Isaiah 49 (BOATCB2)
1 Muntie me, mo mpoano aman;monyɛ aso mo akyirikyiri amanansa na wɔrebɛwo me no, AWURADE frɛɛ meɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me. 2 Ɔyɛɛ mʼano sɛ afoa nnamnam,Ɔde me hintaw ne nsa ase nwini mu;ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnamna ɔde me hyɛɛ ne boha mu. 3 Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me somfo,Israel, wo mu na mɛda mʼanuonyam adi.” 4 Nanso mekae se, “Mabrɛ agumasɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hweenanso nea ɛwɔ me wɔ AWURADE nsamna mʼakatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.” 5 Na afei, AWURADE kasa se,nea ɔnwen me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne somfosɛ memfa Yakob nsan mmra ne nkyɛnna me mmoaboa Israel ano mma no no,wahyɛ me anuonyam wɔ AWURADE ani sona me Nyankopɔn ayɛ mʼahoɔden. 6 Ɔka se,“Ɛyɛ ade ketewa bi ma wo sɛ wobɛyɛ me somfosɛ wode Yakob mmusuakuw bɛsan abana wode Israelfo a mede wɔn asie bɛsan aba.Mɛma moayɛ amanamanmufo nyinaa kanea,ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.” 7 Sɛɛ na AWURADE se,Ogyefo ne Israel ɔkronkronni node kɔma nea aman buu no animtiaa na wokyii no,ahemfo somfo no;“Ahene behu wo na wɔasɔreahenemma behu wo na wɔakotow woesiane AWURADE a ɔyɛ ɔnokwafo,Israel ɔkronkronni a wayi wo no nti.” 8 Sɛɛ na AWURADE se:“Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo,na nkwagyeda no, mɛboa wo;mɛkora wo na mede wo ayɛapam ama nkurɔfo no,de agye asase no asi hɔakyekyɛ agyapade ahorow a asɛe no bio, 9 wobɛka akyerɛ nneduafo se, ‘Mumfi mmra!’ne wɔn a wɔwɔ sum mu se, ‘Momfa mo ho nni!’ “Wobedidi wɔ akwan howobenya adidibea wɔ koko kesee biara so. 10 Ɔkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn;nweatam so hyew ne owia ano hyew renka wɔn,nea ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwanna ɔde wɔn akɔ nsuaniwa ho. 11 Mɛyɛ me mmepɔw nyinaa akwan,na mʼatempɔn nso mɛma akrɔn. 12 Hwɛ, wufi akyirikyiri bɛbaebinom befi atifi fam, ebinom befi atɔe famebinom nso befi Sinin mantam mu.” 13 Momfa anigye nteɛ mu, ɔsoro;di ahurusi, asase;mompae mu nnwonto mu, mmepɔw!Na AWURADE kyekye ne nkurɔfo werɛ,na obehu nʼamanehunufo mmɔbɔ. 14 Nanso Sion kae se, “AWURADE agyaw me hɔ,Awurade werɛ afi me.” 15 “Ɛna werɛ betumi afi ne ba a otua nufu anoa ɔrennya ayamhyehye mma ɔba a waturu no no ana?Ebia ne werɛ befi,na me werɛ remfi wo! 16 Hwɛ, makurukyerɛw wo din agu me nsa yamwʼafasu wɔ mʼani so daa. 17 Mo mmabarima resan aba ntɛm so;na wɔn a wɔsɛe mo no refi mo nkyɛn akɔ. 18 Momma mo ani so nhwɛ mo ho nhyia;mo mmabarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn.Sɛ mete ase yi” sɛnea AWURADE se,“mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛde ama mo homubefura wɔn sɛ ayeforokunu. 19 “Ɛwɔ mu sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaamaa mo asase daa mpan,afei nnipa bɛhyɛ wo so ma, ama aboro wo so,na wɔn a wɔsɛee wo no bɛkɔ akyirikyiri. 20 Mmofra a wɔwoo wɔn wɔ mo nna bɔne mu nobɛka ama moate sɛ,‘Ɛha sua ma yɛn dodo;momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’ 21 Na wobɛka wɔ wo koma mu se,‘Hena na ɔwoo eyinom maa me?Na meyɛ ɔwerɛhowni ne obonin;wotuu me kɔɔ asase foforo so na wɔpoo me.Hena na ɔtetew eyinom?Wogyaw me nko arana eyinom, he na wofi bae?’ ” 22 Sɛɛ na Asafo AWURADE se:“Hwɛ, menyama amanamanmufo,mɛma me frankaa no so akyerɛ nkurɔfo nowobeturu wo mmabarima wɔ wɔn nsa so abana wɔbɛsoa wo mmabea wɔ wɔn mmati so. 23 Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu,na wɔn ahemmea ayɛ ɛnanom a wɔbɛhwɛ mo.Wɔbɛkotow mo a wɔn anim butubutuw fam;wɔbɛtaforo mo nan ase mfutuma.Afei mubehu sɛ mene AWURADE.Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn huammɔ.” 24 Wobetumi agye asade afi akofo nsam;anaa wobetumi agye nnommumfo afi otirimɔdenfo nsam? 25 Nanso, sɛɛ na AWURADE se:“Yiw, wobegye nnommumfo afi akofo nsamna wɔagye asade afi otirimɔdenfo nsam;me ne wɔn a wɔne wo nya no benyana megye wo mma nkwa. 26 Mema wɔn a wɔhyɛ wo so no awe wɔn ankasa honam;wɔn mogya bɛbow wɔn sɛnea wɔanom nsa.Afei adesamma nyinaa behusɛ me, AWURADE, me ne wʼAgyenkwa no,wo Gyefo, Yakob Tumfo No.”