James 1 (BOATCB2)
1 Saa krataa yi fi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo somfo nkyɛn, Mikyia mmusuakuw dumien a wɔahwete no nyinaa. 2 Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye 3 efisɛ sɛ mo gyidi tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na munya ntoboase. 4 Momma ntoboase no ntena mo mu daa nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo. 5 Sɛ nyansa ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa. 6 Na sɛ worebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ wugye di a wunnye ho akyinnye. Obiara a ogye akyinnye no te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ. 7 Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susuw sɛ obenya biribiara afi Awurade nkyɛn; 8 nʼadwene yɛ no ntanta a ontumi nsi biribiara pi. 9 Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye, 10 na adefo a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Efisɛ, adefo no twam kɔ sɛ wuram afifide bi. 11 Owia pue de ne hyew no hyew afifide no ma nʼahoɔfɛ sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefo no wɔ bere a wogu so redi wɔn nnwuma no. 12 Nhyira nka onipa a onya gyidi wɔ amanehunu mu, efisɛ ɔno na obenya akyɛde a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no. 13 Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔka se, “Saa sɔhwɛ yi fi Onyankopɔn.” Efisɛ bɔne rentumi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno Onyankopɔn nso nsɔ obi nhwɛ. 14 Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no. 15 Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyin a ɛwo owu. 16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. 17 Akyɛde pa ne akyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi ɔsoro; efi Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsuma. 18 Ofi ne pɛ mu nam nokware a ɛwɔ asɛm no mu no so woo yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a, yebedi kan wɔ abɔde nyinaa mu. 19 Me nuanom adɔfo, monhyɛ eyinom nsow: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuw; 20 efisɛ onipa abufuw no mma onnya Onyankopɔn trenee no. 21 Ɛno nti, montwe mo ho mfi afide ne atirimɔden ho. Momfa mo ho mma Onyankopɔn na munnye asɛm a odua wɔ mo koma mu a ebegye mo nkwa no. 22 Munntie asɛm no sɛ atiefo kwa nsisi mo ho, na mmom monyɛ asɛm no yɛfo. 23 Obiara a otie asɛm no na ɔmfa nni dwuma no te sɛ obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu, na ohu sɛnea ɔte. 24 Ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ no mu hu ne ho yiye na sɛ ofi ahwehwɛ no anim ara pɛ a, ne werɛ fi nea ohuu no nyinaa. 25 Nanso obiara a ɔhwɛ mmara a ɛyɛ pɛ, na ɛma onipa de ne ho no mu yiye, na odi so, na otie, na ne werɛ mfi, na ɔde di dwuma no, Onyankopɔn behyira saa onipa no wɔ biribiara a ɔyɛ mu. 26 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ Onyamesomni na wanto ne tɛkrɛma nnareka a, ne nyamesom no so nni mfaso na ɔdaadaa ne ho nso. 27 Nea Agya Onyankopɔn fa no sɛ ɛyɛ onyamesom pa no ni: Ɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔ wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase porɔwee ho.
In Other Versions
James 1 in the ANGEFD
James 1 in the ANTPNG2D
James 1 in the AS21
James 1 in the BAGH
James 1 in the BBPNG
James 1 in the BBT1E
James 1 in the BDS
James 1 in the BEV
James 1 in the BHAD
James 1 in the BIB
James 1 in the BLPT
James 1 in the BNT
James 1 in the BNTABOOT
James 1 in the BNTLV
James 1 in the BOATCB
James 1 in the BOBCV
James 1 in the BOCNT
James 1 in the BOECS
James 1 in the BOGWICC
James 1 in the BOHCB
James 1 in the BOHCV
James 1 in the BOHLNT
James 1 in the BOHNTLTAL
James 1 in the BOICB
James 1 in the BOILNTAP
James 1 in the BOITCV
James 1 in the BOKCV
James 1 in the BOKCV2
James 1 in the BOKHWOG
James 1 in the BOKSSV
James 1 in the BOLCB
James 1 in the BOLCB2
James 1 in the BOMCV
James 1 in the BONAV
James 1 in the BONCB
James 1 in the BONLT
James 1 in the BONUT2
James 1 in the BOPLNT
James 1 in the BOSCB
James 1 in the BOSNC
James 1 in the BOTLNT
James 1 in the BOVCB
James 1 in the BOYCB
James 1 in the BPBB
James 1 in the BPH
James 1 in the BSB
James 1 in the CCB
James 1 in the CUV
James 1 in the CUVS
James 1 in the DBT
James 1 in the DGDNT
James 1 in the DHNT
James 1 in the DNT
James 1 in the ELBE
James 1 in the EMTV
James 1 in the ESV
James 1 in the FBV
James 1 in the FEB
James 1 in the GGMNT
James 1 in the GNT
James 1 in the HARY
James 1 in the HNT
James 1 in the IRVA
James 1 in the IRVB
James 1 in the IRVG
James 1 in the IRVH
James 1 in the IRVK
James 1 in the IRVM
James 1 in the IRVM2
James 1 in the IRVO
James 1 in the IRVP
James 1 in the IRVT
James 1 in the IRVT2
James 1 in the IRVU
James 1 in the ISVN
James 1 in the JSNT
James 1 in the KAPI
James 1 in the KBT1ETNIK
James 1 in the KBV
James 1 in the KJV
James 1 in the KNFD
James 1 in the LBA
James 1 in the LBLA
James 1 in the LNT
James 1 in the LSV
James 1 in the MAAL
James 1 in the MBV
James 1 in the MBV2
James 1 in the MHNT
James 1 in the MKNFD
James 1 in the MNG
James 1 in the MNT
James 1 in the MNT2
James 1 in the MRS1T
James 1 in the NAA
James 1 in the NASB
James 1 in the NBLA
James 1 in the NBS
James 1 in the NBVTP
James 1 in the NET2
James 1 in the NIV11
James 1 in the NNT
James 1 in the NNT2
James 1 in the NNT3
James 1 in the PDDPT
James 1 in the PFNT
James 1 in the RMNT
James 1 in the SBIAS
James 1 in the SBIBS
James 1 in the SBIBS2
James 1 in the SBICS
James 1 in the SBIDS
James 1 in the SBIGS
James 1 in the SBIHS
James 1 in the SBIIS
James 1 in the SBIIS2
James 1 in the SBIIS3
James 1 in the SBIKS
James 1 in the SBIKS2
James 1 in the SBIMS
James 1 in the SBIOS
James 1 in the SBIPS
James 1 in the SBISS
James 1 in the SBITS
James 1 in the SBITS2
James 1 in the SBITS3
James 1 in the SBITS4
James 1 in the SBIUS
James 1 in the SBIVS
James 1 in the SBT
James 1 in the SBT1E
James 1 in the SCHL
James 1 in the SNT
James 1 in the SUSU
James 1 in the SUSU2
James 1 in the SYNO
James 1 in the TBIAOTANT
James 1 in the TBT1E
James 1 in the TBT1E2
James 1 in the TFTIP
James 1 in the TFTU
James 1 in the TGNTATF3T
James 1 in the THAI
James 1 in the TNFD
James 1 in the TNT
James 1 in the TNTIK
James 1 in the TNTIL
James 1 in the TNTIN
James 1 in the TNTIP
James 1 in the TNTIZ
James 1 in the TOMA
James 1 in the TTENT
James 1 in the UBG
James 1 in the UGV
James 1 in the UGV2
James 1 in the UGV3
James 1 in the VBL
James 1 in the VDCC
James 1 in the YALU
James 1 in the YAPE
James 1 in the YBVTP
James 1 in the ZBP