Philippians 4 (BOATCB2)

1 Enti anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asan me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu. 2 Euodia ne Sintike, mesrɛ mo, montena ase sɛ anuanom wɔ Awurade mu. 3 Na wo nso a woka me ho a migye wo di no mepɛ sɛ woboa saa mmea yi, efisɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛw a Klemens ne mʼahokafo bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu no nso ka ho. 4 Meka ti mu se, daa munnya ahosɛpɛw wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛw mo. 5 Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛ Awurade bɛba. 6 Mommma biribiara nhaw mo. Daa mo nkotosrɛ ne aseda mpaebɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn anim. 7 Na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ade nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so wɔ Kristo Yesu mu. 8 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ nea ɛyɛ nokware, nea ɛwɔ anuonyam, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen. 9 Nea moasua, na moanya afi me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛe mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoe no bɛka mo ho. 10 Mʼani gye wɔ Awurade mu sɛ afei de moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokware sɛ modɔ me de, nanso na munnya ho kwan nkyerɛ saa. 11 Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me efisɛ me suahu nti, tebea biara a mekɔ mu no nhaw me. 12 Minim ohia, nim ahonya; masua saa ahintasɛm yi, enti baabiara ne bere biara, sɛ ɔkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara. 13 Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano. 14 Eye sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu. 15 Mo Filipifo no ankasa nim pefee sɛ bere a mifii Makedonia a na merefi Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara ne asafo a mo ne me kyɛɛ mo ahonyade. 16 Mewɔ Tesalonika no, bere biara a biribi ho behia me no, mode brɛ me. 17 Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ minya akyɛde na mmom, nhyira a mubenya wɔ mu na na mepɛ sɛ mihu. 18 Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛde no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Eyinom te sɛ afɔre huamhuam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ogye, na nʼani sɔ no. 19 Me Nyankopɔn fi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo nea ehia mo nyinaa. 20 Anuonyam nka yɛn Agya Nyankopɔn daa daa. Amen. 21 Mikyia ahotefo no wɔ Kristo Yesu mu.Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyia mo. 22 Ahotefo no nyinaa kyia mo; ne titiriw no, Ɔhempɔn Kaesare fifo. 23 Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen.

In Other Versions

Philippians 4 in the ANGEFD

Philippians 4 in the ANTPNG2D

Philippians 4 in the AS21

Philippians 4 in the BAGH

Philippians 4 in the BBPNG

Philippians 4 in the BBT1E

Philippians 4 in the BDS

Philippians 4 in the BEV

Philippians 4 in the BHAD

Philippians 4 in the BIB

Philippians 4 in the BLPT

Philippians 4 in the BNT

Philippians 4 in the BNTABOOT

Philippians 4 in the BNTLV

Philippians 4 in the BOATCB

Philippians 4 in the BOBCV

Philippians 4 in the BOCNT

Philippians 4 in the BOECS

Philippians 4 in the BOGWICC

Philippians 4 in the BOHCB

Philippians 4 in the BOHCV

Philippians 4 in the BOHLNT

Philippians 4 in the BOHNTLTAL

Philippians 4 in the BOICB

Philippians 4 in the BOILNTAP

Philippians 4 in the BOITCV

Philippians 4 in the BOKCV

Philippians 4 in the BOKCV2

Philippians 4 in the BOKHWOG

Philippians 4 in the BOKSSV

Philippians 4 in the BOLCB

Philippians 4 in the BOLCB2

Philippians 4 in the BOMCV

Philippians 4 in the BONAV

Philippians 4 in the BONCB

Philippians 4 in the BONLT

Philippians 4 in the BONUT2

Philippians 4 in the BOPLNT

Philippians 4 in the BOSCB

Philippians 4 in the BOSNC

Philippians 4 in the BOTLNT

Philippians 4 in the BOVCB

Philippians 4 in the BOYCB

Philippians 4 in the BPBB

Philippians 4 in the BPH

Philippians 4 in the BSB

Philippians 4 in the CCB

Philippians 4 in the CUV

Philippians 4 in the CUVS

Philippians 4 in the DBT

Philippians 4 in the DGDNT

Philippians 4 in the DHNT

Philippians 4 in the DNT

Philippians 4 in the ELBE

Philippians 4 in the EMTV

Philippians 4 in the ESV

Philippians 4 in the FBV

Philippians 4 in the FEB

Philippians 4 in the GGMNT

Philippians 4 in the GNT

Philippians 4 in the HARY

Philippians 4 in the HNT

Philippians 4 in the IRVA

Philippians 4 in the IRVB

Philippians 4 in the IRVG

Philippians 4 in the IRVH

Philippians 4 in the IRVK

Philippians 4 in the IRVM

Philippians 4 in the IRVM2

Philippians 4 in the IRVO

Philippians 4 in the IRVP

Philippians 4 in the IRVT

Philippians 4 in the IRVT2

Philippians 4 in the IRVU

Philippians 4 in the ISVN

Philippians 4 in the JSNT

Philippians 4 in the KAPI

Philippians 4 in the KBT1ETNIK

Philippians 4 in the KBV

Philippians 4 in the KJV

Philippians 4 in the KNFD

Philippians 4 in the LBA

Philippians 4 in the LBLA

Philippians 4 in the LNT

Philippians 4 in the LSV

Philippians 4 in the MAAL

Philippians 4 in the MBV

Philippians 4 in the MBV2

Philippians 4 in the MHNT

Philippians 4 in the MKNFD

Philippians 4 in the MNG

Philippians 4 in the MNT

Philippians 4 in the MNT2

Philippians 4 in the MRS1T

Philippians 4 in the NAA

Philippians 4 in the NASB

Philippians 4 in the NBLA

Philippians 4 in the NBS

Philippians 4 in the NBVTP

Philippians 4 in the NET2

Philippians 4 in the NIV11

Philippians 4 in the NNT

Philippians 4 in the NNT2

Philippians 4 in the NNT3

Philippians 4 in the PDDPT

Philippians 4 in the PFNT

Philippians 4 in the RMNT

Philippians 4 in the SBIAS

Philippians 4 in the SBIBS

Philippians 4 in the SBIBS2

Philippians 4 in the SBICS

Philippians 4 in the SBIDS

Philippians 4 in the SBIGS

Philippians 4 in the SBIHS

Philippians 4 in the SBIIS

Philippians 4 in the SBIIS2

Philippians 4 in the SBIIS3

Philippians 4 in the SBIKS

Philippians 4 in the SBIKS2

Philippians 4 in the SBIMS

Philippians 4 in the SBIOS

Philippians 4 in the SBIPS

Philippians 4 in the SBISS

Philippians 4 in the SBITS

Philippians 4 in the SBITS2

Philippians 4 in the SBITS3

Philippians 4 in the SBITS4

Philippians 4 in the SBIUS

Philippians 4 in the SBIVS

Philippians 4 in the SBT

Philippians 4 in the SBT1E

Philippians 4 in the SCHL

Philippians 4 in the SNT

Philippians 4 in the SUSU

Philippians 4 in the SUSU2

Philippians 4 in the SYNO

Philippians 4 in the TBIAOTANT

Philippians 4 in the TBT1E

Philippians 4 in the TBT1E2

Philippians 4 in the TFTIP

Philippians 4 in the TFTU

Philippians 4 in the TGNTATF3T

Philippians 4 in the THAI

Philippians 4 in the TNFD

Philippians 4 in the TNT

Philippians 4 in the TNTIK

Philippians 4 in the TNTIL

Philippians 4 in the TNTIN

Philippians 4 in the TNTIP

Philippians 4 in the TNTIZ

Philippians 4 in the TOMA

Philippians 4 in the TTENT

Philippians 4 in the UBG

Philippians 4 in the UGV

Philippians 4 in the UGV2

Philippians 4 in the UGV3

Philippians 4 in the VBL

Philippians 4 in the VDCC

Philippians 4 in the YALU

Philippians 4 in the YAPE

Philippians 4 in the YBVTP

Philippians 4 in the ZBP