2 Kings 16 (BOATCB2)

1 Bere a ɔhene Peka adi hene wɔ Israel mfe dunson no, na Yotam babarima Ahas nso bedii ade wɔ Yuda. 2 Ahas dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu. Na odii Yerusalem nso so hene mfirihyia dunsia. Wanyɛ nea ɛsɔ AWURADE, ne Nyankopɔn ani, sɛnea ne panyin Dawid yɛe no. 3 Mmom, ɔhwɛɛ Israel ahemfo nhwɛso so, na mpo ɔde ɔno ankasa ne babarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Osuasuaa abosonsom aman no nneyɛe a ɛyɛ akyiwade ma AWURADE a ɛno nti ɔpam wɔn fii Israelfo anim no. 4 Ɔbɔɔ afɔre, hyew nnuhuam wɔ abosomfi, mmepɔw so ne dua frɔmfrɔm biara ase. 5 Afei, Aramhene Resin ne Israelhene Peka tuu sa wɔ Ahas so. Wɔkɔtoaa Yerusalem, nanso wɔanni so nkonim. 6 Saa bere no, Edomhene gyee Elat kurow maa Edom. Ɔpam Yudafo, na ɔmaa Edomfo no kɔtenaa hɔ, sɛnea ɛte nnɛ yi. 7 Ɔhene Ahas somaa abɔfo kɔɔ Asiriahene Tiglat-Pileser nkyɛn, de nkra kɔmaa no se, “Meyɛ wo somfo ne wo ba. Bra na begye me fi Aram ne Israel asraafo a wɔaka me ahyɛ no nsam.” 8 Na Ahas faa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii AWURADE Asɔredan mu hɔ, faa ahemfi hɔ sika de kyɛɛ Asiriahene no. 9 Enti Asiriafo no kɔtoaa Aramfo no wɔ wɔn kuropɔn Damasko mu, kyekyeree ɛhɔfo no nnommum, de wɔn kɔ kɔtenaa Kir. Wokum ɔhene Resin. 10 Ɔhene Ahas kɔɔ Damasko, kohyiaa Asiriahene Tiglat-Pileser. Bere a ɔwɔ hɔ no, ohuu afɔremuka sononko bi. Enti ɔde saa afɔremuka no sɛso ho mfoni, kɔmaa ɔsɔfo Uria. 11 Uria nam ɔhene no asɛm so yɛɛ saa afɔremuka no bi pɛpɛɛpɛ, na bere a ofi Damasko bae no, na wɔayɛ awie. 12 Ɔhene no fi Damasko bae no, ɔhwɛɛ afɔremuka no ho hyiae, bɔɔ so afɔre. 13 Ɔhene no bɔɔ ɔhyew afɔre ne atoko afɔre, hwiee nsa afɔre guu so, na ɔpetee asomdwoe afɔre ho mogya guu so. 14 Na ɔhene Ahas yii kɔbere mfrafrae afɔremuka a na esi ɔkwan no ano ne afɔremuka foforo yi ntam no fii AWURADE Asɔredan no anim, de kosii afɔremuka foforo no atifi fam. 15 Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Uria se, “Bɔ anɔpa afɔre nyinaa a ɛyɛ ɔhyew afɔre no, anwummere atoko afɔre no, ɔhene ɔhyew afɔre ne atoko afɔre ne nnipa no nyinaa afɔre a wɔn nsa afɔre ka ho wɔ so. Mogya a efi ɔhyew afɔre no nyinaa mu no, wɔmfa mpete afɔremuka foforo no so. Me nko ara na mede kɔbere mfrafrae afɔremuka dedaw no bedi dwuma.” 16 Na ɔsɔfo Uria yɛɛ nea ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no se ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. 17 Na afei, ɔhene no tutuu afasu no nkataanim nnua ne nsuhina nso fi nsu teaseɛnam no so. Afei oyii Po no fii kɔbere mfrafrae anantwi no akyi de sii abo nsɛmee no so. 18 Na nidi a ɔde ma Asiriahene no nti, oyii kyinii bi a na wɔayɛ wɔ ahemfi no mu a na wɔde di dwuma homeda no ne ɔhene no abɔntenkwan a ɛkɔ AWURADE Asɔredan mu no fii hɔ. 19 Ahas ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma ahorow a odii no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 20 Bere a Ahas wui no, wosiee no ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Hesekia bedii nʼade sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Kings 16 in the ANGEFD

2 Kings 16 in the ANTPNG2D

2 Kings 16 in the AS21

2 Kings 16 in the BAGH

2 Kings 16 in the BBPNG

2 Kings 16 in the BBT1E

2 Kings 16 in the BDS

2 Kings 16 in the BEV

2 Kings 16 in the BHAD

2 Kings 16 in the BIB

2 Kings 16 in the BLPT

2 Kings 16 in the BNT

2 Kings 16 in the BNTABOOT

2 Kings 16 in the BNTLV

2 Kings 16 in the BOATCB

2 Kings 16 in the BOBCV

2 Kings 16 in the BOCNT

2 Kings 16 in the BOECS

2 Kings 16 in the BOGWICC

2 Kings 16 in the BOHCB

2 Kings 16 in the BOHCV

2 Kings 16 in the BOHLNT

2 Kings 16 in the BOHNTLTAL

2 Kings 16 in the BOICB

2 Kings 16 in the BOILNTAP

2 Kings 16 in the BOITCV

2 Kings 16 in the BOKCV

2 Kings 16 in the BOKCV2

2 Kings 16 in the BOKHWOG

2 Kings 16 in the BOKSSV

2 Kings 16 in the BOLCB

2 Kings 16 in the BOLCB2

2 Kings 16 in the BOMCV

2 Kings 16 in the BONAV

2 Kings 16 in the BONCB

2 Kings 16 in the BONLT

2 Kings 16 in the BONUT2

2 Kings 16 in the BOPLNT

2 Kings 16 in the BOSCB

2 Kings 16 in the BOSNC

2 Kings 16 in the BOTLNT

2 Kings 16 in the BOVCB

2 Kings 16 in the BOYCB

2 Kings 16 in the BPBB

2 Kings 16 in the BPH

2 Kings 16 in the BSB

2 Kings 16 in the CCB

2 Kings 16 in the CUV

2 Kings 16 in the CUVS

2 Kings 16 in the DBT

2 Kings 16 in the DGDNT

2 Kings 16 in the DHNT

2 Kings 16 in the DNT

2 Kings 16 in the ELBE

2 Kings 16 in the EMTV

2 Kings 16 in the ESV

2 Kings 16 in the FBV

2 Kings 16 in the FEB

2 Kings 16 in the GGMNT

2 Kings 16 in the GNT

2 Kings 16 in the HARY

2 Kings 16 in the HNT

2 Kings 16 in the IRVA

2 Kings 16 in the IRVB

2 Kings 16 in the IRVG

2 Kings 16 in the IRVH

2 Kings 16 in the IRVK

2 Kings 16 in the IRVM

2 Kings 16 in the IRVM2

2 Kings 16 in the IRVO

2 Kings 16 in the IRVP

2 Kings 16 in the IRVT

2 Kings 16 in the IRVT2

2 Kings 16 in the IRVU

2 Kings 16 in the ISVN

2 Kings 16 in the JSNT

2 Kings 16 in the KAPI

2 Kings 16 in the KBT1ETNIK

2 Kings 16 in the KBV

2 Kings 16 in the KJV

2 Kings 16 in the KNFD

2 Kings 16 in the LBA

2 Kings 16 in the LBLA

2 Kings 16 in the LNT

2 Kings 16 in the LSV

2 Kings 16 in the MAAL

2 Kings 16 in the MBV

2 Kings 16 in the MBV2

2 Kings 16 in the MHNT

2 Kings 16 in the MKNFD

2 Kings 16 in the MNG

2 Kings 16 in the MNT

2 Kings 16 in the MNT2

2 Kings 16 in the MRS1T

2 Kings 16 in the NAA

2 Kings 16 in the NASB

2 Kings 16 in the NBLA

2 Kings 16 in the NBS

2 Kings 16 in the NBVTP

2 Kings 16 in the NET2

2 Kings 16 in the NIV11

2 Kings 16 in the NNT

2 Kings 16 in the NNT2

2 Kings 16 in the NNT3

2 Kings 16 in the PDDPT

2 Kings 16 in the PFNT

2 Kings 16 in the RMNT

2 Kings 16 in the SBIAS

2 Kings 16 in the SBIBS

2 Kings 16 in the SBIBS2

2 Kings 16 in the SBICS

2 Kings 16 in the SBIDS

2 Kings 16 in the SBIGS

2 Kings 16 in the SBIHS

2 Kings 16 in the SBIIS

2 Kings 16 in the SBIIS2

2 Kings 16 in the SBIIS3

2 Kings 16 in the SBIKS

2 Kings 16 in the SBIKS2

2 Kings 16 in the SBIMS

2 Kings 16 in the SBIOS

2 Kings 16 in the SBIPS

2 Kings 16 in the SBISS

2 Kings 16 in the SBITS

2 Kings 16 in the SBITS2

2 Kings 16 in the SBITS3

2 Kings 16 in the SBITS4

2 Kings 16 in the SBIUS

2 Kings 16 in the SBIVS

2 Kings 16 in the SBT

2 Kings 16 in the SBT1E

2 Kings 16 in the SCHL

2 Kings 16 in the SNT

2 Kings 16 in the SUSU

2 Kings 16 in the SUSU2

2 Kings 16 in the SYNO

2 Kings 16 in the TBIAOTANT

2 Kings 16 in the TBT1E

2 Kings 16 in the TBT1E2

2 Kings 16 in the TFTIP

2 Kings 16 in the TFTU

2 Kings 16 in the TGNTATF3T

2 Kings 16 in the THAI

2 Kings 16 in the TNFD

2 Kings 16 in the TNT

2 Kings 16 in the TNTIK

2 Kings 16 in the TNTIL

2 Kings 16 in the TNTIN

2 Kings 16 in the TNTIP

2 Kings 16 in the TNTIZ

2 Kings 16 in the TOMA

2 Kings 16 in the TTENT

2 Kings 16 in the UBG

2 Kings 16 in the UGV

2 Kings 16 in the UGV2

2 Kings 16 in the UGV3

2 Kings 16 in the VBL

2 Kings 16 in the VDCC

2 Kings 16 in the YALU

2 Kings 16 in the YAPE

2 Kings 16 in the YBVTP

2 Kings 16 in the ZBP