Psalms 22 (BOATCB)

undefined Dawid dwom. 1 Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?Adɛn enti na me nkwagyeɛ ne wo ntam aware,adɛn na mʼapinisie nsɛm ne wo ntam aware? 2 Ao me Onyankopɔn, mesu frɛ wo awia, nanso wonnye me so,mefrɛ wo anadwo, nanso mennya ɔhome. 3 Nanso, wɔasi wo ɔhene sɛ Ɔkronkronni;wo na Israel kamfo woɔ. 4 Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛeɛ;wɔgyee wo diiɛ, na wogyee wɔn. 5 Wɔsu frɛɛ wo na wogyee wɔn,wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn hwammɔ. 6 Nanso meyɛ ɔsonsono, na menyɛ onipannipa bɔ me ahohora na wɔbu me animtiaa. 7 Obiara a ɔhunu me di me ho fɛw;wɔtwa me adapaa, woso wɔn ti ka sɛ: 8 “Ɔde ne ho to AWURADE so;ma AWURADE mmɛgye no.Ma ɔmmɛboa no,ɛfiri sɛ ɔwɔ ne mu anigyeɛ.” 9 Wo na woyii me firii awotwaa mu baeɛna womaa mede me ho too wo soɛberɛ a metua me maame nufoɔ ano mpo. 10 Ɛfiri mʼawoɔ mu na wɔde me too wo soɔ;ɛfiri me maame yafunu mu, woayɛ me Onyankopɔn. 11 Ntwe wo ho mfiri me ho!Ɛfiri sɛ amaneɛ abɛnna ɔboafoɔ nni baabi. 12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia. 13 Gyata a wɔbobom na wɔtete wɔn ahaboa muabuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me. 14 Wɔahwie me agu sɛ nsuo,na me nnompe nyinaa ahodwo.Mʼakoma adane ayɛ sɛ nku;anane afiri me mu. 15 Mʼahoɔden awe te sɛ kyɛmferɛ mu.Na me tɛkrɛma atare mʼanom.Wode me ato owuo mfuturo mu. 16 Nkraman atwa me ho ahyiannebɔneyɛfoɔ kuo atwa me ho ahyia,wɔahwire me nsa ne me nan mu. 17 Mɛtumi akan me nnompe nyinaa;Mʼatamfoɔ di me nhwɛhaa na wɔsere me. 18 Wɔkyɛ me atadeɛ mu fa,na wɔbɔ me ntoma so ntonto. 19 Na wo, Ao AWURADE, ntwe wo ho.Ao mʼAhoɔden bra ntɛm bɛboa me. 20 Gye me kra firi akofena ano;gye me nkwa a ɛsom bo no firi nkraman tumi ase. 21 Gye me nkwa firi gyata anom;gye me firi ɛkoɔ mmɛn so. 22 Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom;mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim. 23 Monkamfo AWURADE, mo a mosuro no no!Mo a moyɛ Yakob asefoɔ, monhyɛ no animuonyam!Mo Israel asefoɔ nyinaa, monni no ni! 24 Ɔmmuu nʼani nguuɔmanehunufoɔ ateetee so,ɔmfaa nʼanim nhintaa no;na mmom watie ne sufrɛ a ɔde repɛ mmoa. 25 Me botaeɛ a mede yi wo ayɛ wɔ badwa mu no firi wo;mɛdi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wɔsuro wo no anim. 26 Ahiafoɔ bɛdidi na wɔamee;wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE bɛyi no ayɛ.Mo akoma nnya nkwa daa. 27 Asase ano nyinaabɛkae akɔ AWURADE nkyɛn,na amanaman no mmusua nyinaabɛkoto nʼanim, 28 ɛfiri sɛ ahennie wɔ AWURADEna ɔdi amanaman so ɔhene. 29 Asase so adefoɔ nyinaa bɛdidi na wɔasɔre no;wɔn a wɔkɔ dɔteɛ mu nyinaa bɛbu nkotodwe nʼanim,wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu. 30 Nkyirimma nyinaa bɛsom no;wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ. 31 Wɔbɛka ne tenenee akyerɛnnipa a wɔnnya nwoo wɔnɛfiri sɛ ɔno na wayɛ.

In Other Versions

Psalms 22 in the ANGEFD

Psalms 22 in the ANTPNG2D

Psalms 22 in the AS21

Psalms 22 in the BAGH

Psalms 22 in the BBPNG

Psalms 22 in the BBT1E

Psalms 22 in the BDS

Psalms 22 in the BEV

Psalms 22 in the BHAD

Psalms 22 in the BIB

Psalms 22 in the BLPT

Psalms 22 in the BNT

Psalms 22 in the BNTABOOT

Psalms 22 in the BNTLV

Psalms 22 in the BOATCB2

Psalms 22 in the BOBCV

Psalms 22 in the BOCNT

Psalms 22 in the BOECS

Psalms 22 in the BOGWICC

Psalms 22 in the BOHCB

Psalms 22 in the BOHCV

Psalms 22 in the BOHLNT

Psalms 22 in the BOHNTLTAL

Psalms 22 in the BOICB

Psalms 22 in the BOILNTAP

Psalms 22 in the BOITCV

Psalms 22 in the BOKCV

Psalms 22 in the BOKCV2

Psalms 22 in the BOKHWOG

Psalms 22 in the BOKSSV

Psalms 22 in the BOLCB

Psalms 22 in the BOLCB2

Psalms 22 in the BOMCV

Psalms 22 in the BONAV

Psalms 22 in the BONCB

Psalms 22 in the BONLT

Psalms 22 in the BONUT2

Psalms 22 in the BOPLNT

Psalms 22 in the BOSCB

Psalms 22 in the BOSNC

Psalms 22 in the BOTLNT

Psalms 22 in the BOVCB

Psalms 22 in the BOYCB

Psalms 22 in the BPBB

Psalms 22 in the BPH

Psalms 22 in the BSB

Psalms 22 in the CCB

Psalms 22 in the CUV

Psalms 22 in the CUVS

Psalms 22 in the DBT

Psalms 22 in the DGDNT

Psalms 22 in the DHNT

Psalms 22 in the DNT

Psalms 22 in the ELBE

Psalms 22 in the EMTV

Psalms 22 in the ESV

Psalms 22 in the FBV

Psalms 22 in the FEB

Psalms 22 in the GGMNT

Psalms 22 in the GNT

Psalms 22 in the HARY

Psalms 22 in the HNT

Psalms 22 in the IRVA

Psalms 22 in the IRVB

Psalms 22 in the IRVG

Psalms 22 in the IRVH

Psalms 22 in the IRVK

Psalms 22 in the IRVM

Psalms 22 in the IRVM2

Psalms 22 in the IRVO

Psalms 22 in the IRVP

Psalms 22 in the IRVT

Psalms 22 in the IRVT2

Psalms 22 in the IRVU

Psalms 22 in the ISVN

Psalms 22 in the JSNT

Psalms 22 in the KAPI

Psalms 22 in the KBT1ETNIK

Psalms 22 in the KBV

Psalms 22 in the KJV

Psalms 22 in the KNFD

Psalms 22 in the LBA

Psalms 22 in the LBLA

Psalms 22 in the LNT

Psalms 22 in the LSV

Psalms 22 in the MAAL

Psalms 22 in the MBV

Psalms 22 in the MBV2

Psalms 22 in the MHNT

Psalms 22 in the MKNFD

Psalms 22 in the MNG

Psalms 22 in the MNT

Psalms 22 in the MNT2

Psalms 22 in the MRS1T

Psalms 22 in the NAA

Psalms 22 in the NASB

Psalms 22 in the NBLA

Psalms 22 in the NBS

Psalms 22 in the NBVTP

Psalms 22 in the NET2

Psalms 22 in the NIV11

Psalms 22 in the NNT

Psalms 22 in the NNT2

Psalms 22 in the NNT3

Psalms 22 in the PDDPT

Psalms 22 in the PFNT

Psalms 22 in the RMNT

Psalms 22 in the SBIAS

Psalms 22 in the SBIBS

Psalms 22 in the SBIBS2

Psalms 22 in the SBICS

Psalms 22 in the SBIDS

Psalms 22 in the SBIGS

Psalms 22 in the SBIHS

Psalms 22 in the SBIIS

Psalms 22 in the SBIIS2

Psalms 22 in the SBIIS3

Psalms 22 in the SBIKS

Psalms 22 in the SBIKS2

Psalms 22 in the SBIMS

Psalms 22 in the SBIOS

Psalms 22 in the SBIPS

Psalms 22 in the SBISS

Psalms 22 in the SBITS

Psalms 22 in the SBITS2

Psalms 22 in the SBITS3

Psalms 22 in the SBITS4

Psalms 22 in the SBIUS

Psalms 22 in the SBIVS

Psalms 22 in the SBT

Psalms 22 in the SBT1E

Psalms 22 in the SCHL

Psalms 22 in the SNT

Psalms 22 in the SUSU

Psalms 22 in the SUSU2

Psalms 22 in the SYNO

Psalms 22 in the TBIAOTANT

Psalms 22 in the TBT1E

Psalms 22 in the TBT1E2

Psalms 22 in the TFTIP

Psalms 22 in the TFTU

Psalms 22 in the TGNTATF3T

Psalms 22 in the THAI

Psalms 22 in the TNFD

Psalms 22 in the TNT

Psalms 22 in the TNTIK

Psalms 22 in the TNTIL

Psalms 22 in the TNTIN

Psalms 22 in the TNTIP

Psalms 22 in the TNTIZ

Psalms 22 in the TOMA

Psalms 22 in the TTENT

Psalms 22 in the UBG

Psalms 22 in the UGV

Psalms 22 in the UGV2

Psalms 22 in the UGV3

Psalms 22 in the VBL

Psalms 22 in the VDCC

Psalms 22 in the YALU

Psalms 22 in the YAPE

Psalms 22 in the YBVTP

Psalms 22 in the ZBP