Psalms 13 (BOATCB)
undefined Dawid dwom. 1 Ao, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa?Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me? 2 Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛna awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa?Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn? 3 Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, AWURADE, me Onyankopɔn.Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna. 4 Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.”Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase. 5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so;mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu. 6 Mɛto dwom ama AWURADE,ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no.