Ruth 3 (BOATCB)
1 Ɛda bi Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ, “Me babaa, ɛberɛ aduru sɛ mehwehwɛ fie a wobɛtena mu na wobɛnya deɛ ɛhia wo biara. 2 Boas yɛ yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔeɛ mmorosoɔ sɛ wama wo ne nʼadwumayɛfoɔ aboaboa atokoɔ ano. Anadwo yi, ɔbɛhuhu atokoɔ so wɔ ayuporobea hɔ. 3 Enti, yɛ deɛ merekyerɛ wo yi. Dware na tutu aduhwam gu wo ho na fa wo ntadeɛ pa bi hyɛ. Afei, kɔ ayuporobea hɔ, nanso mma Boas nhunu wo kɔsi sɛ ɔbɛdidi awie. 4 Hwɛ na hunu baabi a ɔda hɔ yie, afei, kɔ na kɔyi ne nan ho akatasoɔ na da hɔ. Ɔbɛka deɛ ɔpɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.” 5 Rut kaa sɛ, “Biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” 6 Enti, ɔkɔɔ ayuporobea hɔ anadwo no, na ɔdii akwankyerɛ a nʼase de maa no no so. 7 Boas didi wieeɛ no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atokoɔ mmoano no ho, na ɔfaa mu daeɛ. Rut yɛɛ nwaa kɔyii ne nan ho akatasoɔ na ɔdaa hɔ. 8 Anadwo dasuo mu no, Boas bɔɔ pitiri danee ne ho. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔhunuu sɛ ɔbaa da ne nan ase. 9 Ɔbisaa sɛ, “Na hwan nie?”Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ me wo ɔsomfoɔ Rut. Trɛ wo nkatasoɔ no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefoɔ.” 10 Na Boas kaa sɛ, “AWURADE nhyira wo, me babaa! Worekyerɛ abusua dɔ a ebi mmaa da sɛ woankɔdi aberantewaa bi akyi, sɛ ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani. 11 Afei, me babaa, mma hwee nha wo. Mɛyɛ deɛ ɛho hia, ɛfiri sɛ, obiara a ɔwɔ kuro yi mu nim sɛ woyɛ ɔbaa a wodi wo ho ni. 12 Nanso, akwansideɛ baako wɔ hɔ. Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ meyɛ mo abusua agyefoɔ mu baako deɛ, nanso, ɔbarima foforɔ bi wɔ hɔ a ɔyɛ obusuani nimpɔn sene me. 13 Tena ha anadwo yi na sɛ adeɛ kye a, me ne no bɛkasa. Sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛgye wo a, ɛnneɛ ma ho kwan na ɔnware wo. Na sɛ ɛnyɛ ne pɛ nso a, ɛnneɛ, ɛkwan biara so, sɛ AWURADE te ase yi, mɛware wo! Enti da ha ma adeɛ nkye.” 14 Enti, Rut daa ne nan ho kɔsii adekyeeɛ nanso ɔsɔree ɛberɛ a na anim ayɛ hwanihwani no. Na Boas ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi hunu sɛ ɔbaa bi bɛdaa ayuporeeɛ ha.” 15 Boas toaa so kaa sɛ, “Fa wʼatadeɛ ngugusoɔ no bra na trɛ mu.” Ɔsesaa atokoɔ no susukora nsia guu mu na ɔboaa no maa ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas sane kɔɔ kuro no mu. 16 Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Me babaa, ɛkɔsii sɛn?”Rut kaa biribiara a Boas yɛ maa no kyerɛɛ Naomi, 17 na ɔtoaa so sɛ, “Ɔmaa me atokoɔ susukora nsia kaa sɛ, ‘Mfa nsapan nkɔ wʼase nkyɛn.’ ” 18 Afei, Naomi kaa sɛ, “Me ba, twɛn kɔsi sɛ wobɛhunu deɛ ɛbɛsi. Ɔbarima no renna so kɔsi sɛ ɔbɛwie dwumadie no. Ɔbɛma asi ɛnnɛ dua yi ara.”
In Other Versions
Ruth 3 in the ANGEFD
Ruth 3 in the ANTPNG2D
Ruth 3 in the AS21
Ruth 3 in the BAGH
Ruth 3 in the BBPNG
Ruth 3 in the BBT1E
Ruth 3 in the BDS
Ruth 3 in the BEV
Ruth 3 in the BHAD
Ruth 3 in the BIB
Ruth 3 in the BLPT
Ruth 3 in the BNT
Ruth 3 in the BNTABOOT
Ruth 3 in the BNTLV
Ruth 3 in the BOATCB2
Ruth 3 in the BOBCV
Ruth 3 in the BOCNT
Ruth 3 in the BOECS
Ruth 3 in the BOGWICC
Ruth 3 in the BOHCB
Ruth 3 in the BOHCV
Ruth 3 in the BOHLNT
Ruth 3 in the BOHNTLTAL
Ruth 3 in the BOICB
Ruth 3 in the BOILNTAP
Ruth 3 in the BOITCV
Ruth 3 in the BOKCV
Ruth 3 in the BOKCV2
Ruth 3 in the BOKHWOG
Ruth 3 in the BOKSSV
Ruth 3 in the BOLCB
Ruth 3 in the BOLCB2
Ruth 3 in the BOMCV
Ruth 3 in the BONAV
Ruth 3 in the BONCB
Ruth 3 in the BONLT
Ruth 3 in the BONUT2
Ruth 3 in the BOPLNT
Ruth 3 in the BOSCB
Ruth 3 in the BOSNC
Ruth 3 in the BOTLNT
Ruth 3 in the BOVCB
Ruth 3 in the BOYCB
Ruth 3 in the BPBB
Ruth 3 in the BPH
Ruth 3 in the BSB
Ruth 3 in the CCB
Ruth 3 in the CUV
Ruth 3 in the CUVS
Ruth 3 in the DBT
Ruth 3 in the DGDNT
Ruth 3 in the DHNT
Ruth 3 in the DNT
Ruth 3 in the ELBE
Ruth 3 in the EMTV
Ruth 3 in the ESV
Ruth 3 in the FBV
Ruth 3 in the FEB
Ruth 3 in the GGMNT
Ruth 3 in the GNT
Ruth 3 in the HARY
Ruth 3 in the HNT
Ruth 3 in the IRVA
Ruth 3 in the IRVB
Ruth 3 in the IRVG
Ruth 3 in the IRVH
Ruth 3 in the IRVK
Ruth 3 in the IRVM
Ruth 3 in the IRVM2
Ruth 3 in the IRVO
Ruth 3 in the IRVP
Ruth 3 in the IRVT
Ruth 3 in the IRVT2
Ruth 3 in the IRVU
Ruth 3 in the ISVN
Ruth 3 in the JSNT
Ruth 3 in the KAPI
Ruth 3 in the KBT1ETNIK
Ruth 3 in the KBV
Ruth 3 in the KJV
Ruth 3 in the KNFD
Ruth 3 in the LBA
Ruth 3 in the LBLA
Ruth 3 in the LNT
Ruth 3 in the LSV
Ruth 3 in the MAAL
Ruth 3 in the MBV
Ruth 3 in the MBV2
Ruth 3 in the MHNT
Ruth 3 in the MKNFD
Ruth 3 in the MNG
Ruth 3 in the MNT
Ruth 3 in the MNT2
Ruth 3 in the MRS1T
Ruth 3 in the NAA
Ruth 3 in the NASB
Ruth 3 in the NBLA
Ruth 3 in the NBS
Ruth 3 in the NBVTP
Ruth 3 in the NET2
Ruth 3 in the NIV11
Ruth 3 in the NNT
Ruth 3 in the NNT2
Ruth 3 in the NNT3
Ruth 3 in the PDDPT
Ruth 3 in the PFNT
Ruth 3 in the RMNT
Ruth 3 in the SBIAS
Ruth 3 in the SBIBS
Ruth 3 in the SBIBS2
Ruth 3 in the SBICS
Ruth 3 in the SBIDS
Ruth 3 in the SBIGS
Ruth 3 in the SBIHS
Ruth 3 in the SBIIS
Ruth 3 in the SBIIS2
Ruth 3 in the SBIIS3
Ruth 3 in the SBIKS
Ruth 3 in the SBIKS2
Ruth 3 in the SBIMS
Ruth 3 in the SBIOS
Ruth 3 in the SBIPS
Ruth 3 in the SBISS
Ruth 3 in the SBITS
Ruth 3 in the SBITS2
Ruth 3 in the SBITS3
Ruth 3 in the SBITS4
Ruth 3 in the SBIUS
Ruth 3 in the SBIVS
Ruth 3 in the SBT
Ruth 3 in the SBT1E
Ruth 3 in the SCHL
Ruth 3 in the SNT
Ruth 3 in the SUSU
Ruth 3 in the SUSU2
Ruth 3 in the SYNO
Ruth 3 in the TBIAOTANT
Ruth 3 in the TBT1E
Ruth 3 in the TBT1E2
Ruth 3 in the TFTIP
Ruth 3 in the TFTU
Ruth 3 in the TGNTATF3T
Ruth 3 in the THAI
Ruth 3 in the TNFD
Ruth 3 in the TNT
Ruth 3 in the TNTIK
Ruth 3 in the TNTIL
Ruth 3 in the TNTIN
Ruth 3 in the TNTIP
Ruth 3 in the TNTIZ
Ruth 3 in the TOMA
Ruth 3 in the TTENT
Ruth 3 in the UBG
Ruth 3 in the UGV
Ruth 3 in the UGV2
Ruth 3 in the UGV3
Ruth 3 in the VBL
Ruth 3 in the VDCC
Ruth 3 in the YALU
Ruth 3 in the YAPE
Ruth 3 in the YBVTP
Ruth 3 in the ZBP