Leviticus 10 (BOATCB2)

1 Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhuamyɛfo ade mu. Wɔde aduhuam no petee ogya no so ma wɔnam saa kwan yi so buu AWURADE mmara so, efisɛ wɔde ogya a ɛnyɛ nea AWURADE ahyɛ baa nʼanim. 2 Enti ogya dɛw fii AWURADE nkyɛn bɛhyew wɔn. 3 Mose ka kyerɛɛ Aaron se, AWURADE kae se,“ ‘Mɛda me ho kronkronyɛ adi akyerɛwɔn a wɔba me nkyɛn;wɔbɛhyɛ me anuonyam wɔ nnipa nyinaa anim no,na nea ɔrekyerɛ nen.’”Na asɛm no tɔɔ Aaron mum. 4 Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔtwe nnipa a wɔahyew no nyinaa mfi Ahyiae Ntamadan no anim mfa wɔn nkɔ nsraban no akyi.” 5 Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntade mu sɛnea Mose aka akyerɛ wɔn no. 6 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Munnsu. Mommma mo tinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwo. Munnsunsuane mo ntade mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bekum mo nso na nʼabufuw bɛba Israelfo nyinaa so. Nanso Israelfo a wɔaka no de, esiane ogya a AWURADE de bae no nti, wotumi di Nadab ne Abihu wu no ho awerɛhow, tumi su wɔn nso. 7 Na mummfi Ahyiae Ntamadan no ano, anyɛ saa a mubewuwu, efisɛ AWURADE ngosra wɔ mo so.” Na wodii asɛm a Mose kae no so. 8 Afei, AWURADE hyɛɛ Aaron se, 9 “Sɛ wokɔ Ahyiae Ntamadan no mu a, nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wubewu. Saa mmara yi bɛtena hɔ afebɔɔ ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa, 10 na ama moatumi ahu nsonoe a ɛda kronkron ne nea ɛyɛ teta, nea ɛho tew ne nea ɛho ntew no tam, 11 na woatumi akyerɛkyerɛ Israelfo mmara a AWURADE nam Mose so de ama mo no nyinaa.” 12 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Momfa atoko afɔrebɔde nkae wɔ aduan afɔrebɔ a mmɔkaw nni mu a wɔde brɛɛ AWURADE no na munni wɔ afɔremuka no ho, efisɛ ɛyɛ kronkron koraa. 13 Munni wɔ kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmabarima no dea, na ɛyɛ wo ne wo mmabarima no kyɛfa a efi aduan afɔrebɔ a wɔde brɛɛ AWURADE no mu; efisɛ saa na wɔahyɛ sɛ menyɛ. 14 Nanso ne yan ne ne srɛ a muhim no AWURADE anim no, mutumi we no beae biara a amanne kwan so no ɛhɔ tew. Ɛyɛ wo, wo mmabarima ne wo mmabea kyɛfa wɔ Israelfo Asomdwoe afɔrebɔde no mu. 15 Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka srade afɔrebɔde a wɔhyew de ma AWURADE no ho. Eyi bɛyɛ wo ne wʼasefo kyɛfa daa, sɛnea AWURADE ahyɛ no.” 16 Bere a Mose bisaa nea ayɛ abirekyi a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔre no ho asɛm no, ohuu sɛ wɔahyew no. Ɛno nti, ne bo fuw Eleasar ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmabarima no, bisae se, 17 “Adɛn nti na moanwe bɔne afɔrebɔde no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔde kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdi na ɛnyɛ mpata mma wɔn wɔ AWURADE anim. 18 Esiane sɛ wɔamfa ne mogya ankɔ kronkronbea hɔ no nti, anka mubetumi awe wɔ hɔ ara sɛnea mehyɛe no.” 19 Aaron buaa Mose se, “Nnɛ wɔbɔɔ wɔn bɔne afɔre ne ɔhyew afɔre maa AWURADE. Nanso hwɛ asɛm yi a ato me. Sɛ mewee bɔne afɔre nam yi bi nnɛ a, anka AWURADE ani bɛsɔ ana?” 20 Na Mose tee saa no, ne bo dwoe.

In Other Versions

Leviticus 10 in the ANGEFD

Leviticus 10 in the ANTPNG2D

Leviticus 10 in the AS21

Leviticus 10 in the BAGH

Leviticus 10 in the BBPNG

Leviticus 10 in the BBT1E

Leviticus 10 in the BDS

Leviticus 10 in the BEV

Leviticus 10 in the BHAD

Leviticus 10 in the BIB

Leviticus 10 in the BLPT

Leviticus 10 in the BNT

Leviticus 10 in the BNTABOOT

Leviticus 10 in the BNTLV

Leviticus 10 in the BOATCB

Leviticus 10 in the BOBCV

Leviticus 10 in the BOCNT

Leviticus 10 in the BOECS

Leviticus 10 in the BOGWICC

Leviticus 10 in the BOHCB

Leviticus 10 in the BOHCV

Leviticus 10 in the BOHLNT

Leviticus 10 in the BOHNTLTAL

Leviticus 10 in the BOICB

Leviticus 10 in the BOILNTAP

Leviticus 10 in the BOITCV

Leviticus 10 in the BOKCV

Leviticus 10 in the BOKCV2

Leviticus 10 in the BOKHWOG

Leviticus 10 in the BOKSSV

Leviticus 10 in the BOLCB

Leviticus 10 in the BOLCB2

Leviticus 10 in the BOMCV

Leviticus 10 in the BONAV

Leviticus 10 in the BONCB

Leviticus 10 in the BONLT

Leviticus 10 in the BONUT2

Leviticus 10 in the BOPLNT

Leviticus 10 in the BOSCB

Leviticus 10 in the BOSNC

Leviticus 10 in the BOTLNT

Leviticus 10 in the BOVCB

Leviticus 10 in the BOYCB

Leviticus 10 in the BPBB

Leviticus 10 in the BPH

Leviticus 10 in the BSB

Leviticus 10 in the CCB

Leviticus 10 in the CUV

Leviticus 10 in the CUVS

Leviticus 10 in the DBT

Leviticus 10 in the DGDNT

Leviticus 10 in the DHNT

Leviticus 10 in the DNT

Leviticus 10 in the ELBE

Leviticus 10 in the EMTV

Leviticus 10 in the ESV

Leviticus 10 in the FBV

Leviticus 10 in the FEB

Leviticus 10 in the GGMNT

Leviticus 10 in the GNT

Leviticus 10 in the HARY

Leviticus 10 in the HNT

Leviticus 10 in the IRVA

Leviticus 10 in the IRVB

Leviticus 10 in the IRVG

Leviticus 10 in the IRVH

Leviticus 10 in the IRVK

Leviticus 10 in the IRVM

Leviticus 10 in the IRVM2

Leviticus 10 in the IRVO

Leviticus 10 in the IRVP

Leviticus 10 in the IRVT

Leviticus 10 in the IRVT2

Leviticus 10 in the IRVU

Leviticus 10 in the ISVN

Leviticus 10 in the JSNT

Leviticus 10 in the KAPI

Leviticus 10 in the KBT1ETNIK

Leviticus 10 in the KBV

Leviticus 10 in the KJV

Leviticus 10 in the KNFD

Leviticus 10 in the LBA

Leviticus 10 in the LBLA

Leviticus 10 in the LNT

Leviticus 10 in the LSV

Leviticus 10 in the MAAL

Leviticus 10 in the MBV

Leviticus 10 in the MBV2

Leviticus 10 in the MHNT

Leviticus 10 in the MKNFD

Leviticus 10 in the MNG

Leviticus 10 in the MNT

Leviticus 10 in the MNT2

Leviticus 10 in the MRS1T

Leviticus 10 in the NAA

Leviticus 10 in the NASB

Leviticus 10 in the NBLA

Leviticus 10 in the NBS

Leviticus 10 in the NBVTP

Leviticus 10 in the NET2

Leviticus 10 in the NIV11

Leviticus 10 in the NNT

Leviticus 10 in the NNT2

Leviticus 10 in the NNT3

Leviticus 10 in the PDDPT

Leviticus 10 in the PFNT

Leviticus 10 in the RMNT

Leviticus 10 in the SBIAS

Leviticus 10 in the SBIBS

Leviticus 10 in the SBIBS2

Leviticus 10 in the SBICS

Leviticus 10 in the SBIDS

Leviticus 10 in the SBIGS

Leviticus 10 in the SBIHS

Leviticus 10 in the SBIIS

Leviticus 10 in the SBIIS2

Leviticus 10 in the SBIIS3

Leviticus 10 in the SBIKS

Leviticus 10 in the SBIKS2

Leviticus 10 in the SBIMS

Leviticus 10 in the SBIOS

Leviticus 10 in the SBIPS

Leviticus 10 in the SBISS

Leviticus 10 in the SBITS

Leviticus 10 in the SBITS2

Leviticus 10 in the SBITS3

Leviticus 10 in the SBITS4

Leviticus 10 in the SBIUS

Leviticus 10 in the SBIVS

Leviticus 10 in the SBT

Leviticus 10 in the SBT1E

Leviticus 10 in the SCHL

Leviticus 10 in the SNT

Leviticus 10 in the SUSU

Leviticus 10 in the SUSU2

Leviticus 10 in the SYNO

Leviticus 10 in the TBIAOTANT

Leviticus 10 in the TBT1E

Leviticus 10 in the TBT1E2

Leviticus 10 in the TFTIP

Leviticus 10 in the TFTU

Leviticus 10 in the TGNTATF3T

Leviticus 10 in the THAI

Leviticus 10 in the TNFD

Leviticus 10 in the TNT

Leviticus 10 in the TNTIK

Leviticus 10 in the TNTIL

Leviticus 10 in the TNTIN

Leviticus 10 in the TNTIP

Leviticus 10 in the TNTIZ

Leviticus 10 in the TOMA

Leviticus 10 in the TTENT

Leviticus 10 in the UBG

Leviticus 10 in the UGV

Leviticus 10 in the UGV2

Leviticus 10 in the UGV3

Leviticus 10 in the VBL

Leviticus 10 in the VDCC

Leviticus 10 in the YALU

Leviticus 10 in the YAPE

Leviticus 10 in the YBVTP

Leviticus 10 in the ZBP