Deuteronomy 11 (BOATCB2)

1 Monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn na munni nʼapɛde, ne mmara ne nʼahyɛde so bere nyinaa. 2 Nnɛ, muntie, sɛ ɛnyɛ mo mma na wonyaa osuahu, huu AWURADE, mo Nyankopɔn no nteɛso, ne tumi, ne basa kɛse, ne nsa a wateɛ mu; 3 nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe ne nneɛma a ɔyɛɛ wɔ Misraim pɛɛ maa bi kaa Misraimhene Farao ne ɔman mu no nyinaa no; 4 dwuma a odii Misraim asraafo, wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam no; sɛnea ɔmaa Po Kɔkɔɔ yiri faa wɔn bere a wɔtaa mo no ne sɛnea AWURADE sɛee wɔn bere a wɔtaa mo no; ne sɛnea AWURADE de ɔsɛe a to ntwa baa wɔn so no. 5 Ɛnyɛ mo mma na wohuu nea ɔyɛ maa mo wɔ sare so hɔ de kosii sɛ mubeduu ha yi; 6 ne nea ɔde yɛɛ Eliab a na ɔyɛ Rubenni no mma Datan ne Abiram bere a ɔmma asase buee nʼanom wɔ mo Israelfo no anim menee wɔn ne wɔn afi ne wɔn ntamadan ne biribiara a na ɛyɛ wɔn agyapade a nkwa wɔ mu no. 7 Mmom, ɛyɛ mo ankasa mo ani na mode ahu saa nneɛma akɛse a AWURADE ayɛ yi nyinaa. 8 Enti munni mmara a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya ahoɔden akɔfa asase a morebetwa Yordan akɔ so akɔfa yi, 9 na mo nna aware asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so a AWURADE kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo no so. 10 Asase a morekɔ so akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mufi so bae no a na mudua nnɔbae a mode mo nan twa suka te sɛnea moyɛ atomude turo no. 11 Na asase a moretwa Yordan akɔfa no yɛ mmepɔw ne abon a enya osu a efi ɔsoro. 12 Ɛyɛ asase a AWURADE, mo Nyankopɔn no, ani wɔ ho. Daa AWURADE, mo Nyankopɔn, ani wɔ so fi afe no mfiase de kosi nʼawie. 13 Sɛ mufi nokwaredi mu di mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi so sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa bɛdɔ AWURADE, mo Nyankopɔn no, na moasom no a, 14 ɛno de, ɔbɛtɔ osu agu no asase so ne bere mu ama mo, na moatumi atwa mo awi, nsa foforo ne ngo. 15 Ɔbɛma mo sare pii na mo anantwi awe na mo nso mubedidi amee. 16 Monhwɛ yiye, anyɛ saa a wɔbɛtwetwe mo ama moakɔsom anyame afoforo na moakotow wɔn. 17 Ɛno na ɛbɛma AWURADE abufuw ahuru atia mo; na ɔbɛto ɔsoro mu, na osu rentɔ, na asase remmɔ aduan biara, na ɛrenkyɛ na moawuwu afi asase a AWURADE de rema mo no so. 18 Enti momma me nsɛm yi ntim wɔ mo koma ne mo adwene mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkae ade na momfa mmɔ abotiri. 19 Monkyerɛkyerɛ mo mma na monka ho asɛm nkyerɛ wɔn bere a mote fie ne bere a monam akwan so; bere a modeda hɔ ne bere a mosɔre. 20 Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so, 21 sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔsoro da so kata asase ani yi, mo ne mo mma nkwa bɛware wɔ asase a AWURADE kaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so. 22 Sɛ mudi ahyɛde ahorow a mede rema mo sɛ munni so; sɛ monnɔ AWURADE, mo Nyankopɔn, nyɛ osetie mma no na munni no ni, yi so pɛpɛɛpɛ a, 23 ɛno de, AWURADE bɛpam saa aman yi nyinaa wɔ mo anim, na mubetu aman a ɛsoso na wɔyɛ den sen mo no agu. 24 Baabiara a mode mo anan betia no bɛyɛ mo de. Mo ahye bɛtrɛw afi sare so akosi Lebanon, na afi Asubɔnten Eufrate akosi Ntam Po no. 25 Obiara rentumi nsɔre ntia mo, efisɛ sɛnea AWURADE, mo Nyankopɔn, ahyɛ bɔ no, ɔde mo ho huboa ne osuro bɛto asase no nyinaa so wɔ baabiara a mobɛkɔ. 26 Hwɛ, nnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim; 27 sɛ mudi AWURADE, mo Nyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi so a, ɛbɛyɛ nhyira. 28 Na sɛ mopo AWURADE, mo Nyankopɔn mmara dan fi nʼakwan a merehyɛ mo nnɛ yi so, kɔsom anyame afoforo a, ɛbɛyɛ nnome. 29 Na sɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, de mo du asase a morekɔ so akɔfa no a, monka nhyira nsɛm mfi Gerisim Bepɔw no so na monka nnome nsɛm nso mfi Ebal Bepɔw so. 30 Sɛnea munim no, mmepɔw abien yi wɔ Asubɔnten Yordan agya wɔ atɔe fam, a ɛkyerɛ owitɔe na ɛbɛn More kwae wɔ Kanaanfo a wɔte Araba no asase so; faako a wɔn ani tua Gilgal no. 31 Moreyɛ atwa Yordan akɔfa asase a AWURADE, mo Nyankopɔn, de rema mo no. Sɛ mokɔfa saa asase no kɔtena so a, 32 monhwɛ yiye na munni mmara ne ahyɛde ahorow a mede rema mo nnɛ yi no nyinaa so.

In Other Versions

Deuteronomy 11 in the ANGEFD

Deuteronomy 11 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 11 in the AS21

Deuteronomy 11 in the BAGH

Deuteronomy 11 in the BBPNG

Deuteronomy 11 in the BBT1E

Deuteronomy 11 in the BDS

Deuteronomy 11 in the BEV

Deuteronomy 11 in the BHAD

Deuteronomy 11 in the BIB

Deuteronomy 11 in the BLPT

Deuteronomy 11 in the BNT

Deuteronomy 11 in the BNTABOOT

Deuteronomy 11 in the BNTLV

Deuteronomy 11 in the BOATCB

Deuteronomy 11 in the BOBCV

Deuteronomy 11 in the BOCNT

Deuteronomy 11 in the BOECS

Deuteronomy 11 in the BOGWICC

Deuteronomy 11 in the BOHCB

Deuteronomy 11 in the BOHCV

Deuteronomy 11 in the BOHLNT

Deuteronomy 11 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 11 in the BOICB

Deuteronomy 11 in the BOILNTAP

Deuteronomy 11 in the BOITCV

Deuteronomy 11 in the BOKCV

Deuteronomy 11 in the BOKCV2

Deuteronomy 11 in the BOKHWOG

Deuteronomy 11 in the BOKSSV

Deuteronomy 11 in the BOLCB

Deuteronomy 11 in the BOLCB2

Deuteronomy 11 in the BOMCV

Deuteronomy 11 in the BONAV

Deuteronomy 11 in the BONCB

Deuteronomy 11 in the BONLT

Deuteronomy 11 in the BONUT2

Deuteronomy 11 in the BOPLNT

Deuteronomy 11 in the BOSCB

Deuteronomy 11 in the BOSNC

Deuteronomy 11 in the BOTLNT

Deuteronomy 11 in the BOVCB

Deuteronomy 11 in the BOYCB

Deuteronomy 11 in the BPBB

Deuteronomy 11 in the BPH

Deuteronomy 11 in the BSB

Deuteronomy 11 in the CCB

Deuteronomy 11 in the CUV

Deuteronomy 11 in the CUVS

Deuteronomy 11 in the DBT

Deuteronomy 11 in the DGDNT

Deuteronomy 11 in the DHNT

Deuteronomy 11 in the DNT

Deuteronomy 11 in the ELBE

Deuteronomy 11 in the EMTV

Deuteronomy 11 in the ESV

Deuteronomy 11 in the FBV

Deuteronomy 11 in the FEB

Deuteronomy 11 in the GGMNT

Deuteronomy 11 in the GNT

Deuteronomy 11 in the HARY

Deuteronomy 11 in the HNT

Deuteronomy 11 in the IRVA

Deuteronomy 11 in the IRVB

Deuteronomy 11 in the IRVG

Deuteronomy 11 in the IRVH

Deuteronomy 11 in the IRVK

Deuteronomy 11 in the IRVM

Deuteronomy 11 in the IRVM2

Deuteronomy 11 in the IRVO

Deuteronomy 11 in the IRVP

Deuteronomy 11 in the IRVT

Deuteronomy 11 in the IRVT2

Deuteronomy 11 in the IRVU

Deuteronomy 11 in the ISVN

Deuteronomy 11 in the JSNT

Deuteronomy 11 in the KAPI

Deuteronomy 11 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 11 in the KBV

Deuteronomy 11 in the KJV

Deuteronomy 11 in the KNFD

Deuteronomy 11 in the LBA

Deuteronomy 11 in the LBLA

Deuteronomy 11 in the LNT

Deuteronomy 11 in the LSV

Deuteronomy 11 in the MAAL

Deuteronomy 11 in the MBV

Deuteronomy 11 in the MBV2

Deuteronomy 11 in the MHNT

Deuteronomy 11 in the MKNFD

Deuteronomy 11 in the MNG

Deuteronomy 11 in the MNT

Deuteronomy 11 in the MNT2

Deuteronomy 11 in the MRS1T

Deuteronomy 11 in the NAA

Deuteronomy 11 in the NASB

Deuteronomy 11 in the NBLA

Deuteronomy 11 in the NBS

Deuteronomy 11 in the NBVTP

Deuteronomy 11 in the NET2

Deuteronomy 11 in the NIV11

Deuteronomy 11 in the NNT

Deuteronomy 11 in the NNT2

Deuteronomy 11 in the NNT3

Deuteronomy 11 in the PDDPT

Deuteronomy 11 in the PFNT

Deuteronomy 11 in the RMNT

Deuteronomy 11 in the SBIAS

Deuteronomy 11 in the SBIBS

Deuteronomy 11 in the SBIBS2

Deuteronomy 11 in the SBICS

Deuteronomy 11 in the SBIDS

Deuteronomy 11 in the SBIGS

Deuteronomy 11 in the SBIHS

Deuteronomy 11 in the SBIIS

Deuteronomy 11 in the SBIIS2

Deuteronomy 11 in the SBIIS3

Deuteronomy 11 in the SBIKS

Deuteronomy 11 in the SBIKS2

Deuteronomy 11 in the SBIMS

Deuteronomy 11 in the SBIOS

Deuteronomy 11 in the SBIPS

Deuteronomy 11 in the SBISS

Deuteronomy 11 in the SBITS

Deuteronomy 11 in the SBITS2

Deuteronomy 11 in the SBITS3

Deuteronomy 11 in the SBITS4

Deuteronomy 11 in the SBIUS

Deuteronomy 11 in the SBIVS

Deuteronomy 11 in the SBT

Deuteronomy 11 in the SBT1E

Deuteronomy 11 in the SCHL

Deuteronomy 11 in the SNT

Deuteronomy 11 in the SUSU

Deuteronomy 11 in the SUSU2

Deuteronomy 11 in the SYNO

Deuteronomy 11 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 11 in the TBT1E

Deuteronomy 11 in the TBT1E2

Deuteronomy 11 in the TFTIP

Deuteronomy 11 in the TFTU

Deuteronomy 11 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 11 in the THAI

Deuteronomy 11 in the TNFD

Deuteronomy 11 in the TNT

Deuteronomy 11 in the TNTIK

Deuteronomy 11 in the TNTIL

Deuteronomy 11 in the TNTIN

Deuteronomy 11 in the TNTIP

Deuteronomy 11 in the TNTIZ

Deuteronomy 11 in the TOMA

Deuteronomy 11 in the TTENT

Deuteronomy 11 in the UBG

Deuteronomy 11 in the UGV

Deuteronomy 11 in the UGV2

Deuteronomy 11 in the UGV3

Deuteronomy 11 in the VBL

Deuteronomy 11 in the VDCC

Deuteronomy 11 in the YALU

Deuteronomy 11 in the YAPE

Deuteronomy 11 in the YBVTP

Deuteronomy 11 in the ZBP