Romans 3 (BOATCB)

1 Ɛnneɛ na Yudaniyɛ ho mfasoɔ ne sɛn, anaasɛ twetiatwa ho wɔ mfasoɔ bi? 2 Aane mfasoɔ wɔ so. Deɛ ɛdi ɛkan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa. 3 Na sɛ ebinom nni gyidie ɛ? Gyidie a wɔnni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? 4 Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofoɔ a, Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ,“Wodi bem wɔ wo kasa muna wotene wɔ wʼatemmuo mu.” 5 Na obi bɛka sɛ, “sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn tenenee adi kann a, adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa) 6 Dabi! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔteneneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu ewiase atɛn? 7 Obi bɛgye akyinnyeɛ aka sɛ, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokorɛ da adi na nʼanimuonyam boro so a, ɛnneɛ adɛn enti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ?” 8 Ebinom nso bɛka sɛ, “Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!” Nnipa bi mpo ka sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn. 9 Ɛnneɛ, ɛdeɛn na yɛnka? Yɛn Yudafoɔ yɛ nnipa sene amanamanmufoɔ no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dada sɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase. 10 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,“Obiara nyɛ ɔteneneeni; 11 obiara nyɛ ɔbadwemma;na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan. 12 Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho;wɔn nyinaa ayɛ bɔne.Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.Ɔbaako mpo nni hɔ.” 13 “Wɔn anom te sɛ damena a abue;na wɔn tɛkrɛma ka atorɔsɛm.”“Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano borɔ.” 14 “Nnome a ɛyɛ hu na ɛfiri wɔn anom ba.” 15 “Wɔnkyɛre opira ne awudie ho; 16 baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa, 17 na wɔnnim asomdwoeɛ kwan.” 18 “Na wɔnnsuro Onyankopɔn.” 19 Yɛnim sɛ biribiara a ɛwɔ Mmara no mu no, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔhyɛ Mmara no tumi ase. Mmara no ka yeinom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyie, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase nyinaa di fɔ. 20 Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ deɛ Mmara no hyɛ sɛ ɔnyɛ a, Onyankopɔn bɛbu no bem. Deɛ Mmara no yɛ ara ne sɛ, ɛma onipa hunu sɛ wayɛ bɔne. 21 Wɔada teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn, na ɛmfiri mmara no adi. Ɛno na Mmara no ne Adiyifoɔ no di ho adanseɛ. 22 Saa teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn yi nam gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ hɔ ma agyidifoɔ nyinaa. Nsonsonoeɛ biara nni mu. 23 Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, 24 nanso ɔnam Kristo adom nkwagyeɛ no so abu wɔn nyinaa bem kwa. 25 Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔdeɛ mma yɛn. Kristo de ne mogya maaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, gyidie a yɛbɛnya wɔ ne mu enti wɔbɛgye yɛn. Saa afɔdeɛ yi ma yɛhunu sɛ, mmerɛ a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛeɛ. 26 Ɛfiri sɛ na Onyankopɔn rehwɛ ɛkwan na ɔde wɔn abɛka deɛ ɔreyɛ saa ɛberɛ yi no ho. Onyankopɔn yɛɛ yei de kyerɛɛ ne tenenee, ɛfiri sɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na ɔbu atɛntenenee nso, na sɛ nnebɔneyɛfoɔ gye Yesu di a, ɔbu wɔn sɛ wɔtene wɔ nʼani so. 27 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛde bɛhoahoa yɛn ho? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yɛdi so no enti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ɔgye yɛn no nnyina mmara a yɛdi so, na mmom, ɛgyina gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu mu. 28 Ne tiawatwa ne sɛ, wɔnam gyidie so na wɔbu onipa bem, na ɛnyɛ Mmara a ɔdi so no enti. 29 Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara Onyankopɔn anaa? Ɔnyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn bi anaa? Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɔyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn. 30 Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidie nko ara a Yudafoɔ wɔ so bɛbu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidie nko ara so bɛbu amanamanmufoɔ bem. 31 Enti, yei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidie no so gyae Mmara no so di anaa? Dabi, na mmom, sɛ yɛwɔ gyidie a, yɛfoa Mmara no adanseɛ so.

In Other Versions

Romans 3 in the ANGEFD

Romans 3 in the ANTPNG2D

Romans 3 in the AS21

Romans 3 in the BAGH

Romans 3 in the BBPNG

Romans 3 in the BBT1E

Romans 3 in the BDS

Romans 3 in the BEV

Romans 3 in the BHAD

Romans 3 in the BIB

Romans 3 in the BLPT

Romans 3 in the BNT

Romans 3 in the BNTABOOT

Romans 3 in the BNTLV

Romans 3 in the BOATCB2

Romans 3 in the BOBCV

Romans 3 in the BOCNT

Romans 3 in the BOECS

Romans 3 in the BOGWICC

Romans 3 in the BOHCB

Romans 3 in the BOHCV

Romans 3 in the BOHLNT

Romans 3 in the BOHNTLTAL

Romans 3 in the BOICB

Romans 3 in the BOILNTAP

Romans 3 in the BOITCV

Romans 3 in the BOKCV

Romans 3 in the BOKCV2

Romans 3 in the BOKHWOG

Romans 3 in the BOKSSV

Romans 3 in the BOLCB

Romans 3 in the BOLCB2

Romans 3 in the BOMCV

Romans 3 in the BONAV

Romans 3 in the BONCB

Romans 3 in the BONLT

Romans 3 in the BONUT2

Romans 3 in the BOPLNT

Romans 3 in the BOSCB

Romans 3 in the BOSNC

Romans 3 in the BOTLNT

Romans 3 in the BOVCB

Romans 3 in the BOYCB

Romans 3 in the BPBB

Romans 3 in the BPH

Romans 3 in the BSB

Romans 3 in the CCB

Romans 3 in the CUV

Romans 3 in the CUVS

Romans 3 in the DBT

Romans 3 in the DGDNT

Romans 3 in the DHNT

Romans 3 in the DNT

Romans 3 in the ELBE

Romans 3 in the EMTV

Romans 3 in the ESV

Romans 3 in the FBV

Romans 3 in the FEB

Romans 3 in the GGMNT

Romans 3 in the GNT

Romans 3 in the HARY

Romans 3 in the HNT

Romans 3 in the IRVA

Romans 3 in the IRVB

Romans 3 in the IRVG

Romans 3 in the IRVH

Romans 3 in the IRVK

Romans 3 in the IRVM

Romans 3 in the IRVM2

Romans 3 in the IRVO

Romans 3 in the IRVP

Romans 3 in the IRVT

Romans 3 in the IRVT2

Romans 3 in the IRVU

Romans 3 in the ISVN

Romans 3 in the JSNT

Romans 3 in the KAPI

Romans 3 in the KBT1ETNIK

Romans 3 in the KBV

Romans 3 in the KJV

Romans 3 in the KNFD

Romans 3 in the LBA

Romans 3 in the LBLA

Romans 3 in the LNT

Romans 3 in the LSV

Romans 3 in the MAAL

Romans 3 in the MBV

Romans 3 in the MBV2

Romans 3 in the MHNT

Romans 3 in the MKNFD

Romans 3 in the MNG

Romans 3 in the MNT

Romans 3 in the MNT2

Romans 3 in the MRS1T

Romans 3 in the NAA

Romans 3 in the NASB

Romans 3 in the NBLA

Romans 3 in the NBS

Romans 3 in the NBVTP

Romans 3 in the NET2

Romans 3 in the NIV11

Romans 3 in the NNT

Romans 3 in the NNT2

Romans 3 in the NNT3

Romans 3 in the PDDPT

Romans 3 in the PFNT

Romans 3 in the RMNT

Romans 3 in the SBIAS

Romans 3 in the SBIBS

Romans 3 in the SBIBS2

Romans 3 in the SBICS

Romans 3 in the SBIDS

Romans 3 in the SBIGS

Romans 3 in the SBIHS

Romans 3 in the SBIIS

Romans 3 in the SBIIS2

Romans 3 in the SBIIS3

Romans 3 in the SBIKS

Romans 3 in the SBIKS2

Romans 3 in the SBIMS

Romans 3 in the SBIOS

Romans 3 in the SBIPS

Romans 3 in the SBISS

Romans 3 in the SBITS

Romans 3 in the SBITS2

Romans 3 in the SBITS3

Romans 3 in the SBITS4

Romans 3 in the SBIUS

Romans 3 in the SBIVS

Romans 3 in the SBT

Romans 3 in the SBT1E

Romans 3 in the SCHL

Romans 3 in the SNT

Romans 3 in the SUSU

Romans 3 in the SUSU2

Romans 3 in the SYNO

Romans 3 in the TBIAOTANT

Romans 3 in the TBT1E

Romans 3 in the TBT1E2

Romans 3 in the TFTIP

Romans 3 in the TFTU

Romans 3 in the TGNTATF3T

Romans 3 in the THAI

Romans 3 in the TNFD

Romans 3 in the TNT

Romans 3 in the TNTIK

Romans 3 in the TNTIL

Romans 3 in the TNTIN

Romans 3 in the TNTIP

Romans 3 in the TNTIZ

Romans 3 in the TOMA

Romans 3 in the TTENT

Romans 3 in the UBG

Romans 3 in the UGV

Romans 3 in the UGV2

Romans 3 in the UGV3

Romans 3 in the VBL

Romans 3 in the VDCC

Romans 3 in the YALU

Romans 3 in the YAPE

Romans 3 in the YBVTP

Romans 3 in the ZBP