Numbers 20 (BOATCB2)

1 Israelfo no nyinaa duu Sin sare so ɔsram a edi kan no mu, na wɔtenaa Kades. Ɛhɔ na Miriam wu maa wosiee no. 2 Na nsu a wɔbɛnom nni hɔ nti, nnipa no sɔre tiaa Mose ne Aaron. 3 Nnipa no ne Mose hamee se, “Sɛ yɛne yɛn nuanom wuwuu wɔ AWURADE anim a anka yɛpɛ. 4 Adɛn nti na mode AWURADE man ne yɛn nguan ne yɛn anantwi aba sare yi so sɛ yemmewuwu? 5 Adɛn nti na muyii yɛn fii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atoko ne bobe nni asase yi so. Nsu a yɛbɛnom nso nni ha.” 6 Mose ne Aaron fii dɔm no hɔ kɔɔ Ahyiae Ntamadan no ano de wɔn anim butubutuw fam wɔ AWURADE anim; na wohuu AWURADE anuonyam. 7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 8 “Fa abaa no na wo ne wo nua Aaron mfrɛ nnipa no nyinaa. Wɔrehwɛ mo no, kasa kyerɛ ɔbotan no na nsu befi mu aba. Mubenya wɔn nsu a ɛbɛso wɔn ne wɔn anantwi afi ɔbotan no mu!” 9 Mose yɛɛ nea AWURADE hyɛe no. Ɔfaa abaa no fii baabi a wɔde asie wɔ AWURADE anim. 10 Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wobehyiaa wɔ ɔbotan no anim na Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Atuatewfo, muntie! Yɛmma nsu mfi saa ɔbotan yi mu mmra ana?” 11 Afei Mose maa ne nsa so de abaa no bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsu bebree fii mu ba maa nnipa no ne wɔn anantwi nomee. 12 Nanso AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Esiane sɛ moannya me mu ahotoso anhyɛ me anuonyam sɛ ɔkronkronni wɔ Israelfo no ani so nti, moremfa wɔn nkɔ asase a mede rema wɔn no so.” 13 Wɔfrɛɛ beae hɔ Meriba a ase ne: Atuatew Nsu, efisɛ ɛhɔ ne baabi a Israelfo tew AWURADE atua, na ɛhɔ ara nso na AWURADE daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ ɔkronkron. 14 Mose somaa abɔfo fii Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no se:“Sɛɛ na wo nua Israelfo reka: Wunim abɛbrɛsɛ a yɛafa mu no nyinaa. 15 Yɛn agyanom kɔtenaa Misraim, yɛtenaa hɔ mfe bebree. Misraimfo no yɛɛ yɛne yɛn agyanom ayayade, 16 nanso yesu frɛɛ AWURADE no, otiee yɛn na ɔsomaa ɔbɔfo ma obeyii yɛn fii Misraim.“Mprempren yɛwɔ Kades wɔ mo asase hye so. 17 Yɛsrɛ mo sɛ, ma yentwa mu mfa wo man yi mu. Yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛremfa mo mfuw ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsu. Yɛbɛfa Ɔhene Tempɔn so na yɛremfi so kosi sɛ yɛbɛtra wo hye no.” 18 Nanso Edomhene buae se,“Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede asraafo ne afoa betua mo ano!” 19 Israelfo no buae se,“Owura, yɛbɛfa ɔtempɔn no so. Sɛ yɛn nyɛmmoa nom mo nsu a, yebetua ka. Yɛpɛ sɛ yetwa mu wɔ mo asase so na yenni adwemmɔne bi.” 20 Nanso Edomhene buae se,“Mommfa yɛn asase so!”Ɔboaboaa nʼakofo ano de wɔn kɔɔ ɔhye no so. 21 Esiane sɛ Edom amma wɔn kwan amma Israelfo no amfa wɔn man mu no nti, wɔman faa nkyɛn. 22 Israelfo no nyinaa fii Kades kɔɔ Bepɔw Hor so. 23 AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔw Hor a ɛwɔ Edom hye so no se, 24 “Bere adu sɛ Aaron wu, na ɔrenkɔ asase a mede ama Israelfo no so bi, efisɛ mo baanu no tew mʼahyɛde ho atua wɔ Meriba nsu no ho. 25 Fa Aaron ne ne babarima Eleasar kɔ Bepɔw Hor so. 26 Ɛhɔ na wubeyi Aaron asɔfotade no de ahyɛ ne babarima Eleasar. Ɛhɔ na Aaron bewu na watoa nʼagyanom.” 27 Mose yɛɛ nea AWURADE hyɛɛ no no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔw Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn. 28 Mose yii Aaron asɔfotade no de hyɛɛ ne babarima Eleasar, na Aaron wuu wɔ bepɔw no apampam. Na Mose ne Eleasar san fii bepɔw no so bae, 29 na nnipa no tee Aaron wu no, Israelfo no suu no adaduasa.

In Other Versions

Numbers 20 in the ANGEFD

Numbers 20 in the ANTPNG2D

Numbers 20 in the AS21

Numbers 20 in the BAGH

Numbers 20 in the BBPNG

Numbers 20 in the BBT1E

Numbers 20 in the BDS

Numbers 20 in the BEV

Numbers 20 in the BHAD

Numbers 20 in the BIB

Numbers 20 in the BLPT

Numbers 20 in the BNT

Numbers 20 in the BNTABOOT

Numbers 20 in the BNTLV

Numbers 20 in the BOATCB

Numbers 20 in the BOBCV

Numbers 20 in the BOCNT

Numbers 20 in the BOECS

Numbers 20 in the BOGWICC

Numbers 20 in the BOHCB

Numbers 20 in the BOHCV

Numbers 20 in the BOHLNT

Numbers 20 in the BOHNTLTAL

Numbers 20 in the BOICB

Numbers 20 in the BOILNTAP

Numbers 20 in the BOITCV

Numbers 20 in the BOKCV

Numbers 20 in the BOKCV2

Numbers 20 in the BOKHWOG

Numbers 20 in the BOKSSV

Numbers 20 in the BOLCB

Numbers 20 in the BOLCB2

Numbers 20 in the BOMCV

Numbers 20 in the BONAV

Numbers 20 in the BONCB

Numbers 20 in the BONLT

Numbers 20 in the BONUT2

Numbers 20 in the BOPLNT

Numbers 20 in the BOSCB

Numbers 20 in the BOSNC

Numbers 20 in the BOTLNT

Numbers 20 in the BOVCB

Numbers 20 in the BOYCB

Numbers 20 in the BPBB

Numbers 20 in the BPH

Numbers 20 in the BSB

Numbers 20 in the CCB

Numbers 20 in the CUV

Numbers 20 in the CUVS

Numbers 20 in the DBT

Numbers 20 in the DGDNT

Numbers 20 in the DHNT

Numbers 20 in the DNT

Numbers 20 in the ELBE

Numbers 20 in the EMTV

Numbers 20 in the ESV

Numbers 20 in the FBV

Numbers 20 in the FEB

Numbers 20 in the GGMNT

Numbers 20 in the GNT

Numbers 20 in the HARY

Numbers 20 in the HNT

Numbers 20 in the IRVA

Numbers 20 in the IRVB

Numbers 20 in the IRVG

Numbers 20 in the IRVH

Numbers 20 in the IRVK

Numbers 20 in the IRVM

Numbers 20 in the IRVM2

Numbers 20 in the IRVO

Numbers 20 in the IRVP

Numbers 20 in the IRVT

Numbers 20 in the IRVT2

Numbers 20 in the IRVU

Numbers 20 in the ISVN

Numbers 20 in the JSNT

Numbers 20 in the KAPI

Numbers 20 in the KBT1ETNIK

Numbers 20 in the KBV

Numbers 20 in the KJV

Numbers 20 in the KNFD

Numbers 20 in the LBA

Numbers 20 in the LBLA

Numbers 20 in the LNT

Numbers 20 in the LSV

Numbers 20 in the MAAL

Numbers 20 in the MBV

Numbers 20 in the MBV2

Numbers 20 in the MHNT

Numbers 20 in the MKNFD

Numbers 20 in the MNG

Numbers 20 in the MNT

Numbers 20 in the MNT2

Numbers 20 in the MRS1T

Numbers 20 in the NAA

Numbers 20 in the NASB

Numbers 20 in the NBLA

Numbers 20 in the NBS

Numbers 20 in the NBVTP

Numbers 20 in the NET2

Numbers 20 in the NIV11

Numbers 20 in the NNT

Numbers 20 in the NNT2

Numbers 20 in the NNT3

Numbers 20 in the PDDPT

Numbers 20 in the PFNT

Numbers 20 in the RMNT

Numbers 20 in the SBIAS

Numbers 20 in the SBIBS

Numbers 20 in the SBIBS2

Numbers 20 in the SBICS

Numbers 20 in the SBIDS

Numbers 20 in the SBIGS

Numbers 20 in the SBIHS

Numbers 20 in the SBIIS

Numbers 20 in the SBIIS2

Numbers 20 in the SBIIS3

Numbers 20 in the SBIKS

Numbers 20 in the SBIKS2

Numbers 20 in the SBIMS

Numbers 20 in the SBIOS

Numbers 20 in the SBIPS

Numbers 20 in the SBISS

Numbers 20 in the SBITS

Numbers 20 in the SBITS2

Numbers 20 in the SBITS3

Numbers 20 in the SBITS4

Numbers 20 in the SBIUS

Numbers 20 in the SBIVS

Numbers 20 in the SBT

Numbers 20 in the SBT1E

Numbers 20 in the SCHL

Numbers 20 in the SNT

Numbers 20 in the SUSU

Numbers 20 in the SUSU2

Numbers 20 in the SYNO

Numbers 20 in the TBIAOTANT

Numbers 20 in the TBT1E

Numbers 20 in the TBT1E2

Numbers 20 in the TFTIP

Numbers 20 in the TFTU

Numbers 20 in the TGNTATF3T

Numbers 20 in the THAI

Numbers 20 in the TNFD

Numbers 20 in the TNT

Numbers 20 in the TNTIK

Numbers 20 in the TNTIL

Numbers 20 in the TNTIN

Numbers 20 in the TNTIP

Numbers 20 in the TNTIZ

Numbers 20 in the TOMA

Numbers 20 in the TTENT

Numbers 20 in the UBG

Numbers 20 in the UGV

Numbers 20 in the UGV2

Numbers 20 in the UGV3

Numbers 20 in the VBL

Numbers 20 in the VDCC

Numbers 20 in the YALU

Numbers 20 in the YAPE

Numbers 20 in the YBVTP

Numbers 20 in the ZBP