John 14 (BOATCB2)

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mommma mo koma ntu. Munnye Onyankopɔn nni na munnye me nso nni. 2 Tenabea bebree wɔ mʼAgya fi, ɛno nti merekɔ akosiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokware a anka merenka nkyerɛ mo. 3 Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi ma mo a, mɛsan aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena. 4 Munim faako a merekɔ no ne ɔkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.” 5 Toma bisaa no se, “Awurade yennim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahu ɔkwan aba hɔ bi?” 6 Yesu buae se, “Mene ɔkwan ne nokware ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.” 7 Yesu kaa bio se, “Afei a moahu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mubehu mʼAgya no, na efi saa bere yi munim no, efisɛ moahu no!” 8 Filipo bisaa no se, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, efisɛ nea yɛrehwehwɛ ara ne no.” 9 Yesu buaa no se, “Filipo, enti me ne mo nantewee dedaada yi, wunnim onipa ko a meyɛ? Obiara a onim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn nti na woka se, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no? 10 Filipo wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu ana? Yesu san ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfi mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma. 11 Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ munnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no nti, munnye nni. 12 Mereka nokware akyerɛ mo, obiara a ogye me di no bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛse, efisɛ merekɔ mʼAgya no nkyɛn. 13 Na biribiara a mubebisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a Agya no anuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. 14 Biribiara a mode me din bebisa no, mɛyɛ ama mo.” 15 “Sɛ modɔ me a munni mʼahyɛde so. 16 Mebisa Agya no na wama mo ɔboafo foforo a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokware nyinaa adi no na ɔne mo atena daa. 17 Wiase rentumi nnye no, efisɛ wonhu no, na wonnim no. Nanso mo de, munim no, efisɛ ɔne mo na ɛte. 18 Merennyaw mo sɛ ayisaa; mɛsan aba mo nkyɛn bio. 19 Ɛrenkyɛ biara nnipa renhu me bio, nanso mo de, mubehu me; na esiane sɛ mete ase no nti mo nso mobɛtena ase. 20 Na da a mɛsɔre afi awufo mu no du a, mubehu sɛ mewɔ mʼAgya no mu na mo nso mowɔ me mu, sɛnea me nso mewɔ mo mu no. 21 Obiara a odi mʼahyɛde so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.” 22 Yuda a ɛnyɛ Iskariot no, kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?” 23 Yesu buaa no se, “Obiara a ɔdɔ me no bedi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena. 24 Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom efi mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn. 25 “Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo. 26 Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafo a Agya no bɛsoma no wɔ me din mu no bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no. 27 Asomdwoe na mede regyaw mo; mʼasomdwoe na mede regyaw mo. Ɛnyɛ wiase asomdwoe na mede regyaw mo. Mommma mo koma ntu; na munnsuro nso. 28 “Motee sɛ mekae se, ‘Merekɔ nanso mɛsan aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani begye, efisɛ afei de, metumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sen me no nkyɛn. 29 Maka eyinom akyerɛ mo sɛnea ɛba mu a mubegye me adi. 30 Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, efisɛ ɔbonsam no reba, nanso onni me so tumi. 31 Na ɛsɛ sɛ nnipa hu sɛ medɔ Agya no, ɛno nti na asɛm biara a ɔbɛka no meyɛ no. “Afei mommra mma yɛnkɔ.”

In Other Versions

John 14 in the ANGEFD

John 14 in the ANTPNG2D

John 14 in the AS21

John 14 in the BAGH

John 14 in the BBPNG

John 14 in the BBT1E

John 14 in the BDS

John 14 in the BEV

John 14 in the BHAD

John 14 in the BIB

John 14 in the BLPT

John 14 in the BNT

John 14 in the BNTABOOT

John 14 in the BNTLV

John 14 in the BOATCB

John 14 in the BOBCV

John 14 in the BOCNT

John 14 in the BOECS

John 14 in the BOGWICC

John 14 in the BOHCB

John 14 in the BOHCV

John 14 in the BOHLNT

John 14 in the BOHNTLTAL

John 14 in the BOICB

John 14 in the BOILNTAP

John 14 in the BOITCV

John 14 in the BOKCV

John 14 in the BOKCV2

John 14 in the BOKHWOG

John 14 in the BOKSSV

John 14 in the BOLCB

John 14 in the BOLCB2

John 14 in the BOMCV

John 14 in the BONAV

John 14 in the BONCB

John 14 in the BONLT

John 14 in the BONUT2

John 14 in the BOPLNT

John 14 in the BOSCB

John 14 in the BOSNC

John 14 in the BOTLNT

John 14 in the BOVCB

John 14 in the BOYCB

John 14 in the BPBB

John 14 in the BPH

John 14 in the BSB

John 14 in the CCB

John 14 in the CUV

John 14 in the CUVS

John 14 in the DBT

John 14 in the DGDNT

John 14 in the DHNT

John 14 in the DNT

John 14 in the ELBE

John 14 in the EMTV

John 14 in the ESV

John 14 in the FBV

John 14 in the FEB

John 14 in the GGMNT

John 14 in the GNT

John 14 in the HARY

John 14 in the HNT

John 14 in the IRVA

John 14 in the IRVB

John 14 in the IRVG

John 14 in the IRVH

John 14 in the IRVK

John 14 in the IRVM

John 14 in the IRVM2

John 14 in the IRVO

John 14 in the IRVP

John 14 in the IRVT

John 14 in the IRVT2

John 14 in the IRVU

John 14 in the ISVN

John 14 in the JSNT

John 14 in the KAPI

John 14 in the KBT1ETNIK

John 14 in the KBV

John 14 in the KJV

John 14 in the KNFD

John 14 in the LBA

John 14 in the LBLA

John 14 in the LNT

John 14 in the LSV

John 14 in the MAAL

John 14 in the MBV

John 14 in the MBV2

John 14 in the MHNT

John 14 in the MKNFD

John 14 in the MNG

John 14 in the MNT

John 14 in the MNT2

John 14 in the MRS1T

John 14 in the NAA

John 14 in the NASB

John 14 in the NBLA

John 14 in the NBS

John 14 in the NBVTP

John 14 in the NET2

John 14 in the NIV11

John 14 in the NNT

John 14 in the NNT2

John 14 in the NNT3

John 14 in the PDDPT

John 14 in the PFNT

John 14 in the RMNT

John 14 in the SBIAS

John 14 in the SBIBS

John 14 in the SBIBS2

John 14 in the SBICS

John 14 in the SBIDS

John 14 in the SBIGS

John 14 in the SBIHS

John 14 in the SBIIS

John 14 in the SBIIS2

John 14 in the SBIIS3

John 14 in the SBIKS

John 14 in the SBIKS2

John 14 in the SBIMS

John 14 in the SBIOS

John 14 in the SBIPS

John 14 in the SBISS

John 14 in the SBITS

John 14 in the SBITS2

John 14 in the SBITS3

John 14 in the SBITS4

John 14 in the SBIUS

John 14 in the SBIVS

John 14 in the SBT

John 14 in the SBT1E

John 14 in the SCHL

John 14 in the SNT

John 14 in the SUSU

John 14 in the SUSU2

John 14 in the SYNO

John 14 in the TBIAOTANT

John 14 in the TBT1E

John 14 in the TBT1E2

John 14 in the TFTIP

John 14 in the TFTU

John 14 in the TGNTATF3T

John 14 in the THAI

John 14 in the TNFD

John 14 in the TNT

John 14 in the TNTIK

John 14 in the TNTIL

John 14 in the TNTIN

John 14 in the TNTIP

John 14 in the TNTIZ

John 14 in the TOMA

John 14 in the TTENT

John 14 in the UBG

John 14 in the UGV

John 14 in the UGV2

John 14 in the UGV3

John 14 in the VBL

John 14 in the VDCC

John 14 in the YALU

John 14 in the YAPE

John 14 in the YBVTP

John 14 in the ZBP