
Philippians 3 in the GNT
Philippians 3 in the HARY
Philippians 3 in the HNT
Philippians 3 in the IRVA
Philippians 3 in the IRVB
Philippians 3 in the IRVG
Philippians 3 in the IRVH
Philippians 3 in the IRVK
Philippians 3 in the IRVM
Philippians 3 in the IRVM2
Philippians 3 in the IRVO
Philippians 3 in the IRVP
Philippians 3 in the IRVT
Philippians 3 in the IRVT2
Philippians 3 in the IRVU
Philippians 3 in the ISVN
Philippians 3 in the JSNT
Philippians 3 in the KAPI
Philippians 3 in the KBT1ETNIK
Philippians 3 in the KBV
Philippians 3 in the KJV
Philippians 3 in the KNFD
Philippians 3 in the LBA
Philippians 3 in the LBLA
Philippians 3 in the LNT
Philippians 3 in the LSV
Philippians 3 in the MAAL
Philippians 3 in the MBV
Philippians 3 in the MBV2
Philippians 3 in the MHNT
Philippians 3 in the MKNFD
Philippians 3 in the MNG
Philippians 3 in the MNT
Philippians 3 in the MNT2
Philippians 3 in the MRS1T
Philippians 3 in the NAA
Philippians 3 in the NASB
Philippians 3 in the NBLA
Philippians 3 in the NBS
Philippians 3 in the NBVTP
Philippians 3 in the NET2
Philippians 3 in the NIV11
Philippians 3 in the NNT
Philippians 3 in the NNT2
Philippians 3 in the NNT3
Philippians 3 in the PDDPT
Philippians 3 in the PFNT
Philippians 3 in the RMNT
Philippians 3 in the SBIAS
Philippians 3 in the SBIBS
Philippians 3 in the SBIBS2
Philippians 3 in the SBICS
Philippians 3 in the SBIDS
Philippians 3 in the SBIGS
Philippians 3 in the SBIHS
Philippians 3 in the SBIIS
Philippians 3 in the SBIIS2
Philippians 3 in the SBIIS3
Philippians 3 in the SBIKS
Philippians 3 in the SBIKS2
Philippians 3 in the SBIMS
Philippians 3 in the SBIOS
Philippians 3 in the SBIPS
Philippians 3 in the SBISS
Philippians 3 in the SBITS
Philippians 3 in the SBITS2
Philippians 3 in the SBITS3
Philippians 3 in the SBITS4
Philippians 3 in the SBIUS
Philippians 3 in the SBIVS
Philippians 3 in the SBT
Philippians 3 in the SBT1E
Philippians 3 in the SCHL
Philippians 3 in the SNT
Philippians 3 in the SUSU
Philippians 3 in the SUSU2
Philippians 3 in the SYNO
Philippians 3 in the TBIAOTANT
Philippians 3 in the TBT1E
Philippians 3 in the TBT1E2
Philippians 3 in the TFTIP
Philippians 3 in the TFTU
Philippians 3 in the TGNTATF3T
Philippians 3 in the THAI
Philippians 3 in the TNFD
Philippians 3 in the TNT
Philippians 3 in the TNTIK
Philippians 3 in the TNTIL
Philippians 3 in the TNTIN
Philippians 3 in the TNTIP
Philippians 3 in the TNTIZ
Philippians 3 in the TOMA
Philippians 3 in the TTENT
Philippians 3 in the UBG
Philippians 3 in the UGV
Philippians 3 in the UGV2
Philippians 3 in the UGV3
Philippians 3 in the VBL
Philippians 3 in the VDCC
Philippians 3 in the YALU
Philippians 3 in the YAPE
Philippians 3 in the YBVTP
Philippians 3 in the ZBP