Isaiah 43 (BOATCB2)
1 Na afei, sɛɛ na AWURADE se,nea ɔbɔɔ wo, Yakobnea ɔnwen wo, Israel;“Nsuro na magye wo;mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea. 2 Sɛ wofa nsu mu a,mɛka wo ho;na sɛ wutwa nsubɔnten no a,ɛremmu mfa wo so.Sɛ wonantew ogya no mu a,worenhyew;ogyaframa no renhye wo. 3 Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn,Israel Kronkronni, wo Agyenkwa.Mede Misraim yɛ mpata ma wona mede Kus ne Seba si wʼanan mu. 4 Sɛ wosom bo ma me na wowɔ anuonyam wɔ mʼanimna medɔ wo nti,mede nnipa bɛsesa wo,na mede nkurɔfo asesa wo nkwa. 5 Nsuro, efisɛ meka mo ho;mede wo mma befi apuei fam abana maboa wɔn ano afi atɔe fam. 6 Mɛka akyerɛ atifi fam se, ‘Munnyaa wɔn!’ne anafo fam se, ‘Munnye wɔn ntena ha.’Momfa me mmabarima mfi akyirikyiri mmrana me mmabea mfi asase ano mmra, 7 obiara a me din da no so,nea mebɔɔ no de hyɛɛ me ho anuonyam,nea menwen no na meyɛɛ no.” 8 Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wonhu adewɔn a wɔwɔ aso nanso asisiw no mmra. 9 Aman no nyinaa boa wɔn ho ano,na nnipa no hyia mu.Wɔn mu hena na ɔkaa eyi fii mfiasena ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn?Ma wɔmmfa wɔn nnansefo mmra mmedi adanse sɛ wodi bem,sɛnea afoforo bɛte na wɔaka se, “Ɛyɛ nokware.” 10 “Mone me nnansefo, ne mʼasomfo a mapaw no,”sɛɛ na AWURADE se,“Sɛnea mubehu na moagye me adina moate ase sɛ me ne no.Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim,na mʼakyi nso obiara remma. 11 Me, Me ara, Mene AWURADE,na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me. 12 Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka se,Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu.Mone me nnansefo,” AWURADE na ose sɛ, “Mene Onyankopɔn. 13 Yiw, na efi teteete no me ne no.Obiara rentumi nnye mfi me nsamsɛ meyɛ biribi a, hena na obetumi adan no?” 14 Sɛɛ na AWURADE se,wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no:“Mo nti, mɛsoma akɔ Babilonia,na mede Babiloniafo nyinaa bɛba sɛ aguanfowɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu. 15 Mene AWURADE, wo Kronkronni no,Israel Yɛfo, wo Hene.” 16 Sɛɛ na AWURADE se,nea ɔbɔɔ kwan wɔ po mu,kwan a ɛda asubun mu, 17 nea ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ,asraafo ne ne nkekaho nyinaa,na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio,wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntamabamma: 18 “Momma mo werɛ mfi kan nneɛma nomonntɔ nnkɔ nea atwam no so. 19 Hwɛ, mereyɛ ade foforo!Mprempren, ɛrepue; na munhu ana?Merebɔ kwan afa nweatam sona mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wosee so. 20 Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me anuonyam,adompo ne mpatu,efisɛ mema nsu wɔ nweatam sone nsuwansuwa wɔ asase wosee so,de ma me nkurɔfo, wɔn a mapaw wɔn no nsu, 21 nnipa a meyɛɛ wɔn maa me hosɛ wɔmpae mu nka mʼayeyi. 22 “Nanso, womfrɛɛ me, Yakob,wonhaw wo ho wɔ me ho, Israel. 23 Momfaa nguan mmrɛɛ me sɛ ɔhyew afɔrebɔde,na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me anuonyam nso.Memmaa aduan afɔre nyɛɛ mo adesoana memfaa nnuhuamgye nhaw mo. 24 Montɔɔ nnuhuam mmrɛɛ me,na mommaa mo afɔrebɔde mu srade mmuu me so.Mmom, mode mo bɔne asoa mena mode mo mfomso ho haw abɛto me so. 25 “Me, me ara, mene nea ɔpepamo bɔne, me nti,na menkae mo amumɔyɛ bio. 26 Monhwehwɛ nea atwa mu no mu bio mma me,momma yɛmmɔ mu nnye asɛm no ho akyinnye;ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wunni fɔ no. 27 Mo agya a odii kan no yɛɛ bɔne;mo kasamafo tew mʼanim atua. 28 Enti magu mo asɔredan mu atitiriw anim ase,na mede Yakob ama ɔsɛena mede Israel ama ahohora.
In Other Versions
Isaiah 43 in the ANGEFD
Isaiah 43 in the ANTPNG2D
Isaiah 43 in the AS21
Isaiah 43 in the BAGH
Isaiah 43 in the BBPNG
Isaiah 43 in the BBT1E
Isaiah 43 in the BDS
Isaiah 43 in the BEV
Isaiah 43 in the BHAD
Isaiah 43 in the BIB
Isaiah 43 in the BLPT
Isaiah 43 in the BNT
Isaiah 43 in the BNTABOOT
Isaiah 43 in the BNTLV
Isaiah 43 in the BOATCB
Isaiah 43 in the BOBCV
Isaiah 43 in the BOCNT
Isaiah 43 in the BOECS
Isaiah 43 in the BOGWICC
Isaiah 43 in the BOHCB
Isaiah 43 in the BOHCV
Isaiah 43 in the BOHLNT
Isaiah 43 in the BOHNTLTAL
Isaiah 43 in the BOICB
Isaiah 43 in the BOILNTAP
Isaiah 43 in the BOITCV
Isaiah 43 in the BOKCV
Isaiah 43 in the BOKCV2
Isaiah 43 in the BOKHWOG
Isaiah 43 in the BOKSSV
Isaiah 43 in the BOLCB
Isaiah 43 in the BOLCB2
Isaiah 43 in the BOMCV
Isaiah 43 in the BONAV
Isaiah 43 in the BONCB
Isaiah 43 in the BONLT
Isaiah 43 in the BONUT2
Isaiah 43 in the BOPLNT
Isaiah 43 in the BOSCB
Isaiah 43 in the BOSNC
Isaiah 43 in the BOTLNT
Isaiah 43 in the BOVCB
Isaiah 43 in the BOYCB
Isaiah 43 in the BPBB
Isaiah 43 in the BPH
Isaiah 43 in the BSB
Isaiah 43 in the CCB
Isaiah 43 in the CUV
Isaiah 43 in the CUVS
Isaiah 43 in the DBT
Isaiah 43 in the DGDNT
Isaiah 43 in the DHNT
Isaiah 43 in the DNT
Isaiah 43 in the ELBE
Isaiah 43 in the EMTV
Isaiah 43 in the ESV
Isaiah 43 in the FBV
Isaiah 43 in the FEB
Isaiah 43 in the GGMNT
Isaiah 43 in the GNT
Isaiah 43 in the HARY
Isaiah 43 in the HNT
Isaiah 43 in the IRVA
Isaiah 43 in the IRVB
Isaiah 43 in the IRVG
Isaiah 43 in the IRVH
Isaiah 43 in the IRVK
Isaiah 43 in the IRVM
Isaiah 43 in the IRVM2
Isaiah 43 in the IRVO
Isaiah 43 in the IRVP
Isaiah 43 in the IRVT
Isaiah 43 in the IRVT2
Isaiah 43 in the IRVU
Isaiah 43 in the ISVN
Isaiah 43 in the JSNT
Isaiah 43 in the KAPI
Isaiah 43 in the KBT1ETNIK
Isaiah 43 in the KBV
Isaiah 43 in the KJV
Isaiah 43 in the KNFD
Isaiah 43 in the LBA
Isaiah 43 in the LBLA
Isaiah 43 in the LNT
Isaiah 43 in the LSV
Isaiah 43 in the MAAL
Isaiah 43 in the MBV
Isaiah 43 in the MBV2
Isaiah 43 in the MHNT
Isaiah 43 in the MKNFD
Isaiah 43 in the MNG
Isaiah 43 in the MNT
Isaiah 43 in the MNT2
Isaiah 43 in the MRS1T
Isaiah 43 in the NAA
Isaiah 43 in the NASB
Isaiah 43 in the NBLA
Isaiah 43 in the NBS
Isaiah 43 in the NBVTP
Isaiah 43 in the NET2
Isaiah 43 in the NIV11
Isaiah 43 in the NNT
Isaiah 43 in the NNT2
Isaiah 43 in the NNT3
Isaiah 43 in the PDDPT
Isaiah 43 in the PFNT
Isaiah 43 in the RMNT
Isaiah 43 in the SBIAS
Isaiah 43 in the SBIBS
Isaiah 43 in the SBIBS2
Isaiah 43 in the SBICS
Isaiah 43 in the SBIDS
Isaiah 43 in the SBIGS
Isaiah 43 in the SBIHS
Isaiah 43 in the SBIIS
Isaiah 43 in the SBIIS2
Isaiah 43 in the SBIIS3
Isaiah 43 in the SBIKS
Isaiah 43 in the SBIKS2
Isaiah 43 in the SBIMS
Isaiah 43 in the SBIOS
Isaiah 43 in the SBIPS
Isaiah 43 in the SBISS
Isaiah 43 in the SBITS
Isaiah 43 in the SBITS2
Isaiah 43 in the SBITS3
Isaiah 43 in the SBITS4
Isaiah 43 in the SBIUS
Isaiah 43 in the SBIVS
Isaiah 43 in the SBT
Isaiah 43 in the SBT1E
Isaiah 43 in the SCHL
Isaiah 43 in the SNT
Isaiah 43 in the SUSU
Isaiah 43 in the SUSU2
Isaiah 43 in the SYNO
Isaiah 43 in the TBIAOTANT
Isaiah 43 in the TBT1E
Isaiah 43 in the TBT1E2
Isaiah 43 in the TFTIP
Isaiah 43 in the TFTU
Isaiah 43 in the TGNTATF3T
Isaiah 43 in the THAI
Isaiah 43 in the TNFD
Isaiah 43 in the TNT
Isaiah 43 in the TNTIK
Isaiah 43 in the TNTIL
Isaiah 43 in the TNTIN
Isaiah 43 in the TNTIP
Isaiah 43 in the TNTIZ
Isaiah 43 in the TOMA
Isaiah 43 in the TTENT
Isaiah 43 in the UBG
Isaiah 43 in the UGV
Isaiah 43 in the UGV2
Isaiah 43 in the UGV3
Isaiah 43 in the VBL
Isaiah 43 in the VDCC
Isaiah 43 in the YALU
Isaiah 43 in the YAPE
Isaiah 43 in the YBVTP
Isaiah 43 in the ZBP