Romans 5 (BOATCB2)
1 Afei a ɛnam gyidi so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoe. 2 Ɔnam gyidi so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu mprempren no mu. Yɛn ani gye wɔ anidaso mu sɛ yebenya Onyankopɔn anim anuonyam. 3 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom, yɛwɔ yɛn haw mu anuonyam nso, efisɛ yenim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, 4 na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu nso de anidaso ba. 5 Saa anidaso yi renni yɛn nhuammɔ, efisɛ Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛde a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn koma mu. 6 Bere a ɛsɛ mu, bere a yɛyɛ mmerɛw no, Kristo wu maa amumɔyɛfo. 7 Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee mpo, na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia obi besi ne bo awu ama no. 8 Nanso Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ eyi mu sɛ, bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn. 9 Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no nti, wɔnam ne so begye yɛn afi Onyankopɔn abufuwhyew mu. 10 Na sɛ bere a yɛyɛ atamfo mpo Onyankopɔn de ne Ba no wu yɛɛ mpatade maa yɛn a, saa mmere yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi de, yenim sɛ ɔnam ne Ba no so begye yɛn nkwa. 11 Ɛnyɛ eyi nko, mmom yɛnam Awurade Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no so hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu. 12 Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa wiase, na ne bɔne no de owu bae. Ɛno nti owu trɛw baa nnipa nyinaa so, efisɛ wɔn nyinaa yɛɛ bɔne. 13 Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde mmara no reba. Nanso mmara nni hɔ a, wommu bɔne ho akontaa. 14 Nanso efi Adam bere so kosi Mose bere so no, owu dii nnipa nyinaa so kosii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne so, sɛnea Adam de, ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɔkwan bi so no, Adam yɛ Kristo, nea na ɔrebɛba no, sɛso. 15 Nanso wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, efisɛ Onyankopɔn akyɛde a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokware sɛ esiane saa onipa baako no bɔne nti, nnipa pii wuwui. Nanso Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno nti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no. 16 Bio, Onyankopɔn akyɛde no nte sɛ nsunsuanso a efi onipa baako bɔne mu bae no. Atemmu no nam bɔne baako so de afobu bae, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛde no de bembu bae. 17 Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so na owu dii hene a, ɛno de wɔn a wonya adom mmoroso ne trenee akyɛde no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bedi hene wɔ nkwa mu. 18 Enti sɛnea onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛe no ma wobuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na trenee nneyɛe baako ma wobuu nnipa nyinaa bem, ma yenyaa nkwa. 19 Na sɛnea ɛnam ɔbaakofo asoɔden so nti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfo no, saa ara nso na onipa baako setie nti wɔbɛyɛ bebree atreneefo. 20 Wɔyɛɛ mmara no, sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodow a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso, 21 enti sɛnea bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owu mu no, saa ara na adom no nam trenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn Awurade mu bɛba no.
In Other Versions
Romans 5 in the ANGEFD
Romans 5 in the ANTPNG2D
Romans 5 in the AS21
Romans 5 in the BAGH
Romans 5 in the BBPNG
Romans 5 in the BBT1E
Romans 5 in the BDS
Romans 5 in the BEV
Romans 5 in the BHAD
Romans 5 in the BIB
Romans 5 in the BLPT
Romans 5 in the BNT
Romans 5 in the BNTABOOT
Romans 5 in the BNTLV
Romans 5 in the BOATCB
Romans 5 in the BOBCV
Romans 5 in the BOCNT
Romans 5 in the BOECS
Romans 5 in the BOGWICC
Romans 5 in the BOHCB
Romans 5 in the BOHCV
Romans 5 in the BOHLNT
Romans 5 in the BOHNTLTAL
Romans 5 in the BOICB
Romans 5 in the BOILNTAP
Romans 5 in the BOITCV
Romans 5 in the BOKCV
Romans 5 in the BOKCV2
Romans 5 in the BOKHWOG
Romans 5 in the BOKSSV
Romans 5 in the BOLCB
Romans 5 in the BOLCB2
Romans 5 in the BOMCV
Romans 5 in the BONAV
Romans 5 in the BONCB
Romans 5 in the BONLT
Romans 5 in the BONUT2
Romans 5 in the BOPLNT
Romans 5 in the BOSCB
Romans 5 in the BOSNC
Romans 5 in the BOTLNT
Romans 5 in the BOVCB
Romans 5 in the BOYCB
Romans 5 in the BPBB
Romans 5 in the BPH
Romans 5 in the BSB
Romans 5 in the CCB
Romans 5 in the CUV
Romans 5 in the CUVS
Romans 5 in the DBT
Romans 5 in the DGDNT
Romans 5 in the DHNT
Romans 5 in the DNT
Romans 5 in the ELBE
Romans 5 in the EMTV
Romans 5 in the ESV
Romans 5 in the FBV
Romans 5 in the FEB
Romans 5 in the GGMNT
Romans 5 in the GNT
Romans 5 in the HARY
Romans 5 in the HNT
Romans 5 in the IRVA
Romans 5 in the IRVB
Romans 5 in the IRVG
Romans 5 in the IRVH
Romans 5 in the IRVK
Romans 5 in the IRVM
Romans 5 in the IRVM2
Romans 5 in the IRVO
Romans 5 in the IRVP
Romans 5 in the IRVT
Romans 5 in the IRVT2
Romans 5 in the IRVU
Romans 5 in the ISVN
Romans 5 in the JSNT
Romans 5 in the KAPI
Romans 5 in the KBT1ETNIK
Romans 5 in the KBV
Romans 5 in the KJV
Romans 5 in the KNFD
Romans 5 in the LBA
Romans 5 in the LBLA
Romans 5 in the LNT
Romans 5 in the LSV
Romans 5 in the MAAL
Romans 5 in the MBV
Romans 5 in the MBV2
Romans 5 in the MHNT
Romans 5 in the MKNFD
Romans 5 in the MNG
Romans 5 in the MNT
Romans 5 in the MNT2
Romans 5 in the MRS1T
Romans 5 in the NAA
Romans 5 in the NASB
Romans 5 in the NBLA
Romans 5 in the NBS
Romans 5 in the NBVTP
Romans 5 in the NET2
Romans 5 in the NIV11
Romans 5 in the NNT
Romans 5 in the NNT2
Romans 5 in the NNT3
Romans 5 in the PDDPT
Romans 5 in the PFNT
Romans 5 in the RMNT
Romans 5 in the SBIAS
Romans 5 in the SBIBS
Romans 5 in the SBIBS2
Romans 5 in the SBICS
Romans 5 in the SBIDS
Romans 5 in the SBIGS
Romans 5 in the SBIHS
Romans 5 in the SBIIS
Romans 5 in the SBIIS2
Romans 5 in the SBIIS3
Romans 5 in the SBIKS
Romans 5 in the SBIKS2
Romans 5 in the SBIMS
Romans 5 in the SBIOS
Romans 5 in the SBIPS
Romans 5 in the SBISS
Romans 5 in the SBITS
Romans 5 in the SBITS2
Romans 5 in the SBITS3
Romans 5 in the SBITS4
Romans 5 in the SBIUS
Romans 5 in the SBIVS
Romans 5 in the SBT
Romans 5 in the SBT1E
Romans 5 in the SCHL
Romans 5 in the SNT
Romans 5 in the SUSU
Romans 5 in the SUSU2
Romans 5 in the SYNO
Romans 5 in the TBIAOTANT
Romans 5 in the TBT1E
Romans 5 in the TBT1E2
Romans 5 in the TFTIP
Romans 5 in the TFTU
Romans 5 in the TGNTATF3T
Romans 5 in the THAI
Romans 5 in the TNFD
Romans 5 in the TNT
Romans 5 in the TNTIK
Romans 5 in the TNTIL
Romans 5 in the TNTIN
Romans 5 in the TNTIP
Romans 5 in the TNTIZ
Romans 5 in the TOMA
Romans 5 in the TTENT
Romans 5 in the UBG
Romans 5 in the UGV
Romans 5 in the UGV2
Romans 5 in the UGV3
Romans 5 in the VBL
Romans 5 in the VDCC
Romans 5 in the YALU
Romans 5 in the YAPE
Romans 5 in the YBVTP
Romans 5 in the ZBP