Romans 5 (BOATCB)
1 Afei a ɛnam gyidie so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoeɛ. 2 Ɔnam gyidie so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu seesei no mu. Yɛn ani gye wɔ anidasoɔ mu sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn anim animuonyam. 3 Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, 4 na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba. 5 Saa anidasoɔ yi renni yɛn hwammɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛdeɛ a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn akoma mu. 6 Ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɛberɛ a yɛyɛ mmerɛ no, Kristo wu maa amumuyɛfoɔ. 7 Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo, na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia obi bɛsi ne bo awu ama no. 8 Nanso, Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ yei mu sɛ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn. 9 Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no enti, wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri Onyankopɔn abufuhyeɛ mu. 10 Na sɛ ɛberɛ a yɛyɛ atamfoɔ mpo Onyankopɔn de ne Ba no wuo yɛɛ mpatadeɛ maa yɛn a, saa mmerɛ yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi deɛ, yɛnim sɛ ɔnam ne Ba no so bɛgye yɛn nkwa. 11 Ɛnyɛ yei nko, mmom yɛnam AWURADE Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no gye yɛn ani wɔ Onyankopɔn mu. 12 Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa ewiase, na ne bɔne no de owuo baeɛ. Ɛno enti owuo trɛ baa nnipa nyinaa so, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛɛ bɔne. 13 Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde Mmara no reba. Nanso, mmara nni hɔ a, wɔmmu bɔne ho akonta. 14 Nanso, ɛfiri Adam ɛberɛ so kɔsi Mose ɛberɛ so no, owuo dii nnipa nyinaa so kɔsii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne, sɛdeɛ Adam deɛ ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɛkwan bi so no, Adam yɛ Kristo, deɛ na ɔrebɛba no, sɛso. 15 Nanso, wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛsiane saa onipa baako no bɔne enti nnipa pii wuwuiɛ. Nanso, Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno enti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no. 16 Bio, Onyankopɔn akyɛdeɛ no nte sɛ nsunsuansoɔ a ɛfiri onipa baako bɔne mu baeɛ no. Atemmuo no nam bɔne baako so de afɔbuo baeɛ, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛdeɛ no de bembuo baeɛ. 17 Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so ɛna owuo dii ɔhene a, ɛnneɛ wɔn a wɔnya adom mmorosoɔ ne tenenee akyɛdeɛ no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bɛdi hene wɔ nkwa mu. 18 Enti sɛdeɛ onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛeɛ no ma wɔbuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na tenenee adeyɛ baako maa wɔbuu nnipa nyinaa bem, na yɛnyaa nkwa. 19 Na sɛdeɛ ɛnam ɔbaakofoɔ asoɔden so enti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, saa ara nso na onipa baako setie enti, wɔbɛyɛ bebree teneneefoɔ. 20 Wɔyɛɛ mmara no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodoɔ a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso, 21 enti sɛdeɛ bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owuo mu no, saa ara na adom no nam tenenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn AWURADE mu bɛba.
In Other Versions
Romans 5 in the ANGEFD
Romans 5 in the ANTPNG2D
Romans 5 in the AS21
Romans 5 in the BAGH
Romans 5 in the BBPNG
Romans 5 in the BBT1E
Romans 5 in the BDS
Romans 5 in the BEV
Romans 5 in the BHAD
Romans 5 in the BIB
Romans 5 in the BLPT
Romans 5 in the BNT
Romans 5 in the BNTABOOT
Romans 5 in the BNTLV
Romans 5 in the BOATCB2
Romans 5 in the BOBCV
Romans 5 in the BOCNT
Romans 5 in the BOECS
Romans 5 in the BOGWICC
Romans 5 in the BOHCB
Romans 5 in the BOHCV
Romans 5 in the BOHLNT
Romans 5 in the BOHNTLTAL
Romans 5 in the BOICB
Romans 5 in the BOILNTAP
Romans 5 in the BOITCV
Romans 5 in the BOKCV
Romans 5 in the BOKCV2
Romans 5 in the BOKHWOG
Romans 5 in the BOKSSV
Romans 5 in the BOLCB
Romans 5 in the BOLCB2
Romans 5 in the BOMCV
Romans 5 in the BONAV
Romans 5 in the BONCB
Romans 5 in the BONLT
Romans 5 in the BONUT2
Romans 5 in the BOPLNT
Romans 5 in the BOSCB
Romans 5 in the BOSNC
Romans 5 in the BOTLNT
Romans 5 in the BOVCB
Romans 5 in the BOYCB
Romans 5 in the BPBB
Romans 5 in the BPH
Romans 5 in the BSB
Romans 5 in the CCB
Romans 5 in the CUV
Romans 5 in the CUVS
Romans 5 in the DBT
Romans 5 in the DGDNT
Romans 5 in the DHNT
Romans 5 in the DNT
Romans 5 in the ELBE
Romans 5 in the EMTV
Romans 5 in the ESV
Romans 5 in the FBV
Romans 5 in the FEB
Romans 5 in the GGMNT
Romans 5 in the GNT
Romans 5 in the HARY
Romans 5 in the HNT
Romans 5 in the IRVA
Romans 5 in the IRVB
Romans 5 in the IRVG
Romans 5 in the IRVH
Romans 5 in the IRVK
Romans 5 in the IRVM
Romans 5 in the IRVM2
Romans 5 in the IRVO
Romans 5 in the IRVP
Romans 5 in the IRVT
Romans 5 in the IRVT2
Romans 5 in the IRVU
Romans 5 in the ISVN
Romans 5 in the JSNT
Romans 5 in the KAPI
Romans 5 in the KBT1ETNIK
Romans 5 in the KBV
Romans 5 in the KJV
Romans 5 in the KNFD
Romans 5 in the LBA
Romans 5 in the LBLA
Romans 5 in the LNT
Romans 5 in the LSV
Romans 5 in the MAAL
Romans 5 in the MBV
Romans 5 in the MBV2
Romans 5 in the MHNT
Romans 5 in the MKNFD
Romans 5 in the MNG
Romans 5 in the MNT
Romans 5 in the MNT2
Romans 5 in the MRS1T
Romans 5 in the NAA
Romans 5 in the NASB
Romans 5 in the NBLA
Romans 5 in the NBS
Romans 5 in the NBVTP
Romans 5 in the NET2
Romans 5 in the NIV11
Romans 5 in the NNT
Romans 5 in the NNT2
Romans 5 in the NNT3
Romans 5 in the PDDPT
Romans 5 in the PFNT
Romans 5 in the RMNT
Romans 5 in the SBIAS
Romans 5 in the SBIBS
Romans 5 in the SBIBS2
Romans 5 in the SBICS
Romans 5 in the SBIDS
Romans 5 in the SBIGS
Romans 5 in the SBIHS
Romans 5 in the SBIIS
Romans 5 in the SBIIS2
Romans 5 in the SBIIS3
Romans 5 in the SBIKS
Romans 5 in the SBIKS2
Romans 5 in the SBIMS
Romans 5 in the SBIOS
Romans 5 in the SBIPS
Romans 5 in the SBISS
Romans 5 in the SBITS
Romans 5 in the SBITS2
Romans 5 in the SBITS3
Romans 5 in the SBITS4
Romans 5 in the SBIUS
Romans 5 in the SBIVS
Romans 5 in the SBT
Romans 5 in the SBT1E
Romans 5 in the SCHL
Romans 5 in the SNT
Romans 5 in the SUSU
Romans 5 in the SUSU2
Romans 5 in the SYNO
Romans 5 in the TBIAOTANT
Romans 5 in the TBT1E
Romans 5 in the TBT1E2
Romans 5 in the TFTIP
Romans 5 in the TFTU
Romans 5 in the TGNTATF3T
Romans 5 in the THAI
Romans 5 in the TNFD
Romans 5 in the TNT
Romans 5 in the TNTIK
Romans 5 in the TNTIL
Romans 5 in the TNTIN
Romans 5 in the TNTIP
Romans 5 in the TNTIZ
Romans 5 in the TOMA
Romans 5 in the TTENT
Romans 5 in the UBG
Romans 5 in the UGV
Romans 5 in the UGV2
Romans 5 in the UGV3
Romans 5 in the VBL
Romans 5 in the VDCC
Romans 5 in the YALU
Romans 5 in the YAPE
Romans 5 in the YBVTP
Romans 5 in the ZBP