Genesis 14 (BOATCB2)

1 Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal bere so, 2 na saa ahemfo yi ne Sodomhene Birsa, Gomorahene Birsa, Admahene Sinab, Seboimhene Semeber ne Belahene a na wɔfrɛ no Soar no dii ako. 3 Saa ahemfo yi a wɔyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Sidim subon a ɛno ne Nkyene Po no mu. 4 Wɔsom Kedorlaomer mfe dumien, na afe a ɛto so dumiɛnsa mu no, wɔtew atua. 5 Afe akyi no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfo, a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifo a wɔwɔ Ham ne Emifo a wɔwɔ Kiriataim 6 ne Horifo a wɔwɔ bepɔw Seir so de kosi El-Paran a ɛda sare ano no. 7 Afei, wɔsan wɔn akyi baa En-Mispat a akyiri no, wɔfrɛɛ no Kades bekunkum Amalekfo ne Amorifo nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn man no nyinaa. 8 Afei, saa ahemfo baanum yi a wɔne Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene a wɔfrɛ no Soar no kɔɔ 9 saa ahemfo baanan yi a wɔne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wokohyiaa wɔ Sidim subon mu. 10 Na nkomoa pii wɔ Sidim Bon no mu a wɔatu ama wɔ hɔ pɛn. Enti ɛbaa sɛ Sodomhene ne Gomorahene asraafo no reguan no, wɔn mu bi kɔtotɔɔ nkomoa no mu, na nkae no nso guan kɔɔ mmepɔw a na ɛwɔ hɔ no so. 11 Ahemfo baanan a wodii nkonim no fom Sodom ne Gomorafo ahode ne wɔn nnuan nyinaa de kɔe. 12 Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no nti, nkonimdifo no faa ɔno ne nʼagyapade nyinaa kɔe. 13 Na Sodom ne Gomora aguanfo no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amanneɛ. Saa bere no, na Abram abɔ ne ho atenase wɔ odum kwae bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ de no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafo no. 14 Bere a Abram tee sɛ wɔafa ne busuani Lot dommum no, ɔboaboaa ne fifo nnipa ahaasa ne dunwɔtwe a wɔatetew wɔn sɛ akofo ano, maa wotiw atamfo no, kosii kurow bi a wɔfrɛ no Dan mu. 15 Da no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakofo no mu ma wɔtow hyɛɛ atamfo no so, kunkum wɔn, taa wɔn koduu kurow bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu. 16 Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaa no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapade ne mmea ne nnipa foforo a wɔkyekyeree wɔn no nyinaa san bae. 17 Abram kodii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyi no, Sodomhene behyiaa no wɔ Sawe bon a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bon no mu. 18 Na Salemhene Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo no de brodo ne nsa brɛɛ no, 19 behyiraa Abram se:“Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase,Nhyira nka wo, Abram. 20 Na nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔna ɔde wʼatamfo ahyɛ wo nsam no.”Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kae no nyinaa mu biara nkyekyɛmu du mu baako. 21 Sodomhene no ka kyerɛɛ Abram se, “Fa me nnipa a wofaa wɔn no ma me na wo nso, fa nneɛma a aka no nyinaa.” 22 Nanso Abram ka kyerɛɛ Sodomhene no se, “Madi nsew aka ntam akyerɛ AWURADE, Ɔsorosoro Nyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfo se, 23 Merennye biribiara, sɛ ɛyɛ asaawa hama baako anaa mpaboa so hama mpo, mfi wo nkyɛn, na woanka da sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’ 24 Merennye hwee mfi wo nkyɛn, gye nea me mmarima yi adi nko. Me nkurɔfo Aner, Eskol ne Mamrɛ de, ma wɔn wɔn kyɛfa.”

In Other Versions

Genesis 14 in the ANGEFD

Genesis 14 in the ANTPNG2D

Genesis 14 in the AS21

Genesis 14 in the BAGH

Genesis 14 in the BBPNG

Genesis 14 in the BBT1E

Genesis 14 in the BDS

Genesis 14 in the BEV

Genesis 14 in the BHAD

Genesis 14 in the BIB

Genesis 14 in the BLPT

Genesis 14 in the BNT

Genesis 14 in the BNTABOOT

Genesis 14 in the BNTLV

Genesis 14 in the BOATCB

Genesis 14 in the BOBCV

Genesis 14 in the BOCNT

Genesis 14 in the BOECS

Genesis 14 in the BOGWICC

Genesis 14 in the BOHCB

Genesis 14 in the BOHCV

Genesis 14 in the BOHLNT

Genesis 14 in the BOHNTLTAL

Genesis 14 in the BOICB

Genesis 14 in the BOILNTAP

Genesis 14 in the BOITCV

Genesis 14 in the BOKCV

Genesis 14 in the BOKCV2

Genesis 14 in the BOKHWOG

Genesis 14 in the BOKSSV

Genesis 14 in the BOLCB

Genesis 14 in the BOLCB2

Genesis 14 in the BOMCV

Genesis 14 in the BONAV

Genesis 14 in the BONCB

Genesis 14 in the BONLT

Genesis 14 in the BONUT2

Genesis 14 in the BOPLNT

Genesis 14 in the BOSCB

Genesis 14 in the BOSNC

Genesis 14 in the BOTLNT

Genesis 14 in the BOVCB

Genesis 14 in the BOYCB

Genesis 14 in the BPBB

Genesis 14 in the BPH

Genesis 14 in the BSB

Genesis 14 in the CCB

Genesis 14 in the CUV

Genesis 14 in the CUVS

Genesis 14 in the DBT

Genesis 14 in the DGDNT

Genesis 14 in the DHNT

Genesis 14 in the DNT

Genesis 14 in the ELBE

Genesis 14 in the EMTV

Genesis 14 in the ESV

Genesis 14 in the FBV

Genesis 14 in the FEB

Genesis 14 in the GGMNT

Genesis 14 in the GNT

Genesis 14 in the HARY

Genesis 14 in the HNT

Genesis 14 in the IRVA

Genesis 14 in the IRVB

Genesis 14 in the IRVG

Genesis 14 in the IRVH

Genesis 14 in the IRVK

Genesis 14 in the IRVM

Genesis 14 in the IRVM2

Genesis 14 in the IRVO

Genesis 14 in the IRVP

Genesis 14 in the IRVT

Genesis 14 in the IRVT2

Genesis 14 in the IRVU

Genesis 14 in the ISVN

Genesis 14 in the JSNT

Genesis 14 in the KAPI

Genesis 14 in the KBT1ETNIK

Genesis 14 in the KBV

Genesis 14 in the KJV

Genesis 14 in the KNFD

Genesis 14 in the LBA

Genesis 14 in the LBLA

Genesis 14 in the LNT

Genesis 14 in the LSV

Genesis 14 in the MAAL

Genesis 14 in the MBV

Genesis 14 in the MBV2

Genesis 14 in the MHNT

Genesis 14 in the MKNFD

Genesis 14 in the MNG

Genesis 14 in the MNT

Genesis 14 in the MNT2

Genesis 14 in the MRS1T

Genesis 14 in the NAA

Genesis 14 in the NASB

Genesis 14 in the NBLA

Genesis 14 in the NBS

Genesis 14 in the NBVTP

Genesis 14 in the NET2

Genesis 14 in the NIV11

Genesis 14 in the NNT

Genesis 14 in the NNT2

Genesis 14 in the NNT3

Genesis 14 in the PDDPT

Genesis 14 in the PFNT

Genesis 14 in the RMNT

Genesis 14 in the SBIAS

Genesis 14 in the SBIBS

Genesis 14 in the SBIBS2

Genesis 14 in the SBICS

Genesis 14 in the SBIDS

Genesis 14 in the SBIGS

Genesis 14 in the SBIHS

Genesis 14 in the SBIIS

Genesis 14 in the SBIIS2

Genesis 14 in the SBIIS3

Genesis 14 in the SBIKS

Genesis 14 in the SBIKS2

Genesis 14 in the SBIMS

Genesis 14 in the SBIOS

Genesis 14 in the SBIPS

Genesis 14 in the SBISS

Genesis 14 in the SBITS

Genesis 14 in the SBITS2

Genesis 14 in the SBITS3

Genesis 14 in the SBITS4

Genesis 14 in the SBIUS

Genesis 14 in the SBIVS

Genesis 14 in the SBT

Genesis 14 in the SBT1E

Genesis 14 in the SCHL

Genesis 14 in the SNT

Genesis 14 in the SUSU

Genesis 14 in the SUSU2

Genesis 14 in the SYNO

Genesis 14 in the TBIAOTANT

Genesis 14 in the TBT1E

Genesis 14 in the TBT1E2

Genesis 14 in the TFTIP

Genesis 14 in the TFTU

Genesis 14 in the TGNTATF3T

Genesis 14 in the THAI

Genesis 14 in the TNFD

Genesis 14 in the TNT

Genesis 14 in the TNTIK

Genesis 14 in the TNTIL

Genesis 14 in the TNTIN

Genesis 14 in the TNTIP

Genesis 14 in the TNTIZ

Genesis 14 in the TOMA

Genesis 14 in the TTENT

Genesis 14 in the UBG

Genesis 14 in the UGV

Genesis 14 in the UGV2

Genesis 14 in the UGV3

Genesis 14 in the VBL

Genesis 14 in the VDCC

Genesis 14 in the YALU

Genesis 14 in the YAPE

Genesis 14 in the YBVTP

Genesis 14 in the ZBP