Deuteronomy 8 (BOATCB2)

1 Monhwɛ yiye na munni ahyɛde a merema mo nnɛ yi biara so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya nkwa na mo ase adɔ dɔɔso na moakɔfa asase a AWURADE kaa ntam de hyɛɛ mo agyanom bɔ no atena so. 2 Monkae sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn dii mo anim faa sare so mfe aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛe sɛ mubedi ne mmara so anaasɛ morenni so no. 3 Nokware, ɔmaa ɔkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase na ɔmaa mo mana, aduan a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da, dii. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, asɛm biara a efi AWURADE anom. 4 Mfe aduanan yi nyinaa mu, mo ntade antetew na mo anan ammɔ mpumpunnya na anhonhon nso. 5 Munhu wɔ mo koma mu sɛ, sɛnea ɔbeatan teɛ ne ba no, saa ara nso na AWURADE, mo Nyankopɔn, teɛ mo de siesie mo no. 6 Munni AWURADE, mo Nyankopɔn, ahyɛde so na monnantew nʼakwan so na momfa nidi mma no. 7 Efisɛ mo AWURADE de mo rekɔ asase pa so; asase a nsuten, mmura ne nsuti sen wɔ abon ne mmepɔw mu; 8 asase a atoko, awi, bobe, borɔdɔma, atoaa, ngodua ne ɛwo wɔ so. 9 Ɛyɛ asase a aduan abu wɔ so a wonni biribiara ho hia wɔ so; asase a ɛso abo yɛ adaban na wobetumi atu kɔbere wɔ ne mmepɔw mu. 10 Sɛ mudidi mee a, munhyira AWURADE, mo Nyankopɔn, wɔ asase pa a ɔde ama mo no nti. 11 Na monhwɛ yiye na mo werɛ amfi AWURADE, mo Nyankopɔn, sɛ morenni ne mmara ne nʼahyɛde a merehyɛ mo nnɛ yi so. 12 Anyɛ saa na sɛ mudidi na momee na musisi mo afi afɛfɛ, na mokɔtenatena mu 13 na mo anantwi ne nguan ase dɔ, na munya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapade nyinaa dɔɔso 14 a, saa bere no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yiye. Monnyɛ ahomaso na mommma mo werɛ mmfi AWURADE mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim nkoasom asase so no. 15 Ɔno na odii mo anim yii mo fii sare a na ɛso yɛ hu, asase sakoo a osukɔm wɔ so, na awɔ ne nkekantwɛre a wɔn ano wɔ bɔre wɔ so no so. Ɔmaa mo nsu fi ɔbotan mu. 16 Ɔmaa mo mana aduan a mo agyanom nnim dii wɔ sare so. Ɔyɛɛ eyi de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛe na wama awiei no asi mo yiye. 17 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnsɛ sɛ modwene sɛ mo ahonya no fi mo ankasa mo ahoɔden mu. 18 Daa monkae sɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, a ɔma mo tumi ma moyɛ adefo no, ɔyɛ saa de di apam a ɔne mo agyanom hyɛe no so. 19 Sɛ mo werɛ fi AWURADE, mo Nyankopɔn, na mokodi anyame afoforo akyi, som wɔn, kotow wɔn a, sɛe na wɔbɛsɛe mo. 20 Sɛnea AWURADE asɛe amanaman a na wɔwɔ mo anim no, mo nso sɛ moantie AWURADE, mo Nyankopɔn no a, saa ara na wɔbɛsɛe mo.

In Other Versions

Deuteronomy 8 in the ANGEFD

Deuteronomy 8 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 8 in the AS21

Deuteronomy 8 in the BAGH

Deuteronomy 8 in the BBPNG

Deuteronomy 8 in the BBT1E

Deuteronomy 8 in the BDS

Deuteronomy 8 in the BEV

Deuteronomy 8 in the BHAD

Deuteronomy 8 in the BIB

Deuteronomy 8 in the BLPT

Deuteronomy 8 in the BNT

Deuteronomy 8 in the BNTABOOT

Deuteronomy 8 in the BNTLV

Deuteronomy 8 in the BOATCB

Deuteronomy 8 in the BOBCV

Deuteronomy 8 in the BOCNT

Deuteronomy 8 in the BOECS

Deuteronomy 8 in the BOGWICC

Deuteronomy 8 in the BOHCB

Deuteronomy 8 in the BOHCV

Deuteronomy 8 in the BOHLNT

Deuteronomy 8 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 8 in the BOICB

Deuteronomy 8 in the BOILNTAP

Deuteronomy 8 in the BOITCV

Deuteronomy 8 in the BOKCV

Deuteronomy 8 in the BOKCV2

Deuteronomy 8 in the BOKHWOG

Deuteronomy 8 in the BOKSSV

Deuteronomy 8 in the BOLCB

Deuteronomy 8 in the BOLCB2

Deuteronomy 8 in the BOMCV

Deuteronomy 8 in the BONAV

Deuteronomy 8 in the BONCB

Deuteronomy 8 in the BONLT

Deuteronomy 8 in the BONUT2

Deuteronomy 8 in the BOPLNT

Deuteronomy 8 in the BOSCB

Deuteronomy 8 in the BOSNC

Deuteronomy 8 in the BOTLNT

Deuteronomy 8 in the BOVCB

Deuteronomy 8 in the BOYCB

Deuteronomy 8 in the BPBB

Deuteronomy 8 in the BPH

Deuteronomy 8 in the BSB

Deuteronomy 8 in the CCB

Deuteronomy 8 in the CUV

Deuteronomy 8 in the CUVS

Deuteronomy 8 in the DBT

Deuteronomy 8 in the DGDNT

Deuteronomy 8 in the DHNT

Deuteronomy 8 in the DNT

Deuteronomy 8 in the ELBE

Deuteronomy 8 in the EMTV

Deuteronomy 8 in the ESV

Deuteronomy 8 in the FBV

Deuteronomy 8 in the FEB

Deuteronomy 8 in the GGMNT

Deuteronomy 8 in the GNT

Deuteronomy 8 in the HARY

Deuteronomy 8 in the HNT

Deuteronomy 8 in the IRVA

Deuteronomy 8 in the IRVB

Deuteronomy 8 in the IRVG

Deuteronomy 8 in the IRVH

Deuteronomy 8 in the IRVK

Deuteronomy 8 in the IRVM

Deuteronomy 8 in the IRVM2

Deuteronomy 8 in the IRVO

Deuteronomy 8 in the IRVP

Deuteronomy 8 in the IRVT

Deuteronomy 8 in the IRVT2

Deuteronomy 8 in the IRVU

Deuteronomy 8 in the ISVN

Deuteronomy 8 in the JSNT

Deuteronomy 8 in the KAPI

Deuteronomy 8 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 8 in the KBV

Deuteronomy 8 in the KJV

Deuteronomy 8 in the KNFD

Deuteronomy 8 in the LBA

Deuteronomy 8 in the LBLA

Deuteronomy 8 in the LNT

Deuteronomy 8 in the LSV

Deuteronomy 8 in the MAAL

Deuteronomy 8 in the MBV

Deuteronomy 8 in the MBV2

Deuteronomy 8 in the MHNT

Deuteronomy 8 in the MKNFD

Deuteronomy 8 in the MNG

Deuteronomy 8 in the MNT

Deuteronomy 8 in the MNT2

Deuteronomy 8 in the MRS1T

Deuteronomy 8 in the NAA

Deuteronomy 8 in the NASB

Deuteronomy 8 in the NBLA

Deuteronomy 8 in the NBS

Deuteronomy 8 in the NBVTP

Deuteronomy 8 in the NET2

Deuteronomy 8 in the NIV11

Deuteronomy 8 in the NNT

Deuteronomy 8 in the NNT2

Deuteronomy 8 in the NNT3

Deuteronomy 8 in the PDDPT

Deuteronomy 8 in the PFNT

Deuteronomy 8 in the RMNT

Deuteronomy 8 in the SBIAS

Deuteronomy 8 in the SBIBS

Deuteronomy 8 in the SBIBS2

Deuteronomy 8 in the SBICS

Deuteronomy 8 in the SBIDS

Deuteronomy 8 in the SBIGS

Deuteronomy 8 in the SBIHS

Deuteronomy 8 in the SBIIS

Deuteronomy 8 in the SBIIS2

Deuteronomy 8 in the SBIIS3

Deuteronomy 8 in the SBIKS

Deuteronomy 8 in the SBIKS2

Deuteronomy 8 in the SBIMS

Deuteronomy 8 in the SBIOS

Deuteronomy 8 in the SBIPS

Deuteronomy 8 in the SBISS

Deuteronomy 8 in the SBITS

Deuteronomy 8 in the SBITS2

Deuteronomy 8 in the SBITS3

Deuteronomy 8 in the SBITS4

Deuteronomy 8 in the SBIUS

Deuteronomy 8 in the SBIVS

Deuteronomy 8 in the SBT

Deuteronomy 8 in the SBT1E

Deuteronomy 8 in the SCHL

Deuteronomy 8 in the SNT

Deuteronomy 8 in the SUSU

Deuteronomy 8 in the SUSU2

Deuteronomy 8 in the SYNO

Deuteronomy 8 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 8 in the TBT1E

Deuteronomy 8 in the TBT1E2

Deuteronomy 8 in the TFTIP

Deuteronomy 8 in the TFTU

Deuteronomy 8 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 8 in the THAI

Deuteronomy 8 in the TNFD

Deuteronomy 8 in the TNT

Deuteronomy 8 in the TNTIK

Deuteronomy 8 in the TNTIL

Deuteronomy 8 in the TNTIN

Deuteronomy 8 in the TNTIP

Deuteronomy 8 in the TNTIZ

Deuteronomy 8 in the TOMA

Deuteronomy 8 in the TTENT

Deuteronomy 8 in the UBG

Deuteronomy 8 in the UGV

Deuteronomy 8 in the UGV2

Deuteronomy 8 in the UGV3

Deuteronomy 8 in the VBL

Deuteronomy 8 in the VDCC

Deuteronomy 8 in the YALU

Deuteronomy 8 in the YAPE

Deuteronomy 8 in the YBVTP

Deuteronomy 8 in the ZBP