Jeremiah 26 (BOATCB2)

1 Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedi mfiase mfe no, saa asɛm yi fi AWURADE nkyɛn bae: 2 “Sɛɛ na AWURADE se: Gyina AWURADE fi mu adiwo hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wofi Yuda nkurow mu bɛsom wɔ AWURADE fi mu nyinaa. Ka nea mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nyi asɛm biara mfi mu. 3 Ebia wobetie, na wɔn mu biara asan afi nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne nti mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio. 4 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea AWURADE se ni: Sɛ moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so, 5 na sɛ moantie nsɛm a mʼasomfo adiyifo a mesoma wɔn mo nkyɛn bere biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo munntiee wɔn), 6 ɛno de, mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na kuropɔn yi ayɛ nnome wɔ asase so aman nyinaa mu.’ ” 7 Asɔfo, adiyifo ne nnipa no nyinaa tee sɛ Yeremia reka saa nsɛm yi, wɔ AWURADE fi hɔ. 8 Na Yeremia wiee nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ no se ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfo no, adiyifo ne nnipa no nyinaa tow hyɛɛ ne so kae se, “Ɛsɛ sɛ wuwu! 9 Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ AWURADE din mu se, ofi yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena mu ana?” Na nnipa no nyinaa betwaa Yeremia ho hyiaa wɔ AWURADE fi hɔ. 10 Bere a Yuda adwumayɛfo tee saa nsɛm yi no, wofii ahemfi hɔ foro kɔɔ AWURADE fi kɔtenaa ofi no Pon Foforo no ano. 11 Na asɔfo no ne adiyifo no ka kyerɛɛ adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa se, “Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ, efisɛ wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate wɔ mo asom!” 12 Na Yeremia kasa yii ne ho ano wɔ adwumayɛfo ne nnipa no nyinaa anim se, “AWURADE somaa me se, memmɛhyɛ nkɔm ntia ofi yi ne kuropɔn yi sɛnea moate no nyinaa. 13 Na afei monteɛteɛ mo akwan ne mo nneyɛe, na monyɛ osetie mma AWURADE, mo Nyankopɔn. Na AWURADE bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba mo so no mma bio. 14 Me de, mewɔ mo nsam; mubetumi ayɛ me sɛnea eye na ɛteɛ wɔ mo ani so. 15 Nanso monkae se, sɛ mukum me a, moahwie mogya a edi bem agu, na so afɔdi bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu no so; na nokware AWURADE na wasoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa ngu mo asom.” 16 Na adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfo no ne adiyifo no se, “Ɛnsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn wɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn din mu.” 17 Na asase no so mpanyimfo no mu bi sɔree, na wɔka kyerɛɛ bagua no nyinaa se, 18 “Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm wɔ Yudahene Hesekia bere so ka kyerɛɛ Yudafo nyinaa se, ‘Sɛɛ na Asafo AWURADE se:“ ‘Wobefuntum Sion te sɛ afuw.Na Yerusalem bɛyɛ mmubuina asɔredan no koko bɛyɛ sɛ nkɔ a nkyɛkyerɛ afuw wɔ so.’  19 Na Yudahene Hesekia anaa Yudani bi kum no ana? Hesekia ansuro AWURADE ansrɛ ne hɔ adom? Na ɛno amma AWURADE antwɛn sɛ obeyi amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba wɔn so no amfi wɔn so ana? Yɛreyɛ de amanehunu kɛse aba yɛn ankasa so!” 20 (Semaia babarima Uria a, ofi Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforo a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ AWURADE din mu; ɔhyɛɛ nkɔm koro yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛnea Yeremia yɛe no. 21 Bere a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanyimfo ne nʼadwumayɛfo nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ okum no, nanso Uria tee no, ɔde ehu guan kɔɔ Misraim. 22 Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim. 23 Wɔde Uria fii Misraim bae, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde afoa kum no na wɔtow ne funu kyenee kwasafo asiei.) 24 Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔamfa no amma dɔm no sɛ wonkum no.

In Other Versions

Jeremiah 26 in the ANGEFD

Jeremiah 26 in the ANTPNG2D

Jeremiah 26 in the AS21

Jeremiah 26 in the BAGH

Jeremiah 26 in the BBPNG

Jeremiah 26 in the BBT1E

Jeremiah 26 in the BDS

Jeremiah 26 in the BEV

Jeremiah 26 in the BHAD

Jeremiah 26 in the BIB

Jeremiah 26 in the BLPT

Jeremiah 26 in the BNT

Jeremiah 26 in the BNTABOOT

Jeremiah 26 in the BNTLV

Jeremiah 26 in the BOATCB

Jeremiah 26 in the BOBCV

Jeremiah 26 in the BOCNT

Jeremiah 26 in the BOECS

Jeremiah 26 in the BOGWICC

Jeremiah 26 in the BOHCB

Jeremiah 26 in the BOHCV

Jeremiah 26 in the BOHLNT

Jeremiah 26 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 26 in the BOICB

Jeremiah 26 in the BOILNTAP

Jeremiah 26 in the BOITCV

Jeremiah 26 in the BOKCV

Jeremiah 26 in the BOKCV2

Jeremiah 26 in the BOKHWOG

Jeremiah 26 in the BOKSSV

Jeremiah 26 in the BOLCB

Jeremiah 26 in the BOLCB2

Jeremiah 26 in the BOMCV

Jeremiah 26 in the BONAV

Jeremiah 26 in the BONCB

Jeremiah 26 in the BONLT

Jeremiah 26 in the BONUT2

Jeremiah 26 in the BOPLNT

Jeremiah 26 in the BOSCB

Jeremiah 26 in the BOSNC

Jeremiah 26 in the BOTLNT

Jeremiah 26 in the BOVCB

Jeremiah 26 in the BOYCB

Jeremiah 26 in the BPBB

Jeremiah 26 in the BPH

Jeremiah 26 in the BSB

Jeremiah 26 in the CCB

Jeremiah 26 in the CUV

Jeremiah 26 in the CUVS

Jeremiah 26 in the DBT

Jeremiah 26 in the DGDNT

Jeremiah 26 in the DHNT

Jeremiah 26 in the DNT

Jeremiah 26 in the ELBE

Jeremiah 26 in the EMTV

Jeremiah 26 in the ESV

Jeremiah 26 in the FBV

Jeremiah 26 in the FEB

Jeremiah 26 in the GGMNT

Jeremiah 26 in the GNT

Jeremiah 26 in the HARY

Jeremiah 26 in the HNT

Jeremiah 26 in the IRVA

Jeremiah 26 in the IRVB

Jeremiah 26 in the IRVG

Jeremiah 26 in the IRVH

Jeremiah 26 in the IRVK

Jeremiah 26 in the IRVM

Jeremiah 26 in the IRVM2

Jeremiah 26 in the IRVO

Jeremiah 26 in the IRVP

Jeremiah 26 in the IRVT

Jeremiah 26 in the IRVT2

Jeremiah 26 in the IRVU

Jeremiah 26 in the ISVN

Jeremiah 26 in the JSNT

Jeremiah 26 in the KAPI

Jeremiah 26 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 26 in the KBV

Jeremiah 26 in the KJV

Jeremiah 26 in the KNFD

Jeremiah 26 in the LBA

Jeremiah 26 in the LBLA

Jeremiah 26 in the LNT

Jeremiah 26 in the LSV

Jeremiah 26 in the MAAL

Jeremiah 26 in the MBV

Jeremiah 26 in the MBV2

Jeremiah 26 in the MHNT

Jeremiah 26 in the MKNFD

Jeremiah 26 in the MNG

Jeremiah 26 in the MNT

Jeremiah 26 in the MNT2

Jeremiah 26 in the MRS1T

Jeremiah 26 in the NAA

Jeremiah 26 in the NASB

Jeremiah 26 in the NBLA

Jeremiah 26 in the NBS

Jeremiah 26 in the NBVTP

Jeremiah 26 in the NET2

Jeremiah 26 in the NIV11

Jeremiah 26 in the NNT

Jeremiah 26 in the NNT2

Jeremiah 26 in the NNT3

Jeremiah 26 in the PDDPT

Jeremiah 26 in the PFNT

Jeremiah 26 in the RMNT

Jeremiah 26 in the SBIAS

Jeremiah 26 in the SBIBS

Jeremiah 26 in the SBIBS2

Jeremiah 26 in the SBICS

Jeremiah 26 in the SBIDS

Jeremiah 26 in the SBIGS

Jeremiah 26 in the SBIHS

Jeremiah 26 in the SBIIS

Jeremiah 26 in the SBIIS2

Jeremiah 26 in the SBIIS3

Jeremiah 26 in the SBIKS

Jeremiah 26 in the SBIKS2

Jeremiah 26 in the SBIMS

Jeremiah 26 in the SBIOS

Jeremiah 26 in the SBIPS

Jeremiah 26 in the SBISS

Jeremiah 26 in the SBITS

Jeremiah 26 in the SBITS2

Jeremiah 26 in the SBITS3

Jeremiah 26 in the SBITS4

Jeremiah 26 in the SBIUS

Jeremiah 26 in the SBIVS

Jeremiah 26 in the SBT

Jeremiah 26 in the SBT1E

Jeremiah 26 in the SCHL

Jeremiah 26 in the SNT

Jeremiah 26 in the SUSU

Jeremiah 26 in the SUSU2

Jeremiah 26 in the SYNO

Jeremiah 26 in the TBIAOTANT

Jeremiah 26 in the TBT1E

Jeremiah 26 in the TBT1E2

Jeremiah 26 in the TFTIP

Jeremiah 26 in the TFTU

Jeremiah 26 in the TGNTATF3T

Jeremiah 26 in the THAI

Jeremiah 26 in the TNFD

Jeremiah 26 in the TNT

Jeremiah 26 in the TNTIK

Jeremiah 26 in the TNTIL

Jeremiah 26 in the TNTIN

Jeremiah 26 in the TNTIP

Jeremiah 26 in the TNTIZ

Jeremiah 26 in the TOMA

Jeremiah 26 in the TTENT

Jeremiah 26 in the UBG

Jeremiah 26 in the UGV

Jeremiah 26 in the UGV2

Jeremiah 26 in the UGV3

Jeremiah 26 in the VBL

Jeremiah 26 in the VDCC

Jeremiah 26 in the YALU

Jeremiah 26 in the YAPE

Jeremiah 26 in the YBVTP

Jeremiah 26 in the ZBP