Nehemiah 9 (BOATCB2)

1 Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so aduasa baako no, ɔmanfo no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, furaa atweaatam, tuu mfutuma petee wɔn tirim. 2 Bere a wɔreka wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne no, Israelfo no twee wɔn ho fii ananafo nyinaa ho. 3 Wɔkenkan AWURADE, wɔn Nyankopɔn, mmara nhoma no den bɛyɛ sɛ nnɔnhwerew abiɛsa kyerɛɛ wɔn. Afei, wɔde nnɔnhwerew abiɛsa bio kekaa wɔn bɔne nnidisonnidiso a na wɔresom AWURADE, wɔn Nyankopɔn. 4 Na Lewifo no bi gyina atrapoe so reteɛ mu frɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani. 5 Afei, Lewifo ntuanofo a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teɛɛ mu frɛɛ ɔmanfo no se, “Monsɔre nkamfo AWURADE, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔte hɔ afebɔɔ!”Wɔtoaa so se, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sen sɛnea yebetumi adwene anaa yɛbɛka. 6 Wo nko ara ne AWURADE. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu soro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfo nyinaa som wo. 7 “Woyɛ AWURADE Nyankopɔn a wuyii Abram fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so, san too no din Abraham. 8 Odii wo nokware no, wo ne no yɛɛ apam sɛ, wode Kanaanfo, Hetifo, Perisifo Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma ɔne nʼasefo. Na wudii wo bɔhyɛ so, efisɛ daa wudi wʼasɛm so. 9 “Wuhuu amane ne awerɛhow a yɛn agyanom kɔɔ mu wɔ Misraim, na wotee wɔn su fi Po Kɔkɔɔ no ho. 10 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwade kyerɛɛ Farao, nʼasomfo ne ne manfo nyinaa, efisɛ na wunim nhyɛso kwan a na Misraimfo no de wɔn fa so. Wowɔ anuonyam a ahyeta a ani mpa so da. 11 Wopaee po mu maa wo nkurɔfo, sɛnea wobetumi afa asase wosee so. Na wusum wɔn atamfo guu po bun mu. Wɔmemem sɛ abo wɔ bun a emu dɔ no ase. 12 Wonam omununkum fadum so dii yɛn agyanom anim awia ne ogya fadum so, dii wɔn anim anadwo sɛnea wobehu kwan. 13 “Wusian bepɔw Sinai, kasa kyerɛɛ wɔn fi ɔsoro. Wode mmara a ɛyɛ turodoo ne ahyɛde a ɛyɛ nokware brɛɛ wɔn. 14 Wokyerɛɛ wɔn mmara a ɛfa wo homeda kronkron ho. Na wonam wo somfo Mose so hyɛɛ wɔn sɛnea wonsi nni wʼahyɛde ne wo mmara no nyinaa so. 15 Bere a ɔkɔm dee wɔn no, womaa wɔn brodo a efi ɔsoro ne nsu a efi ɔbotan mu, bere a osukɔm dee wɔn no. Wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asase a woaka ho ntam sɛ wode bɛma wɔn no. 16 “Nanso yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛde so. 17 Wɔantie, na wɔankae wʼanwonwade a woyɛ maa wɔn no. Mmom, wɔtew atua yii ntuanoni sɛ ɔnsan mfa wɔn nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Misraim. Nanso woyɛ ɔdebɔnekyɛ, ahummɔbɔ ne ɔdomfo Nyankopɔn a wo bo kyɛ fuw na wʼadɔe dɔɔso. Enti woampo wɔn, 18 bere a wɔyɛɛ nantwi ba na wɔka se, ‘Oyi ne mo nyame a, oyii mo fii Misraim no.’ Wɔyɛɛ bɔne, kekaa abususɛm a ɛyɛ hu. 19 “Nanso wo mmɔborɔhunu mu no, woannyaa wɔn amma wɔanwuwu wɔ sare no so. Omununkum fadum no kɔɔ so dii wɔn anim awia, na ogya fadum no kyerɛɛ wɔn kwan anadwo. 20 Wosomaa wo honhom pa no kyerɛɛ wɔn nea wɔnyɛ, na woannyae sɛ wobɛma wɔn brodo afi ɔsoro anaa nsu bere a osukɔm de wɔn. 21 Wohwɛɛ wɔn so mfe aduanan wɔ sare so. Saa bere no, biribiara anhia wɔn. Wɔn ntade antetew, na wɔn anan ase antaatae. 22 “Woboaa yɛn agyanom ma wodii ahemman akɛse ne aman bebree so, na wode wo nkurɔfo duaa aman no afanan nyinaa so. Wɔfaa ɔhene Sihon a ofi Hesbon ne Basanhene Og asase no nyinaa. 23 Womaa wɔn asefo dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woahyɛ wɔn agyanom ho bɔ no so. 24 Wɔkɔfaa asase no. Wobrɛɛ aman no nyinaa ase wɔ wɔn anim. Na mpo, ahemfo ne Kanaanfo a wɔtenaa asase no so no tumi sae. Wo nkurɔfo ne wɔn dii no sɛnea wɔpɛ. 25 Yɛn agyanom faa nkurow a wɔabɔ ho ban ne nsasebere no. Wɔfaa afi a nnepa wɔ mu ne asuten a wɔatutu dedaw no ne bobeturo ne ngofuw ne nnuabafuw no bebree. Enti wodidii ara kosii sɛ wɔdodɔ yɛɛ akɛse, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu. 26 “Nanso eyinom nyinaa akyi no, wɔyɛɛ asoɔden, tew wʼanim atua. Wɔtow wo mmara no guu nkyɛn. Wokunkum adiyifo a wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, na wɔkaa abususɛm a ɛyɛ hu. 27 Enti wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa. Nanso wɔn amanehunu mu no, wosu frɛɛ wo, na wutiee wɔn fi ɔsoro. Na ahummɔbɔ a ɛso mu na wosomaa agyefo a wogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam. 28 “Nanso na nneɛma nyinaa rekɔ so yiye no, wo manfo san kɔɔ bɔne mu bio, na wosan maa wɔn atamfo dii wɔn so. Nanso bere biara a wo nkurɔfo besu afrɛ wo bio, apɛ mmoa no, wufi ɔsoro tiee wɔn bio. Wʼahummɔbɔ nwonwaso nti, wugyee wɔn ntoatoaso. 29 “Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnsan mmedi wo mmara no so, nanso wɔyɛɛ ahomaso ne asobrakye a wɔanni wʼahyɛde no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a wɔnam so benya nkwa no so. Wɔnam ahomaso so, dan wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wobetie wo. 30 Wo dɔ nti, wunyaa wɔn ho ntoboase mfe bebree. Wosomaa wo honhom ma ɔnam adiyifo so bɔɔ wɔn kɔkɔ faa wɔn bɔne ho. Nanso wɔantie. Enti womaa abosonsomfo a wɔwɔ asase yi so no ho kwan ma wodii wɔn so bio. 31 Nanso wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti, woantɔre wɔn ase anaa woannyaa wɔn afebɔɔ. Woyɛ ɔdomfo ne ahummɔbɔ Nyankopɔn. 32 “Afei, yɛn Nyankopɔn, ɔkɛse, otumfo ne ɔnwonwani Nyankopɔn a ne dɔ apam a ɔyɛe no ommu so, mma yɛn amanehunu a yɛkɔɔ mu no nyinaa nnyɛ ɔkwa wɔ wʼanim. Ɔhaw kɛse aba yɛn ne yɛn ahemfo, yɛn ahenemma ne asɔfo ne adiyifo ne yɛn agyanom so fi bere a Asiria ahemfo didii yɛn so nkonim, de besi saa bere yi. 33 Bere biara a wobɛtwe yɛn aso no, na ɛfata. Yɛayɛ bɔne kɛse a wotwe yɛn aso sɛnea ɛsɛ wɔ so. 34 Yɛn ahemfo, ahenemma, asɔfo, ne yɛn agyanom no anni wo mmara so anaa wʼahyɛde ne wo kɔkɔbɔ dennen no so. 35 Mpo, bere a wɔn ankasa nyaa wɔn ahemman no, wɔansom wo wɔ bere a woahwie wʼayamye adom agu wɔn so no. Womaa wɔn nsase pa akɛse, nanso wɔannu wɔn ho amfi wɔn amumɔyɛsɛm ho. 36 “Enti mprempren, yɛyɛ nkoa wɔ asase a nnepa abu so wɔ so a wode maa yɛn agyanom no so. Dodow yi nyinaa mu, yɛyɛ nkoa. 37 Nnɔbae a ebu so boro so no nyinaa akodi ahemfo a esiane yɛn bɔne nti, woatu wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nsam. Wɔwɔ yɛn ne yɛn anantwi so tumi. Yɛsom wɔn sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahokyere kɛse mu. 38 “Eyinom nyinaa nti, yɛnam kurukyerɛw so rehyɛ bɔ a emu yɛ den. Saa nsɔwano krataa yi mu na yɛn ahenemma ne Lewifo ne asɔfo din wɔ.”

In Other Versions

Nehemiah 9 in the ANGEFD

Nehemiah 9 in the ANTPNG2D

Nehemiah 9 in the AS21

Nehemiah 9 in the BAGH

Nehemiah 9 in the BBPNG

Nehemiah 9 in the BBT1E

Nehemiah 9 in the BDS

Nehemiah 9 in the BEV

Nehemiah 9 in the BHAD

Nehemiah 9 in the BIB

Nehemiah 9 in the BLPT

Nehemiah 9 in the BNT

Nehemiah 9 in the BNTABOOT

Nehemiah 9 in the BNTLV

Nehemiah 9 in the BOATCB

Nehemiah 9 in the BOBCV

Nehemiah 9 in the BOCNT

Nehemiah 9 in the BOECS

Nehemiah 9 in the BOGWICC

Nehemiah 9 in the BOHCB

Nehemiah 9 in the BOHCV

Nehemiah 9 in the BOHLNT

Nehemiah 9 in the BOHNTLTAL

Nehemiah 9 in the BOICB

Nehemiah 9 in the BOILNTAP

Nehemiah 9 in the BOITCV

Nehemiah 9 in the BOKCV

Nehemiah 9 in the BOKCV2

Nehemiah 9 in the BOKHWOG

Nehemiah 9 in the BOKSSV

Nehemiah 9 in the BOLCB

Nehemiah 9 in the BOLCB2

Nehemiah 9 in the BOMCV

Nehemiah 9 in the BONAV

Nehemiah 9 in the BONCB

Nehemiah 9 in the BONLT

Nehemiah 9 in the BONUT2

Nehemiah 9 in the BOPLNT

Nehemiah 9 in the BOSCB

Nehemiah 9 in the BOSNC

Nehemiah 9 in the BOTLNT

Nehemiah 9 in the BOVCB

Nehemiah 9 in the BOYCB

Nehemiah 9 in the BPBB

Nehemiah 9 in the BPH

Nehemiah 9 in the BSB

Nehemiah 9 in the CCB

Nehemiah 9 in the CUV

Nehemiah 9 in the CUVS

Nehemiah 9 in the DBT

Nehemiah 9 in the DGDNT

Nehemiah 9 in the DHNT

Nehemiah 9 in the DNT

Nehemiah 9 in the ELBE

Nehemiah 9 in the EMTV

Nehemiah 9 in the ESV

Nehemiah 9 in the FBV

Nehemiah 9 in the FEB

Nehemiah 9 in the GGMNT

Nehemiah 9 in the GNT

Nehemiah 9 in the HARY

Nehemiah 9 in the HNT

Nehemiah 9 in the IRVA

Nehemiah 9 in the IRVB

Nehemiah 9 in the IRVG

Nehemiah 9 in the IRVH

Nehemiah 9 in the IRVK

Nehemiah 9 in the IRVM

Nehemiah 9 in the IRVM2

Nehemiah 9 in the IRVO

Nehemiah 9 in the IRVP

Nehemiah 9 in the IRVT

Nehemiah 9 in the IRVT2

Nehemiah 9 in the IRVU

Nehemiah 9 in the ISVN

Nehemiah 9 in the JSNT

Nehemiah 9 in the KAPI

Nehemiah 9 in the KBT1ETNIK

Nehemiah 9 in the KBV

Nehemiah 9 in the KJV

Nehemiah 9 in the KNFD

Nehemiah 9 in the LBA

Nehemiah 9 in the LBLA

Nehemiah 9 in the LNT

Nehemiah 9 in the LSV

Nehemiah 9 in the MAAL

Nehemiah 9 in the MBV

Nehemiah 9 in the MBV2

Nehemiah 9 in the MHNT

Nehemiah 9 in the MKNFD

Nehemiah 9 in the MNG

Nehemiah 9 in the MNT

Nehemiah 9 in the MNT2

Nehemiah 9 in the MRS1T

Nehemiah 9 in the NAA

Nehemiah 9 in the NASB

Nehemiah 9 in the NBLA

Nehemiah 9 in the NBS

Nehemiah 9 in the NBVTP

Nehemiah 9 in the NET2

Nehemiah 9 in the NIV11

Nehemiah 9 in the NNT

Nehemiah 9 in the NNT2

Nehemiah 9 in the NNT3

Nehemiah 9 in the PDDPT

Nehemiah 9 in the PFNT

Nehemiah 9 in the RMNT

Nehemiah 9 in the SBIAS

Nehemiah 9 in the SBIBS

Nehemiah 9 in the SBIBS2

Nehemiah 9 in the SBICS

Nehemiah 9 in the SBIDS

Nehemiah 9 in the SBIGS

Nehemiah 9 in the SBIHS

Nehemiah 9 in the SBIIS

Nehemiah 9 in the SBIIS2

Nehemiah 9 in the SBIIS3

Nehemiah 9 in the SBIKS

Nehemiah 9 in the SBIKS2

Nehemiah 9 in the SBIMS

Nehemiah 9 in the SBIOS

Nehemiah 9 in the SBIPS

Nehemiah 9 in the SBISS

Nehemiah 9 in the SBITS

Nehemiah 9 in the SBITS2

Nehemiah 9 in the SBITS3

Nehemiah 9 in the SBITS4

Nehemiah 9 in the SBIUS

Nehemiah 9 in the SBIVS

Nehemiah 9 in the SBT

Nehemiah 9 in the SBT1E

Nehemiah 9 in the SCHL

Nehemiah 9 in the SNT

Nehemiah 9 in the SUSU

Nehemiah 9 in the SUSU2

Nehemiah 9 in the SYNO

Nehemiah 9 in the TBIAOTANT

Nehemiah 9 in the TBT1E

Nehemiah 9 in the TBT1E2

Nehemiah 9 in the TFTIP

Nehemiah 9 in the TFTU

Nehemiah 9 in the TGNTATF3T

Nehemiah 9 in the THAI

Nehemiah 9 in the TNFD

Nehemiah 9 in the TNT

Nehemiah 9 in the TNTIK

Nehemiah 9 in the TNTIL

Nehemiah 9 in the TNTIN

Nehemiah 9 in the TNTIP

Nehemiah 9 in the TNTIZ

Nehemiah 9 in the TOMA

Nehemiah 9 in the TTENT

Nehemiah 9 in the UBG

Nehemiah 9 in the UGV

Nehemiah 9 in the UGV2

Nehemiah 9 in the UGV3

Nehemiah 9 in the VBL

Nehemiah 9 in the VDCC

Nehemiah 9 in the YALU

Nehemiah 9 in the YAPE

Nehemiah 9 in the YBVTP

Nehemiah 9 in the ZBP