Romans 3 (BOATCB2)

1 Ɛno de, na Yudaniyɛ so mfaso ne dɛn, anaasɛ twetiatwa so wɔ mfaso bi? 2 Yiw mfaso wɔ so. Nea edi kan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa. 3 Na sɛ ebinom nni gyidi ɛ? Gyidi a wonni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo ana? 4 Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofo a, Onyankopɔn de, ɔyɛ ɔnokwafo, sɛnea wɔakyerɛw se,“Wudi bem wɔ wo kasa muna woteɛ wɔ wʼatemmu mu.” 5 Na obi bɛka se, “Sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn trenee adi kann a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuwhyew ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa) 6 Dabi da! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔtreneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu wiase atɛn? 7 Obi begye akyinnye aka se, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokware da adi na nʼanuonyam boro so a, ɛno de, adɛn nti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛni?” 8 Ebinom nso bɛka se, “Ɛno de, momma yɛnyɛ bɔne sɛnea biribi pa befi mu aba!” Nnipa bi mpo ka se saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bebu wɔn atɛn. 9 Afei, dɛn na yɛnka? Yɛn Yudafo yɛ nnipa sen amanamanmufo no ana? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dedaw sɛ Yudafo ne amanamanmufo nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase. 10 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se,“Obiara nyɛ ɔtreneeni; 11 obiara nyɛ ɔbadwemma;na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. 12 Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;wɔn nyinaa ayɛ bɔne.Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.Ɔbaako mpo nni hɔ.” 13 “Wɔn anom te sɛ ɔda a abue;na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.”“Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano bɔre. 14 Nnome a ɛyɛ hu na efi wɔn anom ba.” 15 “Wɔnam awudi so pira afoforo ntɛm. 16 Wɔde ɔsɛe ne awerɛhow ba, 17 na wonnim asomdwoe kwan.” 18 “Na wonsuro Onyankopɔn.” 19 Yenim sɛ biribiara a ɛwɔ mmara no mu no, wɔkyerɛw maa wɔn a wɔhyɛ mmara no tumi ase. Mmara no ka eyinom sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyi, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase nyinaa di fɔ. 20 Efisɛ obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ nea mmara no hyɛ sɛ ɔnnyɛ a, Onyankopɔn bebu no bem. Nea mmara no yɛ ara ne sɛ, ɛma onipa hu sɛ wayɛ bɔne. 21 Wɔada treneeyɛ a efi Onyankopɔn, na emfi mmara no adi. Ɛno na mmara no ne Adiyifo no di ho adanse. 22 Saa treneeyɛ a efi Onyankopɔn yi nam gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ hɔ ma agyidifo nyinaa. Nsonoe biara nni mu. 23 Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, 24 nanso ɔnam Kristo adom nkwagye no so abu wɔn nyinaa bem. 25 Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔre mma yɛn. Kristo de ne mogya mae, sɛnea ɛbɛyɛ a gyidi a yebenya wɔ ne mu nti wobegye yɛn. Saa afɔre yi ma yehu sɛ, mmere a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛe. 26 Efisɛ na Onyankopɔn rehwɛ kwan na ɔde wɔn abɛka nea ɔreyɛ saa bere yi no ho. Onyankopɔn yɛɛ eyi de kyerɛɛ ne trenee, efisɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na obu atɛntrenee nso, na sɛ nnebɔneyɛfo gye Yesu di a, obu wɔn sɛ wɔteɛ wɔ nʼani so. 27 Ɛno de, na ahohoahoa wɔ he? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yedi so no nti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ogye yɛn no nnyina mmara a yedi so, na mmom, egyina gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu mu. 28 Ne tiaatwa ne sɛ, wɔnam gyidi so na wobu onipa bem, na ɛnyɛ mmara a odi so no nti. 29 Onyankopɔn yɛ Yudafo nko ara Nyankopɔn ana? Ɔnyɛ amanamanmufo nso Nyankopɔn bi ana? Ɛyɛ nokware turodoo sɛ ɔyɛ amanamanmufo nso Nyankopɔn. 30 Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidi nko ara a Yudafo wɔ so bebu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidi nko ara so bebu amanamanmufo bem. 31 Enti eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidi no so gyae Mmara no so di ana? Dabi da, na mmom, sɛ yɛwɔ gyidi a, yɛfoa Mmara no adanse so.

In Other Versions

Romans 3 in the ANGEFD

Romans 3 in the ANTPNG2D

Romans 3 in the AS21

Romans 3 in the BAGH

Romans 3 in the BBPNG

Romans 3 in the BBT1E

Romans 3 in the BDS

Romans 3 in the BEV

Romans 3 in the BHAD

Romans 3 in the BIB

Romans 3 in the BLPT

Romans 3 in the BNT

Romans 3 in the BNTABOOT

Romans 3 in the BNTLV

Romans 3 in the BOATCB

Romans 3 in the BOBCV

Romans 3 in the BOCNT

Romans 3 in the BOECS

Romans 3 in the BOGWICC

Romans 3 in the BOHCB

Romans 3 in the BOHCV

Romans 3 in the BOHLNT

Romans 3 in the BOHNTLTAL

Romans 3 in the BOICB

Romans 3 in the BOILNTAP

Romans 3 in the BOITCV

Romans 3 in the BOKCV

Romans 3 in the BOKCV2

Romans 3 in the BOKHWOG

Romans 3 in the BOKSSV

Romans 3 in the BOLCB

Romans 3 in the BOLCB2

Romans 3 in the BOMCV

Romans 3 in the BONAV

Romans 3 in the BONCB

Romans 3 in the BONLT

Romans 3 in the BONUT2

Romans 3 in the BOPLNT

Romans 3 in the BOSCB

Romans 3 in the BOSNC

Romans 3 in the BOTLNT

Romans 3 in the BOVCB

Romans 3 in the BOYCB

Romans 3 in the BPBB

Romans 3 in the BPH

Romans 3 in the BSB

Romans 3 in the CCB

Romans 3 in the CUV

Romans 3 in the CUVS

Romans 3 in the DBT

Romans 3 in the DGDNT

Romans 3 in the DHNT

Romans 3 in the DNT

Romans 3 in the ELBE

Romans 3 in the EMTV

Romans 3 in the ESV

Romans 3 in the FBV

Romans 3 in the FEB

Romans 3 in the GGMNT

Romans 3 in the GNT

Romans 3 in the HARY

Romans 3 in the HNT

Romans 3 in the IRVA

Romans 3 in the IRVB

Romans 3 in the IRVG

Romans 3 in the IRVH

Romans 3 in the IRVK

Romans 3 in the IRVM

Romans 3 in the IRVM2

Romans 3 in the IRVO

Romans 3 in the IRVP

Romans 3 in the IRVT

Romans 3 in the IRVT2

Romans 3 in the IRVU

Romans 3 in the ISVN

Romans 3 in the JSNT

Romans 3 in the KAPI

Romans 3 in the KBT1ETNIK

Romans 3 in the KBV

Romans 3 in the KJV

Romans 3 in the KNFD

Romans 3 in the LBA

Romans 3 in the LBLA

Romans 3 in the LNT

Romans 3 in the LSV

Romans 3 in the MAAL

Romans 3 in the MBV

Romans 3 in the MBV2

Romans 3 in the MHNT

Romans 3 in the MKNFD

Romans 3 in the MNG

Romans 3 in the MNT

Romans 3 in the MNT2

Romans 3 in the MRS1T

Romans 3 in the NAA

Romans 3 in the NASB

Romans 3 in the NBLA

Romans 3 in the NBS

Romans 3 in the NBVTP

Romans 3 in the NET2

Romans 3 in the NIV11

Romans 3 in the NNT

Romans 3 in the NNT2

Romans 3 in the NNT3

Romans 3 in the PDDPT

Romans 3 in the PFNT

Romans 3 in the RMNT

Romans 3 in the SBIAS

Romans 3 in the SBIBS

Romans 3 in the SBIBS2

Romans 3 in the SBICS

Romans 3 in the SBIDS

Romans 3 in the SBIGS

Romans 3 in the SBIHS

Romans 3 in the SBIIS

Romans 3 in the SBIIS2

Romans 3 in the SBIIS3

Romans 3 in the SBIKS

Romans 3 in the SBIKS2

Romans 3 in the SBIMS

Romans 3 in the SBIOS

Romans 3 in the SBIPS

Romans 3 in the SBISS

Romans 3 in the SBITS

Romans 3 in the SBITS2

Romans 3 in the SBITS3

Romans 3 in the SBITS4

Romans 3 in the SBIUS

Romans 3 in the SBIVS

Romans 3 in the SBT

Romans 3 in the SBT1E

Romans 3 in the SCHL

Romans 3 in the SNT

Romans 3 in the SUSU

Romans 3 in the SUSU2

Romans 3 in the SYNO

Romans 3 in the TBIAOTANT

Romans 3 in the TBT1E

Romans 3 in the TBT1E2

Romans 3 in the TFTIP

Romans 3 in the TFTU

Romans 3 in the TGNTATF3T

Romans 3 in the THAI

Romans 3 in the TNFD

Romans 3 in the TNT

Romans 3 in the TNTIK

Romans 3 in the TNTIL

Romans 3 in the TNTIN

Romans 3 in the TNTIP

Romans 3 in the TNTIZ

Romans 3 in the TOMA

Romans 3 in the TTENT

Romans 3 in the UBG

Romans 3 in the UGV

Romans 3 in the UGV2

Romans 3 in the UGV3

Romans 3 in the VBL

Romans 3 in the VDCC

Romans 3 in the YALU

Romans 3 in the YAPE

Romans 3 in the YBVTP

Romans 3 in the ZBP