Psalms 126 (BOATCB)
undefined Ɔsoroforɔ dwom. 1 Ɛberɛ a AWURADE de Sion firi nnommum sane baeɛ no,yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ. 2 Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ,“AWURADE ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.” 3 AWURADE ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛnna anigyeɛ ahyɛ yɛn ma. 4 Ao AWURADE, sane fa yɛn ahonya ma yɛn,te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no. 5 Wɔn a wɔdua no nisuo mu node anigyeɛ nnwom bɛtwa. 6 Deɛ ɔde osu firi adiena ɔsoa aba kɔdua no,ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane abaa ɔso nnɔbaeɛ afiafi.