1 Samuel 13 (BOATCB2)

1 Bere a Saulo dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan abien. 2 Saulo yii asraafo sononko bi a wɔn dodow yɛ mpensa fii Israel, na ɔmaa nkae no kɔɔ fie. Ɔfaa asraafo no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔw nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Asraafo apem a wɔaka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so. 3 Eyi akyi no, ankyɛ na Yonatan kɔtoaa Filistifo asraafo no dii wɔn so wɔ Geba. Asɛm no trɛw ntɛm so wɔ Filistifo no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto wɔ Israel nyinaa se, “Hebrifo, monsɔre!” 4 Israelfo nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifo asraafo a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa nti, Israelfo ho ayɛ Filistifo no ahi. Enti Israel asraafo no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal. 5 Filistifo boaboaa nsraadɔm kɛse pa ara ano a wokura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefo mpem asia ne asraafo a wɔn dodow te sɛ mpoano nwea ano. Wɔkyeree nsraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apuei fam. 6 Bere a Israel mmarima no huu atamfo no nsraadɔm mpempem no, wɔn ho dwudwoe; nti wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akohintaw wɔn ho wɔ abodan, mmoa, abotan, aboda ne nsukorae mu. 7 Ebinom twaa Asubɔnten Yordan guan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa bere no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopo ne osuro mu. 8 Odii nnanson wɔ hɔ sɛnea Samuel hyɛɛ no sɛ onni no; nanso Samuel de, wamma Gilgal, na Saulo huu sɛ mmarima no rebɔ ahwete. 9 Enti ɔhyɛe se, “Momfa ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyew afɔre no. 10 Ɔrewie afɔre no bɔ ara pɛ, na Samuel koduu hɔ. Enti Saulo pue kohyiaa no maa no akwaaba. 11 Samuel bisaa no se, “Dɛn na woayɛ yi?”Saulo buae se, “Mihuu sɛ mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifo no nso reboa wɔn ho ano wɔ Mikmas no, 12 medwenee se, ‘Afei de, Filistifo no besian abɛtoa me wɔ Gilgal, nanso mimmisaa AWURADE nkyɛn adom ɛ.’ Enti metee nka sɛ, ɛsɛ sɛ mebɔ ɔhyew afɔre ansa na woaba.” 13 Na Samuel kae se, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a AWURADE, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wudii so a, anka obetim wʼahenni ase wɔ Israel afebɔɔ. 14 Na mprempren, wʼahenni no rentim. AWURADE apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ ne koma apɛde na wayi no sɛ ne nkurɔfo ɔkannifo, efisɛ woanni AWURADE mmara no so.” 15 Na Samuel fii Gilgal kɔɔ Gibea wɔ Benyamin. Saulo kan mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si bɛyɛ ahansia. 16 Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a wɔka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea wɔ Benyamin asase so. Saa bere no na Filistifo no akyere nsraban wɔ Mikmas. 17 Afowfo akuw abiɛsa fii Filistifo nsraban mu. Kuw baako de nʼani kyerɛɛ Ofra kwan so, kɔɔ Sual mpɔtam hɔ. 18 Afoforo faa Bet-Horon kwan so na wɔn a wɔka ho no nso faa ɔhye a ɛkyerɛ Seboim bon no kwan so, kɔɔ sare so fam. 19 Saa bere no, na ɔtomfo biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifo no amma atomfo no kwan, efisɛ wose, “Anyɛ saa a atomfo no bɛbɔ afoa ne mpeaw ama Hebrifo no.” 20 Enti na Israelfo no nyinaa kɔ Filistifo nkyɛn kɔsesew wɔn funtum nnade, nsɔw, mmonnua ne dɔtetu nnade ano. 21 (Na wogye funtum nnade ne asosɔw a wɔsew no biara ho dwetɛ gram awotwe, na sɛ wɔsew mmonnua anaa mmoaka nnade a, wogye dwetɛ gram anan.) 22 Ɛno nti na Israelfo no mu biara nni afoa anaa peaw, gye sɛ Saulo ne Yonatan. 23 Saa bere no mu, na Filistifo asraafo no fa bi akɔ akɔfa ɔtempɔn a ɛda Mikmas no.

In Other Versions

1 Samuel 13 in the ANGEFD

1 Samuel 13 in the ANTPNG2D

1 Samuel 13 in the AS21

1 Samuel 13 in the BAGH

1 Samuel 13 in the BBPNG

1 Samuel 13 in the BBT1E

1 Samuel 13 in the BDS

1 Samuel 13 in the BEV

1 Samuel 13 in the BHAD

1 Samuel 13 in the BIB

1 Samuel 13 in the BLPT

1 Samuel 13 in the BNT

1 Samuel 13 in the BNTABOOT

1 Samuel 13 in the BNTLV

1 Samuel 13 in the BOATCB

1 Samuel 13 in the BOBCV

1 Samuel 13 in the BOCNT

1 Samuel 13 in the BOECS

1 Samuel 13 in the BOGWICC

1 Samuel 13 in the BOHCB

1 Samuel 13 in the BOHCV

1 Samuel 13 in the BOHLNT

1 Samuel 13 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 13 in the BOICB

1 Samuel 13 in the BOILNTAP

1 Samuel 13 in the BOITCV

1 Samuel 13 in the BOKCV

1 Samuel 13 in the BOKCV2

1 Samuel 13 in the BOKHWOG

1 Samuel 13 in the BOKSSV

1 Samuel 13 in the BOLCB

1 Samuel 13 in the BOLCB2

1 Samuel 13 in the BOMCV

1 Samuel 13 in the BONAV

1 Samuel 13 in the BONCB

1 Samuel 13 in the BONLT

1 Samuel 13 in the BONUT2

1 Samuel 13 in the BOPLNT

1 Samuel 13 in the BOSCB

1 Samuel 13 in the BOSNC

1 Samuel 13 in the BOTLNT

1 Samuel 13 in the BOVCB

1 Samuel 13 in the BOYCB

1 Samuel 13 in the BPBB

1 Samuel 13 in the BPH

1 Samuel 13 in the BSB

1 Samuel 13 in the CCB

1 Samuel 13 in the CUV

1 Samuel 13 in the CUVS

1 Samuel 13 in the DBT

1 Samuel 13 in the DGDNT

1 Samuel 13 in the DHNT

1 Samuel 13 in the DNT

1 Samuel 13 in the ELBE

1 Samuel 13 in the EMTV

1 Samuel 13 in the ESV

1 Samuel 13 in the FBV

1 Samuel 13 in the FEB

1 Samuel 13 in the GGMNT

1 Samuel 13 in the GNT

1 Samuel 13 in the HARY

1 Samuel 13 in the HNT

1 Samuel 13 in the IRVA

1 Samuel 13 in the IRVB

1 Samuel 13 in the IRVG

1 Samuel 13 in the IRVH

1 Samuel 13 in the IRVK

1 Samuel 13 in the IRVM

1 Samuel 13 in the IRVM2

1 Samuel 13 in the IRVO

1 Samuel 13 in the IRVP

1 Samuel 13 in the IRVT

1 Samuel 13 in the IRVT2

1 Samuel 13 in the IRVU

1 Samuel 13 in the ISVN

1 Samuel 13 in the JSNT

1 Samuel 13 in the KAPI

1 Samuel 13 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 13 in the KBV

1 Samuel 13 in the KJV

1 Samuel 13 in the KNFD

1 Samuel 13 in the LBA

1 Samuel 13 in the LBLA

1 Samuel 13 in the LNT

1 Samuel 13 in the LSV

1 Samuel 13 in the MAAL

1 Samuel 13 in the MBV

1 Samuel 13 in the MBV2

1 Samuel 13 in the MHNT

1 Samuel 13 in the MKNFD

1 Samuel 13 in the MNG

1 Samuel 13 in the MNT

1 Samuel 13 in the MNT2

1 Samuel 13 in the MRS1T

1 Samuel 13 in the NAA

1 Samuel 13 in the NASB

1 Samuel 13 in the NBLA

1 Samuel 13 in the NBS

1 Samuel 13 in the NBVTP

1 Samuel 13 in the NET2

1 Samuel 13 in the NIV11

1 Samuel 13 in the NNT

1 Samuel 13 in the NNT2

1 Samuel 13 in the NNT3

1 Samuel 13 in the PDDPT

1 Samuel 13 in the PFNT

1 Samuel 13 in the RMNT

1 Samuel 13 in the SBIAS

1 Samuel 13 in the SBIBS

1 Samuel 13 in the SBIBS2

1 Samuel 13 in the SBICS

1 Samuel 13 in the SBIDS

1 Samuel 13 in the SBIGS

1 Samuel 13 in the SBIHS

1 Samuel 13 in the SBIIS

1 Samuel 13 in the SBIIS2

1 Samuel 13 in the SBIIS3

1 Samuel 13 in the SBIKS

1 Samuel 13 in the SBIKS2

1 Samuel 13 in the SBIMS

1 Samuel 13 in the SBIOS

1 Samuel 13 in the SBIPS

1 Samuel 13 in the SBISS

1 Samuel 13 in the SBITS

1 Samuel 13 in the SBITS2

1 Samuel 13 in the SBITS3

1 Samuel 13 in the SBITS4

1 Samuel 13 in the SBIUS

1 Samuel 13 in the SBIVS

1 Samuel 13 in the SBT

1 Samuel 13 in the SBT1E

1 Samuel 13 in the SCHL

1 Samuel 13 in the SNT

1 Samuel 13 in the SUSU

1 Samuel 13 in the SUSU2

1 Samuel 13 in the SYNO

1 Samuel 13 in the TBIAOTANT

1 Samuel 13 in the TBT1E

1 Samuel 13 in the TBT1E2

1 Samuel 13 in the TFTIP

1 Samuel 13 in the TFTU

1 Samuel 13 in the TGNTATF3T

1 Samuel 13 in the THAI

1 Samuel 13 in the TNFD

1 Samuel 13 in the TNT

1 Samuel 13 in the TNTIK

1 Samuel 13 in the TNTIL

1 Samuel 13 in the TNTIN

1 Samuel 13 in the TNTIP

1 Samuel 13 in the TNTIZ

1 Samuel 13 in the TOMA

1 Samuel 13 in the TTENT

1 Samuel 13 in the UBG

1 Samuel 13 in the UGV

1 Samuel 13 in the UGV2

1 Samuel 13 in the UGV3

1 Samuel 13 in the VBL

1 Samuel 13 in the VDCC

1 Samuel 13 in the YALU

1 Samuel 13 in the YAPE

1 Samuel 13 in the YBVTP

1 Samuel 13 in the ZBP