Psalms 129 (BOATCB2)
undefined Ɔsoroforo dwom. 1 “Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,ma Israel nka ɛ. 2 “Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,nanso wontumi nnii me so nkonim ɛ. 3 Fɛntɛmfo afɛntɛm mʼakyiayɛ wɔn nkɔmoa atenten. 4 Nanso AWURADE yɛ ɔtreneeni;watwitwa amumɔyɛfo hama afi me ho ama made me ho.” 5 Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaamfa animguase nsan wɔn akyi. 6 Ma wɔnnyɛ sɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi,a ennyin na ɛhyew; 7 na nnɔbaetwafo ntumi nnya biribi mfi mu nhyɛ ne nsa ma,na nea ɔboaboa ano nso nnya hwee nhyɛ nʼabasa ma. 8 Mma wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nka se,“AWURADE nhyira mmra mo so;yehyira mo wɔ AWURADE din mu.”